Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 7

Yɛdɔ Yɛn Agya Yehowa Paa

Yɛdɔ Yɛn Agya Yehowa Paa

“Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.”​—1 YOH. 4:19.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA *

1-2. Adɛn nti na Yehowa ama yɛn kwan sɛ yɛmmɛka n’abusua no ho, na ɔyɛɛ no sɛn?

YEHOWA ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛka n’asomfo ho na yɛnyɛ abusua baako. Hokwan a ɛte sei de, ɛso bi mmae da! Abusua a yɛda mu no, emufo ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn na wɔwɔ ne Ba no agyede afɔre no mu gyidi. Yɛn abusua no de, anigye wom. Seesei yɛn asetena di mũ, na anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ soro anaa Paradise wɔ asase so no ma yɛn ani gye paa.

2 Yehowa ama yɛn kwan sɛ yɛmmɛka n’abusua no ho efisɛ ɔdɔ yɛn paa. Nanso, ɔbɔɔ afɔre kɛse paa ansa na ɔreyɛ saa. (Yoh. 3:16) Bible ka sɛ ‘ɔtɔɔ yɛn aboɔden.’ (1 Kor. 6:20) Yehowa nam agyede no so ama ayɛ yiye sɛ yɛne no bɛfa adamfo denneennen. Yetumi frɛ Onii a ɔso sen obiara wɔ amansan yi mu no sɛ yɛn Agya. Wei yɛ hokwan a ɛso bi nni. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, Agya biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa.

3. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa? (Hwɛ adaka a wɔato din, “ Enti Yehowa Nim Me?” no nso.)

3 Sɛnea Bible kyerɛwfo bi bisae no, yɛn nso yebetumi abisa sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?” (Dw. 116:12) Nea ɛte ne sɛ, yɛrentumi ntua yɛn Agya a ɔwɔ soro no ka da. Nanso, esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, yɛn nso yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ no bi. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yoh. 4:19) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛn Agya a ɔwɔ soro no ahu sɛ yɛdɔ no?

BƐN YEHOWA

Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae ma yɛbɛn no, yetie no, na yɛboa afoforo ma wɔdɔ no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no paa (Hwɛ nkyekyɛm 4-14)

4. Sɛnea Yakobo 4:8 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bɛn Yehowa?

4 Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no di nkitaho. (Kenkan Yakobo 4:8.) Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ “yenkura mpaebɔ mu denneennen,” na wayɛ krado sɛ obetie yɛn bere nyinaa. (Rom. 12:12) Ɔnka sɛ wabrɛ nti onni adagyew a ɔde betie yɛn. Yɛn nso yetie no; ɔkwan baako a yɛfa so yɛ saa ne sɛ yɛbɛkenkan n’Asɛm Bible ne asafo nhoma a ɛboa yɛn ma yɛte Bible ase no. Ɔkwan foforo a yɛfa so tie no ne sɛ yɛbɛwɛn yɛn aso wɔ Kristofo nhyiam ase. Sɛnea mmofra ne wɔn awofo bɔ nkɔmmɔ daa a ɛma wɔbɛn wɔn awofo no, saa ara na yɛne Yehowa kasa daa a, ɛboa yɛn ma yɛbɛn no.

Hwɛ nkyekyɛm 5

5. Dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn?

5 Bisa wo ho sɛ, mpae a ɛyɛ a mebɔ no, ɛte sɛn? Yɛrebɔ mpae a, Yehowa pɛ sɛ yɛka yɛn komam asɛm nyinaa kyerɛ no. (Dw. 62:8) Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me mpaebɔ te sɛ krataa a wɔakyerɛw a, anka Onyankopɔn behu no sɛn? Obehu no sɛ krataa a m’ankasa mafi me komam akyerɛw, anaa obehu no sɛ krataa a obi akyerɛw ama me?’ Akyinnye biara nni ho sɛ wodɔ Yehowa paa, na wopɛ sɛ wo ne n’adamfofa no mu yɛ den bere nyinaa. Nea ebetumi ama woayɛ saa ne sɛ wo ne no bɛkasa daa. Asɛm a worentumi nka nkyerɛ obiara no, ka kyerɛ no. Sɛ w’ani gye a ka kyerɛ no, sɛ wo werɛ how nso a ma onhu. Nya awerɛhyem sɛ wuhia mmoa na wokɔ ne nkyɛn a, ɔbɛboa wo.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛabɛn yɛn Agya a ɔwɔ soro no?

6 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn yɛn Agya a ɔwɔ soro no a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea ɔyɛ ma yɛn no ho anisɔ daa. Yɛne odwontofo no yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho sɛ: “Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene; wɔrentumi mfa obiara nto wo ho. Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a, ɛdɔɔso sen nea metumi akan.” (Dw. 40:5) Ɛnyɛ sɛ yehu sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn; mmom yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nso kyerɛ saa. Wei ma yɛyɛ soronko wɔ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii ho. Wiase a yɛte mu no, nkurɔfo nkyerɛ nea Onyankopɔn yɛ ma wɔn biara ho anisɔ. Ade baako a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri mu” ne sɛ nnipa pii yɛ bonniayɛ. (2 Tim. 3:1, 2) Mommma yensuasua saa suban no!

7. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn nti na ɔpɛ sɛ yɛyɛ saa?

7 Awofo mpɛ sɛ wɔn mma bɛko ntɔkwaw na mmom nea wɔpɛ ne sɛ wɔn mma bɛyɛ nnamfo. Saa ara na Yehowa nso pɛ sɛ ne mma nyinaa ntam yɛ kama. Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no kyerɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. (Yoh. 13:35) Yɛne odwontofo no yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho sɛ: “Hwɛ! Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” (Dw. 133:1) Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo a, ɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no. (1 Yoh. 4:20) Wo de, hwɛ abusua a woda mu; emufo ‘ne wɔn ho di wɔ ayamye ne ayamhyehye so.’ Ɛyɛ anigye paa!—Efe. 4:32.

YƐ OSETIE FA KYERƐ SƐ WODƆ YEHOWA

Hwɛ nkyekyɛm 8

8. Sɛnea 1 Yohane 5:3 kyerɛ no, dɛn paa nti na yetie Yehowa?

8 Yehowa pɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo, na ɔpɛ sɛ yɛn nso yetie no. (Efe. 6:1) Ɛfata sɛ yetie no efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na nneɛma a ɔde ma yɛn nti na yɛte ase. Afei nso, onim nyansa sen ɔwofo biara. Nanso, nea enti paa a yetie Yehowa ne sɛ yɛdɔ no. (Kenkan 1 Yohane 5:3.) Ɛwom, nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yetie Yehowa, nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ yentie no. Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, enti ɔdɔ a yɛdɔ no nti sɛ yetie no a, ɛma n’ani gye.

9-10. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn mmara na yɛde bɔ yɛn bra?

9 Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔbɔ ne mma ho ban. Ɛno nti, awofo hyehyɛ mmara ma wɔn mma, na sɛ mmofra no di so a ɛbɔ wɔn ho ban. Sɛ mmofra no di saa mmara no so a, ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ wɔn awofo mu ahotoso na wobu wɔn. Ɛnde, ɛho hia paa sɛ yehu mmara a yɛn Agya a ɔwɔ soro no ahyehyɛ ama yɛn na yɛde bɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no na yebu no. Afei nso, ɛboa yɛn ankasa. (Yes. 48:17, 18) Nanso, wɔn a wɔmfa Yehowa ne ne mmara nyɛ hwee no de, ensi wɔn yiye.—Gal. 6:7, 8.

10 Nneɛma a ebetumi apira yɛn, nea ebetumi ama yɛadi awerɛhow, ne nea ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no, sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛsɔ Yehowa ani a, ɛbɔ yɛn ho ban fi ho. Yehowa nim nea eye ma yɛn. Aurora te United States. Ɔka sɛ: “Minim sɛ, bere biara a yetie Yehowa no, esi yɛn yiye.” Wei yɛ nokware turodoo. Yehowa akwankyerɛ a ɔdɔ yɛn nti ɔde ama yɛn no, wode ayɛ adwuma ama aboa wo anaa?

11. Sɛn na mpaebɔ boa yɛn?

11 Sɛ ɛyɛ den mpo sɛ yɛbɛyɛ osetie a, mpaebɔ betumi aboa yɛn ama yɛayɛ saa. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yebetie Yehowa, nanso ɛsɛ sɛ daa yɛbɔ mmɔden sɛ yebetie no. Odwontofo no srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma minnya koma a ebetie wo.” (Dw. 51:12) Denise yɛ daa kwampaefo. Ɔka sɛ, “Sɛ ɛyɛ den sɛ medi Yehowa mmara bi so a, mebɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden ma menyɛ nea ɛteɛ.” Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere biara a yɛde adesrɛ a ɛte saa bɛto Yehowa anim no, obetie yɛn.—Luka 11:9-13.

BOA AFOFORO MA WƆNNƆ YƐN AGYA

12. Sɛnea Efesofo 5:1 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Kenkan Efesofo 5:1. Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa “mma adɔfo” nti, yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no. Sɛ yɛda ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ afoforo, na yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, na yɛresuasua Yehowa. Sɛ wɔn a wonnim Onyankopɔn hu yɛn abrabɔ pa a, ebia ɛbɛka wɔn ama wɔasua ne ho ade. (1 Pet. 2:12) Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo suasua sɛnea Yehowa ne yɛn di no na wɔne wɔn mma tena saa ara. Sɛ awofo suasua Yehowa a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔn ankasa ne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no afa adamfo.

Hwɛ nkyekyɛm 13

13. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛanya akokoduru?

13 Abofra biara pɛ ne papa asɛm na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo. Yɛn nso yɛpɛ yɛn Agya Yehowa asɛm, na yɛpɛ sɛ yɛma afoforo hu no. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho.” (Dw. 34:2) Asɛm a Dawid kae no, yɛn nyinaa ne no yɛ adwene. Nanso, sɛ yɛfɛre sɛ yɛbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ nkurɔfo nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn anya akokoduru? Sɛ yɛde yɛn adwene si so sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye, na yedwinnwen sɛnea nkurɔfo sua Yehowa ho ade a ɛbɛboa wɔn no ho a, ɛbɛma yɛanya akokoduru. Afei nso, Yehowa bɛma yɛanya akokoduru a yehia. Ɔboaa yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no ma wonyaa akokoduru, na ɔbɛboa yɛn nso.—1 Tes. 2:2.

14. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo?

14 Yehowa nhwɛ nnipa anim, enti sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nkurɔfo ɛmfa ho baabi a wofi a, ɛma n’ani gye. (Aso. 10:34, 35) Ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo paa ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn. (Mat. 28:19, 20) Yɛyɛ saa adwuma yi a, ɛboa nkurɔfo sɛn? Wɔn a wotie yɛn no betumi anya asetena pa nnɛ, na wobetumi anya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa.—1 Tim. 4:16.

DƆ AGYA NO NA W’ANI NNYE

15-16. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye?

15 Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma, enti ɔpɛ sɛ n’abusua no ani gye. (Yes. 65:14) Ɛwom sɛ yɛrehyia ɔhaw de, nanso yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nnɛ. Ebi ne sɛ, yenim paa sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn yiye. Yenim nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. (Yer. 15:16) Afei nso, yɛka abusua soronko bi ho; emufo dɔ Yehowa, na wɔn ani gye ne mmara ho paa, na wɔdodɔ wɔn ho.—Dw. 106:4, 5.

16 Yɛn ani betumi akɔ so agye efisɛ yɛwɔ anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na saa anidaso no renni huammɔ da. Yenim sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi abɔnefo nyinaa afi hɔ, na ɔnam n’Ahenni no so bɛma asase ayɛ Paradise. Afei nso, yɛwɔ anidaso sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu no afi awufo mu, na wɔbɛsan abɛka yɛn ho. (Yoh. 5:28, 29) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye! Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen saa koraa. Ɛne sɛ, ɛrenkyɛ obiara a ɔwɔ soro anaa asase so de nidi, ayeyi, ne ɔsom a ɛfata bɛma yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ɛbɛbam.

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

^ nky. 5 Yenim sɛ yɛn Agya Yehowa dɔ yɛn paa na ɔde yɛn abɛka n’asomfo ho ama yɛayɛ abusua baako; ɛno nti yɛn nso yɛdɔ no. Esiane sɛ odwen yɛn ho nti, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ no? Adesua yi mu no, yebehu nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ.