Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 49

Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!

Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!

‘Mewɔ anidaso sɛ awufo bɛsɔre.’​—ASO. 24:15.

DWOM 151 Ɔbɛfrɛ

NEA YƐREBESUA *

1-2. Anidaso a ɛso bi nni bɛn na Yehowa asomfo wɔ?

ANIDASO ho hia paa. Ebinom wɔ hɔ a nea wɔn ani da so ara ne sɛ wɔn ani begye wɔn aware mu, wɔn mma benya apɔwmuden, anaa sɛ yare bi a emu yɛ den abɔ wɔn a, wɔhwɛ kwan sɛ wɔn ho bɛtɔ wɔn. Ebia yɛn a yɛyɛ Kristofo nso hwɛ kwan sɛ yebenya nneɛma a ɛte saa. Nanso ade a yɛn ani da so paa no kyɛn saa nneɛma yi nyinaa. Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa, na afei nso yɛwɔ anidaso sɛ yɛn adɔfo a wɔawu no bɛsan aba nkwa mu bio.

2 Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu . . . sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15) Ɛnyɛ Paul ne obi a odii kan kaa sɛ ɔwɔ owusɔre no mu anidaso. Ná Hiob nso wɔ saa anidaso no ara bi. Ná ogye di paa sɛ Onyankopɔn bɛkae no na wanyan no aba nkwa mu bio.—Hiob 14:7-10, 12-15.

3. Adɛn nti na 1 Korintofo ti 15 no betumi aboa yɛn?

3 “Fapem” anaa “mfitiasesɛm” a Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina so no, “owusɔre” no ka ho. (Heb. 6:1, 2) Nsɛm a Paul ka faa owusɔre no ho no, wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Korintofo ti 15. Yebetumi aka sɛ nea ɔkyerɛwee no hyɛɛ tete Kristofo no den. Yɛn nso, ɛmfa ho bere tenten a yɛde ahwɛ owusɔre no kwan no, saa kyerɛwsɛm no betumi ahyɛ yɛn den, na ebetumi ama anidaso a yɛwɔ sɛ owusɔre no bɛba no mu ayɛ den.

4. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio?

4 Yesu Kristo wusɔre no ma yenya awerɛhyem sɛ wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Ná ɛka “asɛmpa” a Paul ka kyerɛɛ Korintofo no ho. (1 Kor. 15:1, 2) Ɔkaa sɛ, sɛ obi yɛ Kristoni na onnye owusɔre no nni a, na ne gyidi so nni mfaso. (1 Kor. 15:17) Ade titiriw a ɛma Kristofo gye di sɛ wobenyan awufo ne sɛ, wogye di sɛ wonyan Yesu fii awufo mu.

5-6. Dɛn na 1 Korintofo 15:3, 4 no ma yehu?

5 Bere a Paul kaa owusɔre ho asɛm no, mfiase pɛɛ na ɔma yehuu nokwasɛm mmiɛnsa bi. Ɛno ne sɛ, (1) “Yɛn bɔne nti na Kristo wui.” (2) “Wosiee no.” (3) “Da a ɛto so mmiɛnsa no, wonyan no, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.”—Kenkan 1 Korintofo 15:3, 4.

6 Dɛn na Yesu wu, ne sie, ne ne wusɔre ma yehu? Odiyifo Yesaia hyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ, ‘wobetwa no afi ateasefo asase so’ na ‘wɔasie no wɔ abɔnefo mu.’ Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Yesaia ka kaa ho sɛ, Mesia no ‘bɛsoa nnipa pii bɔne.’ Yesu yɛɛ saa bere a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede no. (Yes. 53:8, 9, 12; Mat. 20:28; Rom. 5:8) Yɛwɔ anidaso sɛ wobegye yɛn afi bɔne ne owu nsam, na yɛbɛsan ahyia yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio. Enti Yesu wu, ne sie, ne ne wusɔre no ma yenya awerɛhyem paa sɛ, yɛn anidaso no bɛba mu.

NNIPA PII A WƆDE WƆN ANI HUI DII HO ADANSE

7-8. Dɛn na ɛma Kristofo gye di paa sɛ wonyan Yesu?

7 Anidaso a yɛwɔ sɛ wobenyan awufo no gyina Yesu wusɔre no so, enti ɛsɛ sɛ yegye di paa sɛ wonyan Yesu. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nyan Yesu baa nkwa mu bio?

8 Nnipa pii de wɔn ani hui sɛ wɔanyan Yesu na wɔka kyerɛɛ afoforo. (1 Kor. 15:5-7) Wɔn a wɔde wɔn ani hui sɛ wɔanyan Yesu no, nea Paul dii kan kaa n’asɛm ne ɔsomafo Petro (Kefa). Asuafo no bi nso kaa sɛ, Petro huu Yesu a wɔanyan no no. (Luka 24:33, 34) Afei nso, “dumien no,” anaa asomafo no huu Yesu a wɔanyan no no. Ɛno akyi no, Kristo ‘yii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu.’ Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na wɔyɛɛ nhyiam a ɛmaa wɔn ani gyee wɔ Galilea a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 28:16-20 no. Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo’ a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Yesu nua no nso. Bere bi a atwam no, na Yakobo nnye nni sɛ Yesu ne Mesia no. (Yoh. 7:5) Bere a Yakobo hui sɛ wɔanyan Yesu no, afei de ogyee no dii. Anigyesɛm ne sɛ, bɛyɛ afe 55 Y.B. mu bere a Paul kyerɛw saa krataa no, na wɔn a wɔde wɔn ani huu Yesu wusɔre no mu pii da so te ase, enti sɛ na obi nnye nni sɛ wɔanyan Yesu a, na obetumi akobisa wɔn mu bi.

9. Sɛ yɛkenkan Asomafo Nnwuma 9:3-5 a, dɛn na ɛwɔ hɔ a ɛma yehu sɛ na Paul nso betumi adi adanse sɛ wɔanyan Yesu?

9 Akyiri yi Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Paul ankasa. (1 Kor. 15:8) Na Paul (Saul) nam kwan so rekɔ Damasko na ɔtee Yesu a wɔanyan no no nne, na onyaa anisoadehu sɛ wɔahyɛ Yesu anuonyam wɔ soro. (Kenkan Asomafo Nnwuma 9:3-5.) Nea Paul hui no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ wonyan Yesu ampa.—Aso. 26:12-15.

10. Esiane sɛ Paul gye dii sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu nti, dɛn na ɛkaa no ma ɔyɛe?

10 Ná ebinom ani begye nea Paul kae no ho, efisɛ ansa na Yesu reyi ne ho adi akyerɛ Paul no, na Paul di Kristofo no ani paa. Bere a Paul hui sɛ wɔanyan Yesu no, ɔyeree ne ho kaa saa nokwasɛm yi kyerɛɛ afoforo. Bere a na ɔka Yesu ho nokwasɛm sɛ owui na wasan aba nkwa mu bio no, wɔhwee no, wɔde no too afiase, ɔtenaa hyɛn mu ma eguu asu anaa ɛmemee. (1 Kor. 15:9-11; 2 Kor. 11:23-27) Ná Paul gye di paa sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu enti na wayɛ krado sɛ ne gyidi nti obewu. Adanse a tete Kristofo yi de mae yi, ɛmma wo nso wunnye nni sɛ wonyan Yesu fii awufo mu anaa? Na wei mma wunnya awerɛhyem paa sɛ owusɔre no bɛba anaa?

WƆN A NA WONNYE OWUSƆRE NNI NO, PAUL TEƐƐ WƆN ADWENE

11. Adɛn nti na na adwene a Korintofo no bi wɔ wɔ owusɔre no ho no mfata?

11 Ná wɔn a wɔwɔ Korinto a ɛwɔ Greece no binom wɔ adwene a ɛmfata wɔ owusɔre no ho, na wɔkae mpo sɛ “awufo sɔre biara nni hɔ.” Adɛn ntia? (1 Kor. 15:12) Nyansapɛfo a na wɔwɔ Atene a ɛno nso wɔ Greece no, na wobu Yesu wusɔre no sɛ aseresɛm bi kɛkɛ. Enti ɛbɛyɛ sɛ wei maa wɔn a na wɔwɔ Korinto no binom nso nyaa saa adwene yi bi. (Aso. 17:18, 31, 32) Ɛbɛyɛ sɛ na ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ owusɔre no nyɛ biribi a esii ankasa, na mmom egyina hɔ ma biribi. Ná wɔte ase sɛ, sɛ obi wɔ bɔne mu a na ‘wawu’ nanso sɛ ɔbɛyɛ Kristoni a, na waba “nkwa” mu. Ɛmfa ho nea enti a na saa nkurɔfo no nnye owusɔre no nni biara no, na wɔn gyidi nni nnyinaso. Sɛ Onyankopɔn annyan Yesu a, ɛnde na wantua agyede biara na obiara nso ntumi nnya bɔne fafiri. Enti wɔn a na wonnye owusɔre nni no, na wonni anidaso biara.—1 Kor. 15:13-19; Heb. 9:12, 14.

12. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:18, 22 no a, sɛn na ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yesu wusɔre no nte sɛ wɔn a na wɔadi kan anyan wɔn no?

12 Ná Paul ankasa nim sɛ “wɔanyan [Kristo] afi awufo mu.” Ansa na wɔrenyan Yesu no, na ebinom awu ama wɔanyan wɔn. Nanso na Yesu de no yɛ papa sen wɔn de no, efisɛ wonyan wɔn no, akyiri yi wɔsan wui. Paul kaa sɛ Yesu yɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ aba a edi kan? Ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no sɛ honhom abɔde, na ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no kɔɔ soro.—1 Kor. 15:20; Aso. 26:23; kenkan 1 Petro 3:18, 22.

WƆN A ‘WƆBƐMA WƆANYA NKWA’

13. Nsonsonoe bɛn na Paul kaa sɛ ɛwɔ Adam ne Yesu ntam?

13 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako wu atumi ama nnipa ɔpepem pii anya nkwa? Paul ma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom. Ɔma yehu nsunsuanso a efi Adam bɔne no mu bae, ne mfaso a ɛwɔ Kristo afɔre no so. Paul kaa Adam ho asɛm sɛ: “Ɛnam onipa so na owu bae.” Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔkɔfaa amanehunu baa ɔne n’asefo so. Asoɔden a Adam yɛe no, seesei mpo yɛda so hu nsunsuanso bɔne a akɔfa aba no. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn nyan ne Ba no nti, yɛrehwɛ daakye papa bi kwan. “Ɛnam onipa so na owusɔre nso bae.” Saa nipa no ne Yesu. Paul kaa sɛ: “Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Kor. 15:21, 22.

14. Wobenyan Adam afi awufo mu anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Bere a Paul kaa sɛ “obiara rewu wɔ Adam mu no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? Ná Paul reka Adam asefo ho asɛm. Esiane sɛ nnipa nyinaa yɛ Adam asefo nti, bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho, enti ɛyɛ dɛn ara a wobewu. (Rom. 5:12) Wɔn a ‘wɔbɛma wɔanya nkwa’ no, Adam nka ho. Adam rennya Kristo agyede afɔre no so mfaso. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Adam yɛ pɛ ɛnna ɔhyɛɛ da yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. Nea ɛtoo Adam no, ɛno ara bi na ɛbɛto wɔn a “onipa Ba no” bebu wɔn atɛn sɛ “mmirekyi” no. Wei kyerɛ sɛ wɔbɛkɔ “daa ɔsɛe mu.”—Mat. 25:31-33, 46; Heb. 5:9.

Wɔn a na wobenyan wɔn ama wɔakɔ soro no, Yesu na odi kan (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. 1 Korintofo 15:22 ka sɛ, “Wɔbɛma obiara anya nkwa.” “Obiara” no gyina hɔ ma henanom?

15 Hyɛ no nsow sɛ Paul kaa sɛ, “wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.” (1 Kor. 15:22) Paul kyerɛw ne krataa no kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Korinto no. Ná saa Kristofo yi benya owusɔre akɔ soro. Ná ‘wɔatew wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu, na na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ akronkronfo.’ Afei Paul kaa “wɔn a Kristo mu wɔdedae wɔ owu mu” ho asɛm. (1 Kor. 1:2; 15:18; 2 Kor. 5:17) Paul kyerɛw wɔ ne krataa foforo mu sɛ, ‘wɔn a wɔne Yesu ayɛ biako wɔ ɔkwan a ɔfaa so wui mu no, wɔne no bɛyɛ biako wɔ ne nyan nso mu.’ (Rom. 6:3-5) Wonyan Yesu sɛ honhom ma ɔkɔɔ soro. Enti wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu,’ kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no, ɛno ne akatua a wobenya.

16. Bere a Paul kaa sɛ Yesu yɛ “aba a edi kan” no, na ɔrekyerɛ sɛn?

16 Paul kaa sɛ, wonyan Kristo sɛ “wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Kae sɛ wonyan ebinom te sɛ Lasaro baa nkwa mu wɔ asase so, nanso Yesu ne obi a odi kan a wonyan no sɛ honhom na wɔmaa no daa nkwa. Ná wobetumi de Yesu atoto aba a edi kan a na Israelfo no twa ma Onyankopɔn no ho. Afei nso bere a Paul frɛɛ Yesu “aba a edi kan” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɛno akyi no, wobenyan ebinom afi awufo mu ama wɔakɔtena soro. Ná asomafo ne afoforo a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no bɛkɔ akɔka Yesu ho. Bere a ɛsɛ mu no, na wobenya owusɔre a ɛte sɛ Yesu de no ara.

17. Bere bɛn na wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no benya owusɔre akɔ soro?

17 Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Korintofo no, na wonnya nnyan wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no mu biara nkɔɔ soro. Mmom Paul kaa sɛ ebesi daakye. Ɔkaa sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.” (1 Kor. 15:23; 1 Tes. 4:15, 16) Ɛnnɛ yɛte Kristo “mmae” a wɔhyɛɛ ho nkɔm no mu. Enti na ɛsɛ sɛ asomafo no ne Kristofo afoforo a wɔde honhom asra wɔn a wowui no twɛn kosi Kristo mmae no ansa na wɔanyan wɔn ama wɔakɔ soro. Saa bere no, ‘wɔne Yesu bɛyɛ baako wɔ ne nyan nso mu.’

YƐN ANIDASO NO BƐBA MU ƆKWAN BIARA SO!

18. (a) Sɛ wonyan ebinom kɔ soro wie a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ owusɔre foforo bɛkɔ so? (b) Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 15:24-26 no, nneɛma bɛn na ebesisi wɔ soro?

18 Kristofo anokwafo a wonni anidaso sɛ wɔne Kristo bɛtena soro no nso ɛ? Wɔn nso wɔ anidaso sɛ, sɛ wowu a, wobenya owusɔre. Bible ka sɛ Paul ne afoforo a wɔbɛkɔ soro no benya “owusɔre a edi kan no.” (Filip. 3:11) Wei ma yehu sɛ owusɔre foforo bedi ɛno akyi. Ná Hiob wɔ saa anidaso no. (Hiob 14:15) “Wɔn a wɔyɛ Kristo dea . . . wɔ ne mmae mu” no bɛka Yesu ho wɔ soro ama wɔatu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu. “Ɔtamfo a otwa to” a ɔne “owu” mpo, wobeyi no afi hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no renwu bio. Na wɔn wɔrenkɔ soro no nso ɛ?—Kenkan 1 Korintofo 15:24-26.

19. Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no, dɛn na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya?

19 Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no, dɛn na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya? Asɛm a Paul kae yi betumi ama wɔanya anidaso: “Mewɔ anidaso . . . sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15) Enti yehu paa sɛ ɛnyɛ ade a wɔn a wɔnteɛ no betumi akɔ soro, enti asɛm a Paul kae no, ɛfa wɔn a wobenyan wɔn aba asase yi so daakye no ho.

Wɔn a wogye owusɔre no di no wɔ anidaso sɛ daakye papa bi da wɔn anim (Hwɛ nkyekyɛm 20) *

20. Gyidi a wowɔ sɛ owusɔre no bɛba no, sɛn na adesua yi ahyɛ mu den?

20 Akyinnye biara nni ho sɛ, ‘bere bi bɛba a awufo bɛsɔre’! Wɔn a wobenyan wɔn aba asase no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ saa bɔhyɛ yi bɛba mu. Sɛ wo dɔfo bi awu a, saa anidaso yi betumi akyekye wo werɛ. Sɛ “mfe apem” no mu Kristo ne wɔn a wɔka ne ho no “bedi hene” a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ wobenyan wɔn. (Adi. 20:6) Wo nso wubetumi anya anidaso sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ wuwu ansa na Mfirihyia Apem no afi ase a, wobenyan wo aba nkwa mu. Saa “anidaso no nni huammɔ.” (Rom. 5:5) Ɛnnɛ, saa anidaso no betumi ahyɛ wo den na ama anigye a wode resom Onyankopɔn no ayɛ kɛse. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma foforo a yebetumi asua afi 1 Korintofo ti 15 no mu.

DWOM 147 Daa Nkwa Bɔhyɛ

^ nky. 5 Korintofo nhoma a edi kan ti 15 ka owusɔre no ho asɛm. Adɛn nti na saa nkyerɛkyerɛ yi ho hia yɛn, na dɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ wonyan Yesu? Adesua yi mu no yebenya saa nsɛmmisa yi, ne owusɔre no ho nsɛmmisa afoforo a ɛho hia ho mmuae.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu ne onipa a odii kan kɔɔ soro. (Aso. 1:9) N’asuafo a na wɔbɛkɔ akɔka ne ho no bi ne Toma, Yakobo, Lidia, Yohane, Maria, ne Paul.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi yere a ɔdɔ no a ɔne no asom mfe pii awu. Ogye di sɛ ne yere no benya owusɔre, na onua no da so de nokwaredi resom Yehowa.