Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 50

“Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So Anyan Awufo?”

“Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So Anyan Awufo?”

Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”​—1 KOR. 15:55.

DWOM 141 Nkwa Yɛ Anwonwade

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea wobenyan nkurɔfo ama wɔakɔ soro no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa sua ho ade?

YEHOWA asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, wɔn mu dodow no ara wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa. Nanso Kristofo a wɔasra wɔn a wɔte ase no wɔ anidaso sɛ wobenyan wɔn akɔ soro. Wɔn a wɔasra wɔn yi ani gye ho paa sɛ wobehu sɛnea wɔn asetena bɛyɛ daakye, na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso ɛ? Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no bɛma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no anya nhyira. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua sɛnea wobenyan ebinom akɔ soro no ho ade.

2 Tete Kristofo no bere so no, Onyankopɔn maa Yesu asuafo no bi kyerɛw sɛnea wobenyan ebinom akɔ soro no ho asɛm. Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ mu sɛ: “Seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea yɛbɛyɛ nnya nnaa adi. Yenim sɛ bere biara a wobeyi no adi no, yɛbɛyɛ sɛ ɔno.” (1 Yoh. 3:2) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no nnim sɛnea wɔbɛyɛ bere a wɔanyan wɔn akɔ soro no. Nanso wɔde wɔn ani kosua behu Yehowa bere a wɔanya wɔn akatua no. Bible no nka sɛnea wobenyan ebinom akɔ soro ho nsɛm nyinaa nkyerɛ yɛn, nanso ɔsomafo Paul kaa ho asɛm kakra. Wɔn a wɔasra wɔn no bɛka Yesu ho ma “watu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu.” “Owu” a ɔyɛ “ɔtamfo a otwa to” no nso ka ho. Awiei koraa no, Yesu ne wɔn a wɔbɛka ne ho adi ade no, wɔde wɔn ho ne nneɛma nyinaa bɛhyɛ Yehowa ase. (1 Kor. 15:24-28) Ɛbɛyɛ anigye bere paa! *

3. Sɛnea 1 Korintofo 15:30-32 ma yehu no, esiane sɛ na Paul gye owusɔre no di nti, ɛboaa no sɛn?

3 Esiane sɛ na Paul gye owusɔre no di nti, ɛboaa no ma ogyinaa ɔhaw a ohyiae ano. (Kenkan 1 Korintofo 15:30-32.) Ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Da biara me ne owu bɔ mpunimpu.” Paul san kyerɛw sɛ: “Me ne mmoa koe . . . wɔ Efeso.” Ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka mmoa ankasa a ɔne wɔn koe wɔ Efeso agoprama so no ho asɛm. (2 Kor. 1:8; 4:10; 11:23) Anaa ebia na ɔreka Yudafo a wɔtan n’ani denneennen, ne wɔn a na wɔte sɛ nkekaboa no ho asɛm. (Aso. 19:26-34; 1 Kor. 16:9) Sɛnea na ɛte biara no, Paul huu amane paa. Ne nyinaa akyi, na ogye di sɛ daakye papa bi da n’anim.—2 Kor. 4:16-18.

Abusua bi wɔ ɔman a wɔabara yɛn som mu nanso wogu so ara resom Onyankopɔn na wɔwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn wɔ nneɛma pa bi ma wɔn daakye (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Yɛn bere yi so no, sɛn na owusɔre ho anidaso no ahyɛ Kristofo den? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

4 Yɛte mmere bɔne mu. Yɛn nuanom binom ahu amane wɔ nsɛmmɔnedifo nsam. Ebinom nso tete mmeae a ɔko ayɛ hɔ pasaa, na ɛyɛ den sɛ wobenya ahobammɔ. Aman a wɔde wɔn nsa ato yɛn dwumadi so, anaa wɔabra yɛn som no, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no de wɔn nkwa to asiane mu, anaasɛ wɔde wɔn ahofadi bɔ afɔre na wɔatumi asom Yehowa. Nanso yɛn nuanom yi nyinaa mia wɔn ani som Yehowa, na yebetumi asuasua wɔn nhwɛso no. Enti wonsuro koraa efisɛ wonim sɛ, sɛ wowu saa bere yi mpo a, Yehowa wɔ biribi papa bi a ɔde bɛma wɔn daakye.

5. Adwene a ɛyɛ hu bɛn na ebetumi asɛe gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu?

5 Ná Paul mfɛfo gyidifo no bi anya adwene bi a ɛyɛ hu, enti ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ awufo nsɔre a, ɛnde ‘momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’” Ɛnyɛ Paul bere so na nkurɔfo fii ase nyaa saa adwene no, na ɛwɔ hɔ dedaw. Ɔbra a na Israelfo no wom a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 22:13 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na Paul refa emu asɛm aka. Sɛ́ anka wɔbɛbɛn Onyankopɔn no, wɔmaa anigyede mmom gyee wɔn adwene. Ná saa Israelfo no adwene nyinaa ne sɛ, gye w’ani, efisɛ wubetumi awu bere biara. Saa adwene yi ara na ɛnnɛ nnipa pii kura, nanso nsunsuanso bɔne a ɛde brɛɛ Israel man no, yehu ho asɛm wɔ Bible no mu.—2 Be. 36:15-20.

6. Esiane sɛ yegye owusɔre no di nti, henanom na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo?

6 Yenim sɛ Yehowa benyan awufo, enti ɛsɛ sɛ ɛno kyerɛ yɛn nnipa a yɛbɛfa wɔn nnamfo. Ná ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ Korinto no yɛ ahwɛyiye na wɔne nnipa a wonnye owusɔre no nni no amfa nnamfo. Yɛn nso yebetumi asua biribi afi mu nnɛ. Wɔn a anigyede adi wɔn ti na wonni daakye ho anidaso biara no, sɛ yɛfa wɔn nnamfo a ɛremmoa yɛn. Sɛ Kristoni bi fa nnipa a wɔte saa nnamfo a, ebetumi asɛe suban pa a ɔwɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi ama no ayɛ nea Onyankopɔn kyi mpo. Ɛno nti Paul bɔɔ Korintofo no kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ wɔ trenee mu, na monntena bɔne mu.”—1 Kor. 15:33, 34.

NIPADUA BƐN?

7. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:35-38 no a, owusɔre no ho nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ebinom bisae?

7 Kenkan 1 Korintofo 15:35-38. Sɛ na obi pɛ sɛ ɔma afoforo adwenem yɛ wɔn nãã wɔ owusɔre no ho a, na obetumi abisa sɛ: “Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so anyan awufo?” Ɛho hia sɛ yesusuw mmuae a Paul de mae no ho, efisɛ nnɛ ɛsono nea nnipa pii ka fa tebea a awufo wom ho. Nanso dɛn na Bible kyerɛkyerɛ?

Paul de aba ne afifide yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ Onyankopɔn betumi ama wɔn a wobenyan wɔn no nipadua a ɛfata (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Mfatoho bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛate sɛnea wobenyan ebinom akɔ soro no ase?

8 Sɛ obi wu a, ne nipadua no porɔw. Nanso Nea ɔbɔɔ amansan yi no betumi anyan no, na wama no nipadua a ɛfata. (Gen. 1:1; 2:7) Paul maa mfatoho de kyerɛɛ mu sɛ, ɛho nhia sɛ Onyankopɔn de onipa a owui no nipadua no ara san ba. Wo de susuw “aba” a wɔde dua no ho hwɛ. Sɛ wode aba hyɛ fam a, efifi bɛyɛ afifide foforo. Sɛ wohwɛ afifide no a, wuhu sɛ ɛnsɛ aba a wode hyɛɛ fam no koraa. Paul yɛɛ saa ntotoho yi de kyerɛe sɛ, nipadua a Ɔbɔadeɛ ‘no pɛ’ na ɔde bɛma nea wanyan no no.

9. Honam ahorow ahorow bɛn na 1 Korintofo 15:39-41 ka ho asɛm?

9 Kenkan 1 Korintofo 15:39-41. Paul kaa sɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ no gu ahorow. Ɛho nhwɛso ne sɛ, honam ahorow pii na ɛwɔ hɔ; ɛsono nantwi honam, ɛsono nnomaa honam, ɛnna ɛsono mpataa honam. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛhwɛ wim a, yehu sɛ ɛsono owia na ɛsono ɔsram. Ɔsan kaa sɛ, “nsoromma mpo, emu biara ne n’anuonyam.” Sɛ yentumi mfa yɛn aniwa nhu nsoromma yi mpo a, nyansahufo kyerɛ sɛ, yɛwɔ nsoromma ahorow ahorow, ebi yɛ akɛse ebi yɛ nketewa, ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ fitaa na ebi nso yɛ akokɔ srade. Paul toaa so sɛ, “ɔsoro abɔde wɔ hɔ na asase so abɔde wɔ hɔ.” Ná ɔrekyerɛ sɛn? Na ɔrekyerɛ sɛ honam nipadua na ɛwɔ asase so, nanso wokɔ soro a, honhom nipadua te sɛ abɔfo de na ɛwɔ hɔ.

10. Nipadua bɛn na wɔn a wɔbɛkɔ soro no benya?

10 Hyɛ asɛm a Paul ka toaa so no nsow: “Saa ara nso na awufo sɔre te. Wodua no nea ɛporɔw mu, wonyan no nea ɛmporɔw mu.” Ɛwom, sɛ obi wu a, nipadua no porɔw ma ɛsan bɛyɛ dɔte. (Gen. 3:19) Ɛnde ɛyɛ dɛn na ‘wonyan obi wɔ nea ɛmporɔw mu’? Ɛnyɛ obi a wonyan no ma ɔtena asase so te sɛ wɔn a Elia, Elisa, ne Yesu nyan wɔn na na Paul reka ho asɛm. Na Paul reka obi a wonyan no ma onya nipadua a obetumi de atena soro, kyerɛ sɛ, “honhom nipadua.”—1 Kor. 15:42-44.

11-12. Bere a wonyan Yesu no, dɛn na ɛsesae wɔ ne ho, na sɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nso nya nsakrae a ɛte saa?

11 Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ honam nipadua. Nanso bere a wonyan no no, ‘ɔbɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa,’ na ɔsan kɔɔ soro. Saa ara na sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn no a, wobenya nipadua a ebetumi ama wɔatena soro. Paul kyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea yɛhyɛɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no suban no, saa ara na yɛbɛhyɛ nea ofi soro no nso suban.”—1 Kor. 15:45-49.

12 Ná aka kakra ama Paul awie asɛm a na ɔreka afa owusɔre no ho no. Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ, wonyan Yesu no, na onni honam nipadua. Paul kaa no pen sɛ: “Honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni” a ɛwɔ soro no. (1 Kor. 15:50) Asomafo no ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka no, sɛ wonyan wɔn a ɛnyɛ honam ne mogya a ɛporow na wɔde bɛkɔ soro. Bere bɛn na wobenyan wɔn? Paul kaa sɛ, ɛnyɛ bere a wobewu no ara na wobenya owusɔre na mmom wobenyan wɔn daakye. Bere a Paul kyerɛw Korintofo nhoma a edi kan no, na asuafo no bi “adeda wɔ owu mu.” Wɔn mu baako ne ɔsomafo Yakobo. (Aso. 12:1, 2) Akyiri yi, na asomafo afoforo ne wɔn a wɔasra wɔn no bi ‘bɛdeda wɔ owu mu.’—1 Kor. 15:6.

OWU SO NKONIMDI

13. Nneɛma bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Yesu mmae no mu?

13 Yesu ne Paul nyinaa hyɛɛ bere titiriw bi ho nkɔm. Saa bere no ne Kristo mmae. Kristo mmae no mu no, yebehu sɛ ɔko, asasewosow, yaredɔm, ne nneɛma bɔne afoforo rekɔ so wɔ wiase baabiara. Efi afe 1914 reba no, yɛahu sɛ saa Bible nkɔmhyɛ yi renya ne mmamu. Ade foforo bi a ɛho hia nso bɛkɔ so wɔ Yesu mmae no mu. Yesu kaa sɛ, asɛmpa a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi no, wɔbɛka wɔ “asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:3, 7-14) Paul san kaa sɛ, “Awurade mmae” mu no, Kristofo a wɔasra wɔn a “wɔawuwu” no benya owusɔre.—1 Tes. 4:14-16; 1 Kor. 15:23.

14. Wɔn a wɔasra wɔn a wowu wɔ Kristo mmae mu no, dɛn na ɛto wɔn?

14 Ɛnnɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu bi wie ne som adwuma wɔ asase so, kyerɛ sɛ, sɛ owu a, amonom hɔ ara wonyan no ma ɔkɔ soro. Asɛm a Paul kaa wɔ 1 Korintofo 15:51, 52 no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛdeda owu mu, na mmom yɛn nyinaa bɛsesã ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a edi akyiri no mu.” Asɛm a Paul kae yi renya mmamu nnɛ! Sɛ wonyan Kristo nuanom yi kɔ soro a, wɔn ani begye paa, na wɔne “Awurade bɛtena daa.”—1 Tes. 4:17.

Wɔn a wɔbɛsesã “anibu mu” no bɛka Yesu ho ama wɔasɛe amanaman no (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Adwuma bɛn na wɔn a wɔbɛsesã “anibu mu” no bɛyɛ wɔ soro?

15 Bible ma yehu adwuma a wɔn a wɔbɛsesã “anibu mu” no bɛyɛ wɔ soro. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea odi nkonim na odi me nnwuma akyi kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi, na ɔde dade poma bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasin te sɛ anwenne, sɛnea me nso minyaa no m’Agya hɔ no.” (Adi. 2:26, 27) Wobedi wɔn Sahene Yesu akyi ama wɔayɛ adwuma a ɛda wɔn anim no; ɛne sɛ, wɔde dade poma bɛyɛn amanaman no.—Adi. 19:11-15.

16. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii bedi owu so nkonim?

16 Biribiara kyerɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bedi owu so nkonim. (1 Kor. 15:54-57) Owusɔre a wobenya nti, ɛbɛma wɔanya hokwan aboa ma wɔayi abɔnefosɛm afi asase nyinaa so wɔ Harmagedon ko a ɛreba no mu. Kristofo ɔpepepem pii ‘befi ahohiahia kɛse no mu,’ na wɔakɔ wiase foforo no mu. (Adi. 7:14) Sɛ wodi owu so nkonim a, wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ asase so no nso behu; ɛne sɛ, wobenyan nnipa ɔpepepem pii a wowui bere bi a atwam no. Sɛ ɛba saa a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa! (Aso. 24:15) Wɔn a wobedi Yehowa nokware akosi ase no bedi owu a wonya fii Adam hɔ no so nkonim. Wobetumi atena ase daa.

17. Dɛn na 1 Korintofo 15:58 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnɛ?

17 Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛfa owusɔre ho a Paul kyerɛw kɔmaa Korintofo no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara kyerɛ ho anisɔ. Paul asɛm a ɔkaa sɛ yɛnyɛ pii wɔ “Awurade adwuma no mu” no, yɛwɔ nea enti paa a yebetumi agye atom. (Kenkan 1 Korintofo 15:58.) Sɛ yedi nokware na yɛyere yɛn ho wɔ saa adwuma no mu a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn ani begye paa daakye. Saa bere no, anigye a yebenya de, yɛnka. Ɛbɛma yɛahu sɛ yɛn brɛ anyɛ kwa wɔ Awurade mu.

DWOM 140 Daa Nkwa No Ni Ampa!

^ nky. 5 Korintofo nhoma a edi kan ti 15 no fã a aka no kyerɛkyerɛ owusɔre no mu kɔ akyiri, ɛnkanka owusɔre a ɛfa Kristofo a wɔasra wɔn ho no. Nanso nea Paul kyerɛwee no, nguan foforo no betumi anya so mfaso. Owusɔre anidaso no, saa adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛbɔ yɛn bra nnɛ, na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ daakye papa bi da hɔ retwɛn yɛn.

^ nky. 2Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no kyerɛkyerɛ asɛm a Paul kae wɔ 1 Korintofo 15:29 no mu.