Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahosodi—Ehia Na Ama Yehowa Agye Yɛn Atom

Ahosodi—Ehia Na Ama Yehowa Agye Yɛn Atom

“Bere bi, me maame nua ba bi bɛkaa me ntɔkwaw; ɛhɔ ara na mesoo ne mene miaa ne kɔn. Ná mepɛ sɛ mekum no.”—Paul.

“Asɛm ketewa biara a ebesi wɔ fie no na me koko apae. Ɛba saa a, na mibubu nkongua ne apon, sɛesɛe nneɛma a mmofra de di agorɔ; biribiara a me nsa beso mu biara na mesɛe no.”—Marco.

Ebia yɛn de, yɛrenyɛ ade mma ɛntra so saa. Nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma yɛn nyinaa sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Nea enti paa a ɛte saa ne sɛ, Adam, onipa a Onyankopɔn dii kan bɔɔ no no de bɔne awo yɛn. (Rom. 5:12) Ebinom wɔ hɔ a, wɔte sɛ Paul ne Marco a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no; biribi ketewaa bi a na wɔn bo afuw. Afoforo nso de, nneɛma a ɛma wɔbɔ hu anaa ebu wɔn abam na wodwen ho bere nyinaa. Ebinom nso, sɛ biribi yɛ wɔn sɛ wɔmmɔ aguaman, wɔnwe nsã, anaa wɔnnom nnubɔne a, wontumi nhyɛ wɔn ho so.

Wɔn a wɔnhyɛ wɔn ho so na wodi wɔn nsusuwii ne wɔn akɔnnɔ akyi, na wɔyɛ nea wɔpɛ no, ebetumi ama wɔn abrabɔ ayɛ basaa. Nanso yebetumi ayɛ ho biribi na anwie yɛn saa. Dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛne sɛ yebenya ahosodi anaa yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmiɛnsa bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. (1) Dɛn ne ahosodi? (2) Adɛn nti na ɛho hia? (3) Ahosodi yɛ “honhom no aba” no fã, na yɛbɛyɛ dɛn anya saa suban no bi? (Gal. 5:22, 23) Afei, sɛ yɛantumi anhyɛ yɛn ho so a, dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ? Yebesusuw ɛno nso ho.

DƐN NE AHOSODI?

Sɛ obi wɔ ahosodi anaa ɔhyɛ ne ho so a, ɛnyɛ nea ɛbɛba ne mu sɛ ɔnyɛ biara na ɔyɛ. Mmom, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔrenka asɛm bi anaa ɔrenyɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho.

Yesu hyɛɛ ne ho so

Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ahosodi anaa ɔhyɛ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛn? Yesu yɛɛ ho nhwɛso maa yɛn. Bible ka sɛ: “Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:23) Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnduam a n’atamfo dii ne ho fɛw no, ɔhyɛɛ ne ho so. (Mat. 27:39-44) Bere bi, nyamesom akannifo a na wɔtan Yesu no yɛe ara sɛ wobenya biribi wɔ ne kasa mu de asum no afiri, nanso ɔhyɛɛ ne ho so paa. (Mat. 22:15-22) Bere foforo nso, Yudafo bi bo fuwii ma wɔtasee abo sɛ wɔrebɛtotow abɔ Yesu, nanso ɔhyɛɛ ne ho so. Yesu anyɛ wɔn bɔne, na mmom ‘ɔde ne ho siei, na ofii asɔrefie hɔ kɔe.’—Yoh. 8:57-59.

Yebetumi asuasua nea Yesu yɛe no anaa? Yiw, yebetumi asuasua no. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: ‘Kristo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Pet. 2:21) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso yebetumi adi Yesu anammɔn akyi pɛɛ na yɛasuasua sɛnea ɔhyɛɛ ne ho so no. Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa?

ADƐN NTI NA AHOSODI HO HIA?

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa gye yɛn tom a, ɛsɛ sɛ yenya ahosodi anaa yɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛde nokwaredi asom Yehowa mfe pii mpo na sɛ yɛanhwɛ nsɛm a yɛka ne nea yɛyɛ yiye a, ebetumi asɛe yɛne ne ntam.

Ma yɛnhwɛ Mose. Ne bere so no, ‘na ɔyɛ ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.’ (Num. 12:3) Israelfo no nnwiinwii mfe pii, ne nyinaa akyi no, Mose nyaa wɔn ho abotare. Nanso da bi de, wantumi anhyɛ ne ho so. Israelfo no san nnwiinwii sɛ wonnya nsu, na ɛmaa Mose bo fuwii. Enti Mose teɛteɛɛ ɔman no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie, mo atuatewfo! Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?”—Num. 20:2-11.

Mose antumi anhyɛ ne ho so. Yehowa na ɔyɛɛ anwonwade maa ɔman no nyaa nsu, nanso Mose anhyɛ no anuonyam. (Dw. 106:32, 33) Wei nti, Yehowa amma wankɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Num. 20:12) Efi saa bere no ara kosii sɛ Mose wui no, ebetumi aba sɛ onuu ne ho sɛ wantumi anhyɛ ne ho so.—Deut. 3:23-27.

Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ mpo na sɛ obi hyɛ yɛn abufuw anaa ehia sɛ yɛteɛ obi so a, ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛkasa atia no. (Efe. 4:32; Kol. 3:12) Ɛwom, sɛ yɛrenyin a, ɛtɔ da a ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebenya afoforo ho abotare. Nanso kae nea ɛtoo Mose. Sɛ yɛanhyɛ yɛn ho so wɔ biribi ho a, ebetumi ama nokwaredi a yɛde asom Yehowa mfe pii no ayɛ kwa, nanso yɛmpɛ sɛ ɛba saa da. Ahosodi yɛ suban a ɛho hia, na yɛbɛyɛ dɛn anya bi?

YƐBƐYƐ DƐN ANYA AHOSODI?

Bɔ mpae srɛ honhom kronkron. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? Efisɛ ahosodi yɛ Onyankopɔn honhom no aba no fã, na Yehowa de ne honhom ma wɔn a wobisa no. (Luka 11:13) Yehowa betumi afa ne honhom no so aboa wo ama woatumi ahyɛ wo ho so. (Filip. 4:13) Afei nso, honhom no aba no, ne fã foforo ne ɔdɔ. Enti Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya ɔdɔ, na ɛno bɛboa ama yɛatumi ahyɛ yɛn ho so.—1 Kor. 13:5.

Biribiara a ɛremma wuntumi nhyɛ wo ho so no, twe wo ho fi ho

Biribiara a ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so no, twe wo ho fi ho. Ebi ne Intanɛt wɛbsaet a nneɛma bɔne wɔ so ne anigyede a wɔyɛ nneɛma bɔne wom; ne nyinaa ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. (Efe. 5:3, 4) Biribiara a ebetumi atwetwe yɛn ama yɛayɛ bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho ɔkwan biara so. (Mmeb. 22:3; 1 Kor. 6:12) Ɛho nhwɛso ne sɛ, obi a ɛyɛ mmerɛw sɛ biribi bɛsɔ no ahwɛ ama wabu brabɔne no, ɛnsɛ sɛ ɔkenkan nhoma anaa ɔhwɛ sini a ɛka ɔdɔ ho nsɛm koraa.

Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛde saa afotu yi bɛyɛ adwuma. Nanso sɛ yɛyere yɛn ho a, Yehowa bɛma yɛn ahoɔden ama yɛatumi ahyɛ yɛn ho so. (2 Pet. 1:5-8) Ɔbɛboa yɛn ama yɛahwɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe yiye, na yɛanni yɛn nsusuwii nso akyi. Paul ne Marco a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, wɔn mu biara tumi hyɛɛ ne ho so na wanyɛ basabasa bio. Wei ma yehu sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Yɛnhwɛ onua foforo nso. Sɛ ɔreka kar a, na nea adrɔbafo afoforo yɛ taa hyɛ no abufuw; wobɛhwɛ mpo na ɔne wɔn reham. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ɔka sɛ: “Da biara na mebɔ mpae paa. Misuaa asafo nhoma a ɛka ahosodi ho asɛm, na mekyeree Bible mu nsɛm a ɛbɛboa me guu me tirim. Ɛwom sɛ mayɛ wei ho adwuma mfe pii de, nanso anɔpa biara ɛsɛ sɛ mekae me ho sɛ ehia sɛ mehyɛ me ho so. Afei nso sɛ merekɔ baabi a, mifi fie ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a merempere me ho.”

SƐ YƐANTUMI ANHYƐ YƐN HO SO A, DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ?

Ɛtɔ da a, yɛrentumi nhyɛ yɛn ho so. Ɛba saa a, ebia aniwu nti yɛrentumi mmɔ Yehowa mpae. Nanso, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn. Enti ntwentwɛn so koraa sɛ wobɛbɔ mpae. Srɛ Yehowa sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo, hwehwɛ ne mmoa, na si w’adwene pi sɛ worenni saa mfomso no bio. (Dw. 51:9-11) Sɛ wobɔ mpae sɛ Yehowa nhu wo mmɔbɔ a, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ Yehowa rentie. (Dw. 102:17) Ɔsomafo Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn Ba no mogya “hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:7; 2:1; Dw. 86:5) Kae sɛ Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ mpɛn dodow biara a obi bɛyɛ yɛn bɔne no, yɛmfa nkyɛ no. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nso ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.—Mat. 18:21, 22; Kol. 3:13.

Bere a Mose antumi anhyɛ ne ho so bere tiaa bi wɔ sare no so no, Yehowa bo fuwii. Nanso, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. Afei nso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ Mose yɛ obi a na ɔwɔ gyidi kɛse a ɛsɛ sɛ yesuasua no. (Deut. 34:10; Heb. 11:24-28) Yehowa amma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asase no so, nanso ɔbɛma no kwan ama wabɛtena Paradise wɔ asase so na wanya anidaso sɛ ɔbɛtena ase daa. Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebenya ahosodi anaa yɛbɛhyɛ yɛn ho so a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛbɛtena ase daa.—1 Kor. 9:25.