Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɔ Mpae a Onyankopɔn Tie?

Wobɔ Mpae a Onyankopɔn Tie?

Wohwɛ a, Onyankopɔn tie mpae a wobɔ no?

DƐN NA BIBLE AKA?

  • Onyankopɔn tie wo mpaebɔ. Bible ma yenya awerɛhyem sɛ ‘Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu no, na obetie wɔn sufrɛ.’​—Dwom 145:18, 19.

  • Onyankopɔn pɛ sɛ wobɔ no mpae. Bible ka sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.”​—Filipifo 4:6.

  • Onyankopɔn dwen wo ho paa. Yɛn haw ne yɛn dadwen nyinaa, Onyankopɔn nim, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Bible ka sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”​—1 Petro 5:7.