Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Asɛm 15

Nnipa a Wɔwɔ W’asasesin Mu No, Wuhu Wɔn Sɛn?

Nnipa a Wɔwɔ W’asasesin Mu No, Wuhu Wɔn Sɛn?

“Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.”​—YOH. 4:35.

DWOM 64 Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi

NEA YƐREBESUA *

1-2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 4:35, 36 no?

NÁ Yesu retwa kwan akɔ Galilea, na ɔkɔfaa atoko afuw bi a ɛbɛyɛ sɛ ennyinii mu. (Yoh. 4:3-6) Saa bere no, na aka bɛyɛ abosome nnan ama bere aso sɛ wotwa atoko. Yesu kaa asɛm bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ n’asuafo no nwonwa. Ɔkaa sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” (Kenkan Yohane 4:35, 36.) Dɛn na na Yesu repɛ akyerɛ?

2 Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka nnipa a wɔbɛboaboa wɔn ano ho asɛm na ɛnyɛ atoko. Momma yɛnhwɛ nea esii ansa na Yesu reka saa asɛm no. Ɛwom sɛ na Yudafo ne Samariafo nka de, nanso Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea bi, na ɔbea no tiei! Nea ɛwom ne sɛ, bere a na Yesu reka sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa’ no, na Samariafo bi a ɔbea no aka Yesu ho asɛm akyerɛ wɔn nam kwan so reba Yesu nkyɛn abesua pii aka ho. (Yoh. 4:9, 39-42) Nhomanimfo bi kaa kyerɛwsɛm yi ho asɛm sɛ: “Sɛnea nkurɔfo no tutuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn kotiee no no . . . kyerɛ sɛ na wɔte sɛ atoko a bere aso sɛ wotwa.”

Sɛ yehu sɛ yɛn mfuw ‘ahoa sɛ yetwa’ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Sɛ wunya adwene a na Yesu wɔ wɔ nnipa ho no bi a, sɛn na asɛmpa a woka no bɛboa afoforo?

3 Adwene bɛn na wowɔ wɔ nkurɔfo a woka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ho? Wubu wɔn sɛ wɔte sɛ atoko a bere aso sɛ wotwa anaa? Sɛ saa a, nneɛma mmiɛnsa bi bɛda adi. Nea edi kan, wode nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a wɔde twa nnɔbae yɛ bere tiaa, enti sɛ edu so a, wɔnsɛe bere. Nea ɛto so mmienu, sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no a, w’ani begye. Bible ka sɛ nkurɔfo ‘ani gye wɔ twabere mu.’ (Yes. 9:3) Nea ɛto so mmiɛnsa, obiara a wubehyia no biara no, wubebu no sɛ obetumi abɛyɛ Yesu suani, enti wobɛhwɛ nea n’ani begye ho na woadannan wo nsɛm mu.

4. Dɛn na yebetumi asua afi ɔsomafo Paul hɔ wɔ adesua yi mu?

4 Ɛbɛyɛ sɛ Yesu akyidifo no bi nyaa adwene sɛ ɛnyɛ ade a Samariafo no betumi abɛyɛ Yesu asuafo da, nanso Yesu de, wannya saa adwene no. Mmom, ohui sɛ wobetumi abɛyɛ n’asuafo. Yɛn nso, nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ wobetumi abɛyɛ Kristo asuafo. Ɔsomafo Paul ayɛ wei ho nhwɛso kamakama ama yɛn. Dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ? Adesua yi mu no, yebehu nea ɛyɛe a Paul (1) tumi huu nea nkurɔfo a na ɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no gye di, ne (2) nea wɔn ani gye ho, ne (3) nea ɛyɛe a ohui sɛ wobetumi abɛyɛ Yesu asuafo.

DƐN NA WOGYE DI?

5. Adɛn nti na Paul tumi tee wɔn a na ɔrekasa akyerɛ wɔn wɔ hyiadan mu no ase?

5 Ná Paul taa ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ Yudafo hyia adan mu. Bere a ɔkɔɔ hyiadan mu wɔ Tesalonika no, “ɔde homeda abiɛsa ne [Yudafo no] susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu.” (Aso. 17:1, 2) Esiane sɛ na Paul yɛ Yudani nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ hyiadan no mu no, wammɔ hu. (Aso. 26:4, 5) Ná Paul nim sɛnea Yudafo no te, enti otumi nyaa akokoduru kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.—Filip. 3:4, 5.

6. Nkurɔfo a na wɔwɔ Atene gua so ne nkurɔfo a Paul kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn wɔ hyiadan mu no, nsonsonoe bɛn na na ɛda wɔn ntam?

6 Bere a nkurɔfo sɔre tiaa Paul ma ofii Tesalonika ne Beroia no, ɔkɔɔ Atene. Ɛha nso, ɔne “Yudafo ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu.” (Aso. 17:17) Nanso, bere a Paul kɔkaa asɛm no wɔ gua so no, na ɛsono nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Ná nnipa a wɔwɔ hɔ no bi yɛ nyansapɛfo ne Amanaman mufo a na wobu asɛm a Paul reka no sɛ “nkyerɛkyerɛ foforo.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn asom.”—Aso. 17:18-20.

7. Sɛnea Asomafo Nnwuma 17:22, 23 kyerɛ no, sɛn na Paul dannan ne nsɛm mu?

7 Kenkan Asomafo Nnwuma 17:22, 23. Sɛnea Paul kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ hyiadan no mu no, ɛnyɛ saa kwan no ara na ɔfaa so kaa asɛm no kyerɛɛ Amanaman mufo a na wɔwɔ Atene no. Ɛbɛyɛ sɛ Paul bisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn na wɔn a wɔwɔ Atene no gye di?’ Ɔde n’ani too fam hwɛɛ nea ɛrekɔ so, na ohuu nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ wɔn som mu. Afei, Paul hwɛe sɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ wɔn som mu no, ebi ne nokware a ɛwɔ Bible mu no hyia anaa. Nhomanimfo bi kaa sɛ: “Ná Paul yɛ Yudani Kristoni, enti na onim sɛ Greecefo a wɔsom abosom no nsom ‘nokware’ Nyankopɔn a Yudafo ne Kristofo som no no, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Atenefo no ahu sɛ Onyankopɔn a ɔreka ne ho asɛm no, wɔn nso nim no.” Enti Paul yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdannan ne nsɛm mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “Onyame Bi a Wonnim No” a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, ne ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. Ɛwom sɛ na Amanaman mufo no nnim Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso Paul ampa abaw. Mmom, ohuu wɔn sɛ wɔte sɛ nnɔbae a bere aso sɛ wotwa, enti ɔfaa ɔkwan foforo so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Momma yensuasua ɔsomafo Paul; yɛmfa yɛn ani nto fam, yɛnnannan yɛn nsɛm mu, na yenhu sɛ afoforo nso betumi abɛyɛ Yesu asuafo (Hwɛ nkyekyɛm 8, 12, 18) *

8. (a) Wobɛyɛ dɛn ahu nea nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu gye di? (b) Sɛ obi ka sɛ ɔwɔ asɔre a ɔkɔ a, dɛn na wubetumi aka?

8 Sɛnea Paul yɛe no, fa w’ani to fam hwɛ nea ɛrekɔ so. Hwehwɛ biribi a ɛbɛboa wo ama woahu nea nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no gye di. Sɛn na ofiewura no asiesie ne fie, anaa dɛn na wakyerɛw agu ne kar ho? Ne din, atade a ɛhyɛ no, n’ahosiesie, anaa mpo nsɛm a ɔka ma wuhu asɔre a ɔkɔ anaa? Na sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ ɔwɔ asɔre a ɔkɔ nso ɛ? Sɛ obi ka saa asɛm no kyerɛ ɔkwampaefo titiriw bi a wɔfrɛ no Flutura a, ɛyɛ a nea ɔka ne sɛ, “Mamma ha sɛ mede nea migye di rebɛhyɛ wo so, na mmom mebae sɛ me ne wo rebesusuw saa asɛm yi ho . . . ”

9. Sɛ woredi obi a ɔpɛ nyamesom adanse a, wobɛyɛ dɛn ahu nsɛm a wo ne n’adwene hyia wɔ ho?

9 Nsɛm bɛn na wubetumi ne obi a ɔpɛ nyamesom asusuw ho? Hwɛ sɛ wubehu nsɛm bi a wo ne n’adwene hyia wɔ ho. Ebia ogye di sɛ ɔsom Onyankopɔn, anaa ogye tom sɛ Yesu ne adesamma Agyenkwa. Ebi nso a ogye di sɛ yɛte wiase bɔne mu na ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei. Sɛ wuhu nea wo ne n’adwene hyia wɔ ho a, ka ho asɛm wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma n’ani agye nea Bible kyerɛkyerɛ ho.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ, na adɛn ntia?

10 Ma ɛntena w’adwenem sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ nea wɔkyerɛkyerɛ wɔ wɔn asɔre mu nyinaa na wogye di. Enti sɛ wutumi hu asɔre a obi kɔ mpo a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɔno ankasa gye di. David yɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Australia. Ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ, nkurɔfo pii de nnipa nyansa afrafra wɔn gyidi.” Donalta wɔ Albania. Ɔkaa sɛ: “Nnipa a yehyia wɔn no, ɛyɛ a ebinom ka sɛ wɔwɔ asɔre a wɔkɔ, nanso wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a, akyiri yi ɛyɛ a wogye tom sɛ wonnye Onyankopɔn nni.” Onua bi a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Argentina nso ka sɛ, ebinom ka sɛ wogye baasakoro no di, nanso ebia wonnye nni ankasa sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no bom yɛ Onyankopɔn baako. Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ mihu sɛ ɛnyɛ biribiara a onii no asɔre no kyerɛkyerɛ na ogye di a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ menya biribi a me ne n’adwene hyia wɔ ho.” Enti bɔ mmɔden sɛ wubehu nea nkurɔfo gye di ankasa. Woyɛ saa a, na woresuasua Paul, na ɛbɛma woatumi ayɛ “biribiara ama nnipa ahorow nyinaa.”—1 Kor. 9:19-23.

DƐN NA WƆN ANI GYE HO?

11. Sɛnea Asomafo Nnwuma 14:14-17 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Paul kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ Listra no ani gyee ho?

11 Kenkan Asomafo Nnwuma 14:14-17. Paul huu nea wɔn a ɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ani gye ho, na ɔdannan ne nsɛm mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nkurɔfo a odii wɔn adanse wɔ Listra no, na ebinom nim Kyerɛwnsɛm no mu kakra, na na ebinom nso nnim ho hwee koraa. Enti Paul kaa nsɛm a ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛte ase. Ɔkaa otwabere ne sɛnea yebetumi agye yɛn ani wɔ asetenam ho asɛm. Nsɛm a ɔkae ne mfatoho a ɔde yɛɛ adwuma no, na ɛnyɛ den sɛ n’atiefo no bɛte ase.

12. Wobɛyɛ dɛn ahu nea obi ani gye ho na woadannan wo nsɛm mu?

12 Hu nea nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu ani gye ho, na dannan wo nsɛm mu. Sɛ worekɔ obi nkyɛn anaa ne fie a, wobɛyɛ dɛn ahu nea n’ani gye ho? Ɛyɛ a fa w’ani to fam. Ebia na ɔreyɛ n’afuw mu adwuma, ɔrekenkan nhoma, ɔresiesie ne kar, anaa ɔreyɛ biribi foforo. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, adɛn nti na wunnyina nea ɔreyɛ no so ne no mmɔ nkɔmmɔ? (Yoh. 4:7) Ɛtɔ da a, atade a ɛhyɛ obi mpo betumi ama woahu ne ho nsɛm bi. Ebetumi ama woahu ɔman a ofi mu, adwuma a ɔyɛ, anaa bɔɔlbɔ kuw a n’ani gye ho. Gustavo ka sɛ: “Mifii ase ne aberante bi a wadi mfe 19 bɔɔ nkɔmmɔ; atade a na ɛhyɛ no no, na odwontofo bi a wagye din mfoni wom. Mibisaa no ho asɛm, na ɔkaa nea enti a ɔpɛ saa odwontofo no asɛm kyerɛɛ me. Nkɔmmɔ a me ne no bɔe no ma me ne no fii Bible adesua ase, na seesei wabɛyɛ Yehowa Danseni.”

13. Wopɛ sɛ wo ne obi sua Bible a, wobɛyɛ dɛn aka ho asɛm ama n’ani agye ho?

13 Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi sua Bible a, ka ho asɛm wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma n’ani agye ho; ma onhu sɛnea adesua no bɛboa no. (Yoh. 4:13-15) Ɛho nhwɛso bi ni. Onuawa bi a wɔfrɛ no Poppy kaa asɛm no kyerɛɛ ɔbea bi ma n’ani gyee ho. Ɔbea no ka kyerɛɛ onuawa no sɛ ɔmmra dan mu. Poppy hui sɛ abodin krataa bi bɔ ɔbea no dan mu hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔbea no yɛ nhomasua ho ɔbenfo. Enti ɔmaa ɔbea no hui sɛ yɛn nso yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo, kyerɛ sɛ, yɛne nkurɔfo sua Bible, na yesua ade wɔ yɛn nhyiam ase nso. Ɔbea no penee so ma ɔne no suaa ade, na da a edi hɔ no ɔkɔɔ asafo nhyiam. Ɛno akyi no, ankyɛ na ɔkɔɔ ɔmansin nhyiam. Afe akyi no, ɔbea no bɔɔ asu. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na wɔn a meka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ani gye ho? Sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible no, metumi aka ho asɛm akyerɛ wɔn wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn ani agye ho sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua anaa?’

14. Sɛ wo ne Bible suani biara resua ade a, wobɛyɛ dɛn ama adesua no afa ne ho?

14 Wo ne obi fi Bible adesua ase a, bere biara a wo ne no besua ade no, di kan siesie wo ho ansa. Susuw nea osuani no ani gye ho ne nea ɛrekɔ so wɔ n’asetenam ho. Sɛ woresiesie wo ho a, ɛyɛ a hwɛ kyerɛwnsɛm a wobɛkenkan, video a wubeyi, ne mfoni anaa mfatoho a wode bɛkyerɛkyerɛ nokware no mu. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn paa na osuani yi ani begye ho na dɛn na ɛbɛka ne koma?’ (Mmeb. 16:23) Flora yɛ ɔkwampaefo wɔ Albania; ná ɔne ɔbea bi sua ade. Ɔbea no ka kyerɛɛ no pen sɛ, “Owusɔre nkyerɛkyerɛ no de, merennye nni nnɛ nnye nni ɔkyena.” Flora anhyɛ ɔbea no sɛ onnye owusɔre no nni. Flora ka sɛ: “Mihui sɛ, ɛsɛ sɛ odi kan hu Onyankopɔn a wahyɛ owusɔre ho bɔ no.” Efi hɔ rekɔ no, bere biara a Flora ne ɔbea no besua ade no, na ɔtwe adwene si Yehowa dɔ, ne nyansa, ne ne tumi so. Akyiri yi, ne suani no gye dii sɛ owusɔre no bɛba ankasa. Seesei, ɔyɛ Yehowa Danseni na ɔmfa ne som nni agorɔ koraa.

HU SƐ WOBETUMI ABƐYƐ ASUAFO

15. Sɛnea Asomafo Nnwuma 17:16-18 kyerɛ no, dɛn na na ɛrekɔ so wɔ tete Greece a na ɛho asɛm haw Paul, nanso adɛn nti na ɔkɔɔ so kaa asɛm no kyerɛɛ Atenefo no?

15 Kenkan Asomafo Nnwuma 17:16-18. Ɛmfa ho sɛ na Atenefo no som abosom, wobu brabɔne, na nnipa nyansa adi wɔn ti no, Paul kɔɔ so kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Wodidii Paul atɛm mpo, nanso wamma n’abam ammu. Ɛmfa ho sɛ na Paul yɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaa nkurɔfo, na ɔyɛɛ aniammɔho’ no, akyiri yi ɔbɛyɛɛ Kristoni. (1 Tim. 1:13) Sɛnea na Yesu wɔ ahotoso sɛ Paul betumi abɛyɛ ne suani no, saa ara na Paul nso nyaa gyidi sɛ Atenefo no nso betumi abɛyɛ Yesu asuafo. Nokwasɛm ne sɛ, Paul nsa ansi fam.—Aso. 9:13-15; 17:34.

16-17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa a wofi mmaa nyinaa betumi abɛyɛ Kristo asuafo? Ma ɛho nhwɛso.

16 Asomafo no bere so no, nnipa a wofi mmaa nyinaa bɛyɛɛ Yesu asuafo. Ná Korinto yɛ kurow a ɛwɔ Greece, na bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ hɔ no, ɔkaa sɛ bere bi a atwam no, na ebinom a wɔwɔ asafo no mu yɛ nsɛmmɔnedifo na na ebinom nso bu brabɔne. Afei ɔka kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama.” (1 Kor. 6:9-11) Ɛyɛ wo a, anka wubenya ahotoso sɛ saa nnipa yi betumi ayɛ nsakrae abɛyɛ asuafo anaa?

17 Ɛnnɛ, nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ wɔ wɔn asetenam na wɔatumi abɛyɛ Yesu asuafo. Ɛho nhwɛso bi ni. Yukina yɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Australia. Ohui sɛ nnipa a wofi mmaa nyinaa betumi atie Bible mu asɛm no na wɔayɛ ho biribi. Bere bi ɔkɔtoo ababaa bi wɔ adwuma bi mu. Ná ababaa no ayɛ tatoo agu ne ho, na na ataade a ɛhyɛ no no so kyɛn no. Yukina ka sɛ: “Mfiase no, na ɛyɛ me den sɛ me ne no bɛkasa, nanso akyiri yi mifii ase ne no bɔɔ nkɔmmɔ. Mibehui sɛ na n’ani gye Bible no ho paa ma mpo na tattoo a egu ne ho no bi yɛ nsɛm a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu!” Me ne no fii ase suaa Bible, na ofii ase baa asafo nhyiam. *

18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu nnipa atɛn?

18 Bere a Yesu kaa sɛ mfuw no ahoa sɛ wotwa no, na ɔhwɛ kwan sɛ nnipa dodow no ara bedi n’akyi anaa? Daabi. Ná Bible no aka ato hɔ sɛ nnipa kakraa bi na wobegye Yesu adi. (Yoh. 12:37, 38) Afei nso, na Yesu tumi hu nea ɛwɔ obi komam. (Mat. 9:4) Ne nyinaa akyi no, Yesu de n’adwene sii nnipa kakraa a na ohu sɛ wobegye no adi no so, na ɔyeree ne ho nso kaa asɛm no kyerɛɛ obiara. Yenni tumi a ɛbɛma yɛahu nnipa komam, enti ɛnsɛ sɛ yebu obi anaa asasesin bi mufo atɛn sɛ wɔmfata! Mmom, ɛsɛ sɛ yehu sɛ obiara betumi abɛyɛ Yesu suani. Marc yɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Burkina Faso. Ɔka sɛ: “Mpɛn pii no, nnipa a misusuw sɛ wobenya nkɔso no, wɔn mmom na wogyae adesua no. Nanso, wɔn a misusuw sɛ wɔrentumi nnya nkɔso biara no, wɔn na wonya nkɔso. Enti mahu sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan.”

19. Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no?

19 Sɛ yɛhwɛ yɛn asasesin mu a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no pii nte sɛ atoko a ahoa sɛ wotwa. Nanso kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔkaa sɛ mfuw no ahoa, kyerɛ sɛ, bere aso sɛ wotwa. Nkurɔfo betumi asesa abɛyɛ Kristo asuafo. Nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wobetumi abɛyɛ asuafo no, Yehowa bu wɔn sɛ “nnepa” anaa obu wɔn sɛ wɔsom bo. (Hag. 2:7) Sɛ yehu nkurɔfo sɛnea Yehowa ne Yesu hu wɔn no a, yɛbɛbɔ mmɔden ahu nea wɔn ani gye ho ne nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam. Yɛrenhu wɔn sɛ wɔyɛ ahɔho, mmom yebehu wɔn sɛ nkurɔfo a wobetumi abɛyɛ yɛn nuanom.

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

^ nky. 5 Adwene a yɛwɔ wɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ho no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛka asɛmpa no anaa yɛbɛkyerɛkyerɛ. Adɛn nti na yɛreka saa? Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu adwene a na Yesu ne ɔsomafo Paul kura wɔ wɔn a na wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ho. Afei, na wosusuw nea nkurɔfo ani gye ho ne nea wogye di ho, na na wobu wɔn sɛ wobetumi abɛyɛ asuafo. Yebehu sɛnea yebetumi asuasua wɔn.

^ nky. 17 Nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” ma yehu nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo tumi sesa. Efi afe 2017 no, ɔfã a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” no, ɛmma Ɔwɛn-Aban mu bio. Seesei wubehu wɔ jw.org®. Hwɛ YƐN HO NSƐM > ASETENAM NSƐM.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi reyɛ afie afie asɛnka adwuma no, na wɔahu (1) ofie bi a ɛho tew na wɔde nhwiren asiesie no kama; (2) ofie bi a awarefo a wɔte hɔ no wɔ mmofra nkumaa; (3) ofie bi a emu ne ɛho nyinaa ayɛ basaa; ne (4) ofie bi a emufo pɛ nyamesom. Wohwɛ a, afie yi mu nea ɛwɔ he na wubenya obi a obetumi abɛyɛ Yesu suani?