Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 14

Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!

Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!

“Ɔman bi aba m’asase so.”​—YOEL 1:6.

DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn

NEA YƐREBESUA *

1. Ɔkwan bɛn na na Onua Russell ne ne mfɛfo fa so sua ade, na adɛn nti na na ɛyɛ ɔkwampa?

BƐBORO mfe 100 a atwam no, Onua C. T. Russell ne ne mfɛfo kakraa bi a wɔn nso sua Onyankopɔn Asɛm no fii ase hyiaam. Ná wɔpɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wobetumi ahu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, tebea a awufo wom, ne agyede no ho anaa. Ná ɔkwan a wɔfa so sua ade no nyɛ den. Ná obi bisa asɛm, na wɔn nyinaa ahwɛ kyerɛwsɛm biara a ɛfa saa asɛm no ho. Wowie a, na wɔakyerɛw nea wohui nyinaa. Yehowa hyiraa saa Kristofo mmarima anokwafo yi ma wohuu nokware a ɛwɔ Bible mu no pii. Besi nnɛ nyinaa nokware a wohui no da so ara som bo ma yɛn.

2. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Bible mu ase a, ɛtɔ da a mfomso bɛn na yetumi di?

2 Ankyɛ koraa na Bible asuafo no hui sɛ, nea Bible kyerɛkyerɛ de, ɛnyɛ den sɛ obi bɛte ase, nanso sɛ obi betumi ate Bible nkɔmhyɛ bi ase a, ɛnna fam. Adɛn nti na ɛte saa? Ade baako ne sɛ, mpɛn pii no, sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu anaa ɛba mu a, ɛnna yɛte ase yiye. Nanso biribi foforo wɔ hɔ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ bi ase yiye a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ ne fã bi nko ara, na mmom ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ no nyinaa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ yɛde yɛn adwene si nkɔmhyɛ no fã bi pɛ so na yɛanhwɛ ne nyinaa a, anhwɛ a yebedi mfomso. Sɛ yɛsan hwɛ nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yoel nhoma no mu a, ɛkame ayɛ sɛ saa na esii; yɛde yɛn adwene sii ne fã bi nko ara so. Momma yensusuw saa nkɔmhyɛ no ho na yɛnhwɛ nea enti a ɛho hia sɛ yɛsesa sɛnea yɛte ase no.

3-4. Mfe pii a atwam no, sɛn na yɛte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:7-9 no ase?

3 Kenkan Yoel 2:7-9. Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ mmoadabi bɛsɛe Israel asase no pasaa. Saa mmoadabi yi, na wɔn se ne wɔn abogye te sɛ gyata de, na ɔkɔm de wɔn paa, na na wɔbɛwe afifide a ɛwɔ Israel asase so nyinaa ama asa! (Yoel 1:4, 6) Mfe pii a atwam no, na yɛte ase sɛ, saa nkɔmhyɛ no fa sɛnea Yehowa nkurɔfo yɛ asɛnka adwuma no ho; wɔte sɛ mmoadabi a wɔbom yuu a biribiara ntumi nsiw wɔn kwan. Ná yɛte ase sɛ, adwuma a mmoadabi no yɛ no sɛe ‘asase’ no paa anaa ɛhaw nnipa a nyamesom akannifo no akɛntɛn wɔn so no. *

4 Sɛ yɛkenkan Yoel 2:7-9 no nko ara a, anhwɛ a yɛbɛka sɛ saa na nkɔmhyɛ no kyerɛ. Nanso, sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ no nyinaa a, yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsesa ntease a yɛwɔ no. Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi nti a ɛte saa.

NNEƐMA NNAN NTI A YƐANYA NTEASE FOFORO

5-6. (a) Sɛ yesusuw Yoel 2:20 ho a, asɛm bɛn na yebetumi abisa? (b) Sɛ yesusuw Yoel 2:25 ho a, asɛm bɛn na yebetumi abisa?

5 Nea edi kan, momma yɛnhwɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa mmoadabi no ho no. Yehowa kaa sɛ: “Mɛma nea ofi atifi fam [mmoadabi] no afi wo ho akɔ akyirikyiri.” (Yoel 2:20) Sɛ mmoadabi no gyina hɔ ma Yehowa Adansefo a wodi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛm no na wɔnyɛ asuafo no so a, adɛn nti na Yehowa bɛhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔakɔ anaa ɔbɛpam wɔn? (Hes. 33:7-9; Mat. 28:19, 20) Yehu sɛ, ɛnyɛ Yehowa nkoa a wodi no nokware na ɔrepam wɔn, na mmom ɔrepam biribi anaa obi a ɔtan ne nkurɔfo.

6 Nea ɛto so mmienu, momma yensusuw nea wɔakyerɛw wɔ Yoel 2:25 no ho. Yehowa ka wɔ hɔ sɛ: “Mfe dodow a mmoadabi ne hwidɔm ne ntɛfrɛw ne ɔsã, m’asraafodɔm kɛse a mesomaa wɔn baa mo mu no dii no, mɛhyɛ ananmu.” Hyɛ no nsow sɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ, nea mmoadabi no asɛe no no, ‘ɔbɛhyɛ ananmu.’ Sɛ mmoadabi no gyina hɔ ma wɔn a wɔka Ahenni no ho asɛmpa no a, ɛnde adɛn nti na Bible ka sɛ asɛm a wɔka no sɛe ade? Asɛm a wɔka no de, egye nkwa, na ebetumi ama abɔnefo binom asakra. (Hes. 33:8, 19) Sɛ wɔsakra a, wobenya nhyira pii!

7. Asɛm “ɛno akyi” a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 no, dɛn na ɛboa yɛn ma yɛte ase?

7 Kenkan Yoel 2:28, 29. Momma yɛnhwɛ ade a ɛto so mmiɛnsa; nkɔmhyɛ no kyerɛɛ sɛnea nsɛm no besisi. Wohyɛɛ no nsow sɛ Yehowa kaa sɛ: “Ɛno akyi no,” kyerɛ sɛ, bere a mmoadabi no awie adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no, “mehwie me honhom”? Sɛ mmoadabi no yɛ wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a, adɛn nti na bere a wɔawie wɔn asɛnka adwuma no akyi na Yehowa behwie ne honhom agu wɔn so? Ɛmfa ho sɛ wɔahyia ɔsɔretia na ɛtɔ da a wɔbara wɔn asɛnka adwuma no, wɔakɔ so aka asɛmpa no mfe pii. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Onyankopɔn amfa ne honhom kronkron no ammoa wɔn a, anka wɔrentumi nyɛ saa da.

Onua J. F. Rutherford ne Yehowa asomfo foforo a wɔasra wɔn a na wodi nneɛma anim no de akokoduru kaa Onyankopɔn atemmusɛm tiaa saa wiase bɔne yi (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Mmoadabi a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 9:1-11 no gyina hɔ ma henanom? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

8 Kenkan Adiyisɛm 9:1-11. Afei momma yɛnhwɛ ade a ɛto so nnan. Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu ne mmoadabi a Yoel kaa ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no di nsɛ. Ɛno ka ho bi na yɛkaa sɛ mmoadabi a Yoel kaa ho asɛm no gyina hɔ ma asɛnka adwuma a yɛyɛ no. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ka mmoadabi ho asɛm; wɔn anim te sɛ nnipa, na “biribi a ɛte sɛ sika abotiri” wowɔ wɔn ti so. (Adi. 9:7) “Nnipa [anaa Onyankopɔn atamfo] a wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so” no, mmoadabi yi yɛ wɔn ayayade abosome nnum. Saa mmoadabi yi, wɔatena ase akyɛ paa ne bɛyɛ abosome nnum. (Adi. 9:4, 5) Ɛbɛyɛ sɛ saa kyerɛwsɛm yi reka Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no ho asɛm. Wɔde akokoduru ka Onyankopɔn atemmusɛm tia saa wiase bɔne yi, na ɛma wɔn a wɔtaa wiase no akyi no ho teetee wɔn.

9. Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛwɔ mmoadabi a Yoel hui no ne nea Yohane kaa ho asɛm no mu?

9 Ɛwom, nneɛma bi di nsɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu ne nea Yoel kaa ho asɛm no mu. Nanso, nsonsonoe kɛse wɔ mu. Yɛnhwɛ: Yoel nkɔmhyɛ no mu no, ɔkaa sɛ mmoadabi no bɛwe afifide a ɛwɔ asase no so nyinaa. (Yoel 1:4, 6, 7) Yohane anisoadehu no mu no, wɔka kyerɛɛ mmoadabi no sɛ “wɔnnhaw asase so wura” no. (Adi. 9:4) Mmoadabi a Yoel hui no, na wofi atifi fam. (Yoel 2:20) Nea Yohane hui no de, na wofi amena mu. (Adi. 9:2, 3) Mmoadabi a Yoel kaa ho asɛm no, wɔpam wɔn. Adiyisɛm nhoma no mu de, wɔampam mmoadabi no, na mmom wɔmaa wɔn kwan ma wowiee wɔn adwuma. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa ani nnye wɔn ho.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Mmoadabi Ho Nkɔmhyɛ—Edi Nsɛ Nanso Nsonsonoe Wom” no.

10. Fa nhwɛso bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ nea enti a yebetumi aka sɛ mmoadabi a Yoel kaa ho asɛm ne nea Yohane kaa ho asɛm no nnyina hɔ mma ade koro.

10 Nsonsonoe kɛse a ɛwɔ nkɔmhyɛ mmienu yi mu no boa yɛn ma yehu sɛ ne mmienu no nnyina hɔ mma ade koro. Enti mmoadabi a Yoel kaa ho asɛm ne mmoadabi a Adiyisɛm nhoma no kaa ho asɛm no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ nsonsonoe wom anaa? Yiw. Wohwɛ Bible mu a, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ ade baako betumi akyerɛ nneɛma pii. Ɛho nhwɛso bi ni. Adiyisɛm 5:5 ka sɛ Yesu yɛ “Yuda abusua mu Gyata,” ɛnna 1 Petro 5:8 ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ ɔyɛ “gyata a ɔbobom.” Yɛhwɛ ntease a yɛwɔ seesei ne nsɛmmisa a aba wɔ ho no a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea Yoel nkɔmhyɛ no kyerɛ ankasa. Ɛnde, na Yoel nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛn?

NKƆMHYƐ NO KYERƐ SƐN?

11. Sɛnea Yoel 1:6 ne 2:1, 8, 11 kyerɛ no, mmoadabi no gyina hɔ ma henanom, na dɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a ɛma yehu saa?

11 Sɛ yɛhwɛ Yoel nkɔmhyɛ no nyinaa mu a, yehu sɛ na odiyifo no rehyɛ nkɔm sɛ asraafodɔm bi bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Yoel 1:6; 2:1, 8, 11) Yehowa kaa sɛ ɔnam ‘n’asraafodɔm kɛse’ (Babilon asraafo) no so bɛtwe Israelfo asoɔdenfo no aso. (Yoel 2:25) Sɛ Bible frɛ asraafo a wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no “nea ofi atifi fam” a, edi sa, efisɛ na Babilonfo no fi atifi fam na wɔbɛtow ahyɛ Israelfo so. (Yoel 2:20) Wɔde saa asraafodɔm no toto mmoadabi a wobom yuu a wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ ho. Yoel ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔnam wɔn kwan so tẽẽ sɛ [asraafo]. . . . Wɔbɔ kirididi kɔ nkurow mu. Wotu mmirika fa afasu so. Wɔforo afie. Wɔhyɛn mfɛnsere mu sɛ akorɔmfo.” (Yoel 2:8, 9) Wo de, twa ho mfoni hwɛ. Wotow w’ani a, asraafo nko ara. Obiara nnya baabiara mfa ne ho nsie. Obiara nni hɔ a obetumi aguan afi Babilon asraafo no nsam!

12. Yoel nkɔmhyɛ a ɛfa mmoadabi ho no, ɛbaa mu sɛn?

12 Afe 607 A.Y.B. no, Babilonfo (anaa Kaldeafo) no tow hyɛɛ Yerusalem kurow no so te sɛ mmoadabi. Bible ka sɛ: “Kaldeafo hene de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante . . . , na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ. Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa. Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui; n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.” (2 Be. 36:17, 19) Bere a Babilonfo no sɛee asase no wiei no, nea nkurɔfo tumi kae ara ne sɛ: “Adan amamfõ na onipa ne aboa bi nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafo nsa.”—Yer. 32:43.

13. Kyerɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Yeremia 16:16, 18 no mu.

13 Yoel hyɛɛ nkɔm no, bɛyɛ mfe 200 akyi na Yehowa maa Yeremia hyɛɛ nkɔm foforo faa saa ɔsɛe a na ɛbɛba Yerusalem so no ho. Ɔkaa sɛ wɔbɛhwehwɛ Israelfo a wɔyɛ nneɛma bɔne no wɔ baabiara na wɔakyere wɔn. Bible ka sɛ: “‘Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba na wɔakɔhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu. . . . Medi kan atua wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ nyinaa so ka.’” Ɛpo anaa kwae mpo rentumi nnye Israelfo a wɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne no mfi Babilon asraafo no nsam.—Yer. 16:16, 18.

NNEƐMA BƐSAN ASI NE DEDAW MU

14. Bere bɛn na Yoel 2:28, 29 baa mu?

14 Afei de Yoel kaa asɛmpa; ɔkaa sɛ nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu. Ná asase no bɛsan ayɛ frɔmfrɔm. (Yoel 2:23-26) Afei edu bere bi a na honhom fam aduan bebu so. Yehowa kaa sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm. . . . Mehwie me honhom agu nkoa ne mfenaa mpo so.” (Yoel 2:28, 29) Ɛnyɛ bere a Onyankopɔn de Israelfo fi Babilon san baa wɔn asase so no akyi pɛɛ na ohwiee ne honhom guu wɔn so. Mmom, edii mfe pii ansa na ɔrehwie ne honhom agu ne nkurɔfo so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Yɛyɛ dɛn hu saa?

15. Sɛnea Asomafo Nnwuma 2:16, 17 ma yehu no, bere a Petro reka asɛm a ɛwɔ Yoel 2:28 no, nsakrae bɛn na ɔyɛe, na dɛn na wei kyerɛ?

15 Pentekoste da no, anwonwasɛm bi sii, na Onyankopɔn maa honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkaa sɛ Yoel 2:28, 29 no na ɛreba mu. Bɛyɛ anɔpa nnɔnkron saa da no, Onyankopɔn hwiee honhom kronkron guu ne nkurɔfo so, na ɛma wofii ase kaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm. (Aso. 2:11) Bere a Onyankopɔn de ne honhom kaa Petro ma ɔkaa asɛm a ɛwɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu no, ɔsesaa mu kakra. Wohyɛɛ nsakrae a ɔyɛe no nsow? (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:16, 17.) Sɛ́ anka Petro de asɛm “ɛno akyi” befi ase no, ɔkaa sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no” Onyankopɔn behwie ne honhom agu “ɔhonam ahorow nyinaa so.” Ná Petro reka Yudafo no nna a edi akyiri ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, mfe pii twaam ansa na Yoel nkɔmhyɛ no rebam.

16. Asomafo no bere so no, sɛn na Onyankopɔn de ne honhom boaa asɛnka adwuma no, na ɛnnɛ nso ɛ?

16 Bere a Onyankopɔn hwiee ne honhom guu ne nkurɔfo so wɔ asomafo no bere so akyi no, wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma bi a na ɛbɛtrɛw akɔ wiase baabiara. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kolosefo no bɛyɛ afe 61 Y.B. no, otumi kaa sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Paul bere so no, sɛ ɔka ‘abɔde nyinaa’ a, na ɛkyerɛ wiase no baabi a na nkurɔfo betumi atu kwan akɔ. Ɛnnɛ nso, Yehowa de ne honhom kronkron aboa ama yɛayɛ asɛnka adwuma no akɔ akyiri “de akɔpem asase ano”!—Aso. 13:47; Hwɛ adaka a wɔato din “ Mehwie Me Honhom” no.

DƐN NA ASESA?

17. Ntease a yɛwɔ wɔ mmoadabi ho nkɔm a Yoel hyɛe ho no, sɛn na asesa?

17 Dɛn na asesa? Seesei yɛate nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:7-9 no ase yiye paa. Nea ɛwom ara ne sɛ, kyerɛwnsɛm a yɛasusuw ho yi, ɛmfa asɛnka adwuma a yɛde nsi ne ahokeka reyɛ no ho, na mmom ɛfa Babilon asraafo a wɔtow hyɛɛ Yerusalem so afe 607 A.Y.B. no ho.

18. Dɛn na ɛnsesae wɔ Yehowa nkurɔfo ho?

18 Dɛn na ɛnsesae? Yehowa nkurɔfo kɔ so ka asɛmpa no wɔ baabiara, na wɔfa kwan biara so yɛ saa. (Mat. 24:14) Sɛ aban bi bara yɛn mpo a, ɛremma yennyae asɛmpa a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka no. Yehowa mmoa so nti, yɛntew nnae, na mmom yɛayere yɛn ho de akokoduru reka Ahenni ho asɛmpa no sen bere biara! Yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase twɛn Yehowa sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛate Bible mu nkɔmhyɛ ase. Yɛwɔ ahotoso sɛ bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛboa yɛn ama yɛate “nokware no nyinaa” ase!—Yoh. 16:13.

DWOM 97 Nkwa Gyina Bible no So

^ nky. 5 Mfe pii a atwam no, na yegye di sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel ti 1 ne ti 2 no fa asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no ho. Nanso, nneɛma nnan bi nti, yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsesa sɛnea yɛte Yoel nkɔmhyɛ yi ase. Dɛn nti na yɛreyɛ saa nsakrae yi?

^ nky. 3 Hwɛ asɛm bi a epuee April 15, 2009 Ɔwɛn-Aban mu nky. 14-16. N’asɛmti ne “Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa.”