Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Aba Mu Abu

Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Aba Mu Abu

Nnipa de, ɛwɔ hɔ ara a wo werɛ bɛhow. Sɛ obi werɛ how a, ɛnkyerɛ sɛ ne gyidi ayɛ mmerɛw. Yehowa mpo, wama yɛahu sɛ ɛtɔ da a, ne werɛ tumi how. (Ge 6:​5, 6) Nanso wo de, ebia awerɛhow taa hyɛ wo so, anaa daa na woredi awerɛhow. Sɛ saa na ɛte a, wobɛyɛ dɛn?

Fa wo haw to Yehowa anim. Sɛnea yɛte nka no, ɛho hia Yehowa paa. Yɛn ani gye a, ohu; yɛn werɛ how nso a ohu. Ɔkwan a yɛfa so dwen nneɛma ho no, ɔte ase. Atenka biara a yebenya nso, onim nea enti a ɛba no saa. (Dw 7:9b) Ne nyinaa mu no, nea ehia paa ne sɛ, Yehowa dwen yɛn ho, na sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so anaa yɛbotow paa a, obetumi aboa yɛn ama yɛagyina ano.—Dw 34:18.

Bɔ w’adwene ho ban. Sɛ yɛn aba mu bu a, ebetumi asɛe yɛn anigye, na ebetumi nso ama yɛn som akɔ fam. Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban, kyerɛ sɛ, sɛnea yɛte paa wɔ yɛn komam, yɛn atenka, ne yɛn nsusuwii nyinaa, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban.—Mme 4:23.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YƐN NUANOM DA SO ARA WƆ ASOMDWOE, ƐMFA HO SƐ WƆWƆ ADWENEMYARE A YƐFRƐ NO DEPRESSION. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nneɛma bɛn na Nikki yɛ a ɛboa no ma otumi ne yare no tena?

  • Adɛn nti na Nikki yɛɛ n’adwene sɛ, ɔbɛkɔ ayaresabea ama wɔahwɛ no?—Mt 9:12

  • Dɛn ne dɛn na Nikki yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔhwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ?