Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Asetena Afono Wo Anaa?

Asetena Afono Wo Anaa?

Bere a sɔhwɛ too Hiob, a ɔrefa amanehunu mu no, ɔkaa sɛ asetena te sɛ nkoasom (Hio 7:1; w06 3/15 14 ¶10)

Ɛyaw a na ɔnam mu no, na emu yɛ den ara ma afei de, na ontumi nka n’ano ntom; ɔkaa nea ɛwɔ ne mu nyinaa (Hio 7:11)

Ɔkaa sɛ onyae koraa a anka owu de no kɔ (Hio 7:16; w20.12 16 ¶1)

Sɛ edu baabi na wote nka sɛ asetena afono wo a, bɔ mpae na ka wo komam nsɛm nyinaa kyerɛ Yehowa, na ka nea ɛrehaw wo no nyinaa kyerɛ w’adamfo a obetumi aboa wo. Wei ne anammɔn a edi kan a sɛ wutu a, ebetumi aboa ama wo ho adwo wo.—g 4/12 16-17.