Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahina a Belsasar din gu ho (Sei na ne kɛse te ankasa)

So Wunim?

So Wunim?

Dɛn na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛfoa so sɛ Belsasar a ɔtenaa ase wɔ Babilon no, na ɔyɛ ɔhene?

WƆN a wɔkasa tia Bible no kaa no mfe pii sɛ Ɔhene Belsasar a Daniel nhoma no aka ne ho asɛm no, ɛnyɛ nokware sɛ ɔtenaa ase. (Dan. 5:1) Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no nnyaa adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene Belsasar yɛ obi a ɔtenaa ase ankasa. Nanso afe 1854 no, nneɛma sesae. Adɛn ntia?

Saa afe no mu no, Britain aban nanmusini bi a wɔfrɛ no J. G. Taylor kɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ tete kurow Ur amanfo so; seesei Ur wɔ Iraq anafo fam. Owura no huu nhina bi wɔ abankɛse bi mu. Ná ahina no mu biara tenten bɛyɛ nsateakwaa nnan (sɛntimita 10), na na tete nkyerɛwee bi (cuneiform) gu ho. Nhina no baako ho no, na wɔakyerɛw mpae bi a wɔbɔ maa Ɔhene Nabonido ne ne babarima panyin Belsasar sɛ wonnya nkwa tenten. Wɔn a wɔkasa tia Bible no mpo antumi annye ho kyim. Nhina a wohui no di adanse sɛ Belsasar tenaa ase ankasa.

Nanso, Bible nka sɛ Belsasar tenaa ase kɛkɛ, na mmom ɛka sɛ na ɔyɛ ɔhene. Saa asɛm yi nso, na wɔn a wɔkasa tia Bible no nnye nni. Ɛho nhwɛso bi ni. Bɛyɛ afe 1875 no, nyansahufo bi a ofi England a wɔfrɛ no William Talbot kyerɛwee sɛ, ebinom ka sɛ “Bel-sar-ussur [Belsasar] ne ne papa Nabonido dii ade wɔ bere koro mu. Nanso, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ saa.”

Akyiri yi, asɛm no mu nokware daa adi. Wohuu nhina foforo bi a ɛma ɛdaa adi sɛ Belsasar papa, Ɔhene Nabonido, fii Babilon kɔɔ ɔman foforo so kodii mfe dodow bi wɔ hɔ. Ɔkɔe no, dɛn na esii n’akyi wɔ Babilon? Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Bere a Nabonido tuu kwan no, ɔde n’ahenni ne n’asraafo dodow no ara hyɛɛ Belsasar nsa.” Enti yɛbɛka a, Belsasar sii ne papa ananmu dii ade saa bere no. Ɛno nti, Alan Millard a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ɔsan yɛ kasa ho ɔbenfo no kaa sɛ, sɛ “Daniel Nhoma no ka sɛ na Belsasar yɛ ‘ɔhene’” a, ɛyɛ ne kwan so.

Nanso, Onyankopɔn asomfo de, adanse a edi mu a ɛma yehu sɛ Daniel nhoma no mu nsɛm yɛ nokware na Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa Daniel ma ɔkyerɛwee no, yehu wɔ Bible no ankasa mu.—2 Tim. 3:16.