Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo

Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo

Wɔn a wɔdi tumi wɔ wiase no, nkurɔfo nka wɔn ho asɛmpa. Wei nyɛ nwanwa. Efi tete nyinaa, nnipa de wɔn tumi didi nkurɔfo ho, na wɔde sisi afoforo. (Mik 7:3) Nanso yɛn de, Yehowa ahyira yɛn. Wama yɛn asafo mu mpanyimfo a wɔatete wɔn yiye ma enti wɔde tumi a wɔwɔ no boa yɛn.—Es 10:3; Mt 20:​25, 26.

Asafo mu mpanyimfo nte sɛ wɔn a edi tumi wɔ wiase no. Asafo mu mpanyimfo de, nea enti a wɔyere wɔn ho nya saa hokwan no ne sɛ, wɔdɔ Yehowa ne ne nkurɔfo. (Yoh 21:16; 1 Pe 5:​1-3) Mpanyimfo no yɛ adwuma wɔ Yesu akwankyerɛ ase. Wɔboa asafo no muni biara ma n’ani ka Yehowa asafo no mu, na ɔbata Yehowa ho daa. Sɛ asafo no muni bi hia mmoa a ɛbɛma wagyina ne nan so wɔ Yehowa som mu a, mpanyimfo no nyɛ mmɔtohɔ; wɔboa no ntɛm. Sɛ yare bɔ obi putupuru anaa atoyerɛnkyɛm si a, ɛno nso wɔntwentwɛn so koraa; wɔdi ho dwuma ntɛm. Sɛ wuhia mmoa bi a, adɛn nti na wunkohu w’asafo mu panyin bi ne no nka ho asɛm?—Yak 5:14.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MPANYIMFO YƐ AHWƐFO A WƆDƆ YEHOWA NGUAN NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nea mpanyimfo no yɛ maa Mariana no, ɛboaa no sɛn?

  • Nea mpanyimfo no yɛ maa Elias no, ɛboaa no sɛn?

  • Video yi a wohwɛe yi, ɛma wuhu mpanyimfo adwuma no sɛn?