Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?

Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, ebinom ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma asi wɔn yiye daakye. Ɛno nti ebinom kɔhwehwɛ wɔn hyɛberɛ mu. Ebinom nso kɔ sukuu kɔ akyiri, ebinom biri wɔn mogya ani pɛ sika, na ebi nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Nanso emu biara nni hɔ a ama esi wɔn yiye. Nea wei kyerɛ ne sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi aboa ama asi yɛn yiye daakye anaa? Biribi wɔ hɔ!

OBI A ƆWƆ NYANSA PAA AMA YƐN AKWANKYERƐ A ƐBƐBOA YƐN

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ɛyɛ a yɛkɔ wɔn a wɔn ani afi na wonim nyansa sen yɛn hɔ kobisa wɔn adwenkyerɛ. Yɛn nso sɛ yɛpɛ sɛ esi yɛn yiye daakye a, obi a wanyin na ɔwɔ nyansa koraa sen yɛn wɔ hɔ a yebetumi akɔhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ pa. Yebehu n’akwankyerɛ no nyinaa wɔ nhoma kronkron bi mu. Wɔfrɛ saa nhoma kronkron yi Bible.

Adɛn nti na wubetumi agye Bible no adi? Efisɛ nea ɔkyerɛwee no, wanyin sen obiara wɔ amansan yi mu, na obiara nni hɔ a onim nyansa sen no. Bible no ka sɛ, “Ne Nna Akyɛ,” na ofi “mmeresanten kosi mmeresanten.” (Daniel 7:9; Dwom 90:2) Ɔno ne nokware Nyankopɔn a ‘ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asaase no.’ (Yesaia 45:18) Bible no ma yehu sɛ, ne din de Yehowa—Dwom 83:18.

Nea ɔkyerɛw Bible no, ɔno na ɔbɔɔ nnipa nyinaa. Ɛno nti, sɛ wufi he oo, wote sɛn oo, emu nsɛm no betumi aboa wo. Afotusɛm a ɛwɔ mu no, entwam, na nokwasɛm ne sɛ, aboa nnipa pii. Nhoma biara nni hɔ a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen Bible no, na sɛ yɛbɛka a, ɛno ne nhoma a ɛnyɛ nã wɔ wiase. * Wei kyerɛ sɛ, obi biara betumi anya Bible no bi akan, na wanya akwankyerɛ a ɛwom no so mfaso. Asɛm bi a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ ampa, emu afotusɛm no betumi aboa obiara. Ɛka sɛ:

“Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”​—ASOMAFO NNWUMA 10:34, 35.

Ɔwofo biara a ɔdɔ ne mma de akwankyerɛ pa ma wɔn. Saa ara na Yehowa Nyankopɔn nso te. Ɔyɛ yɛn Agya, na ɔdɔ yɛn. Ɛno nti, wama yɛn akwankyerɛ pa wɔ n’Asɛm Bible no mu. (2 Timoteo 3:16) Akwankyerɛ biara a ɔde ma yɛn no, yebetumi de yɛn ho ato so, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na onim nea ɛbɛboa yɛn paa wɔ asetena mu.

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na wo nsa aka nhyira nwonwaso yi bi? Yebenya saa asɛm yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible nkyerɛase ne sɛnea wɔrekyekyɛ Bible wɔ wiase no ho nsɛm pii a, kɔ www.pr418.com/tw. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ABAKƆSƐM NE BIBLE.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nkɔmhyɛ ahorow a aba mu no ho nsɛm pii a, kenkan nhoma a Yehowa Adansefo ayɛ a yɛato din The Bible—God’s Word or Man’s? Hwɛ ti 9 no. Sɛ wokɔ www.pr418.com. a, wubehu wɔ hɔ. Hwɛ LIBRARY > BOOKS & BROCHURES.