Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

Mmu Wo Ho Ntra So

Mmu Wo Ho Ntra So

‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene.’—ROM. 12:3.

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea Filipifo 2:3 kyerɛ no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, adɛn nti na ɛbɛma yɛne afoforo ntam ayɛ papa?

YENIM sɛ Yehowa na onim nea ɛyɛ ma yɛn, enti yɛbrɛ yɛn ho ase di ne mmara so. (Efe. 4:22-24) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛde nea yɛpɛ bɛto nkyɛn na yɛayɛ nea Yehowa pɛ, na yɛabu afoforo nso sɛ wɔkyɛn yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛne Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo ntam ayɛ papa.—Kenkan Filipifo 2:3.

2. Dɛn na ɔsomafo Paul gye toom, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebesuasua nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu a wɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya no. * Ɛbɛyɛ sɛ tete Kristofo no bi suasuaa saa suban no, efisɛ ɔsomafo Paul kyerɛw Romafo no sɛ: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene.’ (Rom. 12:3) Paul gye toom sɛ ehia sɛ yebu yɛn ho de, nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa yɛn na yɛammu yɛn ho antra so. Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa bi ho, na ɛbɛma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho tra so. Ɛno ne (1) yɛn aware, (2) hokwan a yɛwɔ wɔ Yehowa asafo no mu, ne (3) sɛnea yɛde sohyial media di dwuma.

BRƐ WO HO ASE WƆ W’AWARE MU

3. Adɛn nti na akasakasa betumi aba awarefo ntam, na dɛn na ebinom yɛ de siesie?

3 Nea enti a Yehowa hyehyɛɛ aware ne sɛ ɛbɛma okunu ne ɔyere ani agye. Nanso obiara nyɛ pɛ, enti akasakasa betumi aba awarefo ntam. Paul kaa sɛ wɔn a wɔbɛware no ho behiahia wɔn. (1 Kor. 7:28) Awarefo bi wɔ hɔ a da biara na wɔreko, na ebia wɔn mu biara bɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ wo na anka ɛsɛ sɛ meware wo.’ Sɛ wɔanya wiase no adwene no bi a, nea ɛbɛba wɔn tirim ara ne sɛ ɛsɛ sɛ wogyae aware. Ebia wobenya adwene sɛ ade a ɛho hia paa ne sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ ama wɔn ho atɔ wɔn.

4. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

4 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aware fono yɛn. Yenim sɛ ade baako pɛ a ebetumi ama obi agyae aware ne aguamammɔ. (Mat. 5:32) Enti sɛ yehyia ahohia a Paul kaa ho asɛm no wɔ yɛn aware mu a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan na yebisa sɛ: ‘Aware yi, dɛn paa na manya afi mu? Me kunu anaa me yere dɔ me sɛnea ɛsɛ anaa? Minya obi foforo a, sɛ anka m’ani begye asen sei oo?’ Sɛ yenya saa adwene yi a ɛkyerɛ sɛ yedwen yɛn nko ara yɛn ho, na yennwen yɛn hokafo ho. Nnipa a wɔnsom Yehowa bɛka akyerɛ wo sɛ di wo koma akyi na yɛ nea ɛbɛma w’ani agye; sɛ ɛbɛma w’aware agu mpo a, yɛ na wo ho ntɔ wo. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ wo sɛ ‘nhwɛ nneɛma a ɛfa wo nko ara ho, na mmom hwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’ (Filip. 2:4) Yehowa pɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara ma w’aware gyina, na ɔmpɛ sɛ wugyae aware. (Mat. 19:6) Yehowa pɛ sɛ wudwen nea ɔpɛ ho, na ɛnyɛ nea wopɛ.

5. Sɛnea Efesofo 5:33 ma yehu no, sɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere tena?

5 Sɛ woaware a, ɛsɛ sɛ wodɔ wo yere anaa wo kunu na wubu no. (Kenkan Efesofo 5:33.) Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛbɛyɛ ama afoforo ho hia yɛn sen nea yebenya afi wɔn hɔ. (Aso. 20:35) Suban bɛn na ɛbɛboa awarefo ama wɔadodɔ wɔn ho na wɔanya obu ama wɔn ho? Ɛne sɛ wobenya ahobrɛase. Sɛ ɔwarefo bi brɛ ne ho ase a, ɔrenhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ɔbɛhwehwɛ “ne yɔnko nso de.”—1 Kor. 10:24.

Sɛ awarefo bi brɛ wɔn ho ase a, wɔrensi akan na mmom wɔbɛyɛ adwuma abom (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Dɛn na wusua fi nea Steven ne Stephanie kae no mu?

6 Esiane sɛ Kristofo awarefo pii brɛ wɔn ho ase nti, wɔn ani gye wɔ wɔn aware mu paa. Yɛnhwɛ ɔbarima warefo bi a ne din Steven. Ɔka sɛ: “Sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu taa bom yɛ ade, na sɛ muhyia ɔhaw a, ɛrenyɛ den sɛ mobɛka mo ti apam ho asiesie. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ wudwen sɛ ‘dɛn na ɛbɛboa me?’ na mmom nea ɛsɛ sɛ wudwen ho ne sɛ ‘dɛn na ɛbɛboa yɛn?’” Steven yere Stephanie nso ne no yɛ adwene. Stephanie ka sɛ: “Obi a ɔpɛ akyinnyegye de, hena na ɔpɛ sɛ ɔne no tena? Sɛ akasakasa bi ba yɛn ntam a, yɛhwɛ nea ɛkɔfa bae. Afei yɛbɔ mpae, yɛyɛ nhwehwɛmu, na yɛhwɛ nea yɛbɛyɛ wɔ ho. Asɛm no na yɛhwɛ siesie, na yɛnkasa ntia yɛn ho.” Sɛ awarefo no mu biara annya adwene sɛ ne ho hia sen ne yɔnko a, ɛbɛma wɔn ani agye paa.

FA ‘AHOBRƐASE’ SOM YEHOWA

7. Sɛ onua bi nya hokwan wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

7 Hokwan biara a yebenya wɔ Yehowa som mu no, yebu no sɛ ɛsom bo. (Dw. 27:4; 84:10) Sɛ onua bi tu ne ho si hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya hokwan pii wɔ asafo no mu a, ɔfata nkamfo. Bible ka sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa.” (1 Tim. 3:1) Nanso, sɛ wɔde asɛyɛde bi hyɛ ne nsa a, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra so. (Luka 17:7-10) Ɛsɛ sɛ ɔde yɛ ne botae sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase asom afoforo.—2 Kor. 12:15.

8. Nea Diotrefe, Usia, ne Absalom yɛe no, dɛn na yesua fi mu?

8 Bible ka nnipa bi a na wobu wɔn ho tra so ho asɛm, na nea wɔyɛe no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Ná Diotrefe nni ahobrɛase, enti na ɔpɛ sɛ “odi kan” wɔ asafo no mu. (3 Yoh. 9) Ahantan nti, Usia yɛe sɛ ɔbɛyɛ adwuma bi a Yehowa mfa nhyɛɛ ne nsa. (2 Be. 26:16-21) Esiane sɛ na Absalom pɛ sɛ ɔyɛ ɔhene nti, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔpɛ ɔmanfo no asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtaa n’akyi. (2 Sam. 15:2-6) Bible mu nsɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa ani nnye nnipa a wɔpɛ sɛ wonya anuonyam ho. (Mmeb. 25:27) Sɛ obi yɛ ahantan ne ahomaso a, ebewie no bɔne.—Mmeb. 16:18.

9. Dɛn na Yesu yɛe a yebetumi asuasua?

9 Momma yɛnhwɛ Yesu; wanyɛ n’ade te sɛ wɔn a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no. Ɔno de, “ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.” (Filip. 2:6) Yehowa akyi no, Yesu ne obi a ɔwɔ tumi paa, nanso wammu ne ho antra so. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.” (Luka 9:48) Akwampaefo, asafo mu asomfo ne mpanyimfo, ne amansin so ahwɛfo a wosuasua sɛnea Yesu brɛ ne ho ase no, sɛ yɛne wɔn bom som a, ɛyɛ nhyira! Yesu kaa sɛ ɔdɔ na ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn asomfo. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa ama ɔdɔ atena yɛne yɛn nuanom ntam.—Yoh. 13:35.

10. Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ asafo no mu na ɛyɛ wo sɛ asafo mu mpanyimfo nni ho dwuma yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

10 Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ asafo no mu na ɛyɛ wo sɛ asafo mu mpanyimfo nni ho dwuma yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na wotaa wɔn a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu akyi, na ɛnsɛ sɛ wunwiinwii. (Heb. 13:17) Nea ɛbɛboa wo ama woayɛ saa no, bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛyɛ me sɛ ɛnkɔ yiye wɔ asafo no mu no, sɛ wɔanyɛ ho biribi a ɛbɛhaw adwene anaa? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi anaa? Ɛyɛ me na ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi anaa? Nea mereyɛ yi, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, anaa anuonyam a merepɛ nti na mereyɛ saa?’

Wɔn a wɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa no, ɛnyɛ wɔn nimdeɛ nko na ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu, na mmom ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase nso (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Sɛnea Efesofo 4:2, 3 kyerɛ no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase som Yehowa a, dɛn na ebefi mu aba?

11 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, Yehowa ani gye ho sen nimdeɛ biara a yɛwɔ. Afei sɛ baakoyɛ wɔ yɛn mu a, ɛho hia Yehowa sen sɛ yɛbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Enti, yɛ nea wubetumi nyinaa fa ahobrɛase som Yehowa. Woyɛ saa a, wobɛboa ama baakoyɛ atena asafo no mu. (Kenkan Efesofo 4:2, 3.) Yere wo ho yɛ asɛnka adwuma no. Hwehwɛ akwan a wobɛfa so asom afoforo, na yɛ nneɛma pa ma wɔn. Som obiara hɔho; wɔn a wonni asɛyɛde wɔ asafo no mu mpo, som wɔn. (Mat. 6:1-4; Luka 14:12-14) Sɛ wobrɛ wo ho ase na wo ne wo nuanom Kristofo bom yɛ adwuma a, wobehu sɛ wowɔ nimdeɛ na wobrɛ wo ho ase nso.

NHOAHOA WO HO WƆ SOHYIAL MEDIA SO

12. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nnamfo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo mmɔ fekuw mma yɛn ani nnye. (Dw. 133:1) Ná Yesu wɔ nnamfo pa. (Yoh. 15:15) Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛwɔ nnamfo pa a, ɛboa yɛn. (Mmeb. 17:17; 18:24) Afei nso Bible ka sɛ, sɛ yɛtew yɛn ho a, ɛremmoa yɛn. (Mmeb. 18:1) Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔkɔ sohyial media so a, wobenya nnamfo pii, na ɛremma wɔnte nka sɛ wɔyɛ ankonam. Nanso sɛ yɛkɔ sohyial media so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa.

13. Nnipa a wɔkɔ sohyial media so no, adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ wɔn mu binom bɛyɛ ankonam anaa wobenya adwenemhaw?

13 Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔde bere pii kyinkyin sohyial media so no, ebewie ase no na wɔayɛ ankonam anaa wɔanya adwenemhaw. Adɛn ntia? Ade baako a ɛma ɛba saa ne sɛ, ɛyɛ a nkurɔfo taa de nneɛma a ɛkɔ yiye wɔ wɔn asetenam ho mfoni gu sohyial media so. Ebi yɛ wɔn ankasa mfoni, mfoni a wɔne wɔn nnamfo atwa, ne mmeae a ɛyɛ fɛ a wɔakɔsrasra. Sɛ obi hwɛ saa mfoni yi a, anhwɛ a obenya adwene sɛ ne mfɛfo rekɔ gyaw no, na n’ani nnye. Onuawa bi a wadi mfe 19 ka sɛ: “Bere a mihui sɛ afoforo regye wɔn ani Memeneda ne Kwasida, na me de mete fie a menyɛ hwee no, ɛma metee nka sɛ m’ani nnye.”

14. Sɛn na asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:8 betumi aboa yɛn na yɛkɔ sohyial media so a, yɛayɛ yɛn ade nyansam?

14 Ɛwom, sohyial media tumi boa yɛn ma yɛne yɛn mmusua ne yɛn nnamfo di nkitaho. Nanso sɛ woahyɛ no nsow a, nneɛma a nkurɔfo de gu sohyial media so no, ɛma obiara adwene ba wɔn so. Asɛm a wɔrepɛ aka ara ne sɛ, “Obiara nhwɛ me.” Sɛ obi de ne mfoni anaa afoforo mfoni gu sohyial media so, na ɔrekyerɛw ho asɛm a, ɛyɛ a nsɛm no bi yɛ asefem. Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛyɛ saa, efisɛ wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase na yennya tema mma afoforo.—Kenkan 1 Petro 3:8.

Nneɛma a mede gu sohyial media so no, ebetumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ merehoahoa me ho anaa mebrɛ me ho ase? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Sɛn na Bible no betumi aboa yɛn na yɛamma yɛn ho so?

15 Sɛ wokɔ sohyial media so a, bisa wo ho sɛ: ‘Nsɛm a mekyerɛw wɔ sohyial media so, ne mfoni ne video a me de gu so no, ebetumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ merehoahoa me ho anaa? Nea mereyɛ no betumi ama nkurɔfo ani abere me anaa?’ Bible ka sɛ: “Nea ɛwɔ wiase biara—ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho— emfi Agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yoh. 2:16) Bible nkyerɛase foforo bi kyerɛ asɛm “asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” ase sɛ “obi bɛyɛ ne ho sɛ ne ho hia ara ma.” Kristofo de, wohu sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛma wɔn ho so. Wɔde afotu a ɛwɔ Bible mu yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi akan, mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.” (Gal. 5:26) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremma yɛn ho so na yɛrenhoahoa yɛn ho te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu no.

‘SUSUW NNEƐMA HO SƐNEA ƐBƐYƐ A W’ADWENE MU BƐDA HƆ’

16. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan?

16 Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase efisɛ sɛ obi ma ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ ‘n’adwenem nna hɔ.’ (Rom. 12:3) Ahantanfo pɛ mansotwe ne anuonyamhunu. Nneɛma a wodwinnwen ho ne nea wɔyɛ taa haw wɔn ankasa ne afoforo. Sɛ obi te saa na wansesa sɛnea osusuw nneɛma ho a, Satan bɛdaadaa no na wasɛe n’adwene. (2 Kor. 4:4; 11:3) Nanso, obi a ɔbrɛ ne ho ase de, n’adwenem da hɔ. Ommu ne ho ntra so, na mmom ogye tom sɛ afoforo kyɛn no wɔ nneɛma pii mu. (Filip. 2:3) Onim nso sɛ “Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Pet. 5:5) Obi a n’adwenem da hɔ biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ Yehowa ne no di asi.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase?

17 Sɛ yebetumi akɔ so abrɛ yɛn ho ase a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible afotu a edi so yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “[Yenyi] nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na [yɛnhyɛ] nipasu foforo” no. Egye adwumaden na yɛatumi ayɛ saa. Ɛsɛ sɛ nhwɛso a Yesu yɛe no, yesua ho ade, na yɛyɛ nea yebetumi biara di n’anammɔn akyi. (Kol. 3:9, 10; 1 Pet. 2:21) Sɛ yetumi yɛ saa a, yebenya so mfaso paa. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛma yɛn abusua ani agye, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, na ɛbɛboa yɛn na yɛanhoahoa yɛn ho wɔ sohyial media so. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, Yehowa behyira yɛn na wagye yɛn atom.

DWOM 117 Papayɛ

^ nky. 5 Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nnipa a wɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya ahyɛ mu ma. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansuasua wɔn suban. Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa bi ho, na ɛbɛma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho tra so.

^ nky. 2 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Obi a ɔyɛ ahantan dwen ɔno ara ho sen afoforo. Enti obi a ɔyɛ ahantan yɛ pɛsɛmenkominya. Nanso sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔnyɛ pɛsɛmenkominya. Sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso na ommu ne ho sɛ ne ho hia sen afoforo.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi tumi ma ɔkasa wɔ nhyiam akɛse ase, na ɔhwɛ adwuma a anuanom yɛ so. Saa ɔpanyin yi ani gye ho sɛ obedi anim ama wɔayɛ asɛnka adwuma no na wɔasiesie Ahenni Asa so.