Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onésime and Géraldine

Wɔn a Wɔsan kɔ Ɔman a Wofi Mu No, Yehowa Hyira Wɔn Pii

Wɔn a Wɔsan kɔ Ɔman a Wofi Mu No, Yehowa Hyira Wɔn Pii

ANUANOM a bere bi wotu fii wɔn man mu kɔtenaa aman a wodi yiye so no, wɔn mu pii asan akɔ wɔn nkyi. Esiane sɛ wɔdɔ Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa nti, wɔatu kɔ mmeae a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii. (Mat. 22:37-39) Nneɛma bɛn na anuanom yi de bɔɔ afɔre na nhyira bɛn na wonyae? Ma yɛnkɔ Cameroon a ɛwɔ Afrika atɔe fam na yɛnkɔhwɛ.

“MEWƆ BAABI A METUMI ‘AYI’ NNIPA PII”

Afe 1998 no, onua bi a wɔfrɛ no Onésime a ofi Cameroon tu fii ne man mu kɔtenaa amannɔne. Ɔtenaa amannɔne mfe 14. Bere bi, ɔtee mfatoho bi a ɛfa asɛnka adwuma no ho wɔ asafo nhyiam ase. Ɔkasafo no kaa sɛ: “Fa no sɛ nnamfo mmienu bi reyi nam na ɛsono baabi a obiara wɔ a ɔreyi nam no. Sɛ baako hu sɛ baabi a n’adamfo no wɔ no, nam pii wɔ hɔ sen baabi a ɔwɔ no a, ɔrenkɔka n’adamfo no ho anaa?”

Saa mfatoho no maa Onésime nyaa adwene sɛ ɔbɛsan akɔ Cameroon akɔboa adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no, efisɛ na nnipa pii wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wosua Bible. Nanso nea na ɔredwen ho ne sɛ, na watena amannɔne mfe pii, enti ɔrebɛsan akɔ ne nkyi yi, na obetumi atena hɔ ni? Nea ɛbɛyɛ na Onésime ahu sɛ obetumi asan atena Cameroon no, ɔkɔɔ hɔ kodii abosome nsia. Afei afe 2012 no, otu kɔtenaa Cameroon bio.

Onésime ka sɛ: “Ná ɛhɔ yɛ hyew, na na ɛsono sɛnea ɛhɔ asetena te, enti na ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛtena hɔ. Nkongua a na ɛwɔ Ahenni Asa so nso, na ɛso yɛ den, enti mesan bae no, ɛno ara na na ɛsɛ sɛ metena so.” Ɔde anigye kaa sɛ: “Nanso sɛ mede m’adwene si dwumadi no so a, ɛma me werɛ fi sɛ akongua no so yɛ den.”

Afe 2013 no, Onésime waree Géraldine a na ɔno nso asan abɛtena Cameroon. Ná watena France mfe nkron. Bere a awarefo yi yeree wɔn ho yɛɛ pii wɔ Yehowa som mu no, nhyira bɛn na wonyae? Onésime ka sɛ: “Yɛkɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, na yɛkɔsom wɔ Betel. Afe a etwaam no, Bible asuafo 20 na wɔbɔɔ asu wɔ asafo a yɛwɔ mu no. Mete nka sɛ seesei mewɔ baabi a metumi ‘ayi’ nnipa pii.” (Mar. 1:17, 18) Géraldine nso ka sɛ: “Nhyira a manya no, manna annwen ho da.”

YƐBOA NKURƆFO MA WƆBƐYƐ ASUAFO A, ƐMA YƐN ANI GYE

Judith ne Sam-Castel

Judith atu akɔtena United States, nanso na ɔpɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mekɔsra m’abusuafo wɔ Cameroon na meresan akɔ a, ɛyɛ a misu esiane nnipa pii a me ne wɔn sua Bible a meregyaw wɔn hɔ no nti.” Nanso na ɛyɛ den ma Judith sɛ ɔbɛsan atu akɔtena Cameroon. Adwuma a ɔyɛ no, na akatua no ye, enti na otumi tua sika ma wɔde hwɛ ne papa a ɔyare wɔ Cameroon no. Nanso Judith de ne ho too Yehowa so na otu kɔtenaa Cameroon. Judith ka sɛ ɛyɛ a na n’ani agyina sɛnea na nneɛma bi kɔ yiye ma no wɔ amannɔne no. Ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na ontumi ntena Cameroon, na ɔmansin sohwɛfo bi nso ne ne yere hyɛɛ no nkuran.

Seesei sɛ Judith hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Mfe mmiɛnsa ntam no, mitumi boaa nnipa nnan ma wɔbɔɔ asu na wei ma m’ani gyei paa.” Judith bɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɛnnɛ, ɔne ne ne kunu Sam-Castel reyɛ ɔmansin adwuma. Na Judith papa nso ɛ? Judith ne n’abusuafo nyaa ayaresabea bi wɔ amannɔne a na wɔbɛyɛ no oprehyɛn a wonnye no hwee. Anigyesɛm ne sɛ, oprehyɛn no kɔɔ kama.

YEHOWA BOAA YƐN

Caroline ne Victor

Onua bi a wɔfrɛ no Victor tu kɔtenaa Canada. Bere a ɔkenkan nhomasua a ɛkɔ akyiri ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban bi mu no, osusuw sukuu a na ɔrekɔ no ho. Enti ogyaee sukuupɔn a na ɔkɔ no na ɔde bere tiaa bi kɔɔ sukuu a wɔkyerɛ nsaanodwuma. Ɔka sɛ: “Ɛboa ma minyaa adwuma ntɛm na ɛma mitumi yɛɛ akwampae adwuma a na mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no.” Akyiri yi, Victor waree Caroline, na wɔkɔɔ Cameroon. Wɔkɔsraa baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ, na anuanom bi hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw ho nhwɛ sɛ wobetumi aba abɛsom wɔ Cameroon anaa. Victor ka sɛ: “Ná yenni biribiara a yɛde beyi yɛn ho ano, na esiane sɛ na yɛatwitwa nneɛma so wɔ yɛn asetenam dedaw nti, na yebetumi asom wɔ Cameroon.” Ɛwom sɛ na Caroline nte apɔw de, nanso wosii gyinae sɛ wobetu akɔtena Cameroon.

Victor ne Caroline fii daa akwampae adwuma ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa nnipa pii a na wɔn ani gye Bible ho no. Mfiase no, sika a wosiei no boaa wɔn. Ɛno akyi no, wɔkɔyɛɛ adwuma abosome kakra wɔ Canada, na ɛboaa wɔn ma wɔsan kɔtenaa Cameroon toaa akwampae adwuma no so. Nhyira bɛn na wonyae? Wɔkɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu na wɔsomee sɛ akwampaefo titiriw, na seesei wɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Yehowa som adwuma. Victor ka sɛ, “Bere a yɛwɔ amannɔne no, na yɛn ho dwo yɛn, enti bere a yefii hɔ no na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, na wahwɛ yɛn paa.”

YƐBOA NKURƆFO MA WOHYIRA WƆN HO SO MA YEHOWA A, ƐMA YƐN ANI GYE

Stéphanie ne Alain

Momma yɛnhwɛ Alain a na ɔkɔ sukuupɔn wɔ Germany. Afe 2002 no, ɔkenkan kratawa a wɔato din Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ? Asɛm no kaa no ma ɔsesaa botae a na esi n’ani so no. Afe 2006 no, ɔkɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu, na wɔde no kɔɔ ne man Cameroon mu.

Ɔkɔɔ Cameroon no, onyaa adwuma bi a ennye ne bere pii yɛe. Akyiri yi, onyaa adwuma bi a na wobetua no ka pii, nanso nea na ɛhaw no ne sɛ na ɛremma ontumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu sɛ kan no. Enti bere a wɔkaa sɛ ɔnkɔyɛ ɔkwampaefo titiriw no, wampopo ne ti koraa. N’adwumawura kaa sɛ ɔbɛma no sika pii nanso Alain amfa ne ti annye, mmom ɔkɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw. Akyiri yi Alain waree Stéphanie a na ɔno nso atena France mfe pii. Stéphanie tu baa Cameroon no, ɔhaw bɛn na ohyiae?

Stéphanie ka sɛ: “Yare nketenkete bi teetee me, na na nneɛma bi wɔ hɔ a ɛne me ho nnye. Nanso na minya baabi hwɛ me ho yare ma me ho tɔ me.” Yehowa hyiraa awarefo yi mmɔdenbɔ so. Alain ka sɛ: “Yɛkɔkaa asɛm no wɔ Katé; ná ɛhɔ yɛ akuraase, na yenyaa nkurɔfo pii a na wɔpɛ sɛ wosua Bible wɔ hɔ. Akyiri yi yetumi ne wɔn suaa Bible wɔ telefon so. Bible asuafo yi mu mmienu bɔɔ asu, na yɛtew adesuakuw wɔ hɔ.” Stéphanie nso ka sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye sen sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Yɛbɛsom wɔ ha yi, yɛaboa nnipa pii ama wɔahyira wɔn ho so ama yɛn ani agye.” Ɛnnɛ, Alain ne Stéphanie reyɛ ɔmansin adwuma.

“NEA EHIA SƐ YƐYƐ ARA NA YƐAYƐ NO”

Léonce ne Gisèle

Ɔbea bi a ɔde Gisèle bɔɔ asu no na ɔkɔ dɔkotafo sukuu wɔ Italy. N’ani gyee awarefo a wɔne no suaa Bible no asetena ho. Ná wɔyɛ akwampaefo a wɔatwitwa nneɛma so wɔ wɔn asetenam, na na ɔno nso pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Enti aka kakra ma Gisèle awie sukuu no ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo.

Ná Gisèle pɛ sɛ otu kɔtena Cameroon na ama watumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nanso na nneɛma bi agyaw no adwinnwen. Ɔka sɛ: “Ná mmara ma kwan sɛ metena Italy, enti sɛ mifi hɔ a na ɛbɛbɔ me. Afei nso, na me ne me nnamfo ne m’abusuafo a wɔwɔ Italy no ntam bɛtetew.” Nanso May 2016 no, Gisèle tu kɔtenaa Cameroon. Bere bi akyi no, ɔwaree onua bi a wɔfrɛ no Léonce. Baa dwumadibea a ɛwɔ Cameroon no ka kyerɛɛ awarefo no sɛ wontu nkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Ayos efisɛ na wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii wɔ hɔ.

Sɛn na na asetena te wɔ Ayos? Gisèle ka sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ wodum kanea a, na edi nnawɔtwe pii ansa na wɔasɔ. Enti sɛ yɛn mobal fon dum a, na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ara kosi sɛ wɔbɛsɔ kanea no ansa na yɛatumi de ayɛ adwuma. Afei nso misuaa sɛnea mede nnyina bɛsɔ gya de anoa aduan. Afei nso na yɛde wheelbarrow ne torchlight kɔsaw nsu anadwo. Ebedu saa bere no, na nnipa pii nni nsu no ho.” Dɛn na ɛboaa awarefo yi ma wotumi gyinaa saa tebea yi ano? Gisèle ka sɛ: “Yehowa de ne honhom boaa yɛn paa, me ne me kunu nyinaa, na obiara boa ne yɔnko. Afei nso, na yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo hyɛ yɛn nkuran, na ɛwom ara na wɔma yɛn sika de twitwa yɛn ho.”

Gisèle ani agye sɛ ɔsan kɔɔ ɔman a ofi mu no anaa? Ɔka sɛ: “M’ani agye paa! Mfiase no, na nneɛma mu yɛ den na ɛtɔ da a, na yɛn abam abu. Nanso bere a yetumi dii saa nsɛnnennen no so no, me ne me kunu tee nka sɛ nea ehia sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no. Yɛde yɛn ho to Yehowa so, na ama yɛabɛn no paa.” Léonce ne Gisèle kɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, na seesei wɔresom sɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw.

Sɛnea mpataayifo de akokoduru fa tebea ahorow a emu yɛ den mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi mpataa pii no, saa ara na wɔn a wofi wɔn pɛ mu san kɔ ɔman a wofi mu no yɛ. Wɔde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn a wɔwɔ koma pa a wotie Ahenni ho asɛm no. Ɔdɔ a saa adawurubɔfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden da no adi wɔ Yehowa din ho no, Yehowa bɛkae wɔn ne wɔn adi no yiye. (Neh. 5:19; Heb. 6:10) Sɛ wowɔ amannɔne na wote sɛ wohia adawurubɔfo pii wɔ ɔman a wufi mu a, wubetumi akɔ wo nkyi akɔboa anaa? Woyɛ saa a, wubenya nhyira pii.​—Mmeb. 10:22.