Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

“Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”

“Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”

WOPƐ sɛ wutu kɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii anaa wutu kɔ ɔman foforo so de trɛw wo som adwuma mu anaa? Sɛ saa a, ebia Onua ne Onuawa Bergame suahu no betumi aboa wo.

Afe 1988 na Jack ne Marie-Line fii bere nyinaa som adwuma no ase. Esiane sɛ wotumi tena baabiara nti, dwumadi ahorow a wɔde maa wɔn wɔ Guadeloupe ne French Guiana no, wogye toom. Seesei, ɔsom adwuma a wɔyɛ wɔ saa aman mmienu yi so no, France baa dwumadibea no na ɛhwɛ so. Momma yemmisabisa Jack ne Marie-Line nsɛm kakra.

Dɛn na ɛkaa wo ma wobɛyɛɛ bere nyinaa som adwuma no?

Marie-Line: Bere a misua no, na metaa ne me maame kɔ asɛnka da mũ nyinaa wɔ Guadeloupe. Ná me maame yɛ Ɔdansefo a ɔmfa ne som nni agorɔ. Mepɛ nnipa paa, enti bere a miwiee sukuu afe 1985 no, mifii akwampae adwuma ase.

Jack: Meyɛ aberantewa no, na metaa ne bere nyinaa asomfo a wɔn ani gye asɛnka adwuma no ho bɔ paa. Sɛ yɛn sukuu ma kwan a, na meyɛ akwampaefo boafo adwuma no bi. Edu Memeneda ne Kwasida a, na yɛfa bɔs kɔka akwampaefo no ho ne wɔn kɔ asɛnka da mũ nyinaa. Yewie a na yɛkɔ mpoano. Saa bere no, na yɛn ani gye paa!

Afe 1988 na mewaree Marie-Line. Ɛno akyi pɛɛ na mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Seesei yenni asɛyɛde biara, adɛn nti na yɛnyere yɛn ho nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu?’ Enti mebɛkaa me yere Marie-Line ho ne no yɛɛ akwampae adwuma no. Afe akyi, bere a mekɔɔ akwampaefo sukuu wiei no, wɔpaw yɛn sɛ akwampaefo titiriw. Wɔma yɛkɔsomee wɔ mmeae ahorow wɔ Guadeloupe, na ɛmaa yɛn ani gyei. Ɛno akyi na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ French Guiana.

Mfe a abɛsen kɔ no, wɔasesa mo dwumadi mpɛn pii. Mmeae a moakɔsom wɔ hɔ no, dɛn na ɛboaa mo ma mutumi tenaa hɔ?

Marie-Line: Ná anuanom a wɔwɔ French Guiana Bethel no nim sɛ kyerɛwsɛm a ɛda yɛn koma so paa ne Yesaia 6:8. Enti sɛ wɔfrɛ yɛn a, na wɔtaa ka di agorɔ sɛ: “Sɛ́ mokae kyerɛwsɛm a ɛda mo koma so no?” Wɔka saa pɛ na yɛahu sɛ wɔrebɛsesa yɛn dwumadi. Na yɛn nso yɛaka sɛ, “Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”

Nea ɛbɛyɛ na yɛn ani agye dwumadi foforo a wɔde ama yɛn ho no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa ntoto dwumadi a yɛayɛ atwam ho. Afei nso, ɛyɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu anuanom a yɛakɔto wɔn no yiye.

Jack: Bere bi a atwam no, sɛ yenya dwumadi foforo a, na anuanom bi a wɔpɛ yɛn asɛm mpɛ sɛ yebefi wɔn nkyɛn akɔ, enti na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma yɛasesa yɛn adwene. Nanso bere a yefii Guadeloupe no, onua bi kaee yɛn asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 13:38 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Afuw no ne wiase” no. Enti sɛ wɔsesa yɛn dwumadi a, ɛyɛ a yɛkae yɛn ho sɛ, baabi a yɛbɛkɔ biara no, yɛda so ara resom wɔ afuw koro no ara mu. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ asasesin no mu no na wɔn ho hia paa!

Sɛ yɛkɔ baabi foforo a, yehu sɛ nnipa a wɔte hɔ no ani gye. Enti, ɛyɛ a yɛyɛ yɛn ade te sɛ nnipa a wɔte hɔ no ara. Ɛyɛ a na ɛsono wɔn aduan de, nanso aduan a wodi no ara bi na yedi, na nea wɔnom ara nso na yɛnom. Nanso ɛyɛ a yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛanyare. Dwumadi biara a wɔde ma yɛn no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka ho asɛmpa.

Marie-Line: Yɛkɔ baabi foforo a, ɛyɛ a yesua nneɛma pii fi anuanom a wɔte hɔ no nkyɛn. Mekae nea esii bere a yedii kan kɔɔ French Guiana no. Ná osu retɔ denneennen, enti na yesusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma osu no tew ansa na yɛapue akɔ asɛnka. Nanso onuawa bi bisaa me sɛ, “Yɛnkɔ anaa?” Ɛyɛɛ me nwonwa kakra, enti mekaa sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn akɔ?” Ɛnna ɔkaa sɛ, “Fa wo kyinii na yɛntena sakre so nkɔ.” Enti, misuaa sɛnea mekura kyinii de aka sakre. Sɛ manyɛ saa a, anka edu osutɔ bere a, merentumi nkɔ asɛnka da!

Moatu akɔ baabi foforo bɛyɛ mpɛn 15. Dɛn na mubetumi aka akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotu kɔ baabi foforo no?

Marie-Line: Ɛnna fam sɛ wubetu akɔ baabi foforo. Nanso, ɛho hia sɛ wunya baabi a wokɔ asɛnka ba a, wubedwudwo wo ho.

Jack: Sɛ yɛkɔ baabi foforo a, ɛyɛ a mesan ka dan a yɛbɛtena mu no mu nyinaa aduru. Sɛ anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea no nim sɛ yɛrentena hɔ nkyɛ a, ɛtɔ da a wɔka sɛ, “Jack, nhaw wo ho nka dan no mu aduru!”

Marie-Line nim nneɛma hyehyɛ paa! Ɔhyehyɛ biribiara wɔ nnaka mu na wakyerɛkyerɛw ho sɛ “aguare nneɛma,” “pia mu nneɛma,” “gyaade nneɛma,” ne nea ɛkeka ho. Enti yedu baabi foforo a yɛrekɔtena no a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde nnaka no besisi baabi a ɛfata. Nea ɛbɛyɛ a yɛrehwehwɛ biribi a yebehu no ntɛm no, ɛyɛ a ɔkyerɛkyerɛw nneɛma a ɛwɔ adaka biara mu.

Marie-Line: Esiane sɛ yɛasua sɛ yɛbɛtoto yɛn nneɛma yiye nti, yetumi hyɛ asɛnka adwuma no ase ntɛm ara.

Sɛn na mohyehyɛ mo bere na ama moatumi ‘ayɛ mo som adwuma no pɛpɛɛpɛ’?—2 Tim. 4:5.

Marie-Line: Edu Dwoda a, ɛyɛ a yɛhome, na yesua nea yebesua wɔ asafo nhyiam ase no. Afei, efi Benada rekɔ no yɛkɔ asɛnka.

Jack: Ɛwom, yɛwɔ nnɔnhwerew pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛde kɔ asɛnka bosome biara, nanso ɛnyɛ ɛno na yɛde yɛn adwene si so. Asɛnka adwuma no ne ade a ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu. Sɛ yefi fie a, yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi obiara a yebehyia no adanse kosi sɛ yɛbɛsan aba.

Marie-Line: Sɛ yɛrekɔ baabi akogye yɛn ani sɛɛ a, ɛyɛ a mefa nkratawa. Ɛyɛ a nkurɔfo ba yɛn nkyɛn bɛka sɛ wɔpɛ yɛn nhoma no bi bere mpo a yɛnka nkyerɛɛ wɔn sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Enti, ɛyɛ a yɛhyɛ ntaade a ɛfata na yɛhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade nso yiye. Wei nyinaa nkurɔfo ani tua.

Jack: Yɛyɛ nneɛma pa ma yɛn afipamfo, na ɛno nso yɛ adansedi. Ɛyɛ a mesesaw nkrataa, mekɔtow bɔɔla gu, na meprapra nhaban a atetew agu abɔnten no. Wei nyinaa yɛn afipamfo hu, na ɛtɔ da a wobisa sɛ, “Merepɛ Bible, mubenya bi ama me?”

Mmeae a atew ne ho na na motaa yɛ asɛnka adwuma no. Mokae biribi a esii a mo werɛ remfi da?

Jack: Wokɔ Guiana a, mmeae bi wɔ hɔ a, ɛhɔ kɔ yɛ den. Nnawɔtwe biara na yɛtaa twa kwan akwansin 370 (kilomita 600) fa kwan a enye so. Yɛkɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no St. Élie ase wɔ Amazon kwaebirentuw mu, na biribi sii wɔ hɔ a yɛn werɛ remfi da. Yɛde kar kɛse a wotumi de fa wuram ne hyɛmma twaa kwan nnɔnhwerew pii ansa na yɛrekodu hɔ. Nnipa a na wɔte hɔ no, na wɔn mu dodow no ara tu sika kɔkɔɔ. Ná ebinom ani gye yɛn nhoma no ho paa, enti sɛ yɛde ma wɔn a na wɔde sika kɔkɔɔ na eyi ntoboa! Eduu anwummere no, yeyii asafo video bi kyerɛɛ wɔn. Nnipa a wɔte hɔ no pii bɛhwɛɛ bi.

Marie-Line: Nnansa yi, wɔka kyerɛɛ Jack sɛ ɔmma Nkaedi kasa no wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Camopi ase. Yɛde hyɛmma twaa kwan nnɔnhwerew nnan wɔ Oyapock Asubɔnten no so ansa na yɛrekodu hɔ. Ná ɛyɛ anika sɛ.

Jack: Sɛ asubɔnten no twetwe a, sɛnea ɛtene no ano yɛ den. Ɛba saa a ɛyɛ hu paa. Sɛ wote hyɛmma no mu na wuhu sɛnea nsu no retene ntɛmntɛm no a, ɛyɛ fɛ papaapa! Sɛ nea ɔreka hyɛmma no nnim ka paa a, ɔrentumi nka hyɛmma no ntwa nsu no. Nanso na ɛyɛ anika. Ɛwom sɛ Adansefo 6 pɛ na na wɔwɔ akuraa no ase de, nanso nnipa 50 na wɔbaa Nkaedi no; na Amerindiafo bi mpo ka ho!

Marie-Line: Mmerante ne mmabaa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu no, wɔn nso ani betumi agye saa ara. Sɛ wowɔ baabi saa a, ɛsɛ sɛ wode wo ho to Yehowa so paa, na ama wo gyidi ayɛ den. Mpɛn pii no, yehu sɛ Yehowa boa yɛn paa.

Moasua kasa pii. Gyama kasasua nyɛ mo den?

Jack: Ɛnte saa koraa. Misuaa kasa ahorow yi sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛmpa no na maboa wɔ asafo no mu nso. Ansa na wɔrema me Bible akenkan wɔ asafo no mu mpo, na ɛsɛ sɛ mehwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so wɔ Sranantongo * kasa mu! Mibisaa onua bi sɛ wɔtee nea mekae no ase anaa. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ biribiara a wokae na yɛtee ase de, nanso woyɛɛ ade paa.” Mmofra no boaa me paa. Sɛ manka asɛm bi yiye a, na mmofra no ka kyerɛ me, nanso mpanyimfo no de, na wɔnyɛ saa. Misuaa nneɛma pii fii mmofra no hɔ.

Marie-Line: Asasesin baako mu de, na meyɛ Bible adesua wɔ French, Portuguese, ne Sranantongo kasa mu. Onuawa bi ka kyerɛɛ me sɛ Bible adesua a mede kasa a menhyɛ da nte yɛ no, minni kan nyɛ ɛno, na memfa Bible adesua a mede kasa a mete no yiye yɛ no ntwa to. Ankyɛ koraa na mihui sɛ, afotu a onuawa no de maa me no yɛ afotu pa.

Da bi, midii kan yɛɛ Bible adesua wɔ Sranantongo kasa mu, ɛnna meyɛɛ nea ɛto so mmienu wɔ Portuguese kasa mu. Bere a mifii Bible suani a ɔka Portuguese kasa no adesua ase no, onuawa a me ne no nam no kaa sɛ: “Marie-Line, ɛyɛ me sɛ ɔnte nea woreka no ase!” Mihui sɛ, sɛɛ me ne ɔbea a ofi Brazil reka Sranantongo kasa na ɛnyɛ Portuguese kasa!

Anuanom a mo ne wɔn asom no dɔ mo paa. Dɛn na ama moatumi ne anuanom no afa nnamfo saa?

Jack: Mmebusɛm 11:25 ka sɛ: “Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade.” Yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbɔ na yɛayɛ nneɛma ama wɔn. Yɛrekosiesie Ahenni Asa so a, ɛyɛ a ebinom ka kyerɛ me sɛ: “Gyaw ma adawurubɔfo no.” Nanso, ɛyɛ a meka kyerɛ wɔn sɛ: “Me nso meyɛ ɔdawurubɔfo. Enti me nso mepɛ sɛ meyɛ adwuma no bi.” Ɛwom sɛ ɛsɛ obiara nya bere ma ne ho de, nanso ɛyɛ a yɛka kyerɛ yɛn ho sɛ ɛnsɛ sɛ ɛno nti, yɛka papa a yɛbɛyɛ ama afoforo no hyɛ.

Marie-Line: Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn nuanom ahu sɛ wɔn ho hia yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛma yehu bere a wohia obi ama wahwɛ wɔn mma anaa wakɔfa wɔn afi sukuu mu. Sɛ yehu sɛ wohia mmoa a, yɛtoto yɛn nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa wɔn. Wei ma yɛne anuanom fa nnamfo, na bere biara a ɛho behia no, yɛboa wɔn.

Moasom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Nhyira bɛn na moanya?

Jack: Bere nyinaa som adwuma no ama yɛanya nhyira pii. Ama yɛanya hokwan ahu Yehowa abɔde a egu ahorow no bebree. Nsɛnnennen de yɛahyia bi, nanso yɛwɔ asomdwoe efisɛ yenim sɛ baabi a yɛwɔ biara no, Onyankopɔn nkurɔfo taa yɛn akyi.

Meyɛ aberante no, wɔde me too afiase wɔ French Guiana efisɛ mekaa sɛ merenkɔ sraadi. Manna annwen ho da sɛ da bi mɛsan akɔ hɔ sɛ ɔsɛmpatrɛwfo na matumi akɔ afiase akɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔda hɔ no. Anokwa, Yehowa nhyira nni ano!

Marie-Line: Ade a ɛma m’ani gye paa ne sɛ mɛyɛ nneɛma aboa afoforo. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛresom Yehowa. Aboa ama yɛn aware nso asɔ. Ɛtɔ da a, Jack ka sɛ yɛmfrɛ awarefo bi a wɔabotow mmra yɛn fie na yɛne wɔn mmom nnidi. Ɛyɛ a metaa ka sɛ, “Ɛno ara na na me nso meredwen ho!” Mpɛn pii no, yɛn adwene hyia wɔ nsɛm ho.

Jack: Nnansa yi, dɔkota ka kyerɛɛ me sɛ manya prostate cancer. Asɛm a merebɛka yi, ɛwom sɛ Marie-Line mpɛ sɛ ɔte, nanso ɛyɛ a meka kyerɛ no sɛ: “Me dɔfo, ‘memmɔɔ akora,’ nanso sɛ ɛba sɛ ɔkyena miwu a, minim sɛ mede me nkwa asom Yehowa na mayɛ nea ɛfata wɔ n’ani so. Wei ma me koma tɔ me yam.”—Gen. 25:8.

Marie-Line: Yehowa ama yɛanya hokwan pii wɔ ne som mu a na yɛnhwɛ kwan, na wama yɛayɛ nneɛma a yɛanna annwene ho da sɛ yɛbɛyɛ. Anokwa, yɛanya nneɛma pa pii wɔ yɛn asetena mu. Ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu nti, baabiara a n’ahyehyɛde no bɛka sɛ yɛnkɔ no, yɛbɛkɔ!

^ nky. 32 Wohwɛ Sranantongo kasa no a, ɛyɛ Borɔfo, Dutch, Portuguese, ne Afrika kasa ahorow bi a wɔde afra. Nkoa na wɔhyehyɛɛ saa kasa no.