Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 17

“Mafrɛ Mo Nnamfo”

“Mafrɛ Mo Nnamfo”

“Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.”​—YOH. 15:15.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

NEA YƐREBESUA *

1. Wobɛyɛ dɛn ne obi afa adamfo?

MPƐN pii no, sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fa adamfo a, ade a edi kan a wobɛyɛ ne sɛ, wubenya bere ama no na wo ne no abɔ. Sɛ mobɔ nkɔmmɔ na obiara ka nea odwen ho ne nea wafa mu ho asɛm a, ɛma mofa adamfo. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, yehyia nsɛnnennen. Ebi ne sɛn?

2. Asɛnnennen a edi kan a yehyia ne sɛn?

2 Asɛnnennen a edi kan ne sɛ yenhyiaa Yesu da. Asomafo no bere so nso, Kristofo pii anhyia Yesu da. Nanso ɔsomafo Petro kaa sɛ: “Ɛwom sɛ munhuu no da de, nanso modɔ no. Seesei munhu no de, nanso mugye no di.” (1 Pet. 1:8) Enti, ɛmfa ho sɛ yenhyiaa Yesu da no, yebetumi ne Yesu afa adamfo.

3. Asɛnnennen a ɛto so mmienu a yehyia ne sɛn?

3 Asɛnnennen a ɛto so mmienu ne sɛ yentumi ne Yesu nkasa. Sɛ yɛbɔ mpae a, yɛka yɛn asɛm kyerɛ Yehowa. Ɛwom, yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu, nanso ɛnyɛ ɔno na yɛka yɛn asɛm kyerɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu mpɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Adɛn ntia? Efisɛ wobɔ obi mpae a, ɛkyerɛ sɛ woresom no, na Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. (Mat. 4:10) Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu.

4. Asɛnnennen a ɛto so mmiɛnsa ne sɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Asɛnnennen a ɛto so mmiɛnsa ne sɛ, Yesu te soro, enti yɛrentumi nhu no ne no mmɔ. Nanso sɛ yɛanhu Yesu ne no ammɔ mpo a, yebetumi asua ne ho ade pii. Yebesusuw nneɛma nnan a yebetumi ayɛ ho na ama yɛne n’adamfofa mu ayɛ den. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛne Kristo fa adamfo.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐNE YESU FA ADAMFO?

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo? (Hwɛ nnaka a wɔato din “ Wofa Yesu Adamfo a, Yehowa Nso Bɛyɛ W’adamfo” ne “ Nya Adwene a Ɛfata Wɔ Yesu Ho” no nso.)

5 yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo. Adɛn ntia? Momma yensusuw nneɛma mmienu ho. Nea edi kan, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm.” (Yoh. 16:27) Yesu san kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6) Sɛ wopɛ sɛ wofa Yehowa adamfo na woanni kan ne Yesu amfa adamfo a, ɛte sɛ nea wopɛ sɛ wokɔ dan bi mu a woremfa ɔpon a ɛda ano no mu. Yesu de mfatoho bi a ɛte saa yɛɛ adwuma bere a ɔkaa sɛ ɔno ne “nguan no pon no.” (Yoh. 10:7) Nea ɛto so mmienu ne sɛ, Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Enti ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so ahu Yehowa ne sɛ yebesua Yesu asetena ho ade. Bere a yɛresua Yesu ho ade nyinaa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nso reyɛ kɛse. Sɛ yɛne Yesu adamfofa mu yɛ den paa a, ɛbɛma yɛadɔ n’Agya nso paa.

6. Dɛn bio nti na ɛsɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Ɛsɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo na ama Yehowa abua yɛn mpaebɔ. Wei kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ka a yɛbɛka sɛ “wɔ Yesu din mu” de awie yɛn mpaebɔ ne asɛm no, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsen saa. Ɛsɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa nam Yesu so bua yɛn mpaebɔ. Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Biribiara a mubebisa me din mu no, mɛyɛ.” (Yoh. 14:13) Ɛwom sɛ Yehowa na otie yɛn mpae na obua yɛn mpae de, nanso wama Yesu tumi sɛ ɔmma nea ɔno Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara mmra mu. (Mat. 28:18) Enti, ansa na Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ no, ɔhwɛ sɛ yɛde afotu a Yesu de mae no ayɛ adwuma anaa. Afotu no bi ni. Yesu kaa sɛ: “Sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo de befiri mo; sɛ moamfa nkurɔfo mfomso amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso mfiri mo.” (Mat. 6:14, 15) Ɛnde, ɛho hia paa sɛ yɛne afoforo di no yiye sɛnea Yehowa ne Yesu ne yɛn di no ara pɛ!

7. Henanom na wonya Yesu agyede afɔre no so mfaso?

7 Nnipa a wɔne Yesu afa adamfo nko ara na wobenya n’agyede afɔre no so mfaso. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu kaa sɛ ɔde “ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Nnipa anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba asase so no, ɛho behia sɛ wosua Yesu ho ade na wɔdɔ no. Wobenyan nnipa bi te sɛ Abraham, Sara, Mose, ne Rahab aba nkwa mu. Nanso Yehowa asomfo a wɔyɛ atreneefo yi mpo, ɛho behia sɛ wɔne Yesu fa adamfo na ama wɔatumi anya daa nkwa.—Yoh. 17:3; Aso. 24:15; Heb. 11:8-12, 24-26, 31.

8-9. Sɛnea Yohane 15:4, 5 kyerɛ no, sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, dɛn na yebetumi ayɛ, na adɛn nti na wei ho hia?

8 Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛanya hokwan ne Yesu reka Ahenni no ho asɛmpa no na yɛrekyerɛkyerɛ. Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Bere a ɔkɔɔ ɔsoro no, Yehowa yɛɛ no asafo no ti. Efi saa bere no, Yesu akɔ so akyerɛ ɔkwan a yɛmfa so nyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Mmɔden a worebɔ sɛ wobɛboa nnipa pii ama wɔabehu ɔne n’Agya no, ohu na n’ani sɔ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi ayɛ saa adwuma yi a, gye sɛ Yehowa ne Yesu boa yɛn.—Kenkan Yohane 15:4, 5.

9 Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu fann sɛ, sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yesu, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn dɔ no ano brɛ ase. Enti momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a yebetumi ayɛ na ama yɛafa Yesu adamfo.

SƐNEA YƐNE YESU BƐFA ADAMFO

Sɛ wubetumi ne Yesu afa adamfo a, gye sɛ (1) wobɔ mmɔden sɛ wubehu Yesu, (2) wudwen nneɛma ho sɛ Yesu na woyɛ w’ade sɛ ɔno, (3) woboa Kristo nuanom, na (4) wugye nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ wɔ asafo no mu tom (Hwɛ nkyekyɛm 10-14) *

10. Sɛ yebetumi ne Yesu afa adamfo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ?

10 (1) Bɔ mmɔden sɛ wubehu Yesu. Sɛ yɛkenkan Mateo, Marko, Luka, ne Yohane nhoma a ɛwɔ Bible mu no a, yebetumi ahu Yesu. Sɛ yɛkenkan Bible mu nhoma ahorow a ɛka Yesu asetena ho asɛm na yedwinnwen ho a, ɛbɛma yɛahu sɛnea Yesu daa ayamye adi kyerɛɛ nkurɔfo. Wei bɛma yɛadɔ Yesu na yɛanya obu ama no. Ɛho nhwɛso bi ni. Yesu ne n’asuafo no anni sɛ nkoa, ɛmfa ho sɛ na ɔno na ɔyɛ wɔn Wura no. Mmom, ɔma wohuu nea ɛwɔ n’adwene ne ne koma mu. (Yoh. 15:15) Yesu ne wɔn dii awerɛhow na ɔne wɔn sui nso. (Yoh. 11:32-36) Yesu atamfo mpo hui sɛ, wɔn a wotiee asɛm a na Yesu reka no, Yesu ne wɔn faa adamfo. (Mat. 11:19) Sɛ yesuasua sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii a, ɛbɛma yɛne afoforo ntam ayɛ kama, ɛbɛma yɛn ani agye paa, na ɛbɛma yɛanya ɔdɔ ne obu kɛse ama Kristo.

11. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, dɛn ne ade a ɛto so mmienu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa?

11 (2) Dwen nneɛma ho sɛ Yesu na yɛ w’ade sɛ ɔno. Sɛ yehu sɛnea Yesu dwen nneɛma ho na yesuasua no a, ɛbɛma yɛne n’adamfofa mu ayɛ den. (1 Kor. 2:16) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso baako. Nea na ehia Yesu paa ne sɛ ɔbɛboa afoforo na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ankasa ani. (Mat. 20:28; Rom. 15:1-3) Esiane sɛ na Yesu wɔ saa adwene yi nti, na oyi ne yam boa afoforo na na ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn. Sɛ nkurɔfo ka ne ho asɛmmɔne a, na ɔmpere ne ho mfa abufuw. (Yoh. 1:46, 47) Yesu annyina mfomso a na nkurɔfo adi atwam so annya wɔn ho adwene a ɛnteɛ. (1 Tim. 1:12-14) Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Wubetumi abisa wo ho sɛ, “Meresuasua Yesu na mereyɛ nea metumi biara sɛ mɛma asomdwoe atena me ne me nuanom ntam anaa?”

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, dɛn ne ade a ɛto so mmiɛnsa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

12 (3) Boa Kristo nuanom. Nea yɛyɛ de boa Yesu nuanom a wɔasra wɔn no, Yesu bu no sɛ nea yɛreyɛ ama no. (Mat. 25:34-40) Ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so aboa Kristofo a wɔasra wɔn no ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho aka Ahenni no ho asɛmpa na yɛaboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Saa na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ. (Mat. 28:19, 20; Aso. 10:42) Sɛ “nguan foforo” no ammoa Kristo nuanom no a, wɔn nko ara rentumi nyɛ asɛnka adwuma a ɛnnɛ yɛreyɛ wɔ wiase baabiara no. (Yoh. 10:16) Sɛ woka nguan foforo no ho a, bere biara a wobɛyɛ asɛnka adwuma no bi no, woda no adi sɛ ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nko ara na wodɔ wɔn na mmom wodɔ Yesu nso.

13. Yesu afotu a ɛwɔ Luka 16:9 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?

13 Ade foforo nso a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛafa Yehowa ne Yesu nnamfo ne sɛ yebeyi sika de aboa adwuma a wɔrekyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (Kenkan Luka 16:9.) Ebi ne sɛ, yebetumi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no. Yɛde ntoboa no bi boa asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ mmeae a atew ne ho, yɛde bi sisi Ahenni Asa ne adan foforo a yɛde som Yehowa, na yɛde bi siesie adan no nso. Yɛde bi nso boa yɛn nuanom a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Yebetumi ayi sika ma wɔde atuatua ɛka a wɔbɔ no asafo a yɛwom no. Afei nso, yehu sɛ yɛn nua bi ho akyere no a, yebetumi aboa no. (Mmeb. 19:17) Weinom yɛ akwan a yebetumi afa so aboa Kristo nuanom.

14. Sɛnea Efesofo 4:15, 16 ma yehu no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yesu fa adamfo a, dɛn ne ade a ɛto so nnan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 (4) Nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ wɔ Kristofo asafo no mu no, gye tom. Sɛ yetie wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no a, ɛma yɛne Yesu a ɔyɛ asafo no ti no adamfofa mu yɛ den. (Kenkan Efesofo 4:15, 16.) Ɛho nhwɛso ne sɛ, seesei yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde Ahenni Asa a yɛwɔ nyinaa bedi dwuma yiye. Ɛno nti, wɔaka asafo ahorow bi abom, na ebi nso wɔ hɔ a, wɔakyekyɛ wɔn nsasesin mu foforo. Saa nhyehyɛe yi nti, Yehowa ahyehyɛde no nsɛe sika pii. Nanso bere koro no ara, ehia sɛ adawurubɔfo binom gye nsakrae a aba no tom. Ebia saa adawurubɔfo anokwafo no atena asafo bi mu mfe pii, na ebia wɔne anuanom a wɔwɔ hɔ no abɛyɛ nnamfo paa. Nanso seesei, aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo foforo mu. Sɛ Yesu hu sɛ saa asuafo anokwafo yi agye saa nhyehyɛe yi atom a, ɛma n’ani gye paa!

YƐNE YESU BƐFA ADAMFO AFEBƆƆ

15. Sɛn na yɛne Yesu adamfofa mu bɛyɛ den daakye?

15 Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn no wɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bɛtena daa, na wɔne no bedi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Wɔne Kristo bɛtena ankasa; wobehu no, wɔne no bɛkasa, na wɔne no bɛbɔ. (Yoh. 14:2, 3) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso, Yesu bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn na ɔbɛma n’ani aku wɔn ho. Ɛwom sɛ wɔrenhu Yesu de, nanso esiane asetena pa a Yehowa ne Yesu bɛma wɔanya nti, wɔne Yesu adamfofa mu bɛyɛ den da biara da.—Yes. 9:6, 7.

16. Yɛne Yesu fa adamfo a, nhyira bɛn na yenya?

16 Sɛ yɛpene so sɛ yɛbɛfa Yesu adamfo a, yebenya nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛnnɛ, ɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na ɔboa yɛn. Ɛma yenya hokwan sɛ yɛbɛtena ase daa. Nea ɛsen biara no, yɛne Yesu fa adamfo a, ɛbɛma yɛanya agyapade a ɛkyɛn so; yɛne Yesu Agya Yehowa ntam bɛyɛ kama. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ wɔbɛfrɛ yɛn Yesu nnamfo!

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

^ nky. 5 Asomafo no ne Yesu yɛɛ adwuma mfe bi, na na wɔne no bɔ nkɔmmɔ. Wei ma wɔbɛyɛɛ nnamfo pa. Yesu pɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ ne nnamfo, nanso yehyia nsɛnnennen bi a asomafo no anhyia bi. Adesua yi mu no, yebesusuw saa nsɛnnennen no bi ho, na ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛne Yesu bɛfa adamfo denneennen afebɔɔ.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (1) Yɛreyɛ abusua som a, yebetumi asua Yesu asetena ne ne som adwuma ho ade. (2) Yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebesiesie yɛne yɛn nuanom ntam wɔ asafo no mu. (3) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu a, na yɛreboa Kristo nuanom no. (4) Sɛ wɔka asafo ahorow bi bom a, yebegye gyinae a mpanyimfo no besi no atom.