Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

Kyerɛ Akyɛde Ahorow a Yenhu No Ho Anisɔ

Kyerɛ Akyɛde Ahorow a Yenhu No Ho Anisɔ

Momfa mo ani nsi nneɛma a wonhu so. Efisɛ nneɛma a wohu no yɛ bere tiaa mu de, na nneɛma a wonhu no tena hɔ daa.’—2 KOR. 4:18.

DWOM 45 Me Komam Nsusuwii

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yesu ka faa ademude a ɛwɔ soro ho?

ƐNYƐ akyɛde a Yehowa de ama yɛn nyinaa na yehu. Nokwasɛm ne sɛ, akyɛde a ɛsom bo paa no, yɛmfa yɛn ani nhu. Bepɔw So Asɛnka no mu no, Yesu kaa sɛ ademude a ɛwɔ soro no som bo koraa sen sika anaa ahonyade. Afei ɔkaa sɛ: “Baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mat. 6:19-21) Sɛ yebu biribi sɛ ɛsom bo paa a, yɛn koma bɛka yɛn ama yɛahwehwɛ akyi kwan. Sɛ yenya din pa wɔ Onyankopɔn anim anaa Onyankopɔn gye yɛn tom a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛrehyehyɛ yɛn ademude wɔ soro.’ Yesu kaa sɛ ademude a ɛte saa no, ɛrensɛe da na obiara rentumi nwia.

2. (a) Sɛnea 2 Korintofo 4:17, 18 kyerɛ no, dɛn na Paul hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ani nsi so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ɔsomafo Paul hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a wonhu so.’ (Kenkan 2 Korintofo 4:17, 18.) Nneɛma a wonhu yi bi ne nhyira a yebenya wɔ wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu. Adesua yi mu no, yebehu akyɛde nnan a yɛmfa yɛn ani nhu a yebetumi anya nnɛ. Ɛno ne yɛne Onyankopɔn adamfofa, mpaebɔ, sɛnea Onyankopɔn honhom kronkron boa yɛn, ne mmoa yenya fi soro bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, yebesusuw nea yebetumi ayɛ de akyerɛ nneɛma a yɛmfa yɛn ani nhu yi ho anisɔ.

YƐNE YEHOWA ADAMFOFA

3. Akyɛde a yenhu no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo paa, na dɛn na ɛma yenya saa akyɛde yi?

3 Adamfofa a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ no, ɛno ne akyɛde a yenhu no mu nea ɛsom bo paa. (Dw. 25:14) Ɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no tumi fa nnipa a wɔtɔ sin nnamfo? Nea enti a otumi yɛ saa ne sɛ, Yesu agyede afɔre no ‘yi wiase bɔne fi hɔ.’ (Yoh. 1:29) Ansa na Yehowa rema Yesu abegye adasamma nkwa no, na onim sɛ Yesu bedi nokware akosi owu mu. Ɛno nti na Onyankopɔn tumi faa nnipa a wɔtenaa ase ansa na Kristo rebewu no nnamfo.—Rom. 3:25.

4. Ansa na Yesu reba asase so no, mmarima bi tenaa ase a na wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo. Ka wɔn mu bi ho asɛm.

4 Momma yɛnhwɛ mmarima a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba a na wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo no bi ho asɛm. Ná Abraham yɛ obi a ne gyidi yɛ den paa. Abraham wui no, bɛboro mfe 1,000 akyi Yehowa frɛɛ no “m’adamfo.” (Yes. 41:8) Enti owu mpo rentumi ntetew Yehowa ne ne nnamfo a wɔbɛn no paa ntam. Yehowa ani so de, Abraham da so te ase. (Luka 20:37, 38) Onipa foforo a na ɔyɛ Onyankopɔn adamfo ne Hiob. Bere bi, abɔfo a wɔwɔ soro nyinaa hyiaam, na Yehowa kaa Hiob ho asɛm ma wohui sɛ ɔwɔ ne mu ahotoso. Yehowa kaa Hiob ho asɛm sɛ ɔyɛ “onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:6-8) Daniel nso, ɔman a na ɔte mu no, na emufo som abosom, nanso ɔde nokwaredi som Onyankopɔn bɛyɛ mfe 80. Sɛn na na Yehowa bu Daniel? Onyankopɔn maa abɔfo ka kyerɛɛ Daniel mprɛnsa sɛ ‘ɔpɛ n’asɛm paa.’ (Dan. 9:23; 10:11, 19) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛda Yehowa koma so sɛ obenyan ne nnamfo a wɔawuwu no aba nkwa mu daakye.—Hiob 14:15.

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ akyɛde ahorow a yenhu no ho anisɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

5 Ɛmfa ho sɛ nnipa nyinaa tɔ sin no, wɔn mu mpempem pii ne Yehowa afa adamfo. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ mmarima, mmea ne mmofra pii de wɔn abrabɔ rekyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo. Bible ka sɛ ‘teefo na Yehowa ne wɔn di atirimsɛm.’ (Mmeb. 3:32) Nea ama wɔatumi ne Yehowa afa adamfo ne sɛ wɔwɔ gyidi wɔ Yesu agyede afɔre no mu. Agyede afɔre yi nti, Yehowa ma kwan ma yehyira yɛn ho so ma no na yɛbɔ asu. Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho hia yi a, nnipa mpempem pii a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu sɛ Kristofo no, yɛbɛka wɔn ho. Saa nkurɔfo yi ne otumfoɔ Pumpuni no “di atirimsɛm”!

6. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa?

6 Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn adamfofa no som bo ma yɛn? Sɛnea Abraham ne Hiob dii Onyankopɔn nokware bɛboro mfe ɔha no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi Onyankopɔn nokware ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa wɔ saa wiase bɔne yi mu. Sɛnea Daniel yɛe no, ɛsɛ sɛ yebu yɛne Onyankopɔn adamfofa sɛ ɛsom bo sen yɛn nkwa. (Dan. 6:7, 10, 16, 22) Yehowa mmoa so nti, yebetumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano, na ama yɛayɛ Yehowa adamfo afebɔɔ.—Filip. 4:13.

MPAEBƆ YƐ AKYƐDE

7. (a) Sɛnea Mmebusɛm 15:8 kyerɛ no, sɛn na Yehowa te nka wɔ yɛn mpaebɔ ho? (b) Sɛn na Yehowa bua yɛn mpaebɔ?

7 Akyɛde foforo a yɛmfa yɛn ani nhu ne mpaebɔ. Sɛ obi ne obi fa adamfo a, wɔn mu biara ani gye ho sɛ ɔbɛka ne tirim ne ne komam asɛm akyerɛ ne yɔnko. Saa ara na yɛne Yehowa adamfofa no te. Yehowa nam n’Asɛm no so kasa kyerɛ yɛn, na ɔma yehu n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Yɛn nso, ɔkwan a yɛfa so ne Yehowa kasa ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Yebetumi aka nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu tɔnn akyerɛ no. Yehowa ani gye ho sɛ obetie yɛn mpaebɔ. (Kenkan Mmebusɛm 15:8.) Yehowa yɛ yɛn Adamfo na ɔdɔ yɛn, enti ɛnyɛ tie nko na otie yɛn na mmom obua yɛn mpaebɔ nso. Ɛtɔ da a, mmuae no ba ntɛm. Ɛtɔ da nso a, ebia ehia sɛ yɛbɔ asɛm bi ho mpae bere tenten bi. Nanso, sɛnea ɛte biara yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛfa ɔkwan a eye sen biara so abua yɛn mpaebɔ wɔ bere a ɛsɛ mu. Ebia sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bebua yɛn mpaebɔ no, ɛnyɛ saa na ɔbɛyɛ no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ́ anka obeyi sɔhwɛ bi a yɛrehyia afi hɔ no, ebia ɔbɛma yɛn nyansa ne ahoɔden de “agyina ano.”—1 Kor. 10:13.

(Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Mpaebɔ yɛ akyɛde, na yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ?

8 Mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ? Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ, yebetie Yehowa akwankyerɛ a ɛka sɛ “munnnyae mpaebɔ da” no. (1 Tes. 5:17) Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae. Mmom, ɔde yɛn pɛ ama yɛn, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu denneennen.’ (Rom. 12:12) Enti sɛ yɛbɔ mpae mpɛn pii da biara da a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde yi. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛda Yehowa ase na yɛayi no ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu.—Dw. 145:2, 3.

9. Sɛn na onua bi te nka wɔ mpaebɔ ho, na sɛn na wo nso wote nka wɔ mpaebɔ ho?

9 Sɛ yɛsom Yehowa mfe pii na yehu sɛnea obua yɛn mpae a, ɛsɛ sɛ wei ka yɛn ma yɛkyerɛ mpaebɔ ho anisɔ kɛse. Yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Chris; wayɛ bere nyinaa som adwuma no mfe 47. Chris ka sɛ, “M’ani gye ho sɛ mɛsɔre anɔpatutuutu na magye bere abɔ Yehowa mpae. Sɛ owia repue anɔpa na ɛtɔ obosu a agugu nhwiren so a, ɛyɛ fɛ paa. Sɛ me ne Yehowa kasa saa bere no a, ɛma me ho dwo me paa! Wei ka me koma ma meda no ase sɛ wama me hokwan a mitumi ne no kasa wɔ mpaebɔ mu, na meda no ase wɔ nneɛma foforo a ɔde akyɛ me nyinaa ho. Afei sɛ merekɔda na mebɔ mpae a, ɛma mitumi de ahonim pa kɔ me kɛtɛ so.”

HONHOM KRONKRON YƐ AKYƐDE

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn honhom kronkron ho anisɔ?

10 Onyankopɔn honhom kronkron yɛ akyɛde a yɛmfa yɛn ani nhu a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Yesu kaa sɛ yɛnkɔ so mmɔ mpae nsrɛ honhom kronkron. (Luka 11:9, 13) Yehowa nam ne honhom no so ma yɛn ahoɔden, na ɔma yenya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7; Aso. 1:8) Ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, Onyankopɔn betumi de ne honhom no aboa yɛn.

(Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Sɛn na honhom kronkron betumi aboa yɛn?

11 Honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛayɛ adwuma biara wɔ Onyankopɔn som mu. Nimdeɛ ne ɔdom akyɛde a yɛwɔ no, Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛde ayɛ adwuma ama yɛatu mpɔn. Asɛyɛde biara a ɛhyɛ yɛn nsa sɛ Kristofo no, honhom kronkron boa yɛn ma yɛyɛ no yiye. Biribiara a yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu no, yenim paa sɛ, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom a anka yɛrentumi nyɛ.

12. Sɛnea Dwom 139:23, 24 kyerɛ no, dɛn na yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa yɛn mma yɛnyɛ?

12 Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn honhom kronkron ne sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne biara a ɛwɔ yɛn koma mu. (Kenkan Dwom 139:23, 24.) Sɛ yɛsrɛ Yehowa a, ɔno nso de ne honhom no bɛboa yɛn ama yɛahu nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne biara a ɛwɔ yɛn komam. Afei, sɛ yehu sɛ nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne bi wɔ yɛn komam a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔde ne honhom no boa yɛn ma yenya ahoɔden de ko tia nsusuwii bɔne anaa akɔnnɔ bɔne no. Wei bɛma Yehowa ahu sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛma ɔde ne honhom kronkron no akame yɛn.—Efe. 4:30.

13. Dɛn na yɛbɛyɛ na anisɔ a yɛwɔ ma honhom kronkron no ayɛ kɛse?

13 Sɛ yedwinnwen nea Yehowa nam honhom kronkron so reyɛ wɔ yɛn bere yi mu ho a, ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma honhom kronkron no ayɛ kɛse. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Saa asɛm yi aba mu pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn bere yi mu. Honhom kronkron no aboa ama wɔaboaboa nnipa bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe ne fã ano afi wiase afanan nyinaa ama wɔresom Yehowa. Afei nso, yɛwɔ honhom fam paradise efisɛ Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yenya suban a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. Saa suban ahorow yi na ɛka bom yɛ “honhom no aba.” (Gal. 5:22, 23) Honhom kronkron yɛ akyɛde a ɛsom bo ampa!

YENYA MMOA FI SORO BERE A YƐREYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

14. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, mmoa bɛn na yenya a yɛmfa yɛn ani nhu?

14 Yɛanya hokwan ne Yehowa, Yesu, ne abɔfo no ‘abom reyɛ adwuma.’ Wei nso yɛ akyɛde a yɛmfa yɛn ani nhu. (2 Kor. 6:1) Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, na yɛne wɔn reyɛ adwuma. Paul kaa sɛ, ɔne wɔn a wɔyɛ saa adwuma yi bi no yɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛyɛ ɔsom adwuma a wɔde ama Kristofo yi bi a, yɛyɛ Yesu mfɛfo adwumayɛfo nso. Kae sɛ bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no, ɔka kaa ho sɛ, “me ne mo wɔ hɔ.” (Mat. 28:19, 20) Dɛn na abɔfo no nso yɛ? Abɔfo no kyerɛ yɛn kwan bere a yɛreka “daa asɛmpa . . . akyerɛ wɔn a wɔte asase so” no. Wei yɛ anigyesɛm paa!—Adi. 14:6.

15. Ma nhwɛso bi a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa di yɛn asɛnka adwuma no mu akoten.

15 Dɛn na mmoa a yenya fi soro no boa yɛn ma yetumi yɛ? Sɛ yegu Ahenni aba no a, aba no bi gu nnipa a wɔwɔ koma pa mu ma enyin. (Mat. 13:18, 23) Hena na ɔma nokware aba no nyin na ɛsow aba? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ obi betumi abedi n’akyi a, gye sɛ ‘Agya no twe no.’ (Yoh. 6:44) Yehu wei ho nhwɛso wɔ Bible mu. Kae sɛ bere bi Paul dii mmea bi a na wɔwɔ Filipi kurotia adanse. Hwɛ nea Bible ka fa wɔn mu baako a wɔfrɛ no Lidia ho. Ɛka sɛ: “Yehowa buee ne koma mu fann ma ɔyɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kae no.” (Aso. 16:13-15) Sɛnea Yehowa twee Lidia no, ɛnnɛ nso, watwe nnipa mpempem.

16. Adepa biara a ebefi yɛn asɛnka adwuma no mu aba no, hena na ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo no ma no?

16 Adepa biara a ebefi yɛn asɛnka adwuma no mu aba no, hena paa na ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo no ma no? Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Korintofo asafo no, ɔmaa saa asɛm yi ho mmuae wom. Ɔkaa sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔma enyinii; enti ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi na ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” (1 Kor. 3:6, 7) Sɛnea Paul yɛe no, adepa biara a ebefi yɛn asɛnka adwuma mu aba no, ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo no ma Yehowa.

17. Hokwan a yɛanya ne Onyankopɔn, Kristo, ne abɔfo ‘abom reyɛ adwuma’ no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ?

17 Hokwan a yɛanya ne Onyankopɔn, Kristo, ne abɔfo ‘abom reyɛ adwuma’ no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ? Nea yebetumi ayɛ ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho ahwehwɛ hokwan biara de aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ saa. Ebi ne sɛ yebedi adanse wɔ “baguam ne afie afie.” (Aso. 20:20) Anuanom pii nso ani gye ho sɛ wobedi adanse bɔnnɔ so. Sɛ wohyia obi a wonnim no a, wokyia no kama na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Sɛ onii no tew n’anim a, wɔfa kwan bi so ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ no.

(Hwɛ nkyekyɛm 18) *

18-19. (a) Nokware aba a yegu no, yɛyɛ dɛn gugu so nsu? (b) Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa boaa Bible suani bi.

18 Yɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo,” enti ɛnsɛ sɛ yegu nokware aba no kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yegugu so nsu nso. Sɛ obi kyerɛ sɛ n’ani gye asɛmpa no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara san kɔ onii no nkyɛn anaa yɛyɛ nhyehyɛe ma obi kɔ ne nkyɛn. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛne no fi Bible adesua ase. Sɛ yɛne Bible suani no kɔ so sua ade na yehu sɛ Yehowa reboa no ama wayɛ nsakrae wɔ sɛnea osusuw nneɛma ho ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho a, ɛma yɛn ani gye.

19 Yɛnhwɛ Raphalalani a ɔwɔ South Africa; ná ɔyɛ ɔkɔmfo. Bere a ofii ase suaa Bible no, na n’ani gye nea ɔresua no ho paa. Nanso bere a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm na ohui sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne nananom a wɔawuwu kasa no, na ɛyɛ den ma no paa sɛ obegye atom. (Deut. 18:10-12) Nkakrankakra ɔmaa Onyankopɔn boaa no ma ɔsesaa n’adwene. Akɔmfo adwuma no ara na na ɔyɛ de didi, nanso akyiri yi, otumi gyaee. Seesei Raphalalani adi mfe 60. Ɔka sɛ: “Yehowa Adansefo aboa me wɔ akwan pii so, na wɔaboa me ama manya adwuma nso. Meda wɔn ase paa. Aseda kɛse no kɔ ma Yehowa. Waboa me ama masesa m’abrabɔ, na seesei mabɔ asu abɛyɛ Yehowa Danseni. Me nso mitumi ka asɛmpa no kyerɛ afoforo.”

20. Dɛn na woasi w’adwene pi sɛ wobɛyɛ?

20 Adesua yi mu no, yɛasusuw akyɛde nnan a yɛmfa yɛn ani nhu ho. Hokwan a yɛanya sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo paa no, ɛno ne akyɛde yi nyinaa mu nea ɛsom bo paa. Ɛno ma yenya akyɛde a aka a yɛmfa yɛn ani nhu no so mfaso. Ɛno ne hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae, honhom kronkron a ɔde boa yɛn, ne mmoa a yenya fi soro bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no. Momma yensi yɛn adwene pi sɛ akyɛde a yɛmfa yɛn ani nhu yi, yɛbɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛbɛda Yehowa ase sɛ ɔyɛ Adamfo pa saa.

DWOM 145 Onyankopɔn Ahyɛ Paradise Ho Bɔ

^ nky. 5 Adesua a edi wei anim no, yesusuw akyɛde ahorow bi a Onyankopɔn de ama yɛn a yetumi hu no ho. Adesua yi mu no, yɛbɛka akyɛde ahorow bi a yenhu ne sɛnea yɛbɛkyerɛ ho anisɔ ho asɛm. Afei nso, ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama Yehowa Nyankopɔn a ɔde saa akyɛde yi nyinaa ama yɛn no.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (1) Onuawa bi rehwɛ Yehowa abɔde, na ɔredwinnwen ɔne Yehowa adamfofa ho.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (2) Onuawa koro no ara resrɛ Yehowa sɛ ɔmma no akokoduru mma ontumi nni adanse.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (3) Yehowa de ne honhom kronkron aboa onuawa no ama wanya akokoduru de reka Ahenni no ho asɛm wɔ bɔnnɔ so.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: (4) Onuawa no ne ɔbea a odii no adanse wɔ bɔnnɔ so no reyɛ Bible adesua. Abɔfo reboa onuawa no ama waka asɛmpa no na wayɛ asuafo.