Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

Yɛn Agya Yehowa Dɔ Yɛn Paa

Yɛn Agya Yehowa Dɔ Yɛn Paa

“Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro.’”​—MAT. 6:9.

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

NEA YƐREBESUA *

1. Tete no, sɛ na obi pɛ sɛ ɔkɔ Persia hene anim a, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

FA NO sɛ bɛyɛ mfe 2,500 a atwam no, na wote Persia. Wopɛ sɛ wode w’asɛm kɔto ɔhene anim, enti wutwaa kwan kɔɔ Persia ahenkurow Susan mu. Nanso sɛ ɔhene mmaa wo kwan a, woremmɔ wo ho mmusu nkɔ n’anim. Sɛ wamma wo kwan na wokɔ a, wubetumi ahwere wo nkwa!—Ester 4:11.

2. Sɛ yɛrekɔ Yehowa anim a, sɛn na ɔpɛ sɛ yɛte nka?

2 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa nte sɛ saa Persia hene no! Yehowa sõ na ɔwɔ tumi koraa sen otumfoɔ biara a ɔwɔ asase so, nanso wama yɛn kwan sɛ yebetumi aba n’anim bere biara. Sɛ yɛrekɔ n’anim a, ɔmpɛ sɛ yɛbɔ hu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa wɔ abodin akɛse akɛse te sɛ, Ɔbɔadeɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ, ne Awurade Tumfoɔ, nanso ɔpɛ sɛ yɛfrɛ no “Agya.” (Mat. 6:9) Wunhu sɛ ɛyɛ anigye paa sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no saa?

3. Adɛn nti na yebetumi afrɛ Yehowa sɛ “Agya,” na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ yɛfrɛ Yehowa sɛ “Agya” a, ɛyɛ ne kwan so, efisɛ ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. (Dw. 36:9) Esiane sɛ ɔyɛ yɛn Agya nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yetie no. Sɛ yɛyɛ nea ɔka sɛ yɛnyɛ a, yebenya nhyira pii. (Heb. 12:9) Saa nhyira no bi ne daa nkwa a yebenya wɔ soro anaa asase so. Ɛnnɛ nso yenya nhyira pii. Saa adesua yi bɛma yɛahu sɛnea nnɛ Yehowa yɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn, ne nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ daakye nso, ɔrennyaw yɛn da. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn paa na odwen yɛn ho.

YEHOWA YƐ YƐN AGYA—ƆDƆ YƐN NA ODWEN YƐN HO

Sɛnea agya a odwen ne mma ho pɛ sɛ ɔbɛn wɔn no, saa ara na Yehowa pɛ sɛ ɔbɛn yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobehu Yehowa sɛ wɔn Agya?

4 Ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu Onyankopɔn sɛ w’Agya anaa? Ebinom te nka sɛ Yehowa sõ araa ma enti wɔnsɛ hwee koraa wɔ n’ani so. Wonnye nni sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no dwen wɔn mu biara ho. Nanso yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no mpɛ sɛ yenya saa adwene no. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa na ɔpɛ sɛ yɛne ne ntam yɛ kama. Bere a ɔsomafo Paul kaa saa nokwasɛm yi wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no wɔ Atene no sɛ Yehowa ne “yɛn mu biara ntam nware.” (Aso. 17:24-29) Sɛnea abofra biara tumi kɔ ne papa anaa ne maame nkyɛn no, saa ara na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn mu biara ba n’anim.

5. Dɛn na yesua fi onuawa bi asɛm no mu?

5 Ebinom nso wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobehu Yehowa sɛ wɔn Agya, efisɛ wɔn papa a ɔwoo wɔn anna ɔdɔ ne ayamye adi ankyerɛ wɔn. Yɛnhwɛ onuawa bi anom asɛm. Ɔkaa sɛ: “Ná me papa taa didi me atɛm paa. Bere a mifii ase suaa Bible no, na ɛyɛ den ma me sɛ mehu sɛ Agya bi wɔ soro a metumi abɛn no. Nanso bere a mihuu Yehowa no, biribiara sesae.” Wo nso, saa na wote nka anaa? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ bere rekɔ so no, wubehu sɛ Agya biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa.

6. Yehowa afa akwan ahorow so aboa yɛn ama yɛahu sɛ ɔyɛ yɛn Agya na ɔdɔ yɛn. Sɛnea Mateo 11:27 kyerɛ no, emu baako ne sɛn?

6 Ɔkwan baako a Yehowa afa so aboa yɛn ama yɛahu sɛ ɔyɛ yɛn Agya na ɔdɔ yɛn ne sɛ, wama wɔakyerɛw nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe wɔ Bible mu. (Kenkan Mateo 11:27.) Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ ma otumi kaa sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Ná Yesu taa ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Agya. Nsɛmpa nnan no nko ara mu no, Yesu frɛɛ Yehowa sɛ “Agya” bɛyɛ mpɛn 165. Adɛn nti na Yesu kaa Yehowa ho asɛm sɛ Agya mpɛn pii saa? Ade baako nti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo gye tom sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma.—Yoh. 17:25, 26.

7. Sɛnea Yehowa ne ne Ba no dii no, dɛn na yesua fi mu?

7 Sɛnea Yehowa ne ne Ba Yesu dii no, yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. Ná Yehowa tie Yesu mpaebɔ bere nyinaa. Ɛnyɛ Yesu mpaebɔ nko na Yehowa tiei, na mmom obuaa ne mpaebɔ nso. (Yoh. 11:41, 42) Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a Yesu hyiae no, ohui sɛ n’Agya dɔ no na ɔtaa n’akyi.—Luka 22:42, 43.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Yesu nyaa nea ohia?

8 Yesu gye toom sɛ ne nkwa fi n’Agya hɔ na ɔno na ɔma ɔkɔ so tena ase. Ɔkaa sɛ: “Agya no nti na mete ase.” (Yoh. 6:57) Yesu de ne ho too n’Agya so koraa, na Yehowa nso ma onyaa nea ohia wɔ asetena mu. Nea ehia paa ne sɛ, Yehowa boaa Yesu ma odii no nokware.—Mat. 4:4.

9. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ Yesu Agya, ɔdɔ no, na odwen ne ho?

9 Esiane sɛ Yehowa yɛ Yesu Agya na ɔdɔ no nti, Yehowa maa Yesu hui sɛ ɔtaa n’akyi. (Mat. 26:53; Yoh. 8:16) Ɛwom sɛ Yehowa ammɔ Yesu ho ban amfi biribiara a na ebetumi apira no ho de, nanso ɔboaa no ma ogyinaa sɔhwɛ ano. Ná Yesu nim sɛ amanehunu biara a obehyia no, ɛrentena hɔ daa. (Heb. 12:2) Yehowa tiee Yesu, ɔmaa Yesu nea ohia, ɔkyerɛkyerɛɛ no, na ɔboaa no. Yehowa yɛɛ wei nyinaa de kyerɛe sɛ odwen Yesu ho. (Yoh. 5:20; 8:28) Afei, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛn Agya a ɔwɔ soro no fa akwan a ɛte saa so boa yɛn.

SƐNEA YƐN AGYA A ƆDƆ YƐN NO HWƐ YƐN

Agya a ɔdɔ ne mma (1) tie wɔn, (2) ɔma wɔn nea wohia, (3) ɔtete wɔn, na (4) ɔbɔ wɔn ho ban. Yɛn Agya a ɔwɔ soro no hwɛ yɛn wɔ akwan a ɛte saa so (Hwɛ nkyekyɛm 10-15) *

10. Sɛnea Dwom 66:19, 20 kyerɛ no, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

10 Yehowa tie yɛn mpaebɔ. (Kenkan Dwom 66:19, 20.) Ɔmpɛ sɛ yɛde mpaebɔ bedi agorɔ; ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da. (1 Tes. 5:17) Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ biara no, yebetumi ne Onyankopɔn akasa wɔ obu mu bere biara. Ɔnka sɛ onni adagyew nti ɔrentie yɛn mpaebɔ; wawɛn n’aso sɛ obetie yɛn mpaebɔ bere nyinaa. Sɛ yehu sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛma yɛbɛn no paa. Odwontofo no kaa sɛ, “Ɔdɔ ahyɛ me mã efisɛ Yehowa tie me nne.”—Dw. 116:1.

11. Sɛn na Yehowa bua yɛn mpaebɔ?

11 Ɛnyɛ yɛn mpaebɔ nko na yɛn Agya tie, na mmom obua yɛn mpaebɔ nso. Ɔsomafo Yohane ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea [Onyankopɔn apɛde] te no, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14, 15) Ɛwom, sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ no, ebia ɛnyɛ saa na obebua no. Onim nea eye ma yɛn, enti ɛtɔ da a ne mmuae yɛ dabi anaa ebia ɔpɛ sɛ yɛtwɛn.—2 Kor. 12:7-9.

12-13. Akwan bɛn so na yɛn Agya a ɔwɔ soro no ma yenya nea yehia?

12 Yehowa ma yenya nea yehia. Nea ɔhwɛ kwan sɛ agya biara yɛ no, saa ara na ɔno nso yɛ. (1 Tim. 5:8) Ɔde nea ne mma hia wɔ asetenam ma wɔn. Ɔmpɛ sɛ yebedwinnwen aduan a yebedi, ntaade a yɛbɛhyɛ, anaa baabi a yɛde yɛn ti bɛto ho. (Mat. 6:32, 33; 7:11) Esiane sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ yɛn nti, wayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛanya nea yehia nyinaa daakye.

13 Nea ehia paa ne sɛ, Yehowa ma yenya nea ɛbɛma yɛne ne ntam ayɛ kama. Ɔnam n’Asɛm no so ama yɛahu ne ho nokwasɛm, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, nea enti a ɔbɔɔ yɛn, ne nea ebesi daakye. Bere a yefii ase suaa nokware no, ɔnam yɛn awofo anaa obi foforo so boaa yɛn ma yesuaa ne ho ade. Nanso wamma anso hɔ ara; ɔnam asafo mu mpanyimfo a wɔdɔ yɛn ne anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw so kɔ so boa yɛn. Afei nso, Yehowa nam asafo nhyiam so kyerɛkyerɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo nyinaa. Enti Yehowa nam saa akwan yi ne akwan foforo so ma yehu sɛ ɔyɛ yɛn Agya na odwen yɛn nyinaa ho.—Dw. 32:8.

14. Adɛn nti na Yehowa tete yɛn, na sɛn na ɔyɛ no?

14 Yehowa tete yɛn. Ná Yesu yɛ pɛ, nanso yɛn de, yɛtɔ sin. Enti sɛ ɛho behia a yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no teɛ yɛn so; ne nyinaa ka ntetee a ɔde ma yɛn no ho. Ɔka wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.” (Heb. 12:6, 7) Yehowa fa akwan pii so teɛ yɛn so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, yebetumi akenkan asɛm bi wɔ Bible mu anaa yebetumi ate asɛm bi wɔ asafo nhyiam ase ama ateɛ yɛn adwene. Anaa Yehowa betumi afa asafo mu mpanyimfo no so aboa yɛn. Ɛmfa ho ɔkwan a Yehowa fa so teɛ yɛn so biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so.—Yer. 30:11.

15. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bɔ yɛn ho ban?

15 Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano. Sɛnea agya a ɔdɔ ne mma boa wɔn bere a wɔrehyia ɔhaw no, saa ara na yɛn Agya a ɔwɔ soro no boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano. Ɔde ne honhom kronkron bɔ yɛn ho ban, na biribiara ansɛe yɛne ne ntam. (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛn abam bu a Yehowa boa yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wama yɛn anidaso bi a ɛsen biara. Saa anidaso no boa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw ano. Susuw wei ho: Ɛmfa ho nneɛma bɔne biara a ɛbɛto yɛn ama yɛahu amane no, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no beyi ne nyinaa afi hɔ. Ɔhaw biara a yɛrehyia no, ɛrenkyɛ ebefi hɔ, nanso nhyira a Yehowa bɛma yɛanya no de, ɛbɛtena hɔ daa.—2 Kor. 4:16-18.

YƐN AGYA RENNYAW YƐN DA

16. Bere a Adam yɛɛ n’Agya a ɔdɔ no no so asoɔden no, dɛn na esii?

16 Sɛ yesusuw nea Yehowa yɛe bere a Adam yɛɛ asoɔden no ho a, ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa. Ná Adam ani gye wɔ Yehowa abusua no mu, nanso bere a ɔyɛɛ n’Agya a ɔdɔ no no so asoɔden no, ɔne n’asefo nyinaa hweree saa hokwan no. (Rom. 5:12; 7:14) Nanso, Yehowa yɛɛ biribi de boaa Adam asefo.

17. Adam tew Yehowa so atua. Ɛno akyi pɛɛ no, dɛn na Yehowa yɛe?

17 Yehowa twee Adam aso, nanso wannyaw Adam asefo no saa, ɔma wonyaa anidaso. Adam tew atua no, ɛhɔ ara na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛsan ama Adam asefo a wɔbɛyɛ osetie abɛka n’abusua no ho. (Gen. 3:15; Rom. 8:20, 21) Yehowa nam ne Dɔba Yesu agyede afɔre no so na ayɛ saa nhyehyɛe no. Yehowa Ba a ɔde no abɔ afɔre ama yɛn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa.—Yoh. 3:16.

Sɛ yɛaman afi Onyankopɔn ho na yenu yɛn ho yɛ nsakrae a, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ayɛ krado sɛ ɔbɛsan agye yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Sɛ mpo yɛaman afi Yehowa ho a, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔpɛ sɛ yɛyɛ ne mma?

18 Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso Yehowa pɛ sɛ yɛbɛka n’abusua no ho; ommu yɛn sɛ yɛyɛ adesoa. Ebia yebedi Yehowa huammɔ anaa yɛbɛman afi ne ho. Ɛba saa mpo a, ɔda so ara hwɛ kwan sɛ yɛbɛsan aba ne nkyɛn. Yesu de ɔba a ɔyerae no yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma paa. (Luka 15:11-32) Agya a ɔwɔ saa mfatoho no mu no amma n’abam ammu; bere nyinaa na ɔhwɛ kwan sɛ ne ba no bɛsan aba. Bere a ɔba a wayera no san kɔɔ fie no, n’agya no de anigye gyee no bio. Enti, sɛ yɛaman afi Yehowa ho na yenu yɛn ho yɛ nsakrae a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ayɛ krado sɛ ɔbɛsan agye yɛn.

19. Sɛn na Yehowa besiesie ɔhaw a Adam akɔfa aba no nyinaa?

19 Yɛn Agya no besiesie ɔhaw a Adam akɔfa aba no nyinaa. Bere a Adam tew atua no, Yehowa sii gyinae sɛ obeyi nnipa 144,000 afi adesamma mu ama wɔayɛ ne mma. Wɔne ne Ba Yesu bedi hene na wɔayɛ asɔfo wɔ soro. Yesu ne ne mfɛfo adedifo no bɛboa nnipa a wɔyɛ osetie ama wɔayɛ pɛ wɔ wiase foforo no mu. Afei, Onyankopɔn bɛma kwan ama wɔasɔ wɔn ahwɛ nea etwa to na sɛ wodi nokware a, ɔbɛma wɔn daa nkwa. Afei, yɛn Agya no ani begye sɛ obehu sɛ ne mma a wɔayɛ pɛ no ahyɛ asase yi so mã. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye saa bere no!

20. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. Agya biara nni hɔ a ɔne no sɛ. Otie yɛn mpaebɔ, ɔma yɛn nea yehia wɔ asetena mu ne nea ɛbɛma yɛne ne ntam ayɛ kama. Yehowa tete yɛn na ɔboa yɛn. Afei nso, wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya nhyira pii daakye. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛahu sɛ yɛn Agya no dɔ yɛn na odwen yɛn ho! Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛn Agya no ada no adi akyerɛ yɛn no, yɛn ani sɔ.

DWOM 108 Onyankopɔn Dɔ

^ nky. 5 Yenim sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn na ɔno ne Amansan Hene. Nanso yebetumi aka paa sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ yɛn, na odwen yɛn ho. Yebehu nea enti a yɛreka saa wɔ adesua yi mu. Afei nso, yebehu nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa rennyaw yɛn da.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni nnan no biara mu no, yehu agya bi ne ne ba: agya bi awɛn n’aso retie ne babarima, agya bi de nea ne babea hia rema no, agya bi retete ne babarima wɔ fie, agya bi rekyekye ne babarima werɛ. Wɔadrɔ Yehowa nsa wɔ mfoni nnan no akyi; wei kae yɛn sɛ Yehowa fa akwan a ɛte saa so hwɛ yɛn.