Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?

Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?

‘Nea seesei egye mo nkwa ne asubɔ.’​—1 PET. 3:21.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ obi pɛ sɛ osi dan a, dɛn na ɛsɛ sɛ odi kan yɛ?

YƐMFA no sɛ obi pɛ sɛ osi dan. Onim dan ko a ɔpɛ sɛ osi. Ɛsɛ sɛ ofiti prɛko pɛ kɔtotɔ dan no ho nneɛma na ofi ase si anaa? Dabi. Mmom, ansa na obefi ase no, biribi a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ; ɛsɛ sɛ odi kan sẽsẽ hwɛ sika a obehia de asi dan no. Adɛn ntia? Efisɛ ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie dan no anaa onni bi. Sɛ odi kan tɔ ne bo ase sẽsẽ hwɛ a, ebia obetumi asi dan no awie.

2. Sɛnea Luka 14:27-30 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye ansa na woabɔ asu?

2 Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne nea wayɛ ama wo ho anisɔ ama woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu anaa? Sɛ saa a, ɛnde w’asɛm no te sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ osi dan no. Enti ɛsɛ sɛ wusi gyinae. Adɛn nti na yɛreka saa? Susuw Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 14:27-30 no ho. (Kenkan.) Ná Yesu reka nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ne suani ho asɛm. Sɛ yɛpɛ sɛ yedi Yesu akyi a, ɛsɛ sɛ yɛtena ase ‘sẽsẽ’ hwɛ, efisɛ yebehyia nsɛnnennen, na ebehia nso sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre. (Luka 9:23-26; 12:51-53) Enti, ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase susuw nea ɛwom nyinaa ho yiye. Ɛno bɛboa wo ama woasiesie wo ho yiye, na wobɔ asu bɛyɛ Kristoni a, watumi akɔ so de nokwaredi asom Onyankopɔn.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛ wohwɛ ɔhaw a wubehyia ne nneɛma a ɛsɛ sɛ wode bɔ afɔre ansa na woabɔ asu abɛyɛ Kristo suani a, mfaso wɔ so anaa? Yiw, mfaso wɔ so! Wobɔ asu a, ebue hokwan ma wunya nhyira pii nnɛ ne daakye. Momma yensusuw nsɛmmisa titiriw bi a ɛfa asubɔ ho. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wubeyi asɛmmisa yi ano: “Masiesie me ho sɛ mɛbɔ asu anaa?”

NEA ƐSƐ SƐ WUHU FA AHOSOHYIRA NE ASUBƆ HO

4. (a) Dɛn ne ahosohyira? (b) Mateo 16:24 ka sɛ ɛsɛ sɛ obi ‘pa ne ho akyi.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn?

4 Dɛn ne ahosohyira? Ansa na wubetumi abɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so. Sɛ wuhyira wo ho so a, ɛkyerɛ sɛ wufi wo komam rebɔ Yehowa mpae, na woreka akyerɛ no sɛ wode wo nkwa bɛsom no daa. Sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ ‘woapa wo ho akyi.’ (Kenkan Mateo 16:24.) Afei, woyɛ Yehowa dea, na wei yɛ hokwan kɛse paa. (Rom. 14:8) Woyɛ saa a, na woreka akyerɛ Yehowa sɛ efi saa da no, ade a ɛho hia wo paa ne sɛ wobɛsom no, na worenyɛ nea wopɛ. Sɛ wuhyira wo ho so a, ɛkyerɛ sɛ woaka ntam akyerɛ Onyankopɔn anaa wufi wo komam ahyɛ Onyankopɔn bɔ. Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ saa bɔ no. Nanso, sɛ yɛhyɛ saa bɔ no a, ɔhwɛ kwan sɛ yebedi so.—Dw. 116:12, 14.

5. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ahosohyira ne asubɔ mu?

5 Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ahosohyira ne asubɔ mu? Ahosohyira yɛ biribi a obi yɛ wɔ kokoam; ɛyɛ obi ne Yehowa nko ara ntam asɛm. Asubɔ yɛ biribi a obi yɛ wɔ baguam; onii no bɔ asu a, nnipa pii hu. Wɔtaa bɔ nkurɔfo asu wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase. Sɛ wobɔ asu a, woma afoforo hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa dedaw. * Wobɔ asu a, woma afoforo hu sɛ wode wo koma, wo kra, w’adwene, ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na woasi wo bo sɛ wobɛsom no daa.—Mar. 12:30.

6-7. Sɛnea 1 Petro 3:18-22 ma yehu no, nneɛma mmienu bɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ asu?

6 Ɛho hia sɛ wobɔ asu anaa? Susuw asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:18-22 no ho. (Kenkan.) Sɛnea adaka a Noa yɛe no maa nkurɔfo hui sɛ ɔwɔ gyidi no, saa ara na wo nso wobɔ asu a, ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa. Nanso, ɛho hia sɛ wobɔ asu anaa? Yiw, ɛho hia. Petro kyerɛɛ nea enti a ɛho hia. Nea edi kan, ɔkaa sɛ ‘egye wo nkwa.’ Sɛ yɛayɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu mu gyidi na yegye di sɛ owu maa yɛn, Onyankopɔn nyan no kɔɔ soro, na seesei “ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa” a, ɛnde na asubɔ betumi agye yɛn nkwa.

7 Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛbɔ asu a ɛma yenya “ahonim pa.” Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu a, yɛne no nya abusuabɔ soronko. Esiane sɛ yɛanu yɛn ho ankasa ayɛ nsakrae na yɛwɔ gyidi wɔ agyede no mu nti, Onyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Enti yebetumi anya ahonim pa wɔ n’anim.

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu?

8 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu? Woatɔ wo bo ase asua Bible, enti woasua Yehowa ho ade pii; ama woahu sɛnea ne suban te ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Nea woasua afa ne ho no aka wo koma, na ama wodɔ no paa. Yehowa ho dɔ ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛka wo ma wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu.

9. Mateo 28:19, 20 ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu. Saa asɛm no kyerɛ sɛn?

9 Ade foforo nti a ehia sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu ne sɛ, woasua nokware a Bible kyerɛkyerɛ no na wugye di. Wo de, hwɛ ahyɛde a Yesu de maa n’asuafo sɛ wɔnkɔyɛ asuafo no. (Kenkan Mateo 28:19, 20.) Sɛnea Yesu kae no, wɔn a wɔbɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” Saa asɛm yi kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, Yehowa; ne Ba Yesu; ne honhom kronkron ho nokwasɛm a Bible kyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa gye di. Nokware a ɛwɔ Bible mu yi, tumi wom paa na ebetumi asian akɔ wo komam tɔnn. (Heb. 4:12) Momma yɛnhwɛ emu bi.

10-11. Nokware a ɛfa Agya no ho a woasua na woagye adi no, ebi ne sɛn?

10 Kaakae bere a wusuaa nokware a ɛfa Agya no ho yi: Ne “din de Yehowa,” ɔno “nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so,” na ɔno nko ara ne “nokware Nyankopɔn.” (Dw. 83:18; Yes. 37:16) Ɔno ne yɛn Bɔfo, na “nkwagye yɛ Yehowa dea.” (Dw. 3:8; 36:9) Wayɛ nhyehyɛe a ɔde begye yɛn afi bɔne ne owu mu, na wama yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. (Yoh. 17:3) Wuhyira wo ho so na wobɔ asu a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. (Yes. 43:10-12) Wobɛba abɛka Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase baabiara no ho; ɛyɛ wɔn dɛ sɛ Onyankopɔn din da wɔn so, na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo.—Dw. 86:12.

11 Yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛahu nea Bible kyerɛkyerɛ fa Agya no ho! Sɛ wugye saa nokware a ɛsom bo no di a, wo koma bɛka wo ama woahyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu.

12-13. Nokware a ɛfa Ɔba no ho a woahu na woagye adi no, ebi ne sɛn?

12 Nokware a ɛfa Ɔba no ho a edidi so yi, bere a wuhui no, ɛkaa wo sɛn? Yehowa akyi no, Yesu ne obi a ne ho hia sen obiara wɔ amansan yi mu. Ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ de yɛɛ agyede maa yɛn. Sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi a, yebetumi anya bɔne fafiri, yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo, na yɛanya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Yesu ne yɛn Sɔfo Panyin. Ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yenya agyede no so mfaso na yɛne Onyankopɔn ntam yɛ kama. (Heb. 4:15; 7:24, 25) Esiane sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti, ɔno na Yehowa bɛfa ne so atew ne din ho, ayi abɔnefosɛm afi hɔ, na wama yɛanya nhyira a enni awiei wɔ Paradise a ɛreba no mu. (Mat. 6:9, 10; Adi. 11:15) Yesu na yɛhwɛ no suasua no. (1 Pet. 2:21) Yesu yɛɛ Yehowa apɛde bere nyinaa; wei yɛ nhwɛso ma yɛn.—Yoh. 4:34.

13 Sɛ wugye nea Bible kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn Dɔba Yesu ho no di a, ɛbɛma woadɔ no. Ɔdɔ a ɛte saa bɛka wo ama woayɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa sɛnea Yesu yɛe no. Wei bɛka wo koma ama woahyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu.

14-15. Nokware a ɛfa honhom kronkron ho a woahu na woagye adi no, ebi ne sɛn?

14 Nokware a ɛfa honhom kronkron ho a edidi so yi, bere a wuhui no, ɛkaa wo sɛn? Wuhui sɛ honhom kronkron nyɛ obi, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade. Yehowa nam ne honhom kronkron so kyerɛɛ wɔn a wɔkyerɛw Bible no nea wɔnkyerɛw, na sɛ yɛkenkan Bible a, honhom no boa yɛn ma yɛte ase na yɛde yɛ adwuma. (Yoh. 14:26; 2 Pet. 1:21) Yehowa nam ne honhom kronkron so ma yenya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7) Honhom kronkron ma yenya tumi de ka asɛmpa no, ɛma yetumi twe yɛn ho fi nneɛma a ɛsɔ yɛn hwɛ ho, ɛma yetumi nya awerɛkyekye, na ɛma yetumi gyina sɔhwɛ ano. Ɛboa ma yɛda su ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛka bom yɛ “honhom no aba” no adi. (Gal. 5:22) Onyankopɔn yi ne yam de ne honhom no ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so ne wɔn a wofi wɔn komam bisa no no.—Luka 11:13.

15 Yehowa asomfo nim sɛ wobetumi de wɔn ho ato honhom kronkron so na aboa wɔn ama wɔasom Onyankopɔn; wei hyɛ yɛn nkuran paa! Sɛ wugye nokware a woasua afa honhom kronkron ho no di a, ɛbɛkanyan wo ama woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na woabɔ asu.

16. Besi ha yi, dɛn na yɛasua wɔ adesua yi mu?

16 Ade a ɛho hia paa sɛ wusi ho gyinae wɔ w’asetenam ne sɛ wubehyira wo ho so ama Onyankopɔn na woabɔ asu. Sɛnea yɛahu no, nsɛnnennen biara a saa gyinaesi no bɛma woahyia no, ɛsɛ sɛ wugye tom na wode nneɛma bɔ afɔre nso. Nanso nhyira a wubenya no dɔɔso sen nneɛma a wode bɛbɔ afɔre no koraa. Asubɔ betumi agye wo nkwa, na ɛbɛma woanya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ wugyina so si gyinae sɛ wobɛbɔ asu. Afei nso, nokware a woasua afa Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron ho no, ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa gye di. Seesei nea yɛasusuw ho nyinaa no, sɛ wudwinnwen ho a, sɛn na wubebua asɛmmisa yi, “Masiesie me ho sɛ mɛbɔ asu anaa?”

NEA EHIA SƐ WOYƐ ANSA NA WOABƆ ASU

17. Nneɛma a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu?

17 Sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ asu a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ nneɛma a ebetumi ama wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den no, woafi ase reyɛ dedaw. * Esiane sɛ wusua Bible daa nti, woahu Yehowa ne Yesu ho nsɛm pii. Ama woanya gyidi. (Heb. 11:6) Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, wowɔ mu ahotoso, na wunim paa sɛ gyidi a wowɔ wɔ Yesu afɔre no mu no betumi agye wo afi bɔne ne owu nsam. Woanu wo ho wɔ wo bɔne ho asakra w’adwene; ɛyɛ wo yaw paa sɛ woyɛɛ bɔne a ɛte saa na woasrɛ Yehowa sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. Woasesa w’abrabɔ; woatwe wo ho afi ɔbra a na wowom kan no ho, na woafi ase reyɛ nea ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. (Aso. 3:19) Wopɛ paa sɛ woka nea wugye di ho asɛm kyerɛ afoforo. Wunyaa hokwan bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu na wufii ase ne asafo no mufo boom kɔɔ asɛnka. (Mat. 24:14) Esiane sɛ woayɛ nneɛma a ɛho hia yi nti, Yehowa ani agye wo ho paa. Woama ne koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

18. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu?

18 Ansa na wobɛbɔ asu no, nneɛma foforo bi wɔ hɔ a ehia sɛ woyɛ. Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn. Fi wo komam bɔ no mpae wɔ kokoam, na hyɛ no bɔ sɛ wobɛyɛ n’apɛde wo nkwa nna a aka nyinaa. (1 Pet. 4:2) Afei, ka kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu. Ɔbɛma mpanyimfo no bi ne wo ahyia. Yɛsrɛ wo, mma wo yam nhyehye wo sɛ wo ne wɔn behyia. Kae sɛ, saa anuanom yi nim wo dedaw na wɔpɛ w’asɛm. Wɔne wo besusuw Bible nkyerɛkyerɛ a woasua no ho. Wɔpɛ sɛ wohu sɛ wote saa nkyerɛkyerɛ no ase na wunim sɛ ahosohyira ne asubɔ nso ho hia anaa. Sɛ wogye tom sɛ wofata sɛ wobɔ asu a, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam a edi hɔ ase no, wubetumi abɔ asu.

NEA EBEHIA SƐ WOYƐ WƆ W’ASUBƆ AKYI

19-20. Sɛ wobɔ asu wie a, dɛn na ebehia sɛ woyɛ, na wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

19 Sɛ wobɔ asu wie a, dɛn na ebehia sɛ woyɛ? * Kae sɛ, wuhyira wo ho so a, woahyɛ Yehowa bɔ na ɔhwɛ kwan sɛ wubedi so. Enti wobɔ asu wie a, bɔ wo bra sɛ obi a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

20 Asafo a wowom no, wo ne wɔn mmɔ. Sɛ wobɔ asu bɛyɛ Kristoni a, na woabɛka “anuanom” a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. (1 Pet. 2:17) Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo a wowom no bɛyɛ te sɛ w’abusua. Sɛ wokɔ asafo nhyiam daa a, ɛbɛhyɛ wo ne wɔn abusuabɔ no mu den. Kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na dwinnwen ho. (Dw. 1:1, 2) Sɛ wokenkan Bible mu asɛm bi wie a, gye bere fa dwinnwen nea woakenkan no ho yiye. Wei bɛma asɛm no asian akɔ wo komam tɔnn. ‘Kɔ so bɔ mpae.’ (Mat. 26:41) Wufi wo komam bɔ Yehowa mpae a, ɛbɛma woabɛn no. ‘Kɔ so hwehwɛ ahenni no kan.’ (Mat. 6:33) Sɛ woma asɛnka adwuma no yɛ ade titiriw wɔ w’asetenam a, wubetumi ayɛ saa. Sɛ wokɔ asɛnka daa a, ɛbɛma wo gyidi ayɛ den, na wubetumi aboa afoforo ama wɔafa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—1 Tim. 4:16.

21. Wobɔ asu a, hokwan bɛn na ebebue ama wo?

21 Ade a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae wɔ w’asetenam ne sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu. Nokwasɛm ne sɛ, wubehyia nsɛnnennen na wode nneɛma bɛbɔ afɔre nso. Enti wohwɛ a, mfaso wɔ so sɛ wubesi saa gyinae no anaa? Yiw, mfaso wɔ so paa! Nsɛnnennen biara a wubehyia wɔ wiase bɔne yi mu no “yɛ bere tiaa mu de na ɛyɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Nanso sɛ wobɔ asu a, ɛbɛma w’ani agye nnɛ, na daakye wubenya “nkwa ankasa no” nso. (1 Tim. 6:19) Enti yɛsrɛ wo, ansa na wubebua asɛmmisa a ɛne sɛ, “Masiesie me ho sɛ mɛbɔ asu anaa?” no, tɔ wo bo ase susuw ho yiye na bɔ ho mpae.

DWOM 50 Ahosohyira Mpaebɔ

^ nky. 5 Woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu anaa? Sɛ saa a, ɛnde wɔahyɛ da asiesie adesua yi ama wo. Yebesusuw nsɛmmisa titiriw bi a ɛfa asubɔ ho. Sɛnea wubebua saa nsɛmmisa no na ɛbɛma woahu sɛ woasiesie wo ho sɛ wobɛbɔ asu.

^ nky. 19 Sɛ wunsuaa Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? ne Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Munhoma no nwiei a, ɛsɛ sɛ wo ne nea ɔne wo sua Bible no sua ne mmienu nyinaa wie.