Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 16

Tie Afoforo, Hu Wɔn Yiye, Na Nya Ayamhyehye Ma Wɔn

Tie Afoforo, Hu Wɔn Yiye, Na Nya Ayamhyehye Ma Wɔn

“Monnhwɛ nea etua aniwa mmmu atɛn, na mmom mummu atɛntrenee.”​—YOH. 7:24.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Bible ka fa Yehowa ho, na adɛn nti na wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam?

SƐ NKURƆFO hwɛ wo honam, w’anim, wo tenten anaa wo kɛse so bu wo atɛn a, ɛbɛyɛ wo dɛ? Minnye nni sɛ ɛbɛyɛ wo dɛ. Ade baako a ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam ne sɛ, Yehowa nnyina nea nnipa hu so mmu yɛn atɛn! Ɛho nhwɛso ne sɛ, nea Yehowa hui wɔ Yese mma no ho no, Samuel anhu no saa. Ná Yehowa aka akyerɛ Samuel sɛ Yese mma mmarima no baako bɛyɛ Israel hene daakye. Nanso, wɔn mu hena na na obeyi no sɛ ɔhene? Bere a Samuel huu Eliab a ɔyɛ Yese babarima panyin no, ɔkaa sɛ: “Ampa, nea Yehowa asra no no na ɔwɔ n’anim yi.” Wohwɛ Eliab a, na ɔfata sɛ odi hene. “Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse, na mempɛ no.’” Dɛn na yesua fi mu? Yehowa kaa sɛ: “Onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”—1 Sam. 16:1, 6, 7.

2. Sɛnea Yohane 7:24 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyina nea yɛn ani hu so bu obi atɛn? Ma mfatoho.

2 Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin nti, ɛyɛ a yegyina nea yɛn ani hu so bu afoforo atɛn. (Kenkan Yohane 7:24.) Nanso worentumi nhwɛ obi kɛkɛ nhu ne ho nsɛm nyinaa. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Dɔkota a waben na onim adwuma mpo, sɛ ɔde n’ani kɛkɛ hwɛ ɔyarefo bi a, ɔrentumi nhu yare ko a abɔ no. Sɛ ɔpɛ sɛ ohu sɛ yare bi abɔ no pɛn, sɛnea ɔte nka wɔ yare no ho, anaa nea yare no reyɛ ne nipadua a, ɛsɛ sɛ onya abotare tie ɔyarefo no. Ebi mpo a dɔkota no bɛma wakotwa X-ray na ama wahu nea ɛrekɔ so wɔ ɔyarefo no nipadua mu. Sɛ dɔkota no anyɛ saa a ɔrentumi mma no aduru a ɛbɛboa no. Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn ani hwɛ yɛn nuanom kɛkɛ a, yɛrentumi nte wɔn ase. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu sɛnea wɔte ankasa. Yɛrentumi nhu komam, enti yɛrentumi nte afoforo ase sɛnea Yehowa te wɔn ase no. Nanso, yebetumi ayere yɛn ho asuasua Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

3. Yebesusuw nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ho wɔ adesua yi mu. Sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasuasua Yehowa?

3 Sɛn na Yehowa ne n’asomfo di? Otie wɔn. Ɔhwɛ nneɛma a wɔafa mu ne tebea wowom seesei. Afei nso, ne yam hyehye no ma wɔn. Yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa daa su a ɛte saa adi kyerɛɛ Yona, Elia, Hagar, ne Lot. Bere a yɛreyɛ saa no, momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi asuasua Yehowa bere a yɛne yɛn nuanom redi no.

YƐ ASO TIE AFOFORO

4. Adɛn nti na anhwɛ a yebenya Yona ho adwene a ɛnteɛ?

4 Esiane sɛ yennim Yona ho nsɛm nyinaa nti, anhwɛ a yebenya adwene sɛ na ɔyɛ obi a afoforo ntumi mfa wɔn ho nto no so, anaa mpo na ɔnyɛ ɔnokwafo. Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔka n’atemmusɛm nkyerɛ Niniwefo. Nanso, Yona antie Yehowa, na mmom ɔkɔfaa hyɛn bi a na ɛrekɔ baabi foforo sɛ “ɔreguan Yehowa.” (Yona 1:1-3) Ɛyɛ wo a, anka wobɛsan asoma Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe anaa? Ebia anka worenyɛ saa. Nanso Yehowa de, ohui sɛ obetumi asan asoma Yona.—Yona 3:1, 2.

5. Wohwɛ asɛm a ɛwɔ Yona 2:1, 2, 9 no a, dɛn na ɛma wuhu fa Yona ho?

5 Yɛhwɛ mpae a Yona bɔe no a, ɛma yehu sɛnea na ɔte ankasa. (Kenkan Yona 2:1, 2, 9.) Yona bɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii. Nanso mpae a ɔbɔe bere a na ɔwɔ apataa no yam no ma yehu no wɔ ɔkwan foforo so. Ɛmfa ho sɛ oguan adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no, nsɛm a ɔkae wɔ ne mpae no mu no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na na wasi ne bo sɛ obetie Yehowa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa amfa n’adwene ansi Yona mfomso so, na mmom otiee ne mpaebɔ, na ɔsan de no yɛɛ adwuma sɛ ne diyifo!

Sɛ yehu asɛm bi mu yiye a, ɛbɛma yɛate afoforo ase paa (Hwɛ nkyekyɛm 6) *

6. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛyɛ aso tie afoforo?

6 Sɛ yebetumi ayɛ aso atie afoforo a, ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yenya abotare. Anyɛ yiye koraa no, yɛwɔ nneɛma mmiɛnsa bi nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea edi kan, ɛremma yennya nkurɔfo ho adwene a ɛnteɛ. Nea ɛto so mmienu, yebetumi ahu sɛnea yɛn nuanom te nka ne nea enti a wɔyɛ nneɛma bi, na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ada ayamhyehye adi akyerɛ wɔn paa. Nea ɛto so mmiɛnsa, yebetumi aboa afoforo ama wɔahu sɛnea wɔte ankasa. Yɛn ankasa mpo, ɛtɔ da a sɛnea yɛte nka no, sɛ yɛanka ho asɛm ankyerɛ afoforo a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. (Mmeb. 20:5) Ɔpanyin bi a ɔwɔ Asia ka sɛ: “Mekae sɛ bere bi midii mfomso; mantie asɛm bi mu yiye ansa na mereka ho asɛm. Meka kyerɛɛ onuawa bi sɛ, sɛ ɔba Kristofo nhyiam ase a, ɔnyere ne ho mma mmuae a etu mpɔn. Akyiri yi, mihui sɛ sɛɛ na onnim akenkan papa, na ɔbrɛ paa ansa na watumi ama mmuae.” Wei ma yehu sɛ, ɛho hia sɛ asafo mu panyin biara ‘te’ asɛm bi ase yiye ansa na ɔde afotu ama.—Mmeb. 18:13.

7. Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa ne Elia dii no a, dɛn na wusua fi mu?

7 Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, esiane nea wɔafa mu wɔ asetenam, wɔn amammerɛ, anaa sɛnea wɔte nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛnea wɔte nka ho asɛm akyerɛ afoforo. Dɛn na yebetumi ayɛ ama ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm akyerɛ yɛn? Kae sɛnea Yehowa ne Elia dii bere a oguan fii Yesebel anim no. Egyee nna pii ansa na Elia reka ne komam asɛm akyerɛ ne soro Agya no. Yehowa yɛɛ aso tiee no. Afei, ɔhyɛɛ Elia den, na ɔde adwuma bi a ɛho hia hyɛɛ ne nsa. (1 Ahe. 19:1-18) Ebia ebegye bere ansa na yɛn nuanom atumi aka wɔn komam asɛm akyerɛ yɛn, nanso sɛ wɔyɛ saa a, ɛnna yebetumi ahu sɛnea wɔte nka ankasa. Sɛ yesuasua Yehowa na yenya yɛn nuanom ho abotare a, wobenya yɛn mu ahotoso na wɔama yɛahu sɛnea wɔte nka. Afei sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn.

HU WO NUANOM YIYE

8. Sɛnea Genesis 16:7-13 kyerɛ no, sɛn na Yehowa boaa Hagar?

8 Ná Hagar yɛ Sarai abaawa. Bere a wɔde Hagar maa Abram aware no, wanyɛ n’ade nyansam. Ná Sarai nni ba, enti bere a Hagar faa yafunu no, ofii ase buu Sarai animtiaa. Ɛkɔɔ so araa ma Sarai teetee Hagar ma oguanee. (Gen. 16:4-6) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, anhwɛ a yebenya adwene sɛ na Hagar yɛ ahantan, enti ɛfata sɛ onyaa saa asotwe no. Nanso Yehowa de, na ɛnyɛ saa na ohu Hagar. Ɔsomaa ne bɔfo kɔɔ ne nkyɛn. Bere a ɔbɔfo no huu no no, ɔboaa no ma ɔsesaa ne suban na ohyiraa no. Hagar hui sɛ na Yehowa rehwɛ no, na na onim nea ɔrefa mu nyinaa. Wei nti, ɔfrɛɛ Yehowa, ‘Onyankopɔn a ohu ade, . . . nea ohu me no.’—Kenkan Genesis 16:7-13.

9. Dɛn na Onyankopɔn hwɛe a enti ɔboaa Hagar?

9 Dɛn na Yehowa hui wɔ Hagar ho? Ná onim sɛnea na Hagar te ne nneɛma a wafa mu nyinaa. (Mmeb. 15:3) Ná Hagar yɛ Egyptni a ɔte Hebrifo nkyɛn. Ɛtɔ da a na ɔte nka sɛ ɔyɛ ɔhɔho anaa? Ɛyɛ a na wafe n’abusuafo ne ne kurom anaa? Ná ɛnyɛ ɔno nkutoo ne Abram yere. Saa bere no, na mmarima anokwafo binom tumi ware mmea mmienu anaa nea ɛboro saa. Nanso, bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, na ɛnte saa. (Mat. 19:4-6) Ɛnyɛ nwonwa sɛ aware dodow de ahoɔyaw ne ɔtan baa mmusua mu. Ɛwom, na Yehowa ani nnye aniammɔnho a Hagar yɛe no ho, nanso na onim nea na Hagar afa mu, enti na ɔte no ase.

Hu wo nuanom yiye (Hwɛ nkyekyɛm 10-12) *

10. Yɛbɛyɛ dɛn ahu yɛn nuanom yiye?

10 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte yɛn nuanom ase a, na yɛresuasua Yehowa. Hu wo nuanom yiye. Ansa na asafo nhyiam befi ase ne bere a moapɔn no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wo ne wɔn nkɔ asɛnka, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wommedidi wɔ wo fie. Woyɛ saa a, wubehu sɛ onuawa bi a na ɛyɛ wo sɛ ɔmpɛ nnipa no, sɛɛ ɔfɛre ade. Anaa onua bi a na wususuw sɛ sika agye n’adwene no, sɛɛ ɔpɛ ahɔhoyɛ paa. Anaa nea enti a abusua bi ntaa mmedu asafo nhyiam ase ntɛm ne sɛ wɔrehyia ɔsɔretia. (Hiob 6:29) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.’ (1 Tim. 5:13) Nanso, ɛsɛ sɛ yehu biribi fa yɛn nuanom ho ne nea wɔafa mu wɔ asetena mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛate wɔn ase.

11. Adɛn nti na ɛho hia sɛ asafo mu mpanyimfo hu wɔn nuanom yiye?

11 Asafo mu mpanyimfo paa na ehia sɛ wohu wɔn nuanom a wɔhwɛ wɔn so no yiye. Momma yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Artur; ná ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo. Ɔne asafo mu panyin bi kɔsraa onuawa bi a na ayɛ sɛ ɔfɛre ade na ɔnka ne ho nkɔ nnipa ho. Artur ka sɛ: “Yehui sɛ, ɔwaree no mfe kakra bi akyi na ne kunu wui. Nsɛnnennen a ohyiae nyinaa akyi no, otumi tetee ne mma mmea mmienu ma wɔde nokwaredi som Yehowa. Nanso afei de na onhu ade yiye, na na wanya adwenemhaw. Ne nyinaa mu no, na ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu yɛ den, na ne gyidi nso anhinhim. Yehui sɛ onuawa no yɛɛ nhwɛso pa, na na yebetumi asua nneɛma pii afi mu.” (Filip. 2:3) Ná saa ɔmansin sohwɛfo no resuasua Yehowa. Yehowa nim ne nguan, na onim nea wɔrefa mu. (Ex. 3:7) Asafo mu mpanyimfo a wonim wɔn nuanom yiye na wobetumi aboa wɔn paa.

12. Bere a onuawa bi a wɔfrɛ no Yip Yee huu onuawa bi a ɔne no wɔ asafo mu yiye no, ɛboaa Yip Yee sɛn?

12 Sɛ wo nua Kristoni bi ho yɛ wo ahi na sɛ wuhu no yiye a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubenya tema ama no. Ɛho nhwɛso bi ni. Yip Yee wɔ Asia, na ɔkaa sɛ: “Ná onuawa bi a me ne no wɔ asafo mu rekasa a, ɔteɛteɛm. Ná misusuw sɛ n’ani mmuei. Nanso, bere a me ne no kɔɔ asɛnka no, mihui sɛ bere bi a atwam no, na ɔne n’awofo tɔn nam wɔ gua so. Enti na ɛsɛ sɛ ɔpae de frɛfrɛ gua.” Yip Yee ka kaa ho sɛ: “Wei ma mihui sɛ, sɛ metumi ate me nuanom ase a, ɛsɛ sɛ mihu wɔn yiye.” Egye mmɔdenbɔ na woatumi ahu wo nuanom yiye. Nanso, sɛ wode Bible afotu a ɛka sɛ yɛntrɛw yɛn komam anaa yɛn dɔ mu no yɛ adwuma a, na woresuasua Yehowa a ɔdɔ “nnipa ahorow nyinaa” no.—1 Tim. 2:3, 4; 2 Kor. 6:11-13.

NYA AYAMHYEHYE

13. Sɛnea Genesis 19:15, 16 kyerɛ no, bere a Lot twentwɛn ne nan ase no, dɛn na abɔfo no yɛe, na adɛn ntia?

13 Bere a na ɛho hia paa sɛ Lot tie Yehowa akwankyerɛ no, saa bere no mmom na ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ saa. Abɔfo mmienu a wɔkɔsraa Lot no ka kyerɛɛ no sɛ, ɔne n’abusua nguan mfi Sodom. Adɛn ntia? Wɔkaa sɛ: “Yɛrebɛsɛe ha.” (Gen. 19:12, 13) Ade kyee no, na Lot ne n’abusua da so ara wɔ fie. Enti abɔfo no san bɔɔ Lot kɔkɔ. Nanso na “ɔretwentwɛn ne nan ase.” Ebia yebenya adwene sɛ, asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Lot no, na ɛmfa ne ho anaa mpo ɔyɛɛ asoɔden. Nanso, Yehowa annyae Lot akyi di. “Yehowa mmɔborɔhunu nti,” abɔfo no susoo Lot ne n’abusua nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi.—Kenkan Genesis 19:15, 16.

14. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa huu Lot mmɔbɔ anaa onyaa ayamhyehye maa no?

14 Nneɛma bi nti na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa huu Lot mmɔbɔ anaa onyaa ayamhyehye maa no. Ɛbɛyɛ sɛ na Lot suro nkurɔfo a wɔwɔ kurow no akyi, ɛno nti na na ɔmpɛ sɛ ofi ne fie no. Ná nneɛma foforo wɔ hɔ a ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu. Ná ahemfo mmienu bi akɔhwe amena a kootaa taataa mu wɔ bɔn bi a ɛbɛn hɔ mu; ɛbɛyɛ sɛ na Lot nim saa asɛm yi. (Gen. 14:8-12) Esiane sɛ na Lot wɔ yere ne mma nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwen wɔn ho paa. Afei nso, na Lot yɛ sikani, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ fie papa bi wɔ Sodom. (Gen. 13:5, 6) Ɛwom, yɛrentumi nka sɛ weinom nti sɛ Lot twentwɛn ne nan ase sɛ obetie Yehowa a, edi sɛ ɔyɛɛ saa. Nanso Yehowa amfa n’adwene ansi Lot mfomso so, mmom obuu no sɛ “ɔtreneeni.”—2 Pet. 2:7, 8.

Sɛ yetie afoforo a, ebetumi ama yɛahu sɛnea yebenya ayamhyehye ama wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Sɛ́ anka yɛbɛkasa atia sɛnea obi yɛ n’ade no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Sɛ́ anka wobɛkasa atia sɛnea obi yɛ n’ade no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛte no ase. Onuawa bi a ɔwɔ Europe a wɔfrɛ no Veronica bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔka sɛ: “Onuawa baako bi de, da biara na ayɛ sɛ wayɛ mosoo. Daa na watew ne ho. Ɛtɔ da a na misuro sɛ mɛbɛn no. Nanso misusuw ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ me a, anka ɛbɛyɛ me dɛ sɛ obi bɛfa me adamfo.’ Enti meyɛɛ m’adwene sɛ, mebisa no sɛnea ne ho te. Afei, ofii ase kaa ne komam asɛm kyerɛɛ me! Seesei de, mate no ase paa.”

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenya tema?

16 Yehowa nkutoo ne obi a ɔte yɛn ase yiye. (Mmeb. 15:11) Enti srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnya adwene a ɔwɔ wɔ afoforo ho no bi, na hu sɛnea wubenya ayamhyehye ama wɔn. Onuawa bi a ne din de Anzhela bɔɔ mpae na ɛboaa no ma ohuu sɛnea obenya tema kɛse ama afoforo. Eduu bere bi no, na ɔne onuawa bi a ɔne no wɔ asafo baako mu ntam reyɛ asɛe. Anzhela kaa sɛ: “Anka ɛrenyɛ den koraa sɛ mɛkasa atia no na maka sɛ me ne no nni hwee yɛ bio. Nanso mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma mente no ase.” Yehowa buaa mpae a Anzhela bɔe no anaa? Ɔtoaa so sɛ: “Me ne no boom kɔɔ asɛnka, na ɛno akyi no yɛbɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Minyaa ne ho abotare tiee no. Seesei mepɛ n’asɛm paa, na mayɛ m’adwene sɛ mɛboa no.”

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Ɛsɛ sɛ wunya ayamhyehye ma anuanom nyinaa, na ɛnsɛ sɛ woyɛ nyiyim. Wɔn nyinaa hyia ɔhaw sɛnea Yona, Elia, Hagar, ne Lot nso hyiae no. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, wɔn ankasa na wɔakɔfa abɛto wɔn ho so. Nanso sɛ yɛreka paa a, yɛn mu biara akɔfa ɔhaw ato ne ho so pɛn. Enti sɛ Yehowa ka sɛ yennya tema mma yɛn ho yɛn ho a, ɛyɛ ne kwan so. (1 Pet. 3:8) Baakoyɛ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ntam no da nsow, na sɛ yetie Yehowa a, ɛma baakoyɛ no mu yɛ den paa. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yebetie yɛn nuanom, yebehu wɔn yiye, na yɛanya ayamhyehye ama wɔn.

DWOM 87 Bra! Benya Ahotɔ

^ nky. 5 Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛnkyɛ koraa na yɛanya obi ho adwene bi anaa yɛasusuw biribi ama no. Nanso Yehowa de, “ɔhwɛ komam.” (1 Sam. 16:7) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa daa ɔdɔ adi kyerɛɛ Yona, Elia, Hagar ne Lot, na ɔboaa wɔn. Wei bɛboa yɛn na sɛ yɛne yɛn nuanom redi a, yɛasuasua Yehowa.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberante bi ammedu asafo nhyiam ase ntɛm; ɛyɛ onua bi a ne mfe akɔ anim ahi. Nanso akyiri yi onua a ne mfe akɔ anim no hui sɛ aberante no nyaa kar akwanhyia nti na ɔkaa akyi no.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ná asɛnka kuw sohwɛfo no susuw sɛ onuawa bi mpɛ nnipa na ɔyɛ dinn dodo. Akyiri yi, onua no hui sɛ, sɛɛ na onuawa no fɛre ade na sɛ onnim obi yiye a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛka ne ho akɔ ne ho.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a onuawa bi ne onuawa foforo hyiae wɔ Ahenni Asa so bere a edi kan no, onyaa adwene sɛ onuawa no ntew n’anim na onnwen nnipa ho. Nanso, bere a ohuu onuawa no yiye no, ohui sɛ sɛɛ ɛnyɛ saa na onuawa no te.