Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Koma Hyɛ Adwuma a Woreyɛ No Mu!

Fa Wo Koma Hyɛ Adwuma a Woreyɛ No Mu!

SƐ WO yɔnko berɛbo bi kyerɛw krataa brɛ wo a, sɛn na ɛyɛ a wote nka? Timoteo a na ɔyɛ Kristo suani no nyaa krataa bi a ɛte saa fii ɔsomafo Paul hɔ. Saa krataa no na ɛnnɛ yɛfrɛ no 2 Timoteo no. Akyinnye biara nni ho sɛ na Timoteo bɛkɔ akɔtena baabi a ɛhɔ yɛ dinn na wakenkan krataa a ne yɔnko berɛbo akyerɛw abrɛ no no. Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo reka wɔ ne tirim sɛ: ‘Paul ho te sɛn ni? Ɔwɔ afotu bi a ɛfa sɛnea mɛyɛ dwumadi a ɛhyɛ me nsa no ho anaa? Nsɛm a ɛwɔ krataa no mu bɛma matu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu na maboa afoforo anaa?’ Sɛnea yebehu no, Timoteo nyaa nsɛmmisa yi ho mmuae ne nsɛm afoforo wɔ krataa a ɛho hia a ne nsa kae yi mu. Nanso seesei de, momma yɛmfa yɛn adwene nkɔ krataa no mu afotusɛm a ebetumi aboa yɛn no so.

‘MEKƆ SO NYA BOASETƆ WƆ ADE NYINAA MU’

Bere a Timoteo fii ase kenkan krataa no mu nsɛm no, ohui sɛ ɔne Paul wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den. Paul kaa sɛ Timoteo yɛ ne “dɔba.” (2 Tim. 1:2) Ɛbɛyɛ sɛ afe 65 Y.B. na Timoteo nsa kaa saa krataa yi. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi boro mfe 30, na na ɔyɛ asafo mu panyin a ne ho akokwaw. Ná ɔne Paul abom ayɛ adwuma bɛboro mfe 10, na na wasua nneɛma pii.

Ahohia a na Paul refa mu no, ɔde nokwaredi gyinaa mu. Bere a Timoteo huu wei no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ no nkuran paa. Ná Paul yɛ deduani wɔ Rome, na na ɛrenkyɛ na wɔakum no. (2 Tim. 1:15, 16; 4:6-8) Ná Timoteo tumi hu sɛ Paul wɔ akokoduru paa, efisɛ Paul kaa sɛ: “Mekɔ so nya ade nyinaa mu boasetɔ.” (2 Tim. 2:8-13) Sɛnea Timoteo yɛe no, sɛ yesusuw sɛnea Paul miaa n’ani gyinaa tebea a ohyiae no ano ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den.

‘HYƐ AKYƐDE NO MU GYA’

Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ, onhu sɛ hokwan a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu no, ɛsom bo paa. Onyankopɔn “akyɛde” a na ɛwɔ Timoteo mu no, na Paul pɛ sɛ Timoteo “hyɛ mu gya.” (2 Tim. 1:6) Bere a Paul reka “akyɛde” no ho asɛm no, ɔde Greek asɛmfua khaʹri·sma na ɛyɛɛ adwuma. Saa Greek asɛmfua no kyerɛ akyɛde a wɔde ma kwa, anaa biribi a ɛmfata obi a wɔde ma no. Timoteo nyaa saa akyɛde yi bi bere a woyii no de hokwan soronko maa no wɔ asafo no mu no.—1 Tim. 4:14.

Dɛn na na ɛsɛ sɛ Timoteo de saa akyɛde yi yɛ? Bere a ɔkenkan asɛm, “hyɛ mu gya” no, ɛbɛyɛ sɛ n’adwene kɔɔ gya a nkurɔfo sɔ wɔ fie no so. Ɛtɔ da a na etumi ka nsramma nko ara. Ná ɛsɛ sɛ wɔka hyɛm ma gya no dɛw na ano ayɛ den. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ, Greek adeyɛ asɛm (a·na·zo·py·reʹo) a Paul de yɛɛ adwuma no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “wobɛma biribi asan asi ne dedaw mu, anaa wobɛbɔ gya bi a ɛredum mu ama no asɔ.” Enti nea na ɛkyerɛ ne sɛ obi de “nsi ne anigye bɛyɛ adwuma bi.” Ná Paul reka akyerɛ Timoteo sɛ: ‘Fa wo koma hyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wo nsa no mu’! Ebia wubegye atom sɛ ɛnnɛ nso saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no.

‘HWƐ ADEPA A WƆDE AHYƐ WO NSA YI SO YIYE’

Bere a Timoteo toaa so kenkan krataa a onya fii ne yɔnko berɛbo hɔ no, okopuee asɛm foforo bi so, na na ɛbɛboa no ama wayɛ ɔsom adwuma no yiye. Paul kyerɛwee sɛ: “Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi na fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu no so hwɛ so yiye.” (2 Tim. 1:14) Ná ɛyɛ dɛn? Ade a ɛsom bo bɛn na na wɔde ahyɛ Timoteo nsa. Ansa na Paul reka saa asɛm no, na wadi kan aka “nsɛm a eye,” kyerɛ sɛ, nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho asɛm. (2 Tim. 1:13) Esiane sɛ na Timoteo yɛ Ɔsɛmpakafo nti, na ɛsɛ sɛ ɔka nokware no ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wonni asafo no mu nyinaa. (2 Tim. 4:1-5) Afei nso na wɔapaw Timoteo sɛ asafo mu panyin a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw so. (1 Pet. 5:2) Nokware a wɔde hyɛɛ Timoteo nsa sɛ ɔnkyerɛkyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ so yiye. Nanso sɛ obetumi ayɛ saa a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa honhom kronkron ne N’Asɛm no so.—2 Tim. 3:14-17.

Ɛnnɛ, yɛn nso nokware no a yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo no wɔde ahyɛ yɛn nsa. (Mat. 28:19, 20) Yɛn nso yebetumi akyerɛ akyɛde a ɛsom bo a wɔde ahyɛ yɛn nsa yi ho anisɔ. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa na yesua Onyankopɔn Asɛm no daa. (Rom. 12:11, 12; 1 Tim. 4:13, 15, 16) Ebia na yɛwɔ hokwan sɛ asafo mu panyin, anaa yɛreyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Ɛsɛ sɛ hokwan a ɛte saa no ma yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so hwehwɛ ne mmoa. Nea wɔde ahyɛ yɛn nsa no, yebetumi ahwɛ so yiye na yɛabɔ ho ban. Nanso gye sɛ yɛma ɛho hia yɛn na yɛde yɛn ho to Yehowa so na ɔboa yɛn ma yɛhwɛ so yiye.

FA NNEƐMA YI “HYƐ NNIPA ANOKWAFO NSA”

Nnwuma a na wɔde ahyɛ Timoteo nsa no, ɛnyɛ ɔno nko ara na na ɛfa ne ho, na ɛfa ebinom nso ho. Ɛno nti na Paul kaa wei kyerɛɛ Timoteo no. Ɔkaa sɛ: ‘Nea wote fii m’anom no, fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.’ (2 Tim. 2:2) Yiw, na ɛsɛ sɛ Timoteo sua nneɛma bi fi ne nuanom Kristofo hɔ, na ɔno nso ka nea onim kyerɛ wɔn. Ɛnnɛ nso, ɛho hia sɛ asafo mu panyin biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa. Asafo mu panyin a ɔyɛ n’adwuma yiye no, onsuro sɛ ɔbɛma afoforo ahu nimdeɛ a ɔwɔ wɔ adwuma bi ho. Mmom ɔkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ adwuma bi yiye. Onsuro sɛ wobehu adwuma no asen no na wɔabenya anuonyam akyɛn no. Enti sɛ asafo mu panyin bi rekyerɛ obi adwuma a, ɛnyɛ adwuma no ani so kɛkɛ na ɔkyerɛ no. Mmom ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn a ɔretete wɔn no ma wonya nhumu na wɔbɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Ɛba saa a, “nnipa anokwafo” a wɔakyerɛkyerɛ wɔn no betumi aboa asafo no paa.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Timoteo ani sɔɔ krataa a ɛhyɛ nkuran a Paul kyerɛw no no paa. Yebetumi de yɛn ani abu sɛnea Timoteo kenkan afotusɛm a ɛwɔ krataa no mu mpɛn pii, na ɔhwɛɛ sɛnea obetumi de ayɛ adwuma no.

Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛde saa afotusɛm yi yɛ adwuma. Yɛbɛyɛ no sɛn? Akyɛde a wɔde ama yɛn no, yɛn nso yebetumi ayere yɛn ho ahyɛ mu gya, na yɛahwɛ so yiye. Afei nso, yebetumi de yɛn suahu ne yɛn nimdeɛ aboa afoforo. Yɛyɛ saa a, yebetumi ayɛ nea Paul kyerɛw kɔmaa Timoteo no, yebetumi ‘ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 4:5.