Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyina Onyankopɔn Ahenni No Akyi Nnɛ!

Gyina Onyankopɔn Ahenni No Akyi Nnɛ!

Fa no sɛ ahum kɛse bi rebobɔ ba baabi a wote no. Ɛno nti, aban no rebɔ dawuru denneennen sɛ: “OBIARA NYƐ NTƐM NGUAN NKƆPƐ BAABI NHYƐ!” Dɛn na anka wobɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ, wobɛpɛ baabi a ɛhɔ ye akɔhyɛ.

Nokwasɛm ne sɛ, asɛm kɛse bi rebobɔ ba yɛn nyinaa so, na yɛbɛka a, ɛte sɛ ahum kɛse bi. Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse.” (Mateo 24:21) Obiara ntumi nguan saa ahohiahia no. Nanso biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ a ɛbɛma yɛanya ahobammɔ. Ɛyɛ dɛn?

Yesu Kristo Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔde afotu yi mae: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ [Onyankopɔn] ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.” (Mateo 6:33) Yɛbɛyɛ no sɛn?

Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Ahenni no ho hia yɛn sen biribi foforo biara. (Mateo 6:25, 32, 33) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔhaw ahorow a adesamma rehyia no, nnipa rentumi nyɛ ho hwee. Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayɛ saa adwumaden no.

Hwehwɛ Onyankopɔn trenee. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛde Onyankopɔn mmara ne n’afotusɛm bɛbɔ yɛn bra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ obiara yɛ nea ɔpɛ a, nea ebefi mu aba nye koraa. (Mmebusɛm 16:25) Nanso sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛbɛma Onyankopɔn ani agye yɛn ho. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛbɛboa yɛn ankasa nso.—Yesaia 48:17, 18.

Kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ, nneɛma bi betumi atwetwe ebinom adwene afi Ahenni no so. Ɔkyerɛe sɛ, ebinom benya adwene sɛ, sɛ wɔboaboa sika pii ano gu hɔ a, ebetumi abɔ wɔn ho ban. Afoforo nso de, ebia wɔbɛma wiase yi mu dadwen agye wɔn adwene nyinaa, enti wɔrennya bere biara mfa nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no.—Mateo 6:19-21, 25-32.

Nanso, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔbɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi no, wɔn nsa bɛka nea wohia nnɛ, na wɔanya nhyira a ɛto rentwa da daakye.—Mateo 6:33.

Ɛwom sɛ Yesu asuafo a wɔtenaa ase tete no hwehwɛɛ Onyankopɔn Ahenni ne Onyankopɔn trenee kan de, nanso ɛyaw ne amanehunu to antwa wɔ wɔn bere so. Ne nyinaa mu no, wonyaa ahobammɔ. Yɛyɛ dɛn hu saa?

Wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔɔ wɔn bra, enti ɔhaw ahorow a wɔn a wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn asɛm so hyiae no, wɔanhyia bi. Afei nso, esiane sɛ na wogye di paa sɛ Ahenni no bɛba nti, ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den paa mpo ano. Weinom da nkyɛn a, Onyankopɔn maa wɔn “tumi a ɛboro onipa de so” ma wɔde gyinaa ɔhaw ahorow a wohyiae ano.—2 Korintofo 4:7-9.

WOBƐHWEHWƐ AHENNI NO KAN ANAA?

Ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no kan no, Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no dii so. Wei nti, wiase baabiara a wɔkɔe no, wɔkaa Ahenni no ho asɛmpa no wɔ hɔ. (Kolosefo 1:23) Yemmisa sɛ, ebinom reyɛ saa adwuma no nnɛ anaa?

Yiw! Yehowa Adansefo nim sɛ aka kakraa bi ama Onyankopɔn Ahenni no de saa wiase yi aba awiei. Enti wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ adwuma a Yesu kaa ho asɛm yi. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Asɛmpa a woate yi, dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ suasua nkurɔfo a na wɔte Makedoniafo kurow Beroia mu no. Bere a ɔsomafo Paul kaa Ahenni no ho asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, “wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no.” Ɛno akyi no, ‘wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ hwɛe sɛ asɛm a wɔtee no yɛ nokware anaa, na afei wɔde nea wosuae no bɔɔ wɔn bra.—Asomafo Nnwuma 17:11, 12.

Wo nso, wubetumi ayɛ saa. Sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne Onyankopɔn trenee kan a, wubenya ahobammɔ nnɛ, na woanya asomdwoe ne ahotɔ a enni awiei daakye.