Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 13

Monnodɔ Mo Ho Mo Ho Denneennen

Monnodɔ Mo Ho Mo Ho Denneennen

“Mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho denneennen.”​—1 PET. 1:22.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

NEA YƐREBESUA *

Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo no hyiae no, osii so dua sɛ wɔnnodɔ wɔn ho (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)

1. Ahyɛde pɔtee bɛn na Yesu de maa n’asuafo? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

ANADWO a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔmaa n’asuafo no ahyɛde pɔtee bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara.” Afei ɔsan kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:34, 35.

2. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

2 Yesu kaa sɛ, n’asuafo dɔ afoforo sɛnea na ɔdɔ afoforo no a, ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo ampa. Asɛm a Yesu kae no, saa na na ɛte wɔ asomafo no bere so, na ɛnnɛ nso ɛnsesae. Enti, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛdodɔ yɛn ho mpo a, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa!

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛdodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Kristo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ asomdwoe, yɛrenyɛ animhwɛ, na yɛasom afoforo hɔho. Sɛ woresua adesua asɛm yi a, bisa wo ho sɛ: ‘Anuanom a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho nanso wotumi yɛɛ saa no, dɛn na metumi asua afi wɔn hɔ?’

HWEHWƐ ASOMDWOE

4. Sɛnea Mateo 5:23, 24 kyerɛ no, sɛ onua bi wɔ biribi tia yɛn a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛne no ntam?

4 Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛn nua wɔ biribi tia yɛn a, ɛho hia sɛ yesiesie yɛne no ntam. (Kenkan Mateo 5:23, 24.) Osii so dua sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ehia sɛ yɛne afoforo ntam yɛ kama. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara siesie yɛne yɛn nuanom ntam a, ɛma Yehowa ani gye. Sɛ yɛde yɛn nuanom ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara de siesie yɛne wɔn ntam a, Yehowa ani rennye yɛn som ho.—1 Yoh. 4:20.

5. Dɛn na ɛma ɛyɛɛ den maa onua bi sɛ ɔbɛhwehwɛ asomdwoe?

5 Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ nea ɛtoo Mark. * Onua bi kasa tiaa no, na ɔkekaa ne ho nsɛm yayaayaw kyerɛɛ afoforo wɔ asafo no mu. Wei yɛɛ Mark yaw paa. Dɛn na Mark yɛe? Ɔka sɛ: “Mantumi anhyɛ me ho so na me bo fuwii.” Nanso ɛno akyi no, Mark nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ saa, na ɔyɛe sɛ ɔbɛpa onua no kyɛw na ama asomdwoe asan aba wɔn ntam. Nanso onua no antie Mark. Mfiase no, Mark nyaa adwene sɛ, ‘Sɛ onua no mpɛ sɛ asomdwoe ba yɛn ntam a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so ara haw me ho?’ Nanso, ɔmansin sohwɛfo hyɛɛ Mark nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ɔpa abaw. Dɛn na Mark yɛe?

6. (a) Mark yɛe ara sɛ obesiesie ɔne onua no ntam. Ɔyɛɛ no sɛn? (b) Sɛn na Mark de Kolosefo 3:13, 14 no yɛɛ adwuma?

6 Bere a Mark susuw adwene a na wanya ho no, ohui sɛ onni ahobrɛase na ɛtɔ da a na obu ne ho treneeni dodo. Ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa ne suban. (Kol. 3:8, 9, 12) Onyaa ahobrɛase san kɔɔ onua no hɔ, na ɔpaa no kyɛw sɛ nea ɔyɛe no wanyɛ no yiye. Mark kyerɛw nkrataa nso kɔmaa onua no, na ɔkaa sɛ wanu ne ho paa na ɔpɛ sɛ wɔsan yɛ nnamfo bio. Mark kyɛɛ onua no nneɛma nketenkete bi a na osusuw sɛ onua no ani begye ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, onua no amfa Mark bɔne ankyɛ no, na na ne ho abufuw da so hyɛ ne mu. Nanso, Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom na yɛmfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn no, Mark kɔɔ so de yɛɛ adwuma. (Kenkan Kolosefo 3:13, 14.) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne yɛn nuanom siesie yɛn ntam na wontie yɛn mpo a, sɛ yɛwɔ ɔdɔ a na Yesu wɔ no bi a, yɛde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn na yɛabɔ mpae sɛ asomdwoe bɛsan aba yɛn ntam.—Mat. 18:21, 22; Gal. 6:9.

Sɛ obi wɔ biribi tia yɛn a, ebia ɛho behia sɛ yɛfa akwan ahorow so na ama yɛatumi asiesie yɛne ne ntam (Hwɛ nkyekyɛm 7-8) *

7. (a) Dɛn na Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ? (b) Nsɛnnennen bɛn na onuawa bi hyiae?

7 Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ sɛnea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ yɛn no, yɛnyɛ wɔn saa ara. Ɔde kaa ho sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔdɔ yɛn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Luka 6:31-33) Sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu ntew n’anim mma wo na ɔmpɛ sɛ ɔkyea wo nso ɛ? Ɛwom sɛ ɛntaa nsi de, nanso ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? Asɛm a ɛte saa too Lara. Ɔka sɛ: “Ná onuawa bi mpɛ sɛ okyia me, na na minhu nea enti a ɔreyɛ saa. Ná ɛteetee me paa, na na m’ani nnye ho sɛ mɛkɔ asafo nhyiam.” Mfiase no, Lara kaa sɛ: ‘Sɛ́ me de, menyɛɛ hwee. Anuanom a wɔwɔ asafo no mu binom nso susuw sɛ saa onuawa no asɛm mfa kwan mu.’

8. Dɛn na Lara yɛ de hwehwɛɛ asomdwoe, na dɛn na yebetumi asua afi n’asɛm no mu?

8 Lara yɛɛ nneɛma bi de hwehwɛɛ asomdwoe. Ɔbɔɔ Yehowa mpae na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne onuawa no bɛkasa. Wɔkaa asɛm no, wɔbam wɔn ho, na wosiesiee wɔn ntam. Ná ayɛ sɛ nea asɛm no akɔda. Lara ka sɛ: “Nanso nea na onuawa no de yɛ me bere bi a atwam no, akyiri yi ɔsan yɛɛ saa. M’abam bui paa.” Ɛbaa saa no, Lara nyaa adwene sɛ, sɛ n’ani begye a, gye sɛ onuawa no sesa ne suban. Nanso akyiri yi, Lara hui sɛ ade a eye sen biara a obetumi ayɛ ne sɛ ɔbɛkɔ so adɔ onuawa no na ‘wafi ne pɛ mu de ne bɔne afiri no.’ (Efe. 4:32–5:2) Lara kaee sɛ ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma wɔn ho no, “ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.” (1 Kor. 13:5, 7) Lara annwinnwen asɛm no ho bio. Bere bi akyi no, onuawa no tew n’anim maa no. Sɛ woyɛ nea wubetumi biara siesie wo ne wo nuanom ntam na wokɔ so dɔ wɔn a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ‘ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne wo bɛtena.’—2 Kor. 13:11.

NYƐ ANIMHWƐ

9. Sɛnea Asomafo Nnwuma 10:34, 35 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ animhwɛ?

9 Yehowa nyɛ animhwɛ. (Kenkan Asomafo Nnwuma 10:34, 35.) Sɛ yɛanyɛ animhwɛ a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ ne mma. Ahyɛde a ɛka sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho no, yedi so, na yɛboa ma asomdwoe tena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam.—Rom. 12:9, 10; Yak. 2:8, 9.

10-11. Ɛyɛɛ dɛn na onuawa bi yii adwene a ɛnteɛ fii ne tirim?

10 Yɛn mu bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛrenyɛ animhwɛ. Yɛnhwɛ nea ɛtoo onuawa bi a ne din de Ruth. Ɔyɛ ababaa no, obi a ofi ɔman foforo so de asɛm bi dii no, na na enye koraa. Ɛkaa no sɛn? Ruth ka sɛ: “Biribiara a ɛfa saa ɔman no ho no, na m’ani nnye ho. Ná ɛyɛ me sɛ nnipa a wofi saa ɔman no mu nyinaa suban yɛ pɛ, anuanom mpo na m’adwene yɛ me sɛ saa na wɔte.” Ɛyɛɛ dɛn na Ruth yii adwene a ɛnteɛ yi fii ne tirim?

11 Ruth hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho paa yi saa adwene a ɛnteɛ no fi ne tirim. Ɔkenkan osuahu ne amanneɛbɔ a ɛfa saa ɔman no ho wɔ Yearbook mu. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ me ho mmɔden sɛ menya nkurɔfo a wofi saa ɔman no mu ho adwempa. Afei mihui sɛ, anuanom a wofi saa ɔman no mu no de nsi ne ahokeka som Yehowa. Mihui sɛ wɔn nso ka anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho.” Nkakrankakra Ruth hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ne dɔ. Ɔkaa sɛ: “Enti, na mihyia anuanom a wofi saa ɔman no mu a, na meyɛ nea metumi biara sɛ mɛfa wɔn adamfo. Ná me ne wɔn kasa, na ɛma mihuu wɔn yiye.” Dɛn na efii mu bae? Ruth ka sɛ: “Bere rekɔ so no, adwene a ɛnteɛ a na manya no fii me tirim.”

Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma “anuanom nyinaa” a, yɛrenyɛ nyiyim (Hwɛ nkyekyɛm 12-13) *

12. Ɔhaw bɛn na na onuawa bi a ɔde Sarah wɔ?

12 Ɛtɔ da a ebinom betumi ayɛ animhwɛ bere a wonnim mpo sɛ wɔreyɛ saa. Ɛho nhwɛso ni. Ná Sarah adwene yɛ no sɛ ɔnyɛ animhwɛ, efisɛ na ɔnhwɛ ɔman a nkurɔfo fi mu anaa wɔn kɔla, wɔn sika, anaa asɛyɛde a wɔwɔ wɔ ahyehyɛde no mu ne wɔn nni. Nanso ɔka sɛ: “Mihui sɛ, sɛɛ na meyɛ animhwɛ paa.” Adɛn nti na ɔkaa saa? Ná Sarah ne n’abusua akɔ sukuu kɔ akyiri, enti nkurɔfo a wɔn nso akɔ sukuu kɔ akyiri na na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn bɔ. Bere bi ɔka kyerɛɛ onua bi mpo sɛ: “Anuanom a wɔakɔ sukuu akɔ akyiri na me ne wɔn bɔ. Wɔn a wɔnkɔɔ sukuu nkɔɔ akyiri no de, me ne wɔn mmɔ.” Wei ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Sarah sesa ne suban. Dɛn na ɔyɛe?

13. Sɛnea Sarah sesaa ne suban no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Ɔmansin sohwɛfo bi boaa Sarah ma osusuw sɛnea ne suban te ho yiye. Ɔka sɛ: “Ɔkamfoo me sɛ, mede nokwaredi resom Yehowa, mema mmuae a ɛtɔ asom, na mewɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ. Afei, ɔkaa sɛ, bere a yɛrenya nimdeɛ pii no, ehia sɛ yenya Kristofo suban te sɛ ahobrɛase ne mmɔborɔhunu, na yegye tom sɛ, ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ.” Sarah de asɛm a ɔmansin sohwɛfo no kae no yɛɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ ade a ehia paa ne sɛ mɛda ayamye ne ɔdɔ adi.” Wei nti, ofii ase nyaa ne nuanom ho adwempa. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mehu nea wɔyɛ a ɛma wɔsom bo wɔ Yehowa ani so.” Yɛn nso ɛ? Yɛmpɛ sɛ yebenya adwene sɛ sukuu a yɛakɔ nti yɛkyɛn afoforo! Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma “anuanom nyinaa” a, yɛrenyɛ animhwɛ.—1 Pet. 2:17.

SOM AFOFORO HƆHO

14. Sɛnea Hebrifo 13:16 kyerɛ no, sɛ yɛsom afoforo hɔho a, Yehowa te nka sɛn?

14 Sɛ yɛsom afoforo hɔho a, ɛma Yehowa ani gye. (Kenkan Hebrifo 13:16.) Obu no sɛ ɛka yɛn som ho; ɛnkanka bere a yɛboa obi a ahia no no. (Yak. 1:27; 2:14-17) Ɛno nti, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ “momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.” (Rom. 12:13) Sɛ yɛsom afoforo hɔho a, ɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho paa, yɛdɔ wɔn, na yɛpɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Sɛ yɛma afoforo biribi di anaa yɛma wɔn biribi nom, na yenya bere ma wɔn a, ɛma Yehowa ani gye. (1 Pet. 4:8-10) Nanso, nneɛma bi betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛsom afoforo hɔho.

“Kan no na misusuw sɛ merentumi nsom afoforo hɔho, nanso mesesaa m’adwene, na ama m’ani agye paa” (Hwɛ nkyekyɛm 16) *

15-16. (a) Adɛn nti na ebinom susuw sɛ wɔrentumi nsom afoforo hɔho? (b) Dɛn na ɛboaa Edit ma ofii ne pɛ mu som afoforo hɔho?

15 Ɛtɔ da a, tebea bi betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛsom afoforo hɔho. Momma yɛnhwɛ okunafo bi a wɔfrɛ no Edit asɛm yi. Ansa na ɔrebɛyɛ Ɔdansefo no, na ɔne afoforo ntaa mmɔ. Ná Edit susuw sɛ afoforo mmom na wobetumi asom ahɔho.

16 Bere a ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no, Edit sesaa n’adwene. Ɔyɛɛ nneɛma a ebetumi ama wasom afoforo hɔho. Ɔka sɛ: “Bere a na wɔresi yɛn Ahenni Asa foforo no, asafo mu panyin bi kaa awarefo bi a na wɔrebɛboa ama wɔasi dan no ho asɛm kyerɛɛ me, na obisaa me sɛ metumi ama wɔn baabi ada nnawɔtwe mmienu anaa. Mekaee sɛnea Yehowa hyiraa okunafo a ofi Sarefat no.” (1 Ahe. 17:12-16) Edit penee so sɛ ɔbɛma wɔn baabi ada. Onyaa nhyira anaa? Ɔka sɛ: “Nnawɔtwe mmienu no dan abosome mmienu. Saa bere no, yɛbɛyɛɛ nnamfo paa.” Edit asan anya nnamfo pa wɔ asafo no mu. Seesei ɔyɛ ɔkwampaefo na n’ani gye ho sɛ ɔbɛto nsa afrɛ wɔn a ɔne wɔn kɔ asɛnka no aba fie na wasom wɔn hɔho. Ɔka sɛ: “Sɛ mekyɛ afoforo ade a, ɛma m’ani gye! Nokwasɛm ne sɛ, ɛma minya nhyira pii.”—Heb. 13:1, 2.

17. Dɛn na Luke ne ne yere hui?

17 Ebia na yɛn ani gye ahɔhoyɛ ho, nanso yemmisa sɛ, yebetumi atrɛw yɛn dɔ mu ama aso afoforo so anaa? Yɛnhwɛ Luke ne ne yere. Wɔyɛ awarefo a wɔpɛ ahɔhoyɛ. Ná wɔtaa ma wɔn awofo, wɔn abusuafo, nnamfo a wɔne wɔn bɔ paa, ne ɔmansin sohwɛfo ne ne yere ba wɔn fie. Nanso Luke ka sɛ, “Yehui sɛ, wɔn a wɔbɛn yɛn nko ara na na yɛto nsa frɛ wɔn.” Ná Luke ne ne yere som afoforo hɔho de, nanso dɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii sen nea na wɔyɛ no?

18. Dɛn na Luke ne ne yere yɛe a ɛma wotumi som ahɔho sen kan no?

18 Bere a Luke ne ne yere susuw asɛm bi a Yesu kae ho no, ɛma wohuu nea ahɔhoyɛ kyerɛ ankasa. Yesu kae sɛ: “Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?” (Mat. 5:45-47) Wohui sɛ ɛsɛ sɛ wosuasua Yehowa a ɔda ayamye adi kyerɛ obiara no. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ, anuanom a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn da no, wɔbɛfrɛ wɔn aba wɔn fie. Luke ka sɛ: “Sɛ yɛne wɔn bɔ a, ɛma obiara ani gye. Afei nso, ɛma yɛbɛn yɛn ho yɛn ho, na yɛbɛn Yehowa nso.”

19. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu asuafo, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Yɛahu sɛ, sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen a, ɛbɛma asomdwoe atena yɛne yɛn nuanom ntam, ɛremma yɛnyɛ animhwɛ, na yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛsom afoforo hɔho. Ɛsɛ sɛ yeyi adwene a ɛnteɛ fi yɛn tirim na yefi yɛn komam dɔ yɛn nuanom denneennen. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye na ɛbɛma obiara ahu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo ampa.—Yoh. 13:17, 35.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

^ nky. 5 Yesu kaa sɛ, sɛ n’asuafo dodɔ wɔn ho a, ɛno na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ nokware Kristofo. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom nti, yɛpɛ sɛ asomdwoe tena yɛne wɔn ntam, yɛmpɛ sɛ yɛyɛ animhwɛ, na afei yɛpɛ sɛ yɛsom afoforo hɔho. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa. Adesua yi bɛma yɛahu nneɛma bi a yebetumi ayɛ na ama yɛafi yɛn komam adodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen bere nyinaa.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi pɛ sɛ osiesie ɔne onuawa foforo ntam. Mfiase no anyɛ yiye, nanso wampa abaw. Esiane sɛ ɔkɔɔ so daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ne nua no nti, wɔatumi asiesie wɔn ntam.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ne mfe akɔ anim susuw sɛ asafo no mufo mpɛ sɛ wɔne no bɛbɔ.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a kan no na osusuw sɛ ɔrentumi nsom afoforo hɔho sesaa n’adwene, na ama n’ani agye paa.