Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

Wubetumi Akyekye Afoforo Werɛ

Wubetumi Akyekye Afoforo Werɛ

‘Eyinom ne me mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔabɛyɛ aboafo a wɔahyɛ me den.’​—KOL. 4:11.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

NEA YƐREBESUA *

1. Ɔhaw bɛn na ɛreteetee Yehowa asomfo anokwafo pii?

ƆHAW reteetee Yehowa asomfo pii wɔ wiase baabiara; ebi ma wodi yaw paa. Ebinom rehyia ɔhaw a ɛte saa wɔ asafo a wowom anaa? Kristofo binom yare denneennen anaa wɔredi wɔn dɔfo bi a wawu ho awerɛhow. Afoforo nso, wɔn busuani anaa wɔn adamfo paa afi nokware no mu, na ama wɔredi yaw paa. Ebinom nso, atoyerɛnkyɛm ama wɔrehu amane. Saa anuanom yi nyinaa hia awerɛkyekye. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

2. Ɛtɔ da a na ɔsomafo Paul hia awerɛkyekye. Adɛn ntia?

2 Ɔsomafo Paul hyiaa ɔhaw a ɛde ne nkwa too asiane mu mpɛn pii. (2 Kor. 11:23-28) Ná “ɔhonam mu nsɔe” bi nso reteetee no; ɛbɛyɛ sɛ na yare bi na ɛrehaw no. (2 Kor. 12:7) Afei nso, Dema a na ɔne no yɛ ɔsom adwuma no gyaw no hɔ esiane “mprempren wiase nhyehyɛe ho dɔ nti.” Wei maa Paul abam bui. (2 Tim. 4:10) Ná Paul yɛ Kristoni a wɔde honhom kronkron asra no. Ná ɔwɔ akokoduru, na na oyi ne yam boa afoforo, nanso ɛtɔ da a na otumi di awerɛhow.—Rom. 9:1, 2.

3. Ɛhe na Paul nyaa awerɛkyekye ne mmoa fii?

3 Paul nyaa awerɛkyekye ne mmoa a na ohia. Onya fii he? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron so hyɛɛ no den. (2 Kor. 4:7; Filip. 4:13) Yehowa faa Paul nuanom Kristofo nso so kyekyee ne werɛ. Anuanom a na Paul ne wɔn yɛ ɔsom adwuma no, ɔkaa ebinom ho asɛm sɛ, ‘wɔyɛ aboafo a wɔhyɛɛ no den’ anaa wɔkyekyee ne werɛ. (Kol. 4:11) Wɔn mu bi a ɔbobɔɔ wɔn din ne Aristarko, Tihiko, ne Marko. Wɔhyɛɛ Paul den, na wɔboaa no ma ogyinaa ɔhaw a ohyiae ano. Su bɛn na na Kristofo mmiɛnsa yi wɔ a ɛma wotumi kyekyee Paul werɛ saa? Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua nea wɔyɛe no, na ama yɛakyekye yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran?

YƐ ƆNOKWAFO TE SƐ ARISTARKO

Sɛ yɛkɔ so bata yɛn nuanom ho wɔ “ahohia da” mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ yɔnko nokwafo te sɛ Aristarko (Hwɛ nkyekyɛm 4-5) *

4. Dɛn na Aristarko yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ Paul yɔnko nokwafo?

4 Ná Aristarko yɛ Kristoni a ofi Tesalonika a ɛwɔ Makedonia no. Ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ Paul yɔnko nokwafo. Bere a Paul kɔɔ Efeso wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmiɛnsa mu no, ɛno ne bere a edi kan a Bible kaa Aristarko ho asɛm. Bere a na Aristarko ne Paul nam no, basabasayɛfo bi kyeree Aristarko. (Aso. 19:29) Akyiri yi bere a wogyaa no no, wanguan annyaw Paul ampere ne nkwa, mmom ɔbataa Paul ho. Abosome kakra akyi bere a na Paul wɔ Greece no, na Aristarko da so ara ka ne ho ɛmfa ho sɛ na atamfo pɛ sɛ wokum Paul no. (Aso. 20:2-4) Afei nso, bɛyɛ afe 58 Y.B. bere a wɔde Paul twaa kwan tenten kɔɔ Roma sɛ ɔdeduani no, na Aristarko ka ne ho. Bere a wɔrekɔ no, ɛhyɛn a wɔte mu no kotimii ma ebubui. (Aso. 27:1, 2, 41) Bere a wokoduu Roma no, ɛbɛyɛ sɛ Aristarko kaa Paul ho ne no daa afiase kakra. (Kol. 4:10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paul tee nka sɛ ne yɔnko nokwafo yi ahyɛ no nkuran na wakyekye ne werɛ!

5. Sɛnea Mmebusɛm 17:17 kyerɛ no, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɔnko nokwafo?

5 Sɛnea Aristarko yɛe no, sɛ yɛbata yɛn nuanom ho wɔ mmere pa mu, na “ahohia da” mu nso yɛbata wɔn ho a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ yɔnko nokwafo. (Kenkan Mmebusɛm 17:17.) Sɛ ɔhaw bi to yɛn nua bi na emu dwo mpo a, ebia yɛn nua no bɛkɔ so ara ahia awerɛkyekye. Kokoram kum Frances * awofo wɔ abosome mmiɛnsa ntam. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, ɛma yehu amane kyɛ. Me nnamfo anokwafo a wɔda so ara kae sɛ meredi yaw ɛmfa ho sɛ m’awofo wui akyɛ no, m’ani sɔ wɔn.”

6. Sɛ yɛyɛ anokwafo a, dɛn na yɛbɛyɛ?

6 Nnamfo anokwafo de wɔn bere ne wɔn ahoɔden boa wɔn nuanom. Ɛho nhwɛso ni. Dɔkota ka kyerɛɛ onua bi a ɔde Peter sɛ wanya yare bi a emu yɛ den, na ɛde nkakrankakra bekum no. Ne yere Kathryn ka sɛ: “Bere a yɛkɔɔ dɔkota hɔ a wohuu yare a ɛrehaw Peter no, awarefo bi a yɛne wɔn wɔ asafo mu na wɔde yɛn kɔe. Ɛhɔ ara na awarefo no kaa sɛ wɔrenhwɛ mma yɛn nkutoo nhu amane saa. Efi saa bere no wonnyaw yɛn mu da.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛwɔ nnamfo pa a wobetumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn haw ano!

AFOFORO BETUMI DE WƆN HO ATO WO SO TE SƐ TIHIKO ANAA?

Sɛ yɛn nuanom rehyia ɔhaw a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adamfo a wobetumi de wɔn ho ato yɛn so te sɛ Tihiko (Hwɛ nkyekyɛm 7-9) *

7-8. Sɛnea Kolosefo 4:7-9 ma yehu no, dɛn na Tihiko yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ obi a afoforo betumi de wɔn ho ato no so?

7 Ná Tihiko yɛ Kristoni a ofi Asia; Asia yɛ Roma mantam. Ná Tihiko yɛ Paul yɔnko a ɔwɔ ne mu ahotoso. (Aso. 20:4) Bɛyɛ afe 55 Y.B., Paul yɛɛ nhyehyɛe sɛ wonnyigye sika mfa nkɔboa Kristofo a wɔwɔ Yudea a na atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Tihiko boa ma wɔyɛɛ saa adwuma titiriw yi. (2 Kor. 8:18-20) Akyiri yi, bere a wɔde Paul too afiase bere a edi kan wɔ Roma no, Tihiko na na ɔsomasoma no. Ɔde nkrataa ne nkuranhyɛsɛm a efi Paul hɔ kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Asia no.—Kol. 4:7-9.

8 Tihiko antwe ne ho amfi Paul ho da. (Tito 3:12) Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na na Paul betumi de ne ho ato wɔn so te sɛ Tihiko. Bɛyɛ afe 65 Y.B., bere a wɔde Paul too afiase ne mprenu so no, ɔkyerɛwee sɛ na Kristofo mmarima a wɔwɔ Asia mantam no mu pii mpɛ sɛ wɔne no bɛbɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na wosuro sɛ nkurɔfo bɛsɔre atia wɔn. (2 Tim. 1:15) Nanso Tihiko de, na Paul betumi de ne ho ato no so, enti ɔmaa no dwumadi foforo. (2 Tim. 4:12) Yebetumi aka paa sɛ na Paul ani sɔ sɛ ɔwɔ adamfo pa te sɛ Tihiko.

9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Tihiko?

9 Yebetumi asuasua Tihiko na ama afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde bɛka sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom a wɔn ho akyere wɔn, na mmom yɛbɛyɛ biribi nso de aboa wɔn. (Mat. 5:37; Luka 16:10) Sɛ wɔn a wohia mmoa no hu sɛ yɛbɛboa wɔn a, ɛkyekye wɔn werɛ ankasa. Onuawa bi kyerɛɛ nea enti a ɛte saa. Ɔkaa sɛ, “Sɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso ka sɛ ɔbɛyɛ biribi aboa wo a, wonna nnwen ho sɛ ɔbɛba abɛyɛ nea waka no anaasɛ ɔremma.”

10. Sɛnea wɔaka wɔ Mmebusɛm 18:24 no, hena na obetumi akyekye wɔn a wɔrehyia ɔhaw anaa wɔredi yaw no werɛ?

10 Wɔn a wɔrehyia ɔhaw anaa wɔredi yaw no, mpɛn pii no, sɛ wɔka wɔn komam asɛm kyerɛ wɔn adamfo a wɔwɔ ne mu ahotoso a, ɛma wonya awerɛkyekye. (Kenkan Mmebusɛm 18:24.) Bere a wotuu Bijay babarima fii asafo no mu no, odii ho yaw. Ɔka sɛ, “Ná mepɛ sɛ meka me komam asɛm kyerɛ obi a mewɔ ne mu ahotoso.” Carlos nso, mfomso bi a odii nti, ɔsom hokwan bi a na ɔwɔ wɔ asafo no mu a ɛda ne koma so fii ne nsa. Ɔka sɛ, “Ná mihia obi a metumi aka me komam asɛm akyerɛ no a minsuro sɛ obebu me atɛn.” Mpanyimfo no na Carlos tumi kaa n’asɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔboaa no ma otumi dii ne haw no so. Afei, na onim sɛ mpanyimfo no renka nea waka akyerɛ wɔn no nkyerɛ obiara. Ɛno nso maa ne werɛ kyekyee.

11. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛayɛ yɔnko pa a afoforo betumi aka wɔn asɛm akyerɛ yɛn?

11 Sɛ yebetumi ayɛ yɔnko pa a afoforo betumi aka wɔn asɛm akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yenya abotare. Bere a Zhanna kunu gyaw no hɔ no, nea ɛma onyaa awerɛkyekye ne sɛ ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ ne nnamfo. Zhanna ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ mekaa asɛm koro no ara mpɛn pii de, nanso wonyaa me ho abotare tiee me.” Wo nso, sɛ wunya abotare tie afoforo a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ yɔnko pa.

YI WO YAM SOM AFOFORO TE SƐ MARKO

Ayamye a Marko daa no adi kyerɛɛ Paul no boaa no ma ogyinaa mu kosii ase. Yɛn nso yebetumi aboa yɛn nuanom bere a wɔrehu amane (Hwɛ nkyekyɛm 12-14) *

12. Ná Marko yɛ hena, na dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa afoforo?

12 Ná Marko yɛ Kristoni a ɔyɛ Yudani, na na ofi Yerusalem. Ná ne busuani Barnaba yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a nkurɔfo nim no yiye. (Kol. 4:10) Ɛbɛyɛ sɛ na Marko abusua di yiye, nanso na ɛnyɛ sika ne ahonyade na na ɛho hia no paa wɔ n’asetenam. Marko asetena nyinaa mu no, na n’ani gye ho sɛ obeyi ne yam asom afoforo. Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔsomafo Paul ne ɔsomafo Petro redi asɛyɛde a ɛhyɛ wɔn nsa ho dwuma no, Marko som wɔn mpɛn pii. Ɛbɛyɛ sɛ na Marko hwehwɛ baabi a wɔbɛda, aduan a wobedi, ne nneɛma afoforo a ɛte saa de boa wɔn. (Aso. 13:2-5; 1 Pet. 5:13) Paul kaa Marko ho asɛm sɛ, ne “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam” no, ɔyɛ wɔn mu baako, na ɔyɛ ‘ɔboafo a ɔhyɛ no den.’—Kol. 4:10, 11.

13. Sɛn na 2 Timoteo 4:11 ma yehu sɛ na Paul ani sɔ sɛnea Marko de nokwaredi som no no?

13 Marko bɛyɛɛ Paul adamfo paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, afe 65 Y.B., bere a wɔde Paul too afiase wɔ Roma bere a etwa to no, ɔkyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa Timoteo. Saa krataa no mu no, Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa Marko nka ne ho mmra Roma. (2 Tim. 4:11) Yebetumi aka sɛ na Paul ani sɔ sɛnea Marko de nokwaredi asom no no, enti ɔkaa sɛ Marko mmra efisɛ na ohia ne mmoa paa saa bere no. Marko boaa Paul wɔ nneɛma pii mu, ebia ɔbrɛɛ no aduan anaa nneɛma a ɔde bɛkyerɛw ne nkrataa. Ɛbɛyɛ sɛ sɛnea Marko boaa Paul na ɔhyɛɛ no nkuran no boaa Paul ma otumi gyinaa ne haw ano bere a na aka kakra ama wɔakum no no.

14-15. Dɛn na yebetumi asua afi Mateo 7:12 mu na ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ nneɛma bi de aboa afoforo?

14 Kenkan Mateo 7:12. Sɛ yɛrefa tebea a emu yɛ den mu a, ɛyɛ a yɛn ani sɔ wɔn a wɔyɛ nneɛma bi de boa yɛn no paa! Ryan a ne papa nyaa akwanhyia wui mpofirim no ka sɛ, “Sɛ worehu amane a, nneɛma a yɛyɛ no daa no bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ. Enti sɛ obi yɛ nneɛma bi de boa wo na sɛ esua mpo a, ebetumi ama woanya awerɛkyekye paa.”

15 Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, yebetumi ahu ɔkwampa a yɛbɛfa so ayɛ nneɛma bi de aboa afoforo. Nhwɛso bi ni. Onuawa bi fii ne pɛ mu boaa Peter ne Kathryn a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no ma wotumi kɔɔ ayaresabea bere nyinaa. Ná Peter ne Kathryn ntumi nka kar bio, enti onuawa no yɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom a wɔwɔ asafo no mu bɛkɔ akɔfa Peter ne Kathryn akɔ ayaresabea. Saa nhyehyɛe yi boae anaa? Kathryn ka sɛ, “Yɛtee nka sɛ, asɛ wɔayi adesoa bi afi yɛn so.” Kae bere nyinaa sɛ, sɛ woyɛ nneɛma bi de boa afoforo na sɛ esua mpo a, ebetumi akyekye wɔn werɛ paa.

16. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Marko kyekyee Paul werɛ no a, asuade titiriw bɛn na ɛma yenya?

16 Osuani Marko a ɔtenaa ase wɔ Yesu bere so no yɛ Kristoni a na onni adagyew koraa. Ná asɛyɛde a emu yɛ duru pii hyɛ ne nsa wɔ Yehowa som mu. Ebi ne sɛ, ɔno na ɔkyerɛw Asɛmpa a ne din da so no. Nanso Marko gyee bere de kyekyee Paul werɛ, na anyɛ den amma Paul nso sɛ obebisa Marko hɔ mmoa. Bere a obi kum Angela busuani yayaayaw no, n’ani sɔɔ nea afoforo fii wɔn pɛ mu yɛ de kyekyee ne werɛ no. Ɔka sɛ, “Me nnamfo a wɔpɛ sɛ wɔboa me no, wɔma ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛka m’asɛm akyerɛ wɔn. Mihu sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa me na wonsuro sɛ wɔbɛyɛ saa.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nkurɔfo nim me sɛ meyɛ obi a mifi me pɛ mu yɛ nneɛma bi de boa me nuanom sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya awerɛkyekye anaa?’

SI WO BO SƐ WOBƐKYEKYE AFOFORO WERƐ

17. Sɛ yedwinnwen 2 Korintofo 1:3, 4 ho a, sɛn na ebetumi aka yɛn ama yɛakyekye afoforo werɛ?

17 Ɛnyɛ den sɛ yebehu anuanom a wohia awerɛkyekye. Nkuranhyɛ nsɛm a afoforo de akyekye yɛn werɛ no, yebetumi de saa nsɛm koro no ara akyekye yɛn nuanom werɛ. Onuawa bi a wɔfrɛ no Nino a ne nanabea wui no ka sɛ: “Sɛ yɛma kwan a, Yehowa betumi afa yɛn so akyekye afoforo werɛ.” (Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.) Frances a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ, “Asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:4 no yɛ nokware. Yebetumi de awerɛkyekye a yenya no akyekye afoforo werɛ.”

18. (a) Adɛn nti na ebinom suro sɛ wɔbɛkyekye afoforo werɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyekye afoforo werɛ yiye? Ma ɛho nhwɛso.

18 Sɛ yesuro mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aboa afoforo. Ebia esiane sɛ yennim nea yɛbɛka anaa nea yɛbɛyɛ de aboa obi a ohia awerɛkyekye nti, ehu betumi aka yɛn. Asafo mu panyin bi a ne din de Paul kae mmoa a afoforo de maa no wɔ ne papa wu akyi. Nea ɔkae ni: “Mihui sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛbɛn me. Ná wonhu asɛm a wɔnka. Nanso, sɛnea na wɔpɛ sɛ wɔkyekye me werɛ na wɔboa me no, m’ani sɔe.” Asasewosow bi sii wɔ baabi a onua bi a wɔfrɛ no Tajon te. Ɔkaa sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ menkae nsɛm a nkurɔfo kyerɛw brɛɛ me wɔ asasewosow no akyi, nanso ba a wɔba bɛhwɛɛ sɛnea me ho te no ma mihui sɛ wodwen me ho.” Sɛ yɛma afoforo hu sɛ yedwen wɔn ho a, yebetumi akyekye wɔn werɛ ankasa.

19. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ ‘ɔboafo a ɔhyɛ afoforo den,’ anaa ɔkyekye afoforo werɛ?

19 Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, nneɛma bɛkɔ so asɛe wɔ wiase baabiara, na asetenam bɛkɔ so ayɛ den. (2 Tim. 3:13) Afei nso, ɔhaw a ɛba yɛn so esiane bɔne a wɔde awo yɛn ne sintɔ nti, yɛbɛkɔ so ahia awerɛkyekye. Ade baako a ɛboaa ɔsomafo Paul ma otumi dii nokware kosii owu mu ne awerɛkyekye a onya fii ne nuanom Kristofo hɔ. Momma yɛnyɛ anokwafo te sɛ Aristarko, yɛnyɛ nnipa a yɛn nuanom betumi de wɔn ho ato yɛn so te sɛ Tihiko, na yenyi yɛn yam nsom afoforo te sɛ Marko. Yɛyɛ saa a, yebetumi aboa yɛn nuanom ama wɔayɛ den wɔ gyidi no mu.—1 Tes. 3:2, 3.

^ nky. 5 Ɔsomafo Paul hyiaa amanehunu pii wɔ n’asetenam. Bere a ɔrefa ɔhaw mu no, ne nuanom Kristofo binom kyekyee ne werɛ. Yebehu su ahorow mmiɛnsa bi a na saa anuanom yi wɔ a enti wotumi kyekyee afoforo werɛ saa. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua nea wɔyɛe no na ama yɛatumi ayɛ nneɛma bi aboa wɔn a wohia awerɛkyekye.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Po so hyɛn a Aristarko ne Paul tenaa mu no kotimii ma ebubui.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Tihiko na na ɔde nkrataa a Paul akyerɛw no kɔma asafo ahorow no.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Marko yɛɛ nneɛma bi de boaa Paul.