Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 20

Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?

Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?

“Ɔbɛba ara abedu n’awiei, na ɔrennya ɔboafo biara.”​—DAN. 11:45.

DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƐNNƐ, yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ paa sɛ yɛte wiase no nna a edi akyiri no awiei mu. Ɛrenkyɛ, Yehowa ne Yesu Kristo bɛsɛe aban ahorow a ɛsɔre tia Ahenni no nyinaa. Nanso ansa na saa asɛm yi besi no, atifi fam hene no ne anafo fam hene no bɛkɔ so ako atia wɔn ho, na wɔbɛko atia Onyankopɔn nkurɔfo nso.

2 Adesua yi mu no, yebesusuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:40–12:1 ho. Yɛbɛhwɛ nea ɔyɛ atifi fam hene no nnɛ, na afei nso yɛbɛhwɛ nea enti a yebetumi anya akokoduru de agyina nsɛnnennen a yebehyia daakye no ano.

ATIFI FAM HENE FOFORO YI NE TI

3-4. Hena ne atifi fam hene no nnɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

3 Bere a Soviet Union no gui afe 1991 akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ aman a na Soviet Union no di wɔn so no nyaa “mmoa kakra” anaa ahofadi kakra. (Dan. 11:34) Wei nti, wotumi kaa asɛmpa no a biribiara ansiw wɔn kwan, na aman a na wɔka Soviet Union no ho no, ankyɛ na wonyaa adawurubɔfo mpempem wɔ hɔ. Nanso mfe bi akyi no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no bɛyɛɛ atifi fam hene no. Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim no, aban a ɛbɛyɛ atifi fam hene anaa anafo fam hene no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma mmiɛnsa yi wɔ ne ho: (1) obedi tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa ɔbɛtan wɔn ani, (2) nea ɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo, (3) ɔne ɔhene a ɔyɛ ne tamfo no bɛko.

4 Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔyɛ atifi fam hene no nnɛ. (1) Wɔatu wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so, na wɔde wɔn nsa ato yɛn asɛnka adwuma no so. Afei nso, wɔde ɔtaa aba anuanom mpempem pii a wɔte mmeae a wodi so no so. (2) Nea wɔreyɛ yi kyerɛ sɛ wɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo. (3) Wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobenya tumi asen Britain ne Amerika a wɔyɛ anafo fam hene no. Momma yɛnhwɛ nea Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ayɛ, ne nea enti a ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn na wɔyɛ atifi fam hene no.

ATIFI FAM HENE NO NE ANAFO FAM HENE NO KƆ SO DI APIAPIA

5. Bere bɛn na Daniel 11:40-43 no ka ho asɛm, na dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ saa bere no mu?

5 Kenkan Daniel 11:40-43. Nkɔmhyɛ no fã yi ka nna a edi akyiri no ho asɛm. Ɛma yehu sɛnea atifi fam hene no ne anafo fam hene no bɛko atia wɔn ho. Sɛnea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no, awiei bere no mu no, anafo fam hene no ne atifi fam hene no “bedi apiapia.”—Dan. 11:40.

6. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ ahemfo mmienu no di apiapia?

6 Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho, efisɛ wɔn mu biara pɛ sɛ odi wiase so tumi. Wo de, hwɛ nea esii wɔ Wiase Ko II no akyi. Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi no nyaa tumi wɔ aman pii a ɛwɔ Europe so. Nea atifi fam hene no yɛe no maa anafo fam hene no ne aman ahorow bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛka wɔn asraafo abom, na wɔatumi ako atia atifi fam hene no. Saa nhyehyɛe no na wɔfrɛ no NATO (North Atlantic Treaty Organization) no. Atifi fam hene no ne anafo fam hene no mu biara sɛe sika pii de yɛ akode akɛse a ɛbɛkyɛn ne yɔnko de. Atifi fam hene no boaa aman a wɔtaa n’akyi ma wɔko tiaa aman a wɔtaa anafo fam hene no akyi wɔ Africa, Asia, ne Latin Amerika, na saa ara nso na anafo fam hene no yɛe. Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no anya aman a ɛwɔ wiase no mu pii so tumi kɛse. Afei nso, wɔyɛ kɔmputa dwumadi ahorow de ko tia anafo fam hene no. Ahemfo yi mu biara bɔ ne yɔnko sobo sɛ wayɛ kɔmputa so dwumadi a ɛbɛma ne yɔnko sikasɛm ayɛ basaa na asɛe nhyehyɛe a wayɛ wɔ n’aban mu nso. Na sɛnea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no, atifi fam hene no kɔ so ko tia Onyankopɔn nkurɔfo.—Dan. 11:41.

ATIFI FAM HENE NO KƆ “ASASE FƐFƐ NO” SO

7. Dɛn ne “asase Fɛfɛ no”?

7 Daniel 11:41 ka sɛ atifi fam hene no bɛkɔ “asase Fɛfɛ no” so. Saa asase no yɛ asase bɛn? Tete no, na wobu Israel asase no sɛ ɛyɛ “asase a ɛso yɛ fɛ sen asase biara.” (Hes. 20:6) Nanso nea na ɛma asase no som bo ne sɛ, ɛhɔ na na nkurɔfo som Yehowa. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, saa “asase” no nyɛ baabi pɔtee bi wɔ asase so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa nkurɔfo wɔ asase so baabiara. Ɛnnɛ, “asase Fɛfɛ no” gyina hɔ ma sɛnea Yehowa nkurɔfo bɔ wɔn bra. Ebi ne sɛnea wɔsom Yehowa wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ne asɛnka adwuma a wɔyɛ no.

8. Dɛn na atifi fam hene no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wakɔ “asase Fɛfɛ no” so?

8 Nna a edi akyiri yi mu no, atifi fam hene no akɔ “asase Fɛfɛ no” so mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ni. Wiase ko a ɛto so mmienu no mu no, na Nasi Germany na ɛyɛ atifi fam hene no. Saa bere no, atifi fam hene no de ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so na okunkum wɔn mu bi. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔkɔɔ “asase Fɛfɛ no” so. Bere a Soviet Union bɛyɛɛ atifi fam hene wɔ Wiase Ko II akyi no, saa ɔhene yi kɔɔ “asase Fɛfɛ no” so; ɔde ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so, na otwaa wɔn asu.

9. Nnansa yi, dɛn na Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔakɔ “asase Fɛfɛ no” so?

9 Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no nso akɔ “asase Fɛfɛ no” so. Dɛn na wɔyɛe? Afe 2017 no, atifi fam hene yi baraa Yehowa nkurɔfo adwuma, na ɔde yɛn nuanom mmarima ne mmea binom guu afiase. Ɔbaraa yɛn nhoma ahorow ne Wiase Foforo Nkyerɛase no nso. Afei nso, ogyee baa dwumadibea a ɛwɔ Russia, ne Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow. Ɔyɛɛ saa wiei no, afe 2018 mu no, Akwankyerɛ Kuw no kaa sɛ Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ne atifi fam hene no. Nanso, sɛ aban bi di Yehowa nkurɔfo ani sɛ dɛn ara mpo a, wɔnsɔre ntia aban no anaa wɔnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wotu aban no gu. Mmom, wɔde Bible afotu a ɛka sɛ wɔmmɔ mpae mma “wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa” no yɛ adwuma. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo no si gyinae a ebetumi ama yɛanya ahofadi asom Yehowa anaa ɛbɛma wɔabara yɛn som no a, saa bere no paa na yɛde saa afotu yi yɛ adwuma.—1 Tim. 2:1, 2.

ATIFI FAM HENE NO BEDI ANAFO FAM HENE NO SO NKONIM ANAA?

10. Atifi fam hene no bedi anafo fam hene no so nkonim anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:40-45 no, nea atifi fam hene no bɛyɛ ho asɛm paa na ɛka. Wei kyerɛ sɛ obedi anafo fam hene no so nkonim anaa? Dabi. Bere a Yehowa ne Yesu bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa wɔ Harmagedon no, na anafo fam hene no da so wɔ hɔ. (Adi. 19:20) Adɛn nti na yetumi si no pi saa? Momma yɛnhwɛ nea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu no kyerɛ.

Bible de Onyankopɔn Ahenni toto ɔbo ho; ɛbɛsɛe nnipa aban nyinaa wɔ Harmagedon. Ohoni kokuroo a ɛwɔ mfoni yi mu no gyina hɔ ma nnipa aban (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Dɛn na Daniel 2:43-45 no ma yehu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

11 Kenkan Daniel 2:43-45. Odiyifo Daniel kaa ohoni kokuroo bi a wɔde dade ahorow ayɛ ho asɛm. Ná ohoni no fã biara gyina hɔ ma aban bi. Saa aban no mu biara yɛɛ biribi ma ɛkaa Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛsono bere a aban yi mu biara dii tumi. Wɔde dade ne dɔte na ɛyɛɛ ohoni no nan ase. Egyina hɔ ma aban a etwa to a ɛno ne Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Saa nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa no, na Britain ne Amerika da so ara redi tumi.

12. Akekaboa no ti a ɛto so nson no gyina hɔ ma dɛn, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu?

12 Ɔsomafo Yohane nso kaa wiase tumidi ahorow a wodii tumi wɔ Yehowa nkurɔfo so ho asɛm. Yohane kaa aban ahorow yi ho asɛm sɛ wɔte sɛ akekaboa bi a ɔwɔ ti nson. Saa aboa yi ti a ɛto so nson no gyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Ehia sɛ yehu wei efisɛ Bible nka sɛ aboa no wɔ ti foforo biara ka ti nson no ho. Bere a Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛba abɛsɛe aboa no ti a ɛto so nson ne aboa no ankasa no, na ti a ɛto so nson no da so ara redi tumi. *Adi. 13:1, 2; 17:13, 14.

DƐN NA ATIFI FAM HENE NO BƐYƐ NNANSA YI ARA?

13-14. Hena ne “Gog a ofi Magog asase so no,” na dɛn na ɛbɛma watow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so?

13 Nkɔm bi a Hesekiel hyɛe ma yehu nea ebetumi asi ansa na wɔasɛe atifi fam hene ne anafo fam hene no. Sɛ yɛfa no sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 38:10-23; Daniel 2:43-45; 11:44–12:1; ne Adiyisɛm 16:13-16, 21 no nyinaa reka nsɛm a ebesisi bere koro mu ho asɛm a, ɛnde yebetumi ahwɛ kwan sɛ nea yɛrebɛka ho asɛm yi besisi.

14 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, emu hɔ baabi no, “asase nyinaa so ahene” anaa aman ahorow bi bɛka wɔn ho abom. (Adi. 16:13, 14; 19:19) Saa aman a wɔbɛka wɔn ho abom no na Bible frɛ no “Gog a ofi Magog asase so no.” (Hes. 38:2) Saa aman a wɔaka wɔn ho abom no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Dɛn na ɛbɛma wɔatow ahyɛ wɔn so? Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a ɛfa nea ebesi saa bere no ho. Ohui sɛ amparuwbo anaa asukɔtweaa akɛse fi soro bɛhwehwee Onyankopɔn atamfo so. Ɛbɛyɛ sɛ saa amparuwbo anaa asukɔtweaa no gyina hɔ ma atemmusɛm a ano yɛ den a Yehowa asomfo bɛka akyerɛ nkurɔfo saa bere no. Ebetumi aba sɛ saa atemmusɛm yi na ɛbɛma Gog a ofi Magog atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase afi asase so.—Adi. 16:21.

15-16. (a) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Daniel 11:44, 45 no fa dɛn ho? (b) Dɛn na ɛbɛto atifi fam hene no ne aman a wɔka ne ho ma wɔyɛ Gog a ofi Magog no?

15 Saa atemmusɛm a ano yɛ den no ne Onyankopɔn atamfo a wɔbɛtow ahyɛ n’asomfo so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ara na Daniel 11:44, 45 ka ho asɛm no. (Kenkan.) Daniel ka wɔ hɔ sɛ, ‘amanneɛbɔ bi a efi apuei ne atifi fam” bɛhaw atifi fam hene no ama wafa “abufuw kɛse.” Atifi fam hene no bɛyɛ n’adwene sɛ “ɔrekɔsɛe nnipa pii.” “Nnipa pii” a wɔde adi dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma Yehowa nkurɔfo. * Ebetumi aba sɛ na Daniel reka sɛnea Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no ho asɛm.

16 Sɛ atifi fam hene no ne aban ahorow a aka no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛbɛma ade nyinaa so Tumfoɔ no bo afuw paa, na afei Harmagedon ko no befi ase. (Adi. 16:14, 16) Saa bere no, atifi fam hene no ne aman a wɔka ne ho ma wɔyɛ Gog a ofi Magog no awiei bɛba, na “ɔrennya ɔboafo biara.”—Dan. 11:45.

Yesu Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛsɛe Satan wiase bɔne yi na wɔagye Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Harmagedon ko no mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Hena ne Mikael, “ɔsafohene kɛse” a wɔka ne ho asɛm wɔ Daniel 12:1 no, na dɛn na ɔyɛ?

17 Sɛnea atifi fam hene no ne aman a wɔtaa n’akyi no awiei bɛba ne sɛnea wobegye yɛn nkwa no, Daniel 12:1 ka ho asɛm pii. (Kenkan.) Dɛn na saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ? Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Hene seesei no, ne din foforo ne Mikael. ‘Wagyina hɔ ama’ Onyankopɔn nkurɔfo fi afe 1914 bere a wɔde n’Ahenni no sii hɔ wɔ soro no. Ɛrenkyɛ koraa, ‘ɔbɛsɔre agyina’ anaa ɔbɛsɛe n’atamfo wɔ Harmagedon ko no mu. Saa ɔko yi na ɛbɛyɛ ade a etwa to a ebesi “ahohia” bere a ebi mmae da a Daniel kaa ho asɛm no. Yohane nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɛka nsɛm a ebesisi a ɛbɛkɔ akɔfa Harmagedon ko no aba ne Harmagedon ko no ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse.”—Adi. 6:2; 7:14.

‘WƆBƐKYERƐW WO DIN WƆ NHOMA NO MU’ ANAA?

18. Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, yebetumi anya akokoduru de agyina ano. Adɛn ntia?

18 Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, yebetumi anya akokoduru de agyina ano efisɛ Daniel ne Yohane ma yehu sɛ, wɔn a wɔyɛ Yesu asuafo na wɔsom Yehowa no benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ebi mmae da no mu. Daniel ka sɛ wɔn a ‘wɔakyerɛw wɔn din wɔ nhoma no mu’ na wobenya wɔn ti adidi mu. (Dan. 12:1) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama wɔakyerɛw yɛn din wɔ saa nhoma no mu? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu, Onyankopɔn Guammaa no mu gyidi. (Yoh. 1:29) Ɛsɛ sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu. (1 Pet. 3:21) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa afoforo ma wosua Yehowa ho ade de kyerɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ, na adɛn ntia?

19 Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’asomfo anokwafo so. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Yɛyɛ saa a, sɛ Onyankopɔn Ahenni no sɛe atifi fam hene ne anafo fam hene no a, wobegye yɛn nkwa.

DWOM 149 Nkonimdi Dwom

^ nky. 5 Hena ne “atifi fam hene no” nnɛ, na sɛn na wɔbɛsɛe no? Sɛ yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama sɔhwɛ a ɛrenkyɛ yebehyia no.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ May 15, 2015, Ɔwɛn-Aban, kr. 27-28.