Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 52

W’abam Bu a Dɛn Na Wobɛyɛ De Agyina Ano?

W’abam Bu a Dɛn Na Wobɛyɛ De Agyina Ano?

“Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.”​—Dw 55:22.

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

NEA YƐREBESUA *

1. Yɛn abam bu a, sɛn na ebia ɛbɛka yɛn?

YEHYIA ɔhaw da biara, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebegyina ano. Nanso sɛ yehyia ɔhaw na yɛn abam bu a, ɛyɛ den sɛ yebegyina ano. Enti ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso, na ebetumi asɛe yɛn anigye. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’abam abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛayɛ mmerɛw, na ebetumi ayɛ den sɛ yebegyina ɔhaw a yehyia wɔ yɛn asetena mu no ano.

2. Dɛn na ebetumi ama yɛn abam abu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Nneɛma pii tumi ma yɛn abam bu. Ebi fi yɛn, ebi nso mfi yɛn. Yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ ne yare tumi ma yɛn abam bu. Sɛ yɛrepɛ hokwan bi wɔ Yehowa som mu na yɛn nsa nka, anaa nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ntie asɛmpa no a, ɛno nso tumi ma yɛn abam bu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a yebetumi ayɛ na sɛ yɛn abam bu a yɛatumi agyina ano.

YƐN SINTƆ NE YƐN MMERƐWYƐ AHOROW

3. Sɛ yedi mfomso na yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso a, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

3 Esiane yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya adwene sɛ yɛn so nni mfaso. Ebetumi ama yɛanya adwene sɛ Yehowa remma yɛnkɔ wiase foforo no mu bi. Ɛyɛ hu paa sɛ yebenya saa adwene no. Sintɔ ahorow a ɛwɔ yɛn ho no, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu no? Bible ma yehu sɛ, wuyi Yesu si nkyɛn a, nnipa nyinaa “ayɛ bɔne.” (Rom. 3:23) Nanso Onii a ɔkyerɛw Bible no mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ. Mmom ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Afei nso ɔwɔ abotare. Mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebehu sɛ yɛn so wɔ mfaso na yɛadi yɛn mmerɛwyɛ so no, Yehowa hu na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.—Rom. 7:18, 19.

Yehowa nim nneɛma pa a yɛayɛ atwam ne nneɛma pa a yegu so reyɛ no seesei (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

4-5. Bere a anuanom mmea mmienu bi abam bui no, asɛm bɛn na ɛwɔ 1 Yohane 3:19, 20 a ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ano?

4 Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Deborah ne Maria. * Bere a na Deborah yɛ abofra no, na afoforo ne no nni no yiye, na na ɛma n’ani wu. Ná wɔntaa nkamfo no. Ɛno nti onyinii no, na ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Ɛno nti sɛ odi mfomso a, na ɔte nka sɛ wɔde no yɛ hwee a, ɛnyɛ yiye. Maria nso hyiaa ɔhaw koro no ara bi. N’abusuafo guu n’anim ase, ɛno nti na ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Bere a obehuu nokware no mpo, na ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Danseni!

5 Ne nyinaa akyi no, anuanom mmea yi annyae Yehowa som. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, wofii wɔn komam bɔɔ Yehowa mpae dan wɔn adesoa too no so. (Dw. 55:22) Wohui sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no nim sɛ nneɛma bɔne a yɛafa mu wɔ yɛn asetena mu no betumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso. Nanso suban pa a ɛwɔ yɛn komam a yɛn ankasa yenhu no, ɔno de ohu.—Kenkan 1 Yohane 3:19, 20.

6. Sɛ obi di mfomso bi na ɔsan kɔyɛ ade koro no ara bio a, sɛn na ebia ɔbɛte nka?

6 Obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obegyae suban bɔne bi betumi asan akɔyɛ ade koro no ara bio, na wei betumi ama n’abam abu. Ɛwom, sɛ yedi mfomso na yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. (2 Kor. 7:10) Nanso ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho fɔ dodo na yenya adwene sɛ: ‘Me so nni mfaso biara. Yehowa remfa me bɔne yi nkyɛ me da.’ Saa asɛm yi nyɛ nokware, na sɛ yenya saa adwene no a, ebetumi ama yɛagyae Yehowa som. Kae asɛm a yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 24:10 no. Sɛ yɛn abam bu a, yɛn ahoɔden so bɛtew. Mmom, wo ne Yehowa ‘ntoto nneɛma yiye,’ kyerɛ sɛ, kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Yes. 1:18) Sɛ Yehowa hu sɛ woanu wo ho ampa a, ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo. Afei nso kohu asafo mu mpanyimfo no. Wɔbɛto wɔn bo ase aboa wo ama wo ne Yehowa ntam asan ayɛ kama.—Yak. 5:14, 15.

7. Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?

7 Jean-Luc yɛ asafo mu panyin wɔ France. Asɛm a ɔka kyerɛ wɔn a ɛyɛ den sɛ wobedi wɔn mmerɛwyɛ so ne sɛ: “Yehowa ani so no, ɔtreneeni nyɛ obi a onni mfomso da, na mmom ɔyɛ obi a bere biara a obedi mfomso no onu ne ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa n’akwan.” (Rom. 7:21-25) Enti sɛ ɛyɛ den sɛ wubedi wo mmerɛwyɛ bi so a, nnya adwene sɛ wo so nni mfaso. Kae sɛ yɛn mu biara nni hɔ a n’ankasa mmɔdenbɔ betumi ama wayɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn ani so; mmom yɛn mu biara hia Onyankopɔn adom a ɔnam agyede no so de ma no.—Efe. 1:7; 1 Yoh. 4:10.

8. Sɛ yɛn abam bu a, henanom nkyɛn na yebetumi akɔhwehwɛ mmoa?

8 Yebetumi akɔ yɛn nuanom Kristofo nkyɛn ama wɔahyɛ yɛn nkuran! Sɛ yɛrekasa a, wɔbɛyɛ aso atie yɛn na wɔbɛka nsɛm de akyekye yɛn werɛ ama yɛn ani agye. (Mmeb. 12:25; 1 Tes. 5:14) Joy yɛ onuawa bi a ɔwɔ Nigeria. Ne haw ne sɛ, ɛnkyɛ na n’abam abu. Nea ɔkae ni: “Manhyia anuanom a, anka mɛyɛ dɛn? Sɛnea me nuanom hyɛ me nkuran no ma mihu paa sɛ Yehowa tie me mpaebɔ. Ama me nso mahu sɛnea mɛkyekye wɔn a wɔn nso abam abu no werɛ.” Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn nuanom behu sɛ yehia nkuranhyɛ. Enti ebia ebehia sɛ yɛn ara yɛkɔ yɛn nua bi a ne ho akokwaw nkyɛn na yɛka yɛn haw kyerɛ no ma ɔboa yɛn.

BERE A YƐYARE

9. Ɔkwan bɛn so na Dwom 41:3 ne 94:19 hyɛ yɛn nkuran?

9 Hwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ. Sɛ yɛyare, ɛnkanka sɛ yare no kɔyɛ koankorɔ a, etumi ma ɛyɛ den sɛ yebedwen yiye. Ɛwom, ɛnnɛ Yehowa nsa yɛn yare anwonwakwan so, nanso ɔkyekye yɛn werɛ, na obetumi ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina mu. (Kenkan Dwom 41:3; 94:19.) Ebi ne sɛ, sɛ yehia obi ama wayɛ fie nnwuma bi ama yɛn anaa wakɔtotɔ nneɛma bi abrɛ yɛn a, obetumi aka yɛn nuanom Kristofo koma ama wɔabɛboa yɛn. Obetumi nso aka yɛn nuanom koma ama wɔne yɛn abɔ mpae. Afei nso obetumi ama yɛakaakae awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no bi. Ebi ne anidaso kɛse a yɛwɔ sɛ wiase foforo no mu no, yebenya asetena a edi mu, yɛrenyare na yɛrenni yaw bio.—Rom. 15:4.

10. Bere a Isang nyaa akwanhyia no, ɛyɛɛ dɛn na ɛho awerɛhow anhyɛ ne so?

10 Isang a ɔte Nigeria no nyaa akwanhyia ma obubui. Ne dɔkota a ɔhwɛ no no ka kyerɛɛ no sɛ ɔrentumi nnantew bio. Isang kaa sɛ: “Asɛm no haw me ara ma mebotowee.” Nanso ɔmaa awerɛhow hyɛɛ ne so anaa? Daabi! Dɛn na ɛboaa no? Isang kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me ne me yere annyae mpaebɔ da, na yesuaa Onyankopɔn Asɛm no daa. Afei nso yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkae nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no na yɛada no ase. Ebi ne anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛkɔ wiase foforo a Onyankopɔn de reba no mu.”

Wɔn a wɔnte apɔw mpo betumi afa kwan bi so ayɛ asɛnka adwuma no bi ama wɔn ani agye (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

11. Bere a owuyare bi bɔɔ Cindy no, dɛn na ɛboaa no maa n’ani gyei?

11 Cindy te Mexico. Bere a yare bi bɔɔ no no, dɔkota bi ka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ owuyare. Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu? Bere a na wɔrehwɛ no yare no, ɔde yɛɛ ne botae sɛ da biara obedi adanse. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea meyɛe no nti na minnwen ɛyaw a na merefa mu, yare a na abɔ me, ne oprehyɛn no ho. Mmom na midwen nkurɔfo ho. Nea na meyɛ ni: Sɛ me ne adɔkotafo ne nɛɛsefo rebɔ nkɔmmɔ a, na mibisa wɔn sɛnea wɔn abusuafo ho te. Afei na mabisa wɔn nea enti a wɔreyɛ adwuma a ɛyɛ den saa. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ mehu nsɛm a wɔn ani gye ho. Wɔn mu pii kaa sɛ ɛntaa nsi sɛ obi a ɔda ayaresabea bebisa wo sɛ, ‘Wo ho te sɛn?’ Ebinom daa me ase sɛ madwen wɔn ho. Ebinom nso de wɔn address ne wɔn telefon nɔma maa me. Enti bere a yare kɛse a ɛte saa bɔɔ me no, Yehowa maa me komam anigye ma ɛyɛɛ me nwonwa!”—Mmeb. 15:15.

12-13. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim tumi yɛ asɛnka adwuma no, na dɛn na afi mu aba?

12 Esiane sɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ntumi nyɛ asɛnka adwuma no pii nti, wɔn abam tumi bu. Nanso wɔn mu pii wɔ akwan a wɔfa so di adanse. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Laurel a na ɔwɔ United States asɛm no. Wɔde no hyɛɛ afiri bi a na ɛboa no ma otumi home mu. Enti ɔdaa faako saa mfe 37! Onyaa kokoram, wɔyɛɛ no oprehyɛn akɛse, na onyaa honam ani yare pii a wɔsa a ɛnkɔ. Tebea a emu yɛ den a ɔfaa mu yi nyinaa mpo amma wanka n’ano antom. Nɛɛsefo ne wɔn a wɔbɛhwɛ no wɔ fie nyinaa na odi wɔn adanse. Dɛn na efii mu bae? Ɔboaa nnipa 17 anaa nea ɛboro saa ma wobehuu nokware no! *

13 Richard yɛ asafo mu panyin bi a ɔwɔ France. Ɔwɔ afotu bi a ebetumi aboa wɔn a wɔaka fie, anaa wɔn a wɔde wɔn akɔtena baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa. Ɔka sɛ: “M’afotu ne sɛ, wobetumi ahyehyɛ asafo nhoma no kakra bi wɔ baabi a obiara retwam a obehu. Ɛyɛ a ɛma nkurɔfo ba hɔ bɛhwɛ ade ko, na ɛkɔfa nkɔmmɔbɔ ba. Yɛn nuanom a wontumi nkɔ afie afie mu bio no, wei betumi ahyɛ wɔn nkuran paa.” Wɔn a wɔaka fie no nso betumi akyerɛw nkrataa de adi adanse anaa wobetumi adi adanse wɔ telefon so.

BERE A YƐN NSA NKA HOKWAN BI A YƐREHWEHWƐ

14. Nhwɛso fɛfɛɛfɛ bɛn na Ɔhene Dawid yɛe?

14 Esiane mpanyinyɛ, yare anaa nneɛma foforo bi nti, asafo no anaa ɔmansin no mu dwumadi anaa hokwan bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nnya. Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, yebetumi asua biribi afi nea Ɔhene Dawid yɛe no mu. Ná ɛda Dawid koma so paa sɛ obesi asɔrefie ama Onyankopɔn, nanso bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi Onyankopɔn asɔrefie no, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de boaa nea Onyankopɔn de saa adwuma no ahyɛ ne nsa no. Dawid de sika ne nneɛma bebree mpo boaa adwuma no. Wei yɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a yebetumi asua!—2 Sam. 7:12, 13; 1 Be. 29:1, 3-5.

15. Bere a Hugues abam bui no, dɛn na ɛboaa no?

15 Momma yɛnhwɛ Hugues a na ɔyɛ asafo mu panyin wɔ France asɛm no. Yare nti, ɔde hokwan a na ɔwɔ sɛ asafo mu panyin no too hɔ. Nnwuma nketenkete a yɛyɛ wɔ fie mpo, na ontumi nyɛ. Ɔkyerɛw sɛ: “Mfiase no, m’abam bui paa, na na mete nka sɛ me so nni mfaso. Bere rekɔ so no, mihui sɛ, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na metumi ayɛ, na kakraa bi a mitumi yɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛmaa m’ani gyei. Masi m’adwene pi sɛ meremma m’abam mmu. Ná Gideon ne ne mmarima ahasa no abrɛ de, nanso wɔkɔɔ so koe. Me nso mesuasua wɔn. Mɛkɔ so ako!”—Atem. 8:4.

16. Dɛn na yebetumi asua afi nea abɔfo no yɛe no mu?

16 Abɔfo a wodi nokware ma Yehowa no yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ bi a yebetumi asuasua. Bere a na Ɔhene Ahab di ade no, Yehowa frɛɛ abɔfo no sɛ wɔmmɛkyerɛ wɔn adwene na onhu ɔkwan a ɔbɛfa so adaadaa ɔhene bɔne no. Abɔfo no pii kyerɛɛ wɔn adwene, nanso Onyankopɔn yii ɔbɔfo baako ka kyerɛɛ no sɛ nea waka no bɛyɛ adwuma. (1 Ahe. 22:19-22) Wugye di sɛ abɔfo a aka no abam bui na ebia wɔkaa sɛ, ‘Me koraa mehaw me ho saa yɛɛ dɛn?’ Ɛnte saa koraa. Abɔfo no brɛ wɔn ho ase ankasa, na wɔpɛ sɛ wɔde biribiara ho anuonyam ma Yehowa.—Atem. 13:16-18; Adi. 19:10.

17. Sɛ ɔsom hokwan bi a yenni nti yɛn abam bu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Kae sɛ, Onyankopɔn din a ɛda yɛn so, ne n’Ahenni ho asɛm a yɛka no, ɛyɛ hokwan a yɛanya. Yebetumi anya ɔsom hokwan, na ɔsom hokwan a yekura mu nso betumi afi yɛn nsa. Nanso ɛnyɛ ɔsom hokwan na ɛma yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛno na ɛma yɛsom bo ma Yehowa ne yɛn nuanom. Enti srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na kɔ so ara brɛ wo ho ase. Nnipa pii na wɔayɛ ahobrɛase ho nhwɛso a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu; ɛyɛ a dwinnwen wɔn nhwɛso no ho. Yi wo yam yɛ biribiara a wubetumi fa som wo nuanom.—Dw. 138:6; 1 Pet. 5:5.

BERE A NKURƆFO A WƆWƆ W’ASASESIN MU ANI NNYE ASƐMPA NO HO

18-19. Sɛ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu ani nnye asɛmpa no ho a, dɛn na wobɛyɛ na ama w’ani agye?

18 Nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu ani nnye asɛmpa no ho, anaa nnipa kakraa bi na ɛyɛ a woto wɔn wɔ fie nti ɛtɔ da a ɛma w’abam bu anaa? Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, dɛn na ɛbɛma yɛakura yɛn anigye mu anaa ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse? Sɛ yɛhwɛ adaka a wɔato din “ Nea Ɛbɛma Yɛn Anigye Ayɛ Kɛse Wɔ Asɛnka Mu” no a, wɔama yɛn nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa yɛn. Afei nso ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ asɛnka adwuma no ho. Dɛn na ɛno kyerɛ?

19 Fa w’adwene si Onyankopɔn din ne n’Ahenni a wobɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no so. Yesu kaa no pen sɛ nnipa kakraa bi na wobehu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no. (Mat. 7:13, 14) Sɛ yɛnam asɛnka mu a, yenya hokwan ne Yehowa, Yesu, ne abɔfo no yɛ adwuma. (Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 3:9; Adi. 14:6, 7) Yehowa twe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Enti sɛ ɛnnɛ obi antie asɛm a yɛka no a, ebia ɔkyena yɛkɔ a obetie.

20. Sɛ yɛn abam bu na yɛpɛ sɛ yɛn ani gye a, sɛn na asɛm a ɛwɔ Yeremia 20:8, 9 bɛboa yɛn?

20 Yebetumi asua pii afi odiyifo Yeremia hɔ. Ná nnipa a ɛwɔ baabi a ɔka asɛm no ntie. Ná nkurɔfo no didi no atɛm, na na wogu n’anim ase “daa nyinaa.” (Kenkan Yeremia 20:8, 9.) Bere bi, n’abam bui ara ma na ɔpɛ sɛ ogyae asɛm no ka. Nanso wannyae. Adɛn ntia? Ná “Yehowa asɛm” no ayɛ sɛ gya wɔ Yeremia mu, na na ontumi nkura mu bio! Yɛn nso, sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma ma a, ɛbɛyɛ sɛ gya wɔ yɛn mu. Ɛno nso yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma yesua Onyankopɔn Asɛm no da biara na yedwinnwen ho. Ɛba saa a, yɛn anigye bɛkɔ so ayɛ kɛse na ebia nnipa pii betie yɛn.—Yer. 15:16.

21. Ɛmfa ho nea ɛma yɛn abam bu biara no, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

21 Deborah a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ade baako a Satan de ko tia yɛn paa ne sɛ ɔbɛma yɛn abam abu.” Satan ne n’akode nyinaa mpo ntumi nnyina Yehowa Nyankopɔn anim. Enti ɛmfa ho nea ɛbɛma w’abam abu biara no, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Ɔbɛboa wo ama woadi sintɔ ne mmerɛwyɛ biara a wowɔ no so. Sɛ woyare a, ɔbɛboa wo. Ɔbɛboa wo ama woanya ɔsom hokwan biara ho adwene a ɛfata. Ɔbɛboa wo ama woanya asɛnka adwuma no ho adwempa. Afei nso fi wo komam bɔ w’Agya a ɔwɔ soro no mpae. W’abam bu a, Yehowa mmoa so nti wubetumi agyina ano.

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

^ nky. 5 Yɛn nyinaa, ɛtɔ da a yɛn abam tumi bu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ bere a yɛn abam abu. Afei nso yebehu sɛ, sɛ yɛn abam bu a Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛatumi agyina ano.

^ nky. 4 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 12 Kenkan Laurel Nisbet asetenam asɛm a ɛwɔ January 22, 1993, Nyan! borɔfo de mu no.

^ nky. 69 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi abam abu, nanso ɔredwinnwen nneɛma a wayɛ wɔ Yehowa som mu ho, na ɔrebɔ Yehowa mpae. Ogye di paa sɛ Yehowa kae nea wayɛ ne nea ogu sɛ reyɛ.