Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Sɛ nea Bible aka da nkyɛn a, adanse foforo bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt?

Bible ka sɛ bere a Midianfo no de Yosef kɔɔ Egypt no, Yakob ne n’abusua tu fii Kanaan kɔɔ Egypt. Wɔkɔtenaa Gosen mantam mu wɔ Egypt; na Gosen mantam no bɛn baabi a Nil asubɔnten no kɔbɔ Mediterranea po no mu no. (Gen. 47:1, 6) Israelfo no “ase trɛw ntɛmntɛm na wɔn ho bɛyɛɛ den.” Wei nti Egyptfo no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ Israelfo no so de wɔn yɛɛ nkoa.​—Ex. 1:7-14.

Ɛnnɛ, nkurɔfo bi a wɔkasa tia Bible ka sɛ, asɛm a ɛwɔ Bible mu a yɛaka yi yɛ anansesɛm. Nanso, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Sem * asefo no yɛ nkoa wɔ Egypt.

Adanse no bi ne sɛ, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu no ahu tete nkurow bi amamfo wɔ Egypt anafo fam. Bible ho ɔbenfo John Bimson ka sɛ, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Sem asefo nkurow bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa wɔ Egypt anafo fam. James K. Hoffmeier yɛ ɔbenfo bi a wasua tete Egypt man no ho ade. Ɔno nso ka sɛ: “Efi bɛyɛ afe 1800 kosi 1540 A.Y.B. no, na nkurɔfo a wɔte Asia atɔe fam a wɔka Sem asefo kasa no ani gye ho sɛ wobetu akɔ Egypt.” Ɔsan ka sɛ: “Saa bere no na ‘Tete Agyanom’ no nso tenaa ase. Enti yebetumi aka sɛ saa bere yi ara na nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu no nso sii.”

Wohuu adanse foforo nso wɔ Egypt anafo fam. Wohuu krataa bi a wɔde mmɛw ayɛ a wɔakyerɛw nkoa bi din wɔ so. Ná nkoa no yɛ adwuma wɔ fie bi mu wɔ Egypt anafo fam. Ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛɛ saa krataa yi bɛyɛ afe 2000 kosi 1600 A.Y.B. mu hɔ baabi. Edin a wohui wɔ krataa no so no, na emu bɛboro 40 yɛ Sem asefo din. Ná saa nkoa yi mu bi noa aduan, ebi nwene ntama, na na ebi nso yɛ apaafo. Ɔbenfo Hoffmeier ka sɛ: “Nkoa aduanan a na wɔyɛ adwuma wɔ fie baako mu wɔ Thebaid [Egypt anafo fam] no ma yehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Sem asefo a wɔwɔ Egypt, ɛnkanka, baabi a Nil asubɔnten no kɔbɔ Mediterranea po no mu no dɔɔso paa.”

David Rohl a otutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu no kyerɛwee sɛ, nkoa a na wɔn din wɔ krataa no so no, na ebi din ne “edin a ɛwɔ Bible mu no di nsɛ paa.” Ɛho nhwɛso ni. Edin no bi ne edin bi te sɛ Isakar, Aser, ne Sifra di nsɛ. (Ex. 1:3, 4, 15) Rohl san kaa sɛ: “Wei yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ, saa bere yi ara na na Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt no.”

Dr. Bimson ka sɛ: “Nea Bible ka fa nkoasom a Israelfo kɔɔ mu wɔ Egypt ne kwan a wotwa faa sare so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware.”

^ nky. 4 Sem yɛ Noa mma mmarima mmiɛnsa no mu baako. Ɛbɛyɛ sɛ na Sem asefo no bi yɛ Elamfo, Asiriafo, Kaldeafo, Hebrifo, Siriafo, na na Arabiafo mmusua no bi nso ka ho.