Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 47

Wobɛkɔ So De Afotu Ayɛ Adwuma?

Wobɛkɔ So De Afotu Ayɛ Adwuma?

“Nea aka no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye.”​—2 KOR. 13:11.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea Mateo 7:13, 14 ma yehu no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛn mu biara retu kwan?

YƐN mu biara retu kwan. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛkɔ akodu wiase foforo no mu. Ɛhɔ de, Yehowa a ɔdɔ yɛn no na obedi yɛn so. Da biara yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Nanso Yesu kaa sɛ saa kwan no yɛ hihiaa na ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛfa so. (Kenkan Mateo 7:13, 14.) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛman afi saa kwan yi so.—Gal. 6:1.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Ahobrɛase Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Nsakrae” no nso.)

2 Sɛ yebetumi akɔ so afa ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sesa sɛnea yesusuw nneɛma ho, yɛn suban ne yɛn nneyɛe. Ɔsomafo Paul hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wɔnkɔ so ‘mma wonsiesie wɔn yiye’ anaa wɔnkɔ so nyɛ nsakrae. (2 Kor. 13:11) Saa afotu yi fa yɛn nso yɛn ho. Adesua yi mu no yɛbɛhwɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae ne sɛnea yɛn nnamfo a wɔn ho akokwaw betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so afa nkwa kwan no so. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛde akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no bɛyɛ adwuma. Yɛbɛhwɛ sɛnea ahobrɛase betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so ayɛ nsakrae, na bere koro no ara yɛde anigye akɔ so asom Yehowa.

MA ONYANKOPƆN ASƐM NTEƐTEƐ WO

3. Sɛn na Onyankopɔn Asɛm betumi aboa wo?

3 Ɛyɛ den sɛ yɛn ankasa bɛhwehwɛ yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛte nka no mu yiye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn koma no yɛ okontomponi enti ebetumi ayɛ den sɛ yebehu nea ebepiapia yɛn ama yɛayɛ. (Yer. 17:9) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde “nsusuwii hunu” bɛdaadaa yɛn ho. (Yak. 1:22) Enti ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no hwehwɛ yɛn mu. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, kyerɛ sɛ ɛma yehu nea ɛwɔ yɛn ‘adwene ne yɛn komam.’ (Heb. 4:12, 13) Ɔkwan bi so no, Onyankopɔn Asɛm te sɛ afiri a wɔde twa X-ray. Ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɛwɔ yɛn mu. Nanso sɛ yebetumi de afotu a yenya fi Bible mu anaa yenya fi Onyankopɔn ananmusifo hɔ no ayɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔhene Saul bɛyɛɛ ahantan?

4 Nea Ɔhene Saul yɛe no ma yehu sɛ, sɛ yɛammrɛ yɛn ho ase a, asɛm betumi ato yɛn. Saul bɛyɛɛ ahantan araa ma na onnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ ɔsakra n’adwene na ɔsesa ne suban. (Dw. 36:1, 2; Hab. 2:4) Asɛm bi sii a ɛma yehu saa. Yehowa ka kyerɛɛ Saul sɛ, sɛ odi Amalekfo no so nkonim a, ɔnyɛ nneɛma pɔtee bi. Nanso Saul anyɛ nea Yehowa kae no. Bere a odiyifo Samuel kɔɔ Saul nkyɛn kɔkaa ne mfomso kyerɛɛ no no, Saul annye ne mfomso antom. Mmom ɔde nsɛm yiyii ne ho ano, na ɔma ɛyɛe sɛ asɛm biara nni nea ɔyɛe no ho, na ɔprɛw asɛm no too afoforo so. (1 Sam. 15:13-24) Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na Saul ayɛ biribi a ɛte saa pɛn. (1 Sam. 13:10-14) Awerɛhosɛm ne sɛ ɔmaa ahantan gyee ntini wɔ ne komam. Wansesa n’adwene, enti Yehowa kaa n’anim na ɔpoo no.

5. Dɛn na yebetumi asua afi Saul asɛm no mu?

5 Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛasua biribi afi Saul asɛm no mu no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho saa nsɛm yi: ‘Sɛ mekenkan afotusɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a, ɛyɛ a mede nsɛm yiyi me ho ano sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa nyɛ adwuma anaa? Ɛyɛ a minya adwene sɛ nea mereyɛ no nhyɛ da nyɛ bɔne? Ɛyɛ a mede nea mereyɛ no ho asodi to afoforo so anaa?’ Sɛ yɛma nsɛmmisa yi biara ho mmuae sɛ yiw a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene ne yɛn suban. Anyɛ saa a, ahantan begye ntini wɔ yɛn komam ama Yehowa ne yɛn atwa adamfofa mu.—Yak. 4:6.

6. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nea Ɔhene Saul ne nea Ɔhene Dawid yɛe no mu?

6 Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ Ɔhene Saul ne Ɔhene Dawid a obedii n’ade no ntam. Ná Ɔhene Dawid yɛ ɔbarima a n’ani gye “Yehowa mmara” ho. (Dw. 1:1-3) Ná Dawid nim sɛ Yehowa gye ahobrɛasefo nanso ahantanfo de, ɔne wɔn di asi. (2 Sam. 22:28) Enti Dawid maa kwan ma Onyankopɔn mmara sesaa n’adwene. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.”—Dw. 16:7.

ONYANKOPƆN ASƐM

Sɛ yɛman fi ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so a, Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm ateɛteɛ nsusuwii bɔne a yɛanya no (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, dɛn na yɛbɛyɛ?

7 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm asesa nsusuwii bɔne biara a yɛanya na yɛankɔyɛ bɔne. Onyankopɔn Asɛm no bɛyɛ te sɛ nne bi a ɛreka akyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.” (Yes. 30:21) Sɛ ɛba sɛ yɛreyɛ aman afa benkum anaa nifa a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. (Yes. 30:21) Sɛ yetie Yehowa a, yebenya mfaso pii. (Yes. 48:17) Emu baako ne sɛ, ɛremma yɛnkɔyɛ biribi mma obi nteɛ yɛn so na ahyɛ yɛn aniwu. Afei nso, yɛbɛbɛn Yehowa efisɛ yebehu sɛ ɔne yɛn redi te sɛ agya a ɔdɔ ne ba.—Heb. 12:7.

8. Sɛnea Yakobo 1:22-25 ma yehu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de Onyankopɔn Asɛm no ayɛ adwuma te sɛ ahwehwɛ?

8 Yebetumi de Onyankopɔn Asɛm atoto ahwehwɛ ho. (Kenkan Yakobo 1:22-25.) Ɛyɛ a yɛn mu dodow no ara hwɛ ahwehwɛ mu ansa na yɛafi fie anɔpa biara. Yɛyɛ saa a, ɛma yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi ansa na yɛapue akɔ abɔnten ama afoforo ahu yɛn. Saa ara na sɛ yɛkenkan Bible da biara a, yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so asesa yɛn adwene ne yɛn suban. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔkenkan daa asɛm no anɔpa biara ansa na wɔafi fie a, ɛboa wɔn paa. Wɔma kwan ma nea wɔakenkan no sesa sɛnea wosusuw nneɛma ho. Afei, wɔhwɛ sɛnea wɔde afotu a wɔakenkan afi Onyankopɔn Asɛm mu no bɛbɔ wɔn bra wɔ saa da no mu. Wei da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yenya nhyehyɛe a yɛde sua ade na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho da biara. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wei yɛ nyɛ den, nanso nneɛma a ɛho hia paa a ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so no, wei ka ho.

TIE WO NNAMFO A WƆN HO AKOKWAW

YƐN NNAMFO A WƆN HO AKOKWAW

Esiane sɛ yɛn nua Kristoni bi a ne ho akokwaw dwen yɛn ho nti, ebia obetu yɛn fo. Yɛn ani begye sɛ yɛn adamfo no nyaa akokoduru tuu yɛn fo anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Bere bɛn na ebia ebehia sɛ w’adamfo teɛ wo so?

9 Bere bi a atwam no, woyɛɛ biribi a anka ebetumi ama wo ne Yehowa ntam asɛe anaa? (Dw. 73:2, 3) W’adamfo bi a ɔwɔ akokoduru teɛɛ wo so anaa? Bere a ɔteɛ wo so no, woyɛɛ aso tiee no, na wode n’afotu no yɛɛ adwuma anaa? Sɛ wutiee no de n’afotu no yɛɛ adwuma a, ɛnde woyɛɛ ade paa, na yebetumi aka sɛ ɛyɛ wo dɛ sɛ w’adamfo no tuu wo fo.—Mmeb. 1:5.

10. Sɛ w’adamfo bi tu wo fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

10 Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ ɔdɔfo pira wo a, efi nokwaredi mu.” (Mmeb. 27:6) Asɛm yi kyerɛ sɛn? Momma yɛnhwɛ saa mfatoho yi. Fa no sɛ wugyina kar kwan ho a worebetwam ɛnna wotee sɛ obi refrɛ wo wɔ fon so. Enti wusii kwan no mu a woanhwɛ hwee. Ɛhɔ ara na w’adamfo bi besoo w’abasa twee wo kogyina kwan no nkyɛn. Sɛnea osoo wo mu denneennen no maa w’abasa yɛɛ wo yaw, nanso nea ɔyɛe no nti kar ammɔ wo. Sɛ w’abasa yɛɛ wo yaw kyɛe mpo a, wo bo befuw sɛ w’adamfo no twee wo anaa? Daabi! Mmom ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ ɔboaa wo. Saa ara na sɛ w’adamfo bi ka kyerɛɛ wo sɛ wo kasa ne wo nneyɛe bi ne Onyankopɔn akwankyerɛ nhyia a, ebia mfiase no ɛbɛhaw wo. Nanso mma wo bo mmfuw sɛ otuu wo fo. Nyansa nnim sɛ wobɛyɛ saa. (Ɔsɛnk. 7:9) Mmom ma w’ani nnye sɛ w’adamfo no nyaa akokoduru tuu wo fo.

11. Dɛn na ɛremma obi ntie afotu pa a n’adamfo de bɛma no?

11 Dɛn na ɛremma obi ntie afotu pa a n’adamfo a ɔpɛ n’asɛm de bɛma no? Ɛyɛ ahantan. Ahantanfo pɛ sɛ ‘wonunu wɔn asom,’ na ‘woyi wɔn asõ fi nokware no ho.’ (2 Tim. 4:3, 4) Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wonim nyansa sen obiara ma enti wonhia afotu. Nanso ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” (Gal. 6:3) Ɔhene Solomon nso kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu yiye paa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Abofra hiani nyansafo ye sen ɔhene akwakoraa gyimfo a ontie kɔkɔbɔ bio.”—Ɔsɛnk. 4:13.

12. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Galatifo 2:11-14 no a, dɛn na yesua fi ɔsomafo Petro hɔ?

12 Hwɛ nea ɔsomafo Petro yɛe bere a ɔsomafo Paul kaa n’anim wɔ baguam no. (Kenkan Galatifo 2:11-14.) Anka Petro betumi ama ne bo afuw Paul esiane sɛnea ɔkaa asɛm no ne baabi a ɔkaa asɛm no nti. Nanso Petro yɛɛ n’ade nyansam. Ogyee afotu no toom na wannya Paul ho adwemmɔne. Mmom, akyiri yi ɔkaa sɛ Paul yɛ ne “nua dɔfo.”—2 Pet. 3:15.

13. Sɛ yɛretu obi fo a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

13 Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wutu w’adamfo bi fo a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho? Ansa na wubetu w’adamfo bi fo no, ‘Bisa wo ho sɛ, ‘Meyɛ me ho “ɔtreneeni dodo” anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:16) Sɛ obi a ɔyɛ ne ho ɔtreneeni dodo resusuw nea obi ayɛ ho a, ɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ na mmom ɔde ɔno ara adwene na ɛyɛ. Afei nso ɛyɛ a mpɛn pii no onhu afoforo mmɔbɔ. Sɛ wususuw weinom nyinaa ho wie na wuhu sɛ ɛho hia sɛ wo ne w’adamfo no kasa a, ɛnde ka ɔhaw no ho asɛm kyerɛ no, na bisabisa no nsɛm a ɛbɛboa no ama wahu mfomso a odii no. Afei bɔ mmɔden sɛ wode wo nsɛm no begyina Kyerɛwnsɛm no so, na kae sɛ ɛyɛ Yehowa na w’adamfo no bebu akontaa akyerɛ no na ɛnyɛ wo. (Rom. 14:10) Ɛyɛ a fa Onyankopɔn Asɛm no tu afoforo fo, na da tema adi sɛnea Yesu yɛe no. (Mmeb. 3:5; Mat. 12:20) Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea yɛne afoforo di no saa ara na Yehowa nso ne yɛn bedi.—Yak. 2:13.

FA AKWANKYERƐ A ONYANKOPƆN AHYEHYƐDE NO DE MA YƐN NO YƐ ADWUMA

ONYANKOPƆN AHYEHYƐDE

Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ nhoma, video, ne asafo nhyiam a ɛboa yɛn ma yɛde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma. Ɛtɔ da nso a Akwankyerɛ Kuw no yɛ nsakrae wɔ sɛnea yɛyɛ ɔsom adwuma no mu (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Dɛn na Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn?

14 Yehowa nam n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no so ma yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yɛfa nkwa kwan no so. Wɔnam video, nhoma, ne asafo nhyiam so boa yɛn nyinaa ma yɛde afotusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma. Esiane sɛ saa nsɛm yi gyina Kyerɛwnsɛm no so nti, yebetumi de yɛn ho ato so. Sɛ Akwankyerɛ Kuw no resi gyinae ahwɛ sɛnea yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no yiye a, ɛyɛ a wɔma honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan. Nanso ɛyɛ a Akwankyerɛ Kuw no taa susuw gyinae a wɔasisi no ho hwɛ sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae anaa. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Efisɛ “wiase su resesa,” enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so asom Yehowa.—1 Kor. 7:31.

15. Nsɛnnennen bɛn na adawurubɔfo bi ahyia?

15 Sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no de Bible nkyerɛkyerɛ bi ho nkyerɛkyerɛmu foforo ma yɛn anaa wɔde sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho akwankyerɛ ma yɛn a, yegye tom na yɛde yɛ adwuma. Nanso sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na ɛka yɛn asetena a, dɛn na ɛyɛ a yɛyɛ? Wei ho nhwɛso ne sɛ, nnansa yi sɛ yɛresi adan a yɛde som Yehowa anaa yɛresiesie a, ɛyɛ a yɛbɔ ka paa. Enti Akwankyerɛ Kuw no akyerɛ sɛ yɛmfa Ahenni Asa ahorow no nyɛ adwuma yiye. Esiane saa nsakrae yi nti, wɔaka asafo ahorow pii abom na wɔatontɔn Ahenni Asa ahorow bi nso. Wɔde saa sika a wonya no boa sisi Ahenni Asa wɔ mmeae a wohia paa no. Baabi a wote no, sɛ wɔretontɔn Ahenni Asa anaa wɔreka asafo ahorow bi abom a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye saa nsakrae yi atom. Seesei ɛsɛ sɛ adawurubɔfo pii twa kwantenten ansa na wɔakɔ asafo nhyiam. Ebia wɔn a wɔyɛ adwumaden ma wosii Ahenni Asa bi anaa wɔboa ma wosiesiei no bebisa sɛ, ‘Adɛn nti na wɔretɔn Ahenni Asa no?’ Ebia wɔbɛte nka sɛ wɔasɛe wɔn bere ne wɔn ahoɔden. Nanso ne nyinaa mu no, wɔagye saa nhyehyɛe foforo yi atom na wɔfata nkamfo.

16. Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:23, 24 no yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya anigye?

16 Sɛ yɛkae sɛ yɛreyɛ adwuma ama Yehowa na ɔno na ɔrekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan a, ɛbɛma yɛakɔ so anya anigye. (Kenkan Kolosefo 3:23, 24.) Ɔhene Dawid yɛɛ wei ho nhwɛso bere a oyii sika ma wɔde sii asɔrefie no. Ɔkaa sɛ: “Hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa sɛɛ? Wo na ade nyinaa wɔ wo, na wo ara wo nsam na efi na yɛasan de ama wo.” (1 Be. 29:14) Yɛn nso sɛ yeyi ntoboa a, yɛde nea Yehowa de ama yɛn resan ama no. Nanso sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika boa Yehowa adwuma a, ɛma n’ani gye paa.—2 Kor. 9:7.

FA ƆKWAN HIHIAA NO SO

17. Sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu?

17 Sɛ yebetumi afa ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di Yesu anammɔn akyi pɛɛ. (1 Pet. 2:21) Sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae bi a, mma w’abam mmu. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wode Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma. Kae sɛ Yehowa nim sɛ yɛtɔ sin, enti ɔnhwɛ kwan sɛ yebesuasua Yesu pɛpɛɛpɛ.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi adu yɛn botae no ho?

18 Momma yɛn nyinaa mfa yɛn ani nsi nea ɛda yɛn anim daakye no so, na momma yɛnkɔ so nsesa sɛnea yesusuw nneɛma ho, yɛn suban, ne yɛn nneyɛe. (Mmeb. 4:25; Luka 9:62) Momma yɛnkɔ so mmrɛ yɛn ho ase, na ‘yɛnkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie yɛn yiye.’ (2 Kor. 13:11) Sɛ yɛyɛ saa a, ‘ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne yɛn bɛtena.’ Ɛbɛma yɛn ani agye nnɛ na yɛbɛkɔ akodu wiase foforo no mu nso.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

^ nky. 5 Yɛn mu bi wɔ hɔ a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsesa sɛnea yesusuw nneɛma ho, yɛn suban ne yɛn nneyɛe. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ehia sɛ yɛyɛ nsakrae ne sɛnea yebenya anigye bere a yɛreyɛ nsakrae no.

^ nky. 76 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua kumaa bi reka nea ɛtoo no bere a osii gyinae bɔne bi, onua a n’ani afi (a ɔte nifa so) no ayɛ komm retie no, na ɔrehwɛ sɛ ɛho behia sɛ ɔma no afotu anaa.