Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 28

Gye Tom Sɛ Nea Wugye Di No Yɛ Nokware

Gye Tom Sɛ Nea Wugye Di No Yɛ Nokware

Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.”​—2 TIM. 3:14.

DWOM 56 So Nokware no Mu Yiye

NEA YƐREBESUA *

1. Asɛm “nokware no” kyerɛ sɛn?

“ƐYƐƐ dɛn na wuhuu nokware no?” “Wɔtetee wo wɔ nokware no mu anaa?” “Wuhuu nokware no, mfe sɛn ni?” Ebia obi abisa wo saa nsɛm yi bi pɛn, anaa ebia wo nso woabisa afoforo saa nsɛm yi pɛn. Asɛm “nokware no” kyerɛ sɛn? Mpɛn pii no, sɛ yɛde asɛm “nokware no” di dwuma a, na yɛreka nea yegye di, ɔkwan a yɛfa so som, ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra ho asɛm. Nnipa a wɔwɔ “nokware no mu” no nim nea Bible kyerɛkyerɛ, na wɔde nnyinasosɛm a ɛwom no bɔ wɔn bra. Ɛno nti, wɔade wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ nyinaa ho na ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ pɛ no, wɔn ani gye.—Yoh. 8:32.

2. Sɛnea Yohane 13:34, 35 ma yehu no, dɛn na ebetumi ama obi ani agye nokware no ho?

2 Dɛn na ɛmaa w’ani gyee nokware no ho? Ebia ɛyɛ Yehowa nkurɔfo abrabɔ pa na ɛtwee wo. (1 Pet. 2:12) Anaa ebia ɛyɛ ɔdɔ a wuhui sɛ wɔdaa no adi kyerɛɛ afoforo no. Nnipa pii wɔ hɔ a, bere a edi kan a wɔkɔɔ asafo nhyiam no, ɔdɔ a anuanom daa no adi no na wɔkae paa na ɛnyɛ asɛm a wɔtee wɔ hɔ no. Wei nyɛ nwonwa, efisɛ Yesu kaa sɛ ɔdɔ a n’asuafo bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. (Kenkan Yohane 13:34, 35.) Nanso ɛnyɛ ɛno nko, sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den a, ɛho hia sɛ yɛyɛ nneɛma bi nso.

3. Ɔdɔ a Kristofo dodɔ wɔn ho no, sɛ ɛno nko ara na gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no gyina so a, dɛn na ebetumi asi?

3 Ɛnyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn nkurɔfo dodɔ wɔn ho no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛma yenya gyidi. Adɛn nti na yɛreka saa? Fa no sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru; ebi mpo a na ɔyɛ asafo mu panyin anaa ɔkwampaefo. Anaa ebia onua anaa onuawa bi ayɛ ade ama ayɛ wo yaw. Anaa ebia onua anaa onuawa bi abɛyɛ ɔwaefo na ɔkasa tia nokware no. Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ɛbɛto wo hintidua ama woagyae Yehowa som anaa? Nea yesua fi mu ni: Sɛ nea afoforo yɛ nko ara na ɛma wunya Onyankopɔn mu gyidi, na ɛnyɛ wo ne Yehowa abusuabɔ a, ɛremma wo gyidi nyɛ den. Sɛnea wuhu Yehowa ne ne nkurɔfo betumi aboa wo ama woanya gyidi de, nanso ɛho hia paa nso sɛ woyere wo ho sua Bible, wote nea woresua no ase, na woyɛ nhwehwɛmu na ama woagye adi sɛ nea woresua afa Yehowa ho no yɛ nokware.—Rom. 12:2.

4. Sɛnea Mateo 13:3-6, 20, 21 ma yehu no, ebinom wɔ hɔ a, sɛ biribi sɔ wɔn gyidi hwɛ a, ɛka wɔn sɛn?

4 Yesu kaa sɛ ebinom de “anigye” begye nokware no, nanso sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔn gyidi bɛyɛ mmerɛw. (Kenkan Mateo 13:3-6, 20, 21.) Ɛbɛyɛ sɛ wɔante ase sɛ, sɛ wobedi Yesu akyi a, wobehu amane na wobehyia nsɛnnennen nso. (Mat. 16:24) Anaa ebia na wosusuw sɛ, sɛ obi bɛyɛ Kristoni a, ɔrenhyia ɔhaw biara wɔ n’asetenam; nhyira nko ara na obenya. Nanso wiase bɔne yi mu de, yebehyia ɔhaw. Nneɛma betumi asesa ama yɛn anigye so atew.—Dw. 6:6; Ɔsɛnk. 9:11.

5. Dɛn na yɛn nuanom dodow no ara reyɛ de akyerɛ sɛ wogye di sɛ wɔahu nokware no?

5 Yɛn nuanom dodow no ara rekyerɛ sɛ wogye di sɛ wɔahu nokware no. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ wɔn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛhaw wɔn anaa ɔbɔ bra bi a ɛmfata Kristoni a, ɛmma wɔn gyidi nhinhim. (Dw. 119:165) Sɔhwɛ biara a wobehyia no, ɛnsɛe wɔn gyidi, na mmom ɛma wɔn gyidi yɛ den. (Yak. 1:2-4) Wobɛyɛ dɛn na wo nso wo gyidi ayɛ den saa ara?

NYA “ONYANKOPƆN HO NOKWARE NIMDEƐ”

6. Dɛn na ɛmaa tete Kristofo no gyidi yɛɛ den?

6 Nea ɛmaa tete Kristofo no gyidi yɛɛ den ne sɛ, na wɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ, na na wonim Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛno ne “asɛmpa no ho nokware” no. (Gal. 2:5) Biribiara a Kristofo gye di no, ɛno ne nokware a yɛreka ho asɛm yi. Ebi ne Yesu agyede afɔre ne owusɔre no. Ná ɔsomafo Paul gye di sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokware. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu “de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo hu amane na ɔsɔre fi awufo mu.” (Aso. 17:2, 3) Tete Kristofo no gyee saa nkyerɛkyerɛ no toom, na wɔmaa honhom kronkron boaa wɔn ma wɔtee Onyankopɔn Asɛm no ase. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu, na ɛma wogye dii sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi gyina Kyerɛwnsɛm no so. (Aso. 17:11, 12; Heb. 5:14) Nea ɛmaa wɔn gyidi yɛɛ den no, na ennyina sɛnea wɔte nka so. Afei nso, na ɛnyɛ sɛ wɔne wɔn nuanom Kristofo bɔ a wɔn ani gye ara nti na na wɔresom Yehowa. Mmom, wonyaa “Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ,” na ɛno na ɛmaa wɔn gyidi yɛɛ den.—Kol. 1:9, 10.

7. Sɛ yegye nokware a ɛwɔ Bible mu no di a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

7 Nokware a ɛwɔ Bible mu no nsesa. (Dw. 119:160) Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn anaa ɔyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛno mma nokware a ɛwɔ Bible mu no nsesa. Sɛ yehyia ɔhaw nso a saa ara, ɛnsesa. Enti ɛsɛ sɛ yehu nea Bible kyerɛkyerɛ no yiye, na yegye di sɛ ɛyɛ nokware. Sɛ yegye di paa sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ nokware, na sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛn gyidi renhinhim. Ɛbɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; sɛ ahum tu sɛ dɛn ara mpo a, ɛremfa no nkɔ. Dɛn na wobɛyɛ na ama woagye adi paa sɛ woahu nokware no?

‘GYE NEA WOASUA NO DI SƐ ƐYƐ NOKWARE’

8. Sɛnea 2 Timoteo 3:14, 15 kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Timoteo gye dii sɛ wahu nokware no?

8 Ná Timoteo gye di sɛ wahu nokware no. Ɛyɛɛ dɛn na ogye dii? (Kenkan 2 Timoteo 3:14, 15.) Ne maame ne ne nanabea na wɔde “nkyerɛwee kronkron” no kyerɛkyerɛɛ no. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔno ankasa nso yeree ne ho suaa “nkyerɛwee kronkron” no. Ɛno nti, ‘ogyee nea osuae no dii sɛ ɛyɛ nokware no.’ Akyiri yi, Timoteo, ne maame, ne ne nanabea suaa Kristo nkyerɛkyerɛ. Yebetumi aka sɛ ɔdɔ a Yesu akyidifo daa no adi no kaa Timoteo koma paa, na na n’ani gye ho paa sɛ ɔne ne nuanom Kristofo bɛbɔ na waboa wɔn. (Filip. 2:19, 20) Nanso, ɛnyɛ ɔdɔ a na Timoteo wɔ ma nnipa na ɛmaa ne gyidi yɛɛ den, na mmom nea Bible kyerɛkyerɛ a ogye dii sɛ ɛyɛ nokware no na ɛmaa ne gyidi yɛɛ den. Wei maa ɔne Yehowa ntam yɛɛ kama paa. Wo nso, nea woasua Bible ahu afa Yehowa ho no, ɛyɛ a susuw ho na ama woagye adi sɛ ɛyɛ nokware.

9. Nokware a ɛwɔ Bible mu no, emu mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ehia sɛ wote ase na wugye tom. Ɛno ne dɛn?

9 Nokware a ɛwɔ Bible mu no, emu mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ehia sɛ wote ase na wugye tom. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Ex. 3:14, 15; Heb. 3:4; Adi. 4:11) Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ wuhu nea enti a wugye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ama nnipa. (2 Tim. 3:16, 17) Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ Yehowa wɔ nnipakuw bi a wɔresom no, na Kristo na ɔrekyerɛ wɔn kwan. Saa nnipakuw no ne Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10-12; Yoh. 14:6; Aso. 15:14) Ɛho nhia sɛ wusua Bible mu nsɛm nyinaa gu wo tirim ansa na woagye nokware a yɛreka ho asɛm yi atom. Ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wode ‘w’adwene’ bɛyɛ adwuma de asusuw nneɛma ho, na ama woagye adi sɛ woahu nokware no.—Rom. 12:1.

SIESIE WO HO SƐ WOBƐBOA AFOFORO AMA WƆAGYE NOKWARE NO ADI

10. Nokware no a yɛahu akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yetumi yɛ?

10 Sɛ wugye di sɛ nea yɛaka afa Onyankopɔn, Bible, ne Onyankopɔn nkurɔfo ho no yɛ nokware a, ɛnde ɛsɛ sɛ wutumi de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ nokware yi mu kyerɛ afoforo ma wogye di. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Yɛyɛ Kristofo, enti ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde nokware a yɛasua no kyerɛkyerɛ wɔn a wobetie. * (1 Tim. 4:16) Bere a yɛreyɛ nea yebetumi biara aboa afoforo ama wɔagye nokware a ɛwɔ Bible mu adi no, ɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den sɛ nea yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nokware.

11. Bere a ɔsomafo Paul rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no, dɛn na ɔyɛe a yebetumi asuasua?

11 Sɛ ɔsomafo Paul rekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, ‘na ɔnam Mose mmara ne Adiyifo no so ka Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom’ kyerɛ wɔn. (Aso. 28:23) Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo nokware no a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paul? Ɛnyɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no kɛkɛ na yɛbɛka akyerɛ wɔn. Mmom, bere a yɛn Bible asuafo ne Yehowa ntam reyɛ kama no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wosusuw nea wɔresua afi Bible mu no ho yiye. Yɛpɛ sɛ wogye nokware no tom, nanso ɛnyɛ sɛ wɔpɛ yɛn asɛm nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Mmom, ɛsɛ wɔn ankasa gye di sɛ nea wɔasua afa yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn ho no yɛ nokware.

Awofo, monkyerɛkyerɛ mo mma “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no,” na ama wɔanya gyidi (Hwɛ nkyekyɛm 12-13) *

12-13. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔatena nokware no mu?

12 Awofo, yegye di paa sɛ mopɛ sɛ mo mma tena nokware no mu. Ebia mubenya adwene sɛ, sɛ wɔfa nnamfo pa wɔ asafo no mu a, wɔn gyidi bɛyɛ den. Nanso, sɛ mo mma begye atom sɛ wɔahu nokware no a, ɛnyɛ nnamfo pa nko ara na wohia. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa ne Onyankopɔn fa adamfo, na wogye tom sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ nokware.

13 Sɛ awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔahu Onyankopɔn ho nokwasɛm a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yere wɔn ho sua Bible, na wɔn mma asuasua wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔpɛ bere de dwinnwen nea wɔresua no ho. Wɔyɛ saa a, wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔn nso ayɛ saa. Sɛnea awofo kyerɛkyerɛ wɔn Bible asuafo no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛnea wɔde nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu ne video ahorow bɛyɛ adwuma. Wɔyɛ saa a, wɔbɛboa wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa, na wɔagye atom nso sɛ Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no” so reboa yɛn ama yɛate Bible ase. (Mat. 24:45-47) Awofo, nokware a ɛwɔ Bible mu a ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase no, ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ mo mma. Monhwɛ mfe a abofra biara adi ne nea obetumi ate ase, na monkyerɛkyerɛ no “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no,” na ama ne gyidi ayɛ den.—1 Kor. 2:10.

SUA BIBLE NKƆMHYƐ

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Bible nkɔmhyɛ? (Hwɛ adaka a wɔato din, “ Wubetumi Akyerɛkyerɛ Nkɔmhyɛ Yi Mu Anaa?” no.)

14 Nsɛntitiriw a ɛwɔ Bible mu no, nkɔmhyɛ ka ho, na ɛboa yɛn ma gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no yɛ den. Nkɔmhyɛ bɛn na wobɛka sɛ ahyɛ wo gyidi den paa? Ebia wobɛka sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” no ho. (2 Tim. 3:1-5; Mat. 24:3, 7) Ɛno da nkyɛn a, nkɔmhyɛ foforo bɛn na aba mu a ɛno nso betumi ahyɛ wo gyidi den? Sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 2 ne ti 11 no a, ne fã a aba mu ne nea egu so reba mu no, wubetumi akyerɛkyerɛ mu anaa? * Sɛ nokware a woasua afi Bible mu no na ama wo gyidi ayɛ den de a, ɛnde wo gyidi no renhinhim da. Yɛnhwɛ yɛn nuanom a wɔtanee wɔn ani wɔ Germany bere a Wiase Ko II no rekɔ so no. Bible nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho no, ɛwom sɛ na wɔnte ase yiye de, nanso na wogye Onyankopɔn Asɛm no di paa.

Sɛ yesua Bible ne emu nkɔmhyɛ na yehyia sɔhwɛ a, yɛn gyidi renhinhim (Hwɛ nkyekyɛm 15-17) *

15-17. Yɛn nuanom a na Nasifo no retan wɔn ani no, sɛn na Bible a wosuae no hyɛɛ wɔn gyidi den?

15 Bere a na Nasi aban no di Germany so no, wɔde yɛn nuanom mpempem guu nneduaban mu. Ná Hitler ne aban panyin bi a ne din de Heinrich Himmler tan Yehowa Adansefo paa. Onuawa bi kaa sɛ, Himmler ka kyerɛɛ anuanom mmea bi a na wogu nneduaban mu sɛ: “Saa mo Yehowa no, ɔsoro na odi ade, na asase so ha de, yɛn na yedi ade! Awiei no, yɛne mo, yɛbɛhwɛ wɔn a wɔbɛka!” Dɛn na ɛboaa Yehowa nkurɔfo ma wotumi dii nokware kosii ase?

16 Ná saa Bible Asuafo no nim sɛ Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi afe 1914. Enti, bere a aban no fii ase tan wɔn ani no anyɛ wɔn nwonwa. Nanso, na Yehowa nkurɔfo gye di sɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam ɔkwan biara so, na nnipa aban biara rentumi nsiw kwan. Hitler antumi antu nokware som ase na wantumi amfa aban a ebeyi Onyankopɔn Ahenni afi hɔ nso amma. Ná yɛn nuanom no gye di sɛ ɛnyɛ dɛn ara Hitler aban no begu.

17 Ná saa anuanom no gyidi wɔ nnyinaso. Ankyɛ koraa na Nasi aban no gui. Heinrich Himmler a ɔkaa sɛ “asase so ha de, yɛn na yedi ade” no, oguanee. Bere a ɔreguan no, ohyiaa Onua Lübke a kan no na ɔda afiase no, na na onim sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni. Himmler hui sɛ ne nsa asi fam, enti obisaa Onua Lübke sɛ: “Ei, Bible Suani, seesei dɛn na ebesi?” Onua Lübke ka kyerɛɛ Himmler sɛ Yehowa Adansefo de, na wonim dedaadaw sɛ Nasi aban no begu ama Adansefo no ade wɔn ho. Himmler a kan no ɔkekaa nsɛm pii tiaa Yehowa Adansefo no, ɔno na afei de na watɔre mum yi. Ɛno akyi bere tiaa bi no, okum ne ho. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yesua Bible ne emu nkɔmhyɛ a, ɛbɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu ayɛ den paa, na yehyia sɔhwɛ a, yɛremmɔ hu na yɛn gyidi renhinhim.—2 Pet. 1:19-21.

18. Sɛnea Yohane 6:67, 68 kyerɛ no, adɛn nti na ehia sɛ yenya “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa” a Paul kaa ho asɛm no?

18 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo na ama nkurɔfo ahu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Nanso yehia “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa” nso. (Filip. 1:9) Anyɛ saa a, “nkyerɛkyerɛ mframa biara a ɛnam nnipa nnaadaa,” ne awaefo so benya yɛn. (Efe. 4:14) Yesu bere so, bere a n’asuafo no pii gyaee n’akyi di no, ɔsomafo Petro de, na ogye di paa sɛ Yesu na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” (Kenkan Yohane 6:67, 68.) Ɛwom sɛ saa bere no na Petro nte Yesu nkyerɛkyerɛ nyinaa ase de, nanso ɔkɔɔ so bataa Yesu ho efisɛ na wahu nokware a ɛfa Kristo ho. Wo nso, wubetumi ama gyidi a wowɔ wɔ Bible mu no ayɛ den. Woyɛ saa a, nea ɛbɛto wo biara no, wo gyidi renhinhim, na wobɛboa ama afoforo nso gyidi ayɛ den.—2 Yoh. 1, 2.

DWOM 72 Yɛma Nnipa Hu Ahenni Nokware No

^ nky. 5 Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ nokware a Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ no ho hia paa. Afei nso, ɛbɛma yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn adwene asi yɛn pi paa sɛ nea yegye di no yɛ nokware.

^ nky. 10 Nea ɛbɛboa wo ama wo ne afoforo asusuw Bible nkyerɛkyerɛ ho no, hwɛ nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ.” Efi afe 2010 kosi afe 2015 no, na ɛba Ɔwɛn-Aban mu. Nsɛmti no bi ne “So Yesu Yɛ Onyankopɔn?,” “Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?,” ne “So Onyankopɔn De Nnipa Gu Ɔbonsam Gya Mu?

^ nky. 14 Sɛ wopɛ saa nkɔmhyɛ yi ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ June 15, 2012, ne May 2020 Ɔwɛn-Aban no.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awofo bi ne wɔn mma reyɛ abusua som, na wɔresua Bible nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ahohiahia kɛse no ba a, nea ebesi no renyɛ saa abusua no nwonwa.