Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 29

“Meyɛ Mmerɛw Mmom a Na Minya Ahoɔden”

“Meyɛ Mmerɛw Mmom a Na Minya Ahoɔden”

“Mmerɛwyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me.”—2 KOR. 12:10.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na na ɔsomafo Paul gye tom?

ƆSOMAFO Paul gye toom sɛ, ɛtɔ da a na ɔte nka sɛ wayɛ mmerɛw. Ogye toom sɛ na ne nipadua “resɛe,” na na ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho paa ansa watumi ayɛ adepa. Afei nso, na ɔte nka sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa buaa ne mpae sɛnea na ɔrehwɛ kwan no. (2 Kor. 4:16; 12:7-9; Rom. 7:21-23) Bio nso, Paul gye toom sɛ na wɔn a wɔsɔretia no no bu no sɛ ɔyɛ mmerɛw. * Nanso, wamma adwene a ɛmfata a na nkurɔfo wɔ wɔ ne ho, ne ɔno ankasa mmerɛwyɛ amma wante nka sɛ ne so nni mfaso.—2 Kor. 10:10-12, 17, 18.

2. Sɛnea 2 Korintofo 12:9, 10 kyerɛ no, ade titiriw bɛn na Paul suae?

2 Paul suaa biribi titiriw bi. Ohui sɛ, sɛ obi te nka sɛ wayɛ mmerɛw mpo a, obetumi anya ahoɔden. (Kenkan 2 Korintofo 12:9, 10.) Yehowa ka kyerɛɛ Paul sɛ ne tumi “wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na Yehowa bɛma Paul ahoɔden a ohia. Nanso, momma yenni kan nsusuw saa asɛm yi ho: Sɛ yɛn atamfo didi yɛn atɛm a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn?

‘WƆBƆ WO AHOHORA’ ANAA WODIDI WO ATƐM A, ‘MA W’ANI NNYE’

3. Sɛ wodidi yɛn atɛm a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Adɛn ntia?

3 Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ obi bedidi no atɛm. Nanso, sɛ yɛn atamfo didi yɛn atɛm, na yɛma nea wɔka no haw yɛn dodo a, ebetumi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Ɛnde, sɛ yɛn atamfo didi yɛn atɛm a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn? Sɛnea Paul yɛe no, sɛ ‘wɔbɔ wo ahohora’ anaa wodidi wo atɛm a, ‘ma w’ani nnye.’ (2 Kor. 12:10) Adɛn ntia? Efisɛ sɛ nkurɔfo didi yɛn atɛm na wɔsɔre tia yɛn a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yesu asuafo ampa. (1 Pet. 4:14) Yesu kaa sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo. (Yoh. 15:18-20) Saa na wɔde yɛɛ tete Kristofo no. Saa bere no, wɔn a na Greekfo amammerɛ agye wɔn adwene no, na wobu Kristofo sɛ wonnim nhoma na wɔn so nni mfaso. Yudafo no nso, na wobu Kristofo no sɛ nnipa a “wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” Saa na na wobu Petro ne Yohane. (Aso. 4:13) Nnipa ani so de, na Kristofo no yɛ mmerɛw. Ná wɔmmfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu, na na wɔnkɔ ko nso. Ná wɔmfa wɔn nyɛ hwee.

4. Bere a atamfo kekaa tete Kristofo no ho nsɛmmɔne no, dɛn na wɔyɛe?

4 Bere a nkurɔfo kekaa tete Kristofo no ho nsɛmmɔne no, ɛma wogyaee Yesu akyi di anaa? Daabi. Sɛ yɛhwɛ ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane sei a, esiane sɛ na wodi Yesu akyi na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yesu ho asɛm nti, na wɔtan wɔn ani. Nanso na wobu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛtan wɔn ani. (Aso. 4:18-21; 5:27-29, 40-42) Biribiara nni hɔ a na ɛsɛ sɛ ɛma asuafo no ani wu. Ewiee ase no, tete Kristofo a na wobu wɔn animtiaa yi, nea wɔyɛ de boaa nkurɔfo no, ɛkyɛn nea wɔn atamfo no yɛe koraa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nhoma a Onyankopɔn maa saa Kristofo yi bi kyerɛwee no, besi nnɛ nyinaa ɛreboa nnipa ɔpepem pii ama wɔanya anidaso. Ahenni a na wɔbɔ ho dawuru no nso, afi ase redi tumi na ɛrenkyɛ ebedi adesamma nyinaa so. (Mat. 24:14) Nanso Roma aban a na ɛredi Kristofo ani no de, ayera nsesa mu. Afei nso, saa asuafo a wodii nokware no redi hene wɔ soro seesei. Nanso wɔn atamfo no de, wɔawuwu. Na sɛ ɛba sɛ wonyan wɔn mpo a, Ahenni a Kristofo a wɔtan wɔn no bɔɔ ho dawuru no na ebedi wɔn so.—Adi. 5:10.

5. Sɛnea Yohane 15:19 kyerɛ no, adɛn nti na nkurɔfo mmu Yehowa asomfo?

5 Ɛnnɛ, nkurɔfo mmu Yehowa Adansefo, na wodi yɛn ho fɛw sɛ yennim nyansa na yɛn so nni mfaso. Adɛn ntia? Efisɛ suban a nkurɔfo da no adi no, yɛnsosɔ so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛayɛ osetie. Wiase no de, nnipa a wɔyɛ ahomaso, ahantan, ne wɔn a wɔtew atua na wɔsosɔ wɔn so. Afei nso, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu, na yɛnkɔ sogya. Yɛnte sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no, enti wɔmfa yɛn nyɛ hwee.—Kenkan Yohane 15:19; Rom. 12:2.

6. Dɛn na Yehowa nam ne nkurɔfo so reyɛ?

6 Ɛmfa ho sɛ wiase no bu yɛn sɛ yɛn so nni mfaso no, Yehowa nam yɛn so reyɛ nneɛma akɛse akɛse. Asɛnka adwuma a Yehowa nam ne nkurɔfo so reyɛ wɔ asase so no, ɛso bi mmae da. Ɛnnɛ, nsɛmma nhoma a Yehowa asomfo tintim no, wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na nhoma biara nni hɔ a wɔakyekyɛ no pii te sɛ ɛno. Afei nso, wɔde Bible boa nnipa ɔpepem pii ma wɔn suban yɛ fɛ. Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, anka yɛrentumi nyɛ nneɛma akɛse akɛse yi nyinaa. Ɔnam nnipa a wiase no bu wɔn sɛ wɔn so nni mfaso so na ɛreyɛ saa adwuma kɛse yi. Na yɛn mu biara nso ɛ? Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden anaa? Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na waboa yɛn? Afei, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi asua afi nea ɔsomafo Paul yɛe no mu.

MFA WO HO NTO W’AHOƆDEN SO

7. Dɛn ne ade baako a yesua fi nea ɔsomafo Paul yɛe no mu?

7 Ade baako a yesua fi nea ɔsomafo Paul yɛe mu ni: Sɛ woresom Yehowa a, mfa wo ho nto w’ahoɔden anaa wo nimdeɛ so. Nnipa ani so de, na anka Paul betumi ama ne ho so na wate nka sɛ ɔde ne ho. Wɔtetee no wɔ Tarso; na ɛyɛ Roma mantam bi ahenkurow. Ná nnipa a wɔwɔ Tarso no di yiye, na na suapɔn bi a agye din wɔ hɔ. Ná Paul nim nhoma paa, na Gamaliel na ɔkyerɛɛ no ade. Ná Gamaliel yɛ Yudani kannifo a na wobu no paa wɔ Paul bere so. (Aso. 5:34; 22:3) Bere bi, na Paul yɛ onipa titiriw wɔ ne mfɛfo Yudafo mu. Ɔno ankasa kaa sɛ: “Midii m’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no mu pii kan wɔ Yudasom mu.” (Gal. 1:13, 14; Aso. 26:4) Nanso Paul amfa ne ho anto n’ahoɔden so.

Sɛ na Paul de hokwan a onya bedii Kristo akyi no toto nneɛma anaa hokwan a na ɔwɔ wɔ wiase no mu ho a, na ohu sɛ ne nyinaa yɛ “nwura” (Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Sɛnea Filipifo 3:8 ma yehu no, Paul buu nneɛma a ogyaw no hɔ no sɛn, na adɛn nti na ɔkaa sɛ ‘mmerɛwyɛ yɛ anigyesɛm ma no’?

8 Nneɛma a na ɛma Paul yɛ onipa titiriw wɔ wiase no mu no, anhaw no sɛ obegyae akyi di. Nea ɛwom ne sɛ, ohui sɛ saa nneɛma no nyinaa yɛ “nwura.” (Kenkan Filipifo 3:8.) Bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ɔfaa ɔhaw pii mu. Ɔno ara ne nkurɔfo tan no. (Aso. 23:12-14) Ne mfɛfo Romafo nso boroo no na wɔde no too afiase. (Aso. 16:19-24, 37) Afei nso, Paul hui sɛ esiane sɛ na ɔtɔ sin nti, na ɛyɛ den paa sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. (Rom. 7:21-25) Nanso wamma nea nkurɔfo de yɛɛ no anaa ne mmerɛwyɛ amma wannyae Kristo akyi di, na mmom ɔkaa sɛ ‘mmerɛwyɛ yɛ anigyesɛm ma me.’ Adɛn nti na ɔkaa saa? Efisɛ bere a ɔyɛɛ mmerɛw no na ohui sɛ Onyankopɔn reboa no paa.—2 Kor. 4:7; 12:10.

9. Nneɛma a ɛma ɛyɛ yɛn sɛ yɛn so nni mfaso no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu no?

9 Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de ne tumi boa yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛn ahoɔden, yɛn nhomasua, yɛn amammerɛ, anaa yɛn sika na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn so wɔ mfaso anaa yɛn so nni mfaso. Ɛnyɛ saa nneɛma yi na ɛma yɛsom bo wɔ Yehowa ani so. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo pii ‘nyɛ honam fam anyansafo, na wɔnyɛ atumfoɔ anaa adehye.’ Nanso Yehowa apaw sɛ ɔde “wiase ade a ɛyɛ mmerɛw” no bɛyɛ adwuma. (1 Kor. 1:26, 27) Nneɛma bi nti sɛ ɛyɛ wo sɛ wo so nni mfaso a, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ ɛno nti worentumi nsom Yehowa. Mmom bu no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa de ne tumi reboa wo. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ nkurɔfo kasa tia wo gyidi na wobɔ hu a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo akokoduru na ama woatumi akyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ afoforo. (Efe. 6:19, 20) Sɛ yare bi a emu yɛ den abɔ wo nti worehu amane a, srɛ Yehowa na ɔmma wo ahoɔden na ama woayere wo ho ayɛ nea wubetumi biara wɔ ne som mu. Bere biara a wubehu sɛ Yehowa aboa wo no, ɛma wo gyidi yɛ den na ɛhyɛ wo den.

NNIPA A WƆN HO ASƐM WƆ BIBLE MU NO, SUA BIRIBI FI WƆN HƆ

10. Nnipa a wodii nokware a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo 11:32-34 no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua wɔn ho ade?

10 Paul yɛ obi a na ɔyere ne ho sua Kyerɛwnsɛm no paa. Osuaa nneɛma pii, na nnipa a wɔakyerɛw wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no nso, osuaa biribi fii nea wɔyɛe no mu. Bere a Paul kyerɛw Hebrifo Kristofo no, ɔkaa Yehowa asomfo anokwafo pii ho asɛm, na ɔka kyerɛɛ Hebrifo no sɛ wonsusuw nea wɔyɛe no ho. (Kenkan Hebrifo 11:32-34.) Momma yɛnhwɛ saa asomfo yi mu baako; ɔno ne Ɔhene Dawid. N’atamfo sɔre tiaa no, na nnipa bi a na anka wɔyɛ ne nnamfo nso sɔre tiaa no. Sɛ yɛhwɛ Dawid asɛm no a, ɛbɛma yɛahu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Paul dwinnwen Dawid asetenam nsɛm ho ma ɛhyɛɛ no den. Afei nso, yebehu sɛnea yebetumi asuasua Paul.

Bere a Dawid ne Goliat koe no, ɛwom sɛ na Dawid sua de, nanso ɔde ne ho too Yehowa so ma ɔboaa no (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Adɛn nti na nnipa ani so no na Dawid yɛ mmerɛw? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

11 Ná Goliat yɛ ɔkofo a ne ho yɛ den paa, enti na obu Dawid sɛ ɔyɛ mmerɛw. Bere a Goliat huu Dawid no, “obuu no animtiaa.” Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ na Goliat so ware sen Dawid koraa, na ɔwɔ akode pii, na na waben wɔ ɔko mu nso. Dawid de, na ɔyɛ aberantewa, na na ɔnyɛ sraani, enti na onni akode papa biara. Nanso wohwɛ mu paa a, na Dawid nyɛ mmerɛw, mmom na ɔyɛ den. Ɔde ne ho too Yehowa so, na ɔmaa no tumi ma odii ne tamfo Goliat so nkonim.—1 Sam. 17:41-45, 50.

12. Ɔhaw foforo bɛn na Dawid hyiae?

12 Dawid hyiaa ɔhaw foforo bi a na anka ebetumi ama wanya adwene sɛ ɔyɛ mmerɛw na onni ahoɔden. Dawid de nokwaredi som Saul, ɔbarima a na Yehowa apaw no sɛ Israel hene no. Mfiase no, na Ɔhene Saul bu Dawid. Akyiri yi, ahantan maa Saul ani beree Dawid. Saul ne Dawid anni no yiye koraa, ɔyɛe sɛ obekum Dawid mpo.—1 Sam. 18:6-9, 29; 19:9-11.

13. Bere a Ɔhene Saul ne Dawid anni no yiye no, dɛn na Dawid yɛe?

13 Ɛmfa ho sɛ Ɔhene Saul ne Dawid anni no yiye no, Dawid kɔɔ so kyerɛe sɛ obu ɔhene a na Yehowa apaw no no. (1 Sam. 24:6) Nneɛma bɔne a Saul de yɛɛ Dawid no, wanka sɛ Yehowa na wama aba saa. Mmom, Dawid de ne ho too Yehowa so, na ɔhyɛɛ no den ma otumi gyinaa saa sɔhwɛ no ano.—Dw. 18:1, atifi asɛm.

14. Ɔhaw bɛn na ɔsomafo Paul hyiae a na ɛte sɛ Dawid de no?

14 Ɔsomafo Paul hyiaa ɔhaw bi a na ɛte sɛ Dawid de no. Ná Paul atamfo no wɔ tumi sen no koraa. Nnipa titiriw a na wɔwɔ ne bere so no, na wɔn mu pii tan no. Wɔma wɔhwee no mpɛn pii, na wɔde no too afiase nso. Sɛnea nkurɔfo ne Dawid anni no yiye no, Paul nso, nnipa a na anka wɔyɛ ne nnamfo no, wɔne no anni no yiye. Kristofo asafo no mu mpo, ebinom sɔre tiaa no. (2 Kor. 12:11; Filip. 3:18) Nanso, ɔsɔretia a wɔde baa Paul so nyinaa no, otumi gyinaa ano. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no. Ne nuanom Kristofo di ne huammɔ mpo a, na onnyae wɔn akyi di. Afei nso, odii Onyankopɔn nokware kosii sɛ owui. (2 Tim. 4:8) Ɛnyɛ Paul ahoɔden nti na otumi yɛɛ wei nyinaa, na mmom ɔde ne ho too Yehowa so ntia.

Nea wugye di nti, sɛ nkurɔfo kasa tia wo a, tɔ wo bo ase ne wɔn nsusuw nsɛm ho wɔ obu mu(Hwɛ nkyekyɛm 15) *

15. Yɛn botae ne sɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

15 Ɛyɛ a wo sukuufo, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, anaa w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo tan w’ani anaa wodidi wo atɛm? Obi wɔ asafo no mu a bere bi a atwam no ɔne wo anni no yiye anaa? Sɛ saa a, kae Dawid ne Paul asɛm no. Wubetumi akɔ so de ‘papa adi bɔne so nkonim.’ (Rom. 12:21) Sɛ obi sɔre tia yɛn a, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛne no bɛko sɛnea Dawid ne Goliat koe no. Mmom, yɛde papa di bɔne so nkonim, kyerɛ sɛ, yɛde Bible no bɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu Yehowa. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ saa no, sɛ nkurɔfo bisa wo asɛm a, fa Bible yi ano. Afei nso, wɔn a wɔne wo nni no yiye no, tɔ wo bo ase ne wɔn kasa wɔ obu mu, na yɛ nnipa nyinaa ne w’atamfo mpo papa.—Mat. 5:44; 1 Pet. 3:15-17.

MA AFOFORO MMOA WO

16-17. Dɛn na Paul werɛ amfi da?

16 Paul mmeranteberem, ansa na ɔrebɛyɛ Kristo suani no, na ɔyɛ aniammɔho, na na ɔtan Yesu akyidifo no ani. (Aso. 7:58; 1 Tim. 1:13) Nanso, Yesu ankasa siw Paul kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya kwan ntan Kristofo no ani bio. Saa bere no, na wɔfrɛ no Saul. Yesu fi soro ne Paul kasae na ɔmaa n’ani furae prɛko pɛ. Sɛ na Paul pɛ oo, sɛ na ɔmpɛ oo, Kristofo a na ɔretan wɔn ani no, wɔn ara na na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma wɔboa no na watumi ahu ade bio. Paul brɛɛ ne ho ase maa osuani bi a wɔfrɛ no Anania boaa no ma ohuu ade bio.—Aso. 9:3-9, 17, 18.

17 Akyiri yi, bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ogyee din wɔ asafo no mu. Nanso, nea Yesu kyerɛɛ no bere a na ɔnam kwan so rekɔ Damasko no, ne werɛ amfi da. Paul kɔɔ so ara brɛɛ ne ho ase, na ɔmaa kwan maa anuanom mmarima ne mmea nyinaa boaa no. Ogye toom sɛ na wɔyɛ ‘aboafo a wɔhyɛ no den.’—Kol. 4:10, 11.

18. Adɛn nti na ɛtɔ da a, yɛmpɛ sɛ afoforo boa yɛn?

18 Dɛn na yebetumi asua fi Paul hɔ? Ebia bere a yefii ase ne Yehowa nkurɔfo bɔe no, biribi ketewaa bi a na yɛrepɛ obi ama no aboa yɛn, efisɛ na yenim sɛ yɛbaa asafo no mu nkyɛe na yɛwɔ pii sua. (1 Kor. 3:1, 2) Seesei nso ɛ? Sɛ yɛasom Yehowa mfe bebree ama yɛanya osuahu pii a, ebia yɛbɛtwetwe yɛn ho sɛ yɛbɛma afoforo aboa yɛn; sɛ onii a ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn no baa asafo no mu nkyɛe a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Nanso, Yehowa taa fa yɛn nuanom Kristofo so hyɛ yɛn den. (Rom. 1:11, 12) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hyɛ yɛn den a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom boa yɛn.

19. Ɛyɛɛ dɛn na Paul tumi yɛɛ nea ɔyɛe nyinaa?

19 Paul bɛyɛɛ Kristoni no, ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii. Adɛn ntia? Efisɛ ohui sɛ, sɛ obi betumi ayɛ biribi a, ɛnyɛ n’ahoɔden, ne nhomasua, ne sika, anaa abusua a ofi mu ne asɛm no. Mmom, sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔde ne ho to Yehowa so a, ɛnna obetumi ayɛ saa. Momma yɛn nyinaa nsuasua Paul na (1) yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so, (2) yensua biribi mfi nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no hɔ, (3) yɛmma yɛn nuanom Kristofo mmoa yɛn. Sɛ yɛyɛ saa, na sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw mpo a, Yehowa bɛma yɛn ahoɔden!

DWOM 71 Yɛn Ne Yehowa Dɔm No!

^ nky. 5 Adesua yi mu no, yebesusuw nhwɛso a ɔsomafo Paul yɛe ho. Yebehu sɛ, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, Yehowa bɛma yɛn ahoɔden a yehia, na sɛ afoforo di yɛn ho fɛw anaa yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw a, yɛatumi agyina mu.

^ nky. 1 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nneɛma bi nti yebetumi ate nka sɛ yɛyɛ mmerɛw. Ebi ne sintɔ a ɛwɔ yɛn ho. Ebi nso a na yedi hia, yɛyare, anaa yɛankɔ sukuu annu akyiri. Afei nso, ebia yɛn atamfo bɛkeka yɛn ho nsɛmmɔne anaa wobedi yɛn ani na ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a Paul bɛyɛɛ Kristo suani a na ɔka asɛmpa no, biribiara a na ɔyɛ bere a na ɔyɛ Farisini no, ogyaee akyi di. Ɛbɛyɛ sɛ na nhoma mmobɔwee ahorow a ɛka wiase ho nsɛm ne kotoku a kyerɛwsɛm wom nso ka ho.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Adwumayɛfo bi reto pon ama obi a ɔredi n’awoda na wɔpɛ sɛ onua bi a ɔno nso yɛ adwuma wɔ hɔ de ne ho hyɛ mu.