Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin, na bere a wɔhyɛɛ apam foforo no mu den ne bere a wɔde sii hɔ no, nsonsonoe bi wɔ mu anaa?

Yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ, bere a wɔbɔɔ Yesu asu afe 29 Y.B. na ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin. Ɛyɛ adanse bɛn? Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔde ne ho mae sɛ wɔmfa no mmɔ afɔre wɔ afɔremuka a egyina hɔ ma Onyankopɔn “apɛde” no so. (Gal. 1:4; Heb. 10:5-10) Esiane sɛ wofii ase de saa afɔremuka yi yɛɛ adwuma fi bere a Yesu bɔɔ asu reba no nti, ɛbɛyɛ sɛ saa bere no ara na wɔhyehyɛɛ honhom fam asɔrefie kɛse no. Honhom fam asɔrefie kɛse no gyina hɔ ma nhyehyɛe a wɔnam agyede no so ayɛ sɛ yɛmfa so nsom Yehowa no. Afɔremuka no yɛ ade titiriw a ɛwɔ honhom fam asɔrefie hɔ.—Mat. 3:16, 17; Heb. 5:4-6.

Wɔhyehyɛɛ honhom fam asɔrefie kɛse no, na wohia ɔsɔfo panyin a ɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Wɔde “honhom kronkron ne tumi” sraa Yesu na ama watumi ayɛ saa adwuma no. (Aso. 10:37, 38; Mar. 1:9-11) Nanso, yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔpaw Yesu sɛ Ɔsɔfo Panyin ansa na ɔrewu ama wɔanyan no? Aaron ne obiara a onyaa hokwan somee sɛ ɔsɔfo panyin wɔ Mose Mmara no ase no, sɛ yɛhwɛ wɔn nhwɛso no a, ebetumi aboa yɛn ama yɛanya saa asɛm yi ho mmuae.

Sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no, Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu ne Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ asɔrefie a akyiri yi wosii no mu no, ɔsɔfo panyin no nko ara na na obetumi awura hɔ. Ná ntwamutam na ɛkyɛ Kronkron mu Kronkronbea ne Kronkronbea no mu. Mpata Da no nko ara na na ɔsɔfo panyin no tra saa ntwamutam no. (Heb. 9:1-3, 6, 7) Aaron ne obiara a onyaa hokwan bɛyɛɛ ɔsɔfo panyin no, na ɛsɛ sɛ wɔsra wɔn ansa na wɔatumi ‘afa ntwamutam’ a ɛwɔ asɔrefie no mu. Yesu nso, ɛbɛyɛ sɛ wɔpaw no sɛ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no Sɔfo Panyin ansa na ɔrewu. Ɛno akyi no, ɔkɔfaa “ntwamutam no mu, ɛne sɛ, ne honam mu” kɔɔ soro. (Heb. 10:20) Wei nti, ɔsomafo Paul kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔbae ‘sɛ ɔsɔfo panyin’ na afei ɔfaa ‘ntamadan a ɛsõ na ewie pɛyɛ kyɛn so a wɔamfa nsa ansi’ no mu, na ɔkɔɔ “ɔsoro ankasa.”—Heb. 9:11, 24.

Bere a wɔhyɛɛ apam foforo no mu den ne bere a wɔde sii hɔ no, nsonsonoe biara nnim. Adɛn nti na yɛreka saa? Bere a Yesu kɔɔ soro no, ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Yehowa sɛ ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔre ama adasamma. Nneɛma a na ɛbɛhyɛ apam foforo no mu den anaa ɛbɛma adi mũ no, weinom ne emu mmienu a ɔyɛe. Ɔkwan a wɔfaa so hyɛɛ apam foforo no mu den no, saa kwan no ara na wɔfaa so de apam foforo no sii hɔ. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ saa?

Nea edi kan, Yesu kɔɔ Yehowa anim; nea ɛto so mmienu, Yesu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no kɔɔ Yehowa anim; nea etwa to, Yesu mogya a ohwie gui no, Yehowa gye toom sɛ ɛsom bo. Sɛ wɔanyɛ saa nneɛma mmiɛnsa yi a, anka apam foforo no rentumi nni mu.

Bere a Yesu kɔɔ soro de ne ho kɔkyerɛɛ Yehowa sɛ ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔre ama adasamma no, Bible nka bere pɔtee a Yehowa gye toom. Ne saa nti, yɛrentumi nkyerɛ bere pɔtee a wɔhyɛɛ apam foforo no mu den anaa efii ase yɛɛ adwuma. Nanso yenim sɛ aka dadu ama Pentekoste da no adu no na Yesu kɔɔ soro. (Aso. 1:3) Saa dadu no mu hɔ baabi na Yesu de ne ho kɔkyerɛɛ Yehowa sɛ ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔre ama adasamma, na Yehowa nso gye toom. (Heb. 9:12) Nea esii Pentekoste da no yɛ biribi a nkurɔfo de wɔn ani hui pefee sɛ apam foforo no afi ase reyɛ adwuma. (Aso. 2:1-4, 32, 33) Enti biribiara kyerɛ sɛ na wɔahyehyɛ apam foforo no, na na afi ase reyɛ adwuma.

Nea ɛwom ara ne sɛ, bere a Yesu hwiee ne mogya gui na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Yehowa ma ogye toom akyi no, wɔde apam foforo no sii hɔ na wɔhyɛɛ mu den. Afei apam no fii ase yɛɛ adwuma na Yesu a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin no na ɔyɛ ne Ntamgyinafo.—Heb. 7:25; 8:1-3, 6; 9:13-15.