Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Daakye Wɔ Wo Nsam

Wo Daakye Wɔ Wo Nsam

Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni, Yehowa Nyankopɔn maa n’asomfo huu nea wɔyɛ a ɛbɛma asi wɔn yiye daakye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnnɛ mede nkwa ne owu, ne nhyira ne nnome asi w’anim. Fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa.’​—Deuteronomium 30:19.

Sɛ ebesi wɔn yiye a, na ɛsɛ sɛ wosi gyinae pa. Nneɛma a Yehowa de sii wɔn anim sɛ wonyi mu baako no, yɛn nso ɛsɛ sɛ yeyi mu baako. Bible no ma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma asi yɛn yiye daakye. Ɛka sɛ: “Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie n’asɛm.”​—Deuteronomium 30:20.

YƐBƐYƐ DƐN AKYERƐ SƐ YƐDƆ YEHOWA NA YETIE N’ASƐM?

SUA BIBLE NO: Sɛ wubetumi anya ɔdɔ ama Yehowa a, gye sɛ wudi kan sua ne ho ade wɔ Bible no mu. Bere a wugu so resua Bible no, wobɛba abehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔpɛ sɛ esi wo yiye. Afei nso ɔpɛ sɛ wobɔ no mpae, ‘efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Bible no ka sɛ, sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn Yehowa a, ‘ɔno nso bɛbɛn wo.’​—Yakobo 4:8.

FA NEA WUSUA NO BƆ WO BRA: Sɛ wode akwankyerɛ pa a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ Bible mu no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ wutie Onyankopɔn. Sɛ woyɛ saa a, “ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.”​—Yosua 1:8.