Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?

Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ Bible no ka sɛ wiase no bɛba awiei a, ɛnkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asaase no anaa nnipa nyinaa ase bɛhyew afi asaase so. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asaase so ne abɔnefo a wɔtaa saa nneɛma bɔne no akyi nyinaa, Onyankopɔn beyi wɔn afi hɔ. Ɛnde, bere bɛn na Onyankopɔn beyi wiase bɔne yi afi hɔ? Dɛn na Bible no ka?

HWƐ NSƐM MMIENU BI A YESU KA FAA WIASE NO AWIEI HO:

“Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da anaa bere no.”​—MATEO 25:13.

“Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.”​—MARKO 13:33.

Obiara nni asaase so a onim da pɔtee a awiei no bɛba. Nanso Onyankopɔn ahyɛ “bere” bi anaa yɛbɛka a, ‘da ne dɔn’ pɔtee a awiei no bɛba ato hɔ. (Mateo 24:36) Wei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛahu sɛ wiase awiei abɛn anaa? Ɛnte saa koraa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ aka kakraa ama wiase no aba awiei a, nneɛma bi besisi, enti ɛyɛ a wɔmfa wɔn ani nto fam nhyɛ no nsow.

NNEƐMA A ƐBƐKYERƐ SƐ WIASE NO AWIEI ABƐN

Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, na ɛbɛyɛ adanse anaa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ “wiase yi awiei” abɛn. Ɔkaa sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni, na ɔkɔm ne asaasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:3, 7) Ɔsan kaa sɛ, “nsanyare a edi awu” ne nyarewa bɛte atese. (Luka 21:11) Nneɛma a Yesu ka too hɔ sɛ ebesisi no, wuhu sɛ ɛresisi anaa?

Ɛnnɛ, akodi, aduankɔm, ne asaasewosow ama nnipa rehu amane. Ɛno da nkyɛn a, yare nso mma nnipa ho ntɔ no; ɛnnɛ wei ba a, ɔkyena na foforo aba. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, mfe mmiɛnsa mu no, COVID-19 nsanyare no kum nnipa bɛyɛ ɔpepem nson wɔ wiase nyinaa. Sɛ yɛfa asaasewosow nso a, afe 2004 mu no, asaasewosow kɛse bi sii wɔ ɛpo a yɛfrɛ no Indian Ocean no mu, na ɛpo no twiw faa nnipa bɛyɛ 225,000 so kunkum wɔn. Yesu kaa sɛ, sɛ yehu sɛ nneɛma a ɛtete saa resisi a, ɛkyerɛ sɛ wiase awiei abɛn.

“AWIEI MMERE”

Bere a yɛte mu yi, aka kakraa na wiase no aba awiei. Ɛno nti, Bible frɛ mmere yi “awiei mmere.” (2 Petro 3:3, 4) Sɛ yɛhwɛ 2 Timoteo 3:1-5 a, ɛma yehu sɛ, awiei mmere no mu no, nnipa abrabɔ bɛsɛe koraa. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Nneɛma a Ɛbɛkɔ So Ansa Na Wiase No Aba Awiei.”) Woahyɛ no nsow sɛ, ɛnnɛ nnipa yɛ pɛsɛmenkominya, wɔn ani bere ade, wodi atirimɔdensɛm, na wonni dɔ? Saa suban a nkurɔfo da no adi no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wiase yi awiei abɛn paa.

Awiei mmere no, ɛbɛkyɛ anaa? Daabi. Bible ka sɛ, bere a aka ama wiase no aba awiei no “sua.” Sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ no du a, ɔbɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asaase no.”—Adiyisɛm 11:15-18; 12:12.

ƐRENKYƐ KORAA, ASAASE NYINAA BƐDAN PARADISE!

Onyankopɔn ahyɛ da ne dɔn pɔtee a wiase bɔne yi bɛba awiei ato hɔ dedaw. (Mateo 24:36) Ɛnyɛ ɛno nko ara, asɛmpa foforo wɔ hɔ. Ɛne sɛ, Onyankopɔn ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’ (2 Petro 3:9) Enti ɔde akwannya no ama nnipa sɛ wonsua ne ho ade, na wɔmfa nea wɔresua no mmɔ wɔn bra. Adɛn ntia? Ɔmpɛ sɛ ɔbɛsɛe yɛn, mmom ɔpɛ sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu. Ɔnam n’Ahenni no so besiesie asaase no ama ayɛ fɛfɛɛfɛ te sɛ paradise.

Onyankopɔn nam nkurɔfo bi so rekyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi akɔ wiase foforo no mu bi. Yesu kaa sɛ, wɔbɛbɔ asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru wɔ “asaase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de nnɔnhwerew ɔpepepem pii ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wohu anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no. Yesu kaa sɛ, wɔbɛbɔ asɛmpa no dawuru wɔ asaase so nyinaa ansa na awiei no aba.

Aka kakraa bi na nnipa amammu aba awiei. Nanso asɛmpa a ɛwɔ hɔ ne sɛ, sɛ Onyankopɔn de wiase yi ba awiei a, wubetumi anya wo ti adidi mu. Asaase a wahyɛ yɛn bɔ sɛ obesiesie ama ayɛ paradise no, wo nso, wubetumi akɔ hɔ bi. Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo ama woahu sɛnea wubetumi akɔ saa wiase foforo no mu bi.

Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi wɔ “awiei mmere” no mu no resisi, na ɛma yehu sɛ ɛrenkyɛ nneɛma bɛyɛ yiye