Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?

Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔyɛ adepa a, ɛno na ɛbɛma asi wɔn yiye wɔ abrabɔ mu. Nkurɔfo nyaa saa adwene no nyɛ nnɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Asiafo bi bɔ mmɔden sɛ wɔde asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔde Confucius (551-479 A.Y.B.) kae no bɛyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Nea wompɛ sɛ afoforo de bɛyɛ wo no, mfa nyɛ obi.” *

NEA EBINOM YƐ

Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ebinom wɔ adwene sɛ, sɛ wɔyɛ papa a, ɛno na ɛbɛma asi wɔn yiye. Ɛno nti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda obu adi akyerɛ afoforo, wɔbɛda suban pa adi, na wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛma wɔn tiboa abu wɔn fɔ. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn asɛde wɔ wɔn abusua mu, adwuma mu, ne mpɔtam a wɔte. Maame bi a wɔfrɛ no Linh a ɔwɔ Vietnam kaa sɛ, “Ná migye di paa sɛ, sɛ midi nokware na manyɛ obiara bɔne a, menya nhyira, na nneɛma bɛkɔ yiye ama me wɔ abrabɔ mu.”

Ebinom nso wɔ hɔ a, nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ wɔn som mu nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hsu-Yun te Taiwan. Ɔkaa sɛ, “Wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, bra a obi bɛbɔ wɔ asaase so no na ɛbɛkyerɛ sɛ ne wu akyi, n’ani begye anaa wɔbɛyɛ no ayayade.”

ASI WƆN YIYE?

Sɛ yɛyɛ nkurɔfo papa a, akyinnye biara nni ho sɛ, yenya so mfaso pii. Nanso wɔn a woyi wɔn yam yɛ afoforo papa no mu pii ahu sɛ, ɛnyɛ daa na afoforo de papa tua wɔn ka. Awuraa bi a ɔte Hong Kong a wɔfrɛ no Shiu Ping kaa sɛ, “Asɛm bi a ɛtoo me ma mihuu sɛ, sɛ woyɛ papa a, ɛnkyerɛ sɛ sɛnea ɛte biara nneɛma bɛkɔ yiye ama wo. Meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛhwɛ m’abusua, na mayɛ adepa. Nanso nea meyɛe no nyinaa ankosi hwee; m’aware gyigyae, na me kunu guan gyaw me ne me babarima hɔ.”

Nnipa bebree ahu sɛ, ɛnyɛ nyamesomfo nyinaa na ɛyɛ nneɛma pa. Maame bi a wɔfrɛ no Etsuko a ɔte Japan kaa sɛ, “Mekɔdɔm ɔsom bi, na kuw bi a na wɔatew ama mmerante ne mmabaa no, me na na meda ano. Nanso nneɛma bi a na ɛrekɔ so wɔ ɔsom no mu no maa me ho dwiriw me. Ná ebinom bu brabɔne, na na ebinom nso repere sɛ wobenya tumi anaa dibea wɔ ɔsom no mu. Afei nso, na ebinom di asɔre no sika.”

“Meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛhwɛ m’abusua, na mayɛ adepa. Nanso nea meyɛe no nyinaa ankosi hwee; m’aware gyigyae, na me kunu guan gyaw me ne me babarima hɔ.”​—SHIU PING, HONG KONG

Nnipa binom nso de, wɔmfa wɔn som nni agorɔ, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Enti sɛ nneɛma bɔne to wɔn a, ɛyɛ a wɔnte ase. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔbea bi a ofi Vietnam a wɔfrɛ no Van kaa sɛ, “Da biara na mede nnuan, nnuaba, ne nhwiren kogu me nananom a wɔawuwu nna so. Ná m’adwene yɛ me sɛ, sɛ meyɛ saa a, ebesi me yiye daakye. Nanso nneɛma pa a na meyɛ ne amanne a meyɛɛ no mfe pii no ankosi hwee. Eduu baabi no, yare koankɔ bi bɔɔ me kunu. Afei me babea a ɔkɔ sukuu wɔ aburokyiri nso wui yayaayaw; na onnyin ahe biara.”

Ebia obi bebisa sɛ, sɛ ɛnyɛ adepa a obi bɛyɛ na ɛbɛma asi ne yiye a, ɛnde dɛn na ɛbɛma asi no yiye? Baabi wɔ hɔ a yebetumi anya akwankyerɛ pa a ɛbɛboa yɛn ama asi yɛn yiye. Yebenya wɔ he? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu.

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Confucius nkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a yɛato din Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ti 7, nkyekyɛm 31-35. Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ saa nhoma no. Afei sɛ wokɔ www.pr418.com. a, wubenya bi wɔ hɔ.