Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 35

Nya Obu Ma Obiara a Ɔwɔ Asafo No Mu

Nya Obu Ma Obiara a Ɔwɔ Asafo No Mu

Aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: ‘Minhia wo’; na saa ara na eti ntumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ: ‘Minhia wo.’”—1 KOR. 12:21.

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa de ama ne somfo nokwafo biara?

YEHOWA dɔ ne nkoa a woyi wɔn yam som no no. Enti wama wɔn kwan ama wɔabɛka n’asafo no ho. Nanso yɛn nyinaa som bo, na yɛn mu biara hia ne yɔnko. Ɔsomafo Paul boa ma yɛte saa asɛm a ɛho hia yi ase. Momma yɛnhwɛ nea ɔkae.

2. Sɛnea Efesofo 4:16 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ yehu sɛ yɛn nuanom so wɔ mfaso na yɛne wɔn bom yɛ adwuma?

2 Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ka no, Paul sii so dua sɛ yɛn mu biara nni hɔ a obetumi ahwɛ onua anaa onuawa bi anim aka sɛ: “Minhia wo.” (1 Kor. 12:21) Sɛ asomdwoe bɛtena asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn mu biara ho hia na yɛbom yɛ adwuma. (Kenkan Efesofo 4:16.) Sɛ yɛbom na yɛde baakoyɛ yɛ adwuma a, ɛma obiara a ɔwɔ asafo no mu te nka sɛ ne nuanom dɔ no.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea asafo mu panyin biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ne nuanom mpanyimfo a wɔaka no. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yɛn mu biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔnwaree no. Na nea etwa to no, anuanom a wɔresua yɛn kasa nanso wontumi nka no yiye no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu wɔn.

BU WO MFƐFO MPANYIMFO

4. Afotu bɛn na Paul de mae wɔ Romafo 12:10 a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de yɛ adwuma?

4 Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ asafo biara mu no, Yehowa na ɔde ne honhom kronkron paw wɔn. Nanso ɛsono obiara ne ne dom akyɛde ne nea ɔbɔ mu mmɔden. (1 Kor. 12:17, 18) Wɔn mu bi wɔ hɔ a wɔpaw wɔn nkyɛe nti wonni suahu papa. Ebinom nso wɔ hɔ a, onyin ne yare nti wontumi nyɛ pii. Nanso, ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin biara hwɛ ne yɔnko asafo mu panyin na ɔka sɛ, “Minhia wo.” Mmom, ɛsɛ sɛ asafo mu panyin biara de afotu a Paul de mae wɔ Romafo 12:10 (Kenkan.) no yɛ adwuma.

Sɛ asafo mu mpanyimfo tie wɔn mfɛfo mpanyimfo a, ɛkyerɛ sɛ wobu wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 5-6)

5. Dɛn na asafo mu panyin biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ne mfɛfo mpanyimfo a wɔaka no, na adɛn nti na ɛho hia sɛ ɔyɛ saa?

5 Nea asafo mu panyin biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ne mfɛfo mpanyimfo a wɔaka ne sɛ ɔbɛyɛ aso atie wɔn. Wei ho hia titiriw bere a asafo mu mpanyimfo no ahyia resusuw asɛm bi a ɛho hia paa ho no. Adɛn ntia? Hyɛ nea Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 1, 1988 borɔfo de no kae no nsow: “Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu sɛ, sɛ wɔresusuw asɛm bi ho anaa wɔresi gyinae bi a ɛho hia a, Kristo betumi ama honhom kronkron no akyerɛ ɔpanyin bi kwan ama no atwe adwene asi Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa so. (Aso. 15:6-15) Ɛnyɛ asafo mu panyin baako pɛ na honhom kronkron de no yɛ adwuma.”

6. Dɛn na ɛboa asafo mu mpanyimfo ma wɔde baakoyɛ yɛ adwuma, na sɛ wɔyɛ saa a ɛboa asafo no sɛn?

6 Sɛ asafo mu panyin bi bu ne mfɛfo mpanyimfo a wɔaka no a, ɔrennya adwene sɛ bere biara a wobehyia no ɔno na ɛsɛ sɛ odi kan kasa. Ɔrennye nhyiam no mmɔ so, na ɔrennya adwene sɛ nea ɔbɛka nko ara na ɛyɛ papa. Mmom, ɔbɛbrɛ ne ho ase na wakyerɛ n’adwene. Sɛ afoforo rekyerɛ wɔn adwene a, ɔbɛyɛ aso atie wɔn. Nea ehia paa no, bere biara ɔtwe adwene si Bible nnyinasosɛm so na ɔbɔ mmɔden sɛ obetie akwankyerɛ a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ. (Mat. 24:45-47) Sɛ asafo mu mpanyimfo da ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho bere a wɔresusuw nneɛma ho no a, Onyankopɔn de ne honhom no bɛma wɔn na ɛbɛboa wɔn ma wɔasisi gyinae a ɛbɛhyɛ asafo no den.—Yak. 3:17, 18.

BU WO NUANOM KRISTOFO A WƆNWAREE NO

7. Sɛn na na Yesu bu wɔn a wɔnwaree no?

7 Ɛnnɛ, yehu awarefo ne mmusua pii wɔ asafo no mu. Nanso, anuanom mmarima ne mmea pii wɔ asafo no mu a wɔnwaree. Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom a wɔnwaree yi? Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔnwaree no. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, wanware. Mmom ɔde ne bere ne n’adwene nyinaa sii adwuma a na ɔreyɛ no so. Yesu anka da sɛ, sɛnea ɛte biara no ɛsɛ sɛ obi ware anaa odi sigya. Nanso, ɔkaa sɛ Kristofo bi besi gyinae sɛ wɔrenware. (Mat. 19:11, 12) Ná Yesu bu wɔn a wɔnwaree no. Afei nso, wammu wɔn a wɔnwaree no animtiaa, na wanya adwene sɛ ade ahia wɔn.

8. Sɛnea 1 Korintofo 7:7-9 kyerɛ no, dɛn na Paul hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsusuw ho?

8 Bere a na ɔsomafo Paul reyɛ ne som adwuma no, wanware sɛnea Yesu yɛe no ara. Paul nso anka da sɛ, sɛ obi ware a wadi mfomso. Ohui sɛ wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ obiara si. Ne nyinaa mu no, Paul hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsusuw ho nhwɛ sɛ wobetumi asom Yehowa a wɔrenware anaa. (Kenkan 1 Korintofo 7:7-9.) Biribiara kyerɛ sɛ, Paul ammu Kristofo a na wɔnwaree no animtiaa. Ná Timoteo yɛ aberante a ɔnwaree, nanso Paul de adwuma a ɛho hia paa hyɛɛ ne nsa. * (Filip. 2:19-22) Ɛno nti, ɛnyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ, sɛ obi nwaree a ɔmfata sɛ wɔde hokwan bi hyɛ ne nsa.—1 Kor. 7:32-35, 38.

9. Dɛn na yebetumi aka afa aware ne sigyadi ho?

9 Yesu ne Paul ankyerɛkyerɛ da sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ware anaa ɛnsɛ sɛ wɔware. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka afa aware ne sigyadi ho? Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 1, 2012 no buaa saa asɛmmisa yi yiye paa. Ɛkaa sɛ: “Nea ɛwom ara ne sɛ yebetumi aka sɛ [aware ne sigyadi] nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ . . . Afei nso, Yehowa mmu [sigyadi] sɛ biribi a ɛma obi ani wu anaa ne werɛ how.” Saa asɛm no nti, ɛsɛ sɛ yebu anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu a wɔnwaree no.

Sɛ yebu wɔn a wɔnwaree no na yɛte wɔn ase a, dɛn na yɛrenyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu anuanom mmarima ne mmea a wɔnwaree no?

10 Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnwaree no yebu wɔn na yɛte wɔn ase? Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ anuanom binom asi gyinae sɛ wɔrenware, ebinom nso nyae a wɔbɛware nanso wonnya nhyiaa obi a ɔfata. Afei nso, obi wɔ hɔ a, ne kunu anaa ne yere awu. Sɛnea asɛm no te biara no, wohwɛ a, ɛyɛ papa sɛ asafo no mufo bisa anuanom asigyafo yi nea enti a wɔnwaree no anaa? Anaa wohwɛ a, sɛ wɔka sɛ wɔbɛpɛ okunu anaa ɔyere ama wɔn a, ɛyɛ anaa? Ɛwom, anuanom asigyafo no bi betumi abisa mmoa a ɛte saa, nanso sɛ yɛn nuanom asigyafo yi nkaa sɛ wɔpɛ sɛ yɛboa wɔn na yɛkeka nsɛm a ɛte saa kyerɛ wɔn a, wohwɛ a wɔbɛte nka sɛn? (1 Tes. 4:11; 1 Tim. 5:13) Momma yɛnhwɛ nsɛm a yɛn nuanom mmarima ne mmea anokwafo a wɔnwaree no bi aka.

11-12. Dɛn na yɛyɛ a anhwɛ a ebetumi ama wɔn a wɔnwaree no abam abu?

11 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔnwaree a ɔyɛ n’adwuma yiye paa ka sɛ, ɔte nka sɛ sigyadi so wɔ mfaso paa. Nanso, wahyɛ biribi nsow. Ɛne sɛ, sɛ anuanom a wɔwɔ ne ho adwempa bisa no sɛ, “Adɛn nti na wonwaree?” a, etumi ma n’abam bu paa. Onua bi a ɔnwaree a ɔsom wɔ Betel ka sɛ: “Ɛtɔ da a anuanom bi ma me te nka sɛ, sɛ wonwaree a w’asɛm yɛ mmɔbɔ. Wei ma ɛyɛ sɛ sigyadi yɛ adesoa, na mfaso biara nni so.”

12 Onuawa bi a ɔnwaree a ɔyɛ adwuma wɔ Betel kaa sɛ: “Anuanom binom adwene yɛ wɔn sɛ, asigyafo nyinaa pɛ okunu anaa ɔyere. Anaa sɛ nnipakuw bi ahyia na asigyafo kɔ hɔ bi a, nea enti a wɔkɔ hɔ ara ne sɛ wɔrekɔpɛ okunu anaa ɔyere. Bere bi Betel maa mekɔyɛɛ adwuma wɔ kurow bi so wɔ yɛn man mu. Bere a mikoduu hɔ no, na wɔbɛkɔ asafo nhyiam saa anwummere no. Onuawa a mekɔdaa ne fie no ka kyerɛɛ me sɛ anuanom mmarima mmienu bi wɔ asafo no mu a wɔne me bɔ tipɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Wei de ɛnyɛ sɛ merepɛ okunu ama wo.’ Nanso yeduu Ahenni Asa so araa na osoo me mu de me kokyiaa saa anuanom mmienu no. Wei maa yɛn mmiɛnsa nyinaa fɛree paa.”

13. Henanom nhwɛso na ɛhyɛɛ onuawa bi a ɔnwaree nkuran?

13 Onuawa foforo bi a ɔnwaree a ɔno nso som wɔ Betel kaa sɛ, “Minim akwampaefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔnwaree. Saa anuanom yi wɔ nimdeɛ, wɔmfa wɔn som nni agorɔ, na woyi wɔn yam boa afoforo. Afei nso, wɔn ani sɔ nea wotumi yɛ biara, na wɔboa anuanom a wɔne wɔn wɔ asafo mu no paa. Wɔte nea enti a wɔredi sigya no ase. Wɔnte nka sɛ esiane sɛ wodi sigya nti wɔkyɛn afoforo. Saa ara nso na wɔnte nka sɛ esiane sɛ wɔnwaree nti wɔahwere biribi.” Wowɔ asafo bi mu na anuanom ma wote nka sɛ wo ho hia na wobu wo a, ɛma w’ani gye paa. Wo nuanom mma wonte nka sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ anaa wɔn ani bere wo. Saa ara nso na wɔmma wonte nka sɛ wo so nni mfaso anaa wobu wo dodo. Mmom wɔma wuhu sɛ wɔpɛ w’asɛm paa.

14. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu wɔn a wɔnwaree no?

14 Ɛsɛ sɛ yɛma anuanom a wɔnwaree no te nka sɛ, wɔn suban pa nti na yɛpɛ wɔn asɛm na ɛnyɛ sɛ wɔn asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛ anka yɛbɛma wɔn asɛm ayɛ yɛn mmɔbɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ wodi Yehowa nokware. Ɛremma yɛn nuanom a wɔnwaree no nte nka sɛ, ɔkwan bi so no, yɛreka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Yenhia mo.’ (1 Kor. 12:21) Ɛba saa a, ɛbɛma wɔahu sɛ yebu wɔn, na wɔn ho hia asafo no.

BU WƆN A WONTUMI NKA WO KUROM KASA YIYE NO

15. Nsakrae bɛn na ebinom ayɛ wɔ asetenam na ama wɔatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu?

15 Nnansa yi, adawurubɔfo pii rebɔ mmɔden sɛ wobesua kasa foforo, na ama wɔatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae pii wɔ wɔn asetena mu ansa na wɔatumi ayɛ saa. Anuanom yi afi asafo a wɔwom kɔ asafo foforo a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ. Asafo a na wɔwom no, na wɔka wɔn kurom kasa, nanso seesei asafo foforo a wɔakɔ mu no wɔka kasa foforo wɔ hɔ. (Aso. 16:9) Nea enti a saa anuanom yi sii saa gyinae no ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ɛwom sɛ, ebedi mfe pii ansa wɔate kasa no yiye de, nanso wɔreboa asafo no wɔ akwan pii so. Wɔn suban pa ne osuahu a wɔwɔ nti, ɛma asafo no yɛ den. Saa anuanom yi a woyi wɔn yam som afoforo yi som bo ma yɛn paa.

16. Dɛn na mpanyimfo no hwɛ ansa na wɔapaw obi sɛ asafo mu panyin anaa asafo mu somfo?

16 Ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kuw bi ka sɛ esiane sɛ onua bi nte kasa a asafo no ka papa nti, ɔmfata sɛ wɔpaw no sɛ asafo mu panyin anaa asafo mu somfo. Ɛnyɛ sɛnea onua no te kasa a asafo no ka na mpanyimfo no bɛhwɛ so asi gyinae. Mmom wɔbɛhwɛ Kyerɛwnsɛm no mu ahwɛ nea ɛma obi fata sɛ asafo mu panyin anaasɛ ɔsomfo, na wagyina so asi gyinae.—1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9.

17. Sɛ abusua bi pɛ sɛ wotu kɔtena ɔman foforo so a, nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

17 Anuanom binom ne wɔn mmusua tu kɔ aman foforo so kɔhwehwɛ adwuma. Ebinom nso kɔ sɛ wɔrekɔpɛ ahobammɔ esiane nsɛnnennen bi a ɛrekɔ so wɔ wɔn man mu nti. Ɛba saa a, kasa a wɔka no wɔ ɔman foforo a wɔakɔ mu no, ɛno na wɔde bɛkyerɛ wɔn mma ade wɔ sukuu. Ebia ɛho behia sɛ awofo no sua saa kasa no na ama wɔanya adwuma ayɛ. Nanso, yɛmfa no sɛ asafo bi anaa kuw bi wɔ mo mpɔtam hɔ a wɔde abusua no kurom kasa yɛ adesua? Ɛba saa a, asafo bɛn mu na ɛsɛ sɛ abusua no kɔ? Ɛsɛ sɛ abusua no kɔ asafo a wɔde ɔman a wɔakɔ mu no kasa yɛ adesua, anaa asafo a wɔde abusua no kurom kasa yɛ adesua?

18. Sɛnea Galatifo 6:5 kyerɛ no, sɛ abusua ti bi si gyinae a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu no?

18 Ɛsɛ sɛ abusua ti no na ɔkyerɛ asafo ko a n’abusua no bɛkɔ mu. Esiane sɛ ɔno na obesi saa gyinae yi nti, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nea ɛbɛboa n’abusua no. (Kenkan Galatifo 6:5.) Sɛ abusua ti no si gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ano tom. Gyinae biara a obesi no, momma yennye ntom na yɛmfa anigye nnye abusua no, na yɛmma wonhu sɛ wɔka asafo no ho.—Rom. 15:7.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti biara susuw ho yiye paa na ɔbɔ ho mpae?

19 Mmusua bi nso wɔ hɔ a, asafo a wɔwom no ka abusua no kurom kasa, nanso mmofra no nte saa kasa no papa. Sɛ asafo no wɔ baabi a nnipa dodow no ara ka ɔman foforo no so kasa a, ebetumi ayɛ den sɛ mmofra no bɛte nea ɛrekɔ so wɔ asafo nhyiam ase. Ɛba saa a, ɛremma wonnya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Adɛn ntia? Efisɛ ebia sukuu a mmofra no kɔ no, wɔde ɔman a wɔte mu no kasa na ɛkyerɛ wɔn ade na ɛnyɛ wɔn kurom kasa. Nsɛm a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ abusua ti no susuw ho yiye na ɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na onhu nea ɔbɛyɛ de aboa mmofra no, na ama wɔabɛn Yehowa ne asafo no. Ɛho behia sɛ awofo no boa mmofra no ma wɔte wɔn kurom kasa yiye. Sɛ wɔrentumi nyɛ saa a, ebia wobetumi akɔ asafo a wɔka kasa a mmofra no te ase yiye mu. Gyinae biara a abusua ti no besi no, ɛsɛ sɛ asafo a wɔbɛkɔ mu no mufo de anigye gye abusua no, na wɔma wɔte nka sɛ wobu wɔn na wɔn ho hia asafo no.

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu wɔn a wɔresua kasa foforo no? (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Yɛn nuanom a wɔresua kasa foforo no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu wɔn?

20 Nneɛma a yɛasusuw ho no nti, wokɔ asafo pii mu a, wubehu anuanom a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobesua kasa foforo. Nanso, ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka kasa no yiye. Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi sɛnea wɔka kasa no so a, yebehu sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsom no. Sɛ yehu saa suban pa yi wɔ wɔn ho a, ɛbɛma yɛabu wɔn na yɛahu sɛ wɔsom bo paa. Ɛba saa a, yɛrennya adwene sɛ esiane sɛ wɔnte yɛn kasa yiye nti ‘yenhia wɔn.’

YƐSOM BO MA YEHOWA

21-22. Hokwan a ɛso bi nni bɛn na yɛanya?

21 Yehowa ama yɛn mu biara hokwan a ɛso bi nni wɔ n’asafo no mu. Enti, mmea ne mmarima, asigyafo ne awarefo, mpanyimfo ne mmofra, yɛn a yetumi ka kasa bi yiye, ne yɛn a yentumi nka no yiye nyinaa, yɛsom bo ma Yehowa ne yɛn nuanom.—Rom. 12:4, 5; Kol. 3:10, 11.

22 Ɔsomafo Paul mfatoho a ɛfa nipadua no ho no, yɛasua nneɛma pii afi mu. Momma yɛnkɔ so mfa nea yɛasua no nyɛ adwuma. Ɛba saa a, ɛbɛma yɛahu nneɛma bi a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛne yɛn nuanom wɔ wɔ Yehowa asafo mu no.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

^ nky. 5 Yehowa asomfo nyinaa mfi abusua baako mu, na ɛsono nea yɛn mu biara yɛ wɔ asafo no mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ehia paa sɛ yenya obu ma obiara a ɔwɔ Yehowa asafo no mu no.

^ nky. 8 Yɛrentumi nsi no pi sɛ Timoteo anware.