Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

Nguan Foforo No Mu Nnipakuw Kɛse No Yi Onyankopɔn Ne Kristo Ayɛ

Nguan Foforo No Mu Nnipakuw Kɛse No Yi Onyankopɔn Ne Kristo Ayɛ

Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no hɔ.”​—ADI. 7:10.

DWOM 14 Ayeyi Nka Asase So Hene Foforo No

NEA YƐREBESUA *

1. Aberante bi tiee ɔkasa bi a wɔmae wɔ ɔmantam nhyiam bi ase afe 1935. Ɛkaa no sɛn?

ABERANTE bi bɔɔ asu afe 1926. Saa bere no, na wadi mfe 18. Ná n’awofo yɛ Bible Asuafo. Saa na na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Ná n’awofo wɔ mma mmarima mmiɛnsa ne mma mmea mmienu. Wɔtetee wɔn nyinaa ma wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn, na wosuasuaa Yesu Kristo. Saa bere no, sɛ Bible Asuafo no kɔ Awurade Anwummeduan no ase a, na wɔn nyinaa di paanoo no nom bobesa no bi. Enti aberante a yɛreka n’asɛm yi nso, afe biara na ɔde koma pa di paanoo no nom bobesa no bi. Nanso, kasa titiriw bi a n’asɛmti ne, “Nnipadɔm Kɛse No,” maa n’anidaso sesae koraa. Onua J. F. Rutherford na ɔmaa saa ɔkasa no. Ɔmaa ɔkasa no wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Washington, D.C., U.S.A. afe 1935. Ɛdɛn na wɔde too gua wɔ saa nhyiam no ase?

2. Nokwasɛm titiriw bɛn na Onua Rutherford de too gua wɔ ne kasa no mu?

2 Bere a Onua Rutherford rema ne kasa no, ɔkyerɛɛ wɔn a wɔyɛ “nnipadɔm kɛse” (King James Version), anaa “nnipakuw kɛse” a Adiyisɛm 7:9 ka wɔn ho asɛm no. Ansa na Onua Rutherford rema ne kasa no, na Bible Asuafo no gye di sɛ “nnipakuw kɛse” no di nokware, na wɔn nso bɛkɔ soro, nanso na wɔn nokwaredi no nto wɔn a wɔasra wɔn no. Onua Rutherford de Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ mu sɛ, nnipakuw kɛse no nka wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnkɔ soro no ho. Mmom, wɔyɛ Kristo nguan foforo * a wobetwa “ahohiahia kɛse no” na wɔatena ase daa wɔ asase so. (Adi. 7:14) Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne, na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.” (Yoh. 10:16) Saa “nguan foforo” no yɛ Yehowa Adansefo anokwafo a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise wɔ asase so. (Mat. 25:31-33, 46) Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible mu ntease a ɛbae yi maa aberante a na wadi mfe 18 no ne Yehowa nkurɔfo pii huu wɔn anidaso yiye.​—Dw. 97:11; Mmeb. 4:18.

NTEASE FOFORO NO MAA NNIPA MPEMPEM HUU WƆN ANIDASO YIYE

3-4. Ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no afe 1935 no ase no, ɛdɛn na nnipa mpempem behu faa anidaso a wɔwɔ no ho? Na adɛn ntia?

3 Bere a ɔkasafo no rema ɔkasa no wɔ saa ɔmantam nhyiam no ase no, ɔkaa asɛm bi maa nhyiam no ase yɛɛ anigye paa. Ɔkaa sɛ: “Yɛsrɛ sɛ mo a mowɔ anidaso sɛ mobɛtena ase daa wɔ asase so no, monsɔre nnyina hɔ.” Obi a na ɔwɔ hɔ bi kaa sɛ, nnipa bɛyɛ 20,000 a na wɔwɔ nhyiam no ase no, emu bɛboro 10,000 sɔre gyinaa hɔ. Afei Onua Rutherford kaa sɛ: “Monhwɛ! Nnipadɔm kɛse no ni!” Ɔkaa saa no, wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa bɔ gyee so. Ná wɔn a wɔasɔre agyina hɔ no abehu sɛ Yehowa nyii wɔn sɛ wɔnkɔ soro. Ná wonim sɛ wɔmfaa Onyankopɔn honhom nsraa wɔn. Ɛda a edi hɔ no, nnipa 840 na wɔbɔɔ asu wɔ nhyiam no ase ma wɔbɛyɛɛ Adansefo. Ná wɔn mu dodow no ara yɛ nguan foforo no mufo.

4 Efi da a wɔmaa saa ɔkasa no, aberante a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ne nnipa mpempem a wɔka ho no anni paanoo no, na wɔannom bobesa no bio wɔ Awurade Anwummeduan no ase. Onua bi a ɔbrɛ ne ho ase kaa asɛm bi a na ɛda nnipa pii koma so. Ɔkaa sɛ: “Nkaedi a yɛyɛɛ no afe 1935 no ne nea etwa to a midii paanoo no nom bobesa no bi. Mibehui sɛ Yehowa mfaa ne honhom no nsraa me sɛ mɛtena soro. Mmom, mewɔ anidaso sɛ mɛtena asase so na maboa ama wɔayɛ asase no paradise.” (Rom. 8:16, 17; 2 Kor. 1:21, 22) Efi saa bere no, nnipakuw kɛse no mufo adɔɔso paa, na wɔne wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo * no abom reyɛ adwuma.

5. Wɔn a wɔagyae paanoo no di na wɔagyae bobesa no nom no, Yehowa bu wɔn sɛn?

5 Efi afe 1935 no, wɔn a wogyaee paanoo no di na wogyaee bobesa no nom no, Yehowa bu wɔn sɛn? Sɛ Yehowa Danseni bi a wabɔ asu a ɔwɔ hɔ nnɛ de koma pa di paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Awurade Anwummeduan no ase, na sɛ akyiri yi obehu sɛ wɔnsraa no a, Yehowa bebu no sɛn? (1 Kor. 11:28) Ebinom wɔ hɔ a, na wontumi nhu sɛ wɔbɛkɔ soro anaa wɔbɛtena asase so, ɛno nti na wodii paanoo no na wɔnom bobesa no bi no. Nanso sɛ wogye tom sɛ wɔadi mfomso, na wogyae paanoo no di, na wogyae bobesa no nom, na sɛ wɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa a, obegye wɔn atom sɛ wɔka nguan foforo no ho. Ɛwom sɛ wonni paanoo no bi, na wɔnnom bobesa no bi bio, nanso wɔkɔ Nkaedi no ase. Nea enti a wɔkɔ ase ne sɛ, nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wɔn no, wɔn ani sɔ paa.

ANIDASO SORONKO

6. Ɛdɛn na Yesu aka akyerɛ abɔfo no sɛ wɔnyɛ?

6 Ɛrenkyɛ na ahohiahia kɛse no afi ase. Ɛno nti, sɛ yesusuw nsɛm foforo a Adiyisɛm ti 7 ka fa Kristofo a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran. Yesu ka kyerɛɛ abɔfo no sɛ wɔnkɔ so nkura mframa nnan a ɛbɛsɛe ade no mu. Ɛsɛ sɛ wokura mframa no mu kosi sɛ wɔbɛsɔ Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ano, kyerɛ sɛ, Yehowa begye wɔn atom korakora. (Adi. 7:1-4) Kristo nuanom a wɔasra wɔn no nokwaredi nti, wɔne Kristo bedi hene na wɔayɛ asɔfo wɔ soro. (Adi. 20:6) Onyankopɔn abusua no fã a ɛwɔ soro no nyinaa ani begye paa bere a nnipa 144,000 a wɔasra wɔn no nsa aka wɔn akatua wɔ soro no.

Nnipakuw kɛse no mufo hyehyɛ ntaade tenten fitafitaa kurakura berɛw, na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua a ɛhyerɛn no ne Oguammaa no anim (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea Adiyisɛm 7:9, 10 kyerɛ no, henanom na Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu, na dɛn na na wɔreyɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

7 Bere a Yohane kaa ahemfo ne asɔfo 144,000 ho asɛm wiei no, ohuu biribi a ɛyɛ anigye paa. Ohuu “nnipakuw kɛse bi” a wonyaa nkwa wɔ Harmagedon. Nnipakuw kɛse yi dɔɔso koraa sen 144,000 no, na obiara nnim wɔn dodow. (Kenkan Adiyisɛm 7:9, 10.) Nnipakuw kɛse no mufo “hyehyɛ ntade tenten fitafitaa.” Wei kyerɛ sɛ, wɔatwe wɔn ho afi Satan “wiase nkekae” biara ho, na wodi Onyankopɔn ne Kristo nokware. (Yak. 1:27) Wɔde nne kɛse teɛm sɛ, nea Yehowa ne Onyankopɔn Guammaa Yesu ayɛ nti na wɔanya nkwagye. Wɔreka saa nyinaa, na wokurakura berɛw. Ɛno kyerɛ sɛ, wɔde anigye gye Yesu tom sɛ Ɔhene a Yehowa ayi no.​—Fa toto Yohane 12:12, 13 ho.

8. Ɛdɛn na Adiyisɛm 7:11, 12 ma yehu fa Yehowa abusua a ɛwɔ soro no ho?

8 Kenkan Adiyisɛm 7:11, 12. Bere a wɔn a wɔwɔ soro no huu nnipakuw kɛse no, ɛdɛn na wɔyɛe? Yohane hui sɛ, bere a Yehowa abusua a ɛwɔ soro no huu nnipakuw kɛse no sɛ wɔreyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔn a wɔwɔ soro no nyinaa ani gyei. Sɛ Yehowa abusua a ɛwɔ soro no hu sɛ saa anisoadehu no aba mu ama nnipakuw kɛse no anya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu a, wɔn ani begye paa.

9. Sɛnea Adiyisɛm 7:13-15 kyerɛ no, ɛdɛn na nnipakuw kɛse no mufo reyɛ nnɛ?

9 Kenkan Adiyisɛm 7:13-15. Yohane kyerɛwee sɛ, nnipakuw kɛse no ‘ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu.’ Wei kyerɛ sɛ wɔwɔ ahonim pa, na Yehowa gye wɔn tom. (Yes. 1:18) Wɔyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu, na wɔwɔ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi kɛse, na wɔne Yehowa wɔ ayɔnkofa. (Yoh. 3:36; 1 Pet. 3:21) Enti wɔfata sɛ wogyina Onyankopɔn ahengua anim na “wɔsom no awia ne anadwo” wɔ ne honhom fam asɔrefie no adiwo hɔ wɔ asase so. Ɛnnɛ mpo, Ahenni no a wɔrebɔ no dawuru ne asuafoyɛ adwuma no, nnipakuw kɛse no de nsi ne ahokeka reyɛ ne kɛse paa, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no hia wɔn sen biribiara.​—Mat. 6:33; 24:14; 28:19, 20.

Nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no de anigye afi ahohiahia kɛse no mu afi (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Awerɛhyem bɛn na nnipakuw kɛse no wɔ, na bɔhyɛ bɛn na ɛbɛbam ama wɔahu?

10 Nnipakuw kɛse a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu no wɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ara ahwɛ wɔn, efisɛ “Nea ɔte ahengua no so no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so.” Bɔhyɛ a nguan foforo no ahwɛ kwan bere tenten sɛ ɛbɛbam no, afei de ɛbɛbam ama wɔahu. Ɛne sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”​—Adi. 21:3, 4.

11-12. (a) Sɛnea Adiyisɛm 7:16, 17 kyerɛ no, nhyira bɛn na ɛda hɔ retwɛn nnipakuw kɛse no? (b) Ɛdɛn na nguan foforo no betumi ayɛ wɔ Nkaedi no ase, na adɛn ntia?

11 Kenkan Adiyisɛm 7:16, 17. Yɛrekasa yi, Yehowa nkurɔfo bebree na wodi kɔm. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn sikasɛm nye koraa, anaa ɔko a asi wɔn man mu no nti ama ahokyere aba. Ebinom nso, wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase. Nanso, nnipakuw kɛse no ani gye paa efisɛ wonim sɛ, sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi na wonya nkwa a, aduan ne Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ bebu so ama wɔn bere nyinaa. Sɛ Yehowa resɛe Satan wiase yi a, Yehowa abufuw a ɛte sɛ “ɔhyew” a obehwie agu amanaman no so no, ebi renka nnipakuw kɛse no. Sɛ ahohiahia kɛse no ba awiei a, Yesu bɛkyerɛ saa nnipa a wobenya nkwa wɔ asase so no kwan akɔ “[daa] nkwa asuti” no ho. Wo de, dwen ho hwɛ: Nnipakuw kɛse no wɔ anidaso soronko. Nnipa ɔpepepem pii a wɔatena asase yi so pɛn no, wɔn nko ara na ebia wɔrenwu da!​—Yoh. 11:26.

12 Nguan foforo no wɔ anidaso kamakama, na wɔda Yehowa ne Yesu ase sɛ wɔama wɔn saa anidaso no. Yehowa anyi wɔn sɛ wɔnkɔ soro, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn a wɔasra wɔn no sen wɔn. Nguan foforo no ne wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa betumi ayi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ. Ɔkwan baako a wɔbɛfa so ayɛ saa ne sɛ wɔbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase.

FA WO KOMA NYINAA YI ONYANKOPƆN NE KRISTO AYƐ WƆ NKAEDI NO ASE

Paanoo ne bobesa a wɔde fa yɛn anim wɔ Nkaedi no ase no ma yɛkae sɛ Yesu sii yɛn anan wui sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa (Hwɛ nkyekyɛm 13-15)

13-14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara kɔ Kristo wu Nkaedi no ase?

13 Nnansa yi, nnipa a wɔkɔ Nkaedi no ase no, wuyi 1,000 biara a, ɛreyɛ ayɛ sɛ wɔn mu 1 na odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi. Asafo dodow no ara mu no, obiara nni hɔ a odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi no ase. Wɔn a wɔkɔ Nkaedi no ase no, emu dodow no ara wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na wɔkɔ Awurade Anwummeduan no ase bi? Nea enti a nkurɔfo kɔ wɔn nnamfo ayeforohyia ase no, ɛno ara bi nti na nguan foforo no kɔ Awurade Anwummeduan no ase. Nkurɔfo kɔ ayeforohyia no ase de kyerɛ sɛ wɔdɔ ɔbea ne ɔbarima a wɔreware no, na wɔtaa wɔn akyi. Enti nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔdɔ Kristo ne wɔn a wɔasra wɔn no, na wɔtaa wɔn akyi. Bio nso, nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ Yesu afɔre a ama ayɛ yiye sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no.

14 Ade foforo a ehia a ɛno nti nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase ne sɛ, wɔyɛ saa de di Yesu ahyɛde so. Bere a Yesu ne n’asomafo anokwafo no dii Awurade Anwummeduan a edi kan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (1 Kor. 11:23-26) Enti mpɛn dodow a wɔn a wɔasra wɔn no bi da so wɔ asase so de, nguan foforo no bɛkɔ so ara akɔ Awurade Anwummeduan no ase. Wɔto nsa frɛ obiara nso sɛ, wɔmmɛka wɔn ho na wɔne wɔn nkɔ Nkaedi no ase.

15. Ɛdɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de ayi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ wɔ Nkaedi no ase?

15 Sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase na yɛbom to dwom bɔ mpae a, ɛma yeyi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ. Ɔkasa a afe yi wɔbɛma wɔ Nkaedi no ase no asɛmti ne, “Kyerɛ Nea Onyankopɔn Ne Kristo Ayɛ Ama Wo No Ho Anisɔ!” Ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne Kristo no ayɛ kɛse. Sɛ wɔde paanoo no ne bobesa no fa yɛn anim a, ɛbɛma yɛakae sɛ egyina hɔ ma Yesu nipadua ne ne mogya. Ɛbɛkae yɛn sɛ Yehowa maa ne Ba no sii yɛn anan bewui sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa. (Mat. 20:28) Obiara a ɔdɔ yɛn soro Agya ne ne Ba no ani begye ho sɛ ɔbɛkɔ Nkaedi no ase.

ANIDASO A YEHOWA AMA WOANYA NO, DA NO ASE

16. Nneɛma bɛn mu na wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no di nsɛ?

16 Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no di nsɛ wɔ nneɛma bi mu. Yehowa dɔ wɔn nyinaa pɛ. Akuw mmienu no nyinaa som bo ma no. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, ɔde ne Ba a ɔdɔ no no nkwa na ɛtɔɔ wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa. Nsonsonoe a ɛwɔ akuw mmienu no mu ara ne sɛ, ɛsono obiara ne n’anidaso. Ɛsɛ sɛ akuw mmienu no nyinaa kɔ so di nokware ma Onyankopɔn ne Kristo. (Dw. 31:23) Yɛnkae sɛ, Onyankopɔn honhom no tumi yɛ adwuma wɔ yɛn nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa hwɛ obiara ne nea ohia na ɔde ne honhom kronkron no ama no.

17. Ɛdɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo rehwɛ kwan sɛ wobenya?

17 Kristofo a wɔasra wɔn no, wɔmfa ɔsoro anidaso no nwo wɔn. Onyankopɔn na ɔde ɔsoro anidaso no dua wɔn komam. Wodwen wɔn anidaso no ho, wɔbɔ ho mpae, na wɔhwɛ kwan denneennen sɛ wobenya wɔn akatua wɔ soro. Honhom nipadua a wobenya daakye no, wonnim sɛnea ɛbɛyɛ. (Filip. 3:20, 21; 1 Yoh. 3:2) Nanso wɔhwɛ kwan sɛ wobehyia Yehowa, Yesu, abɔfo no, ne wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa. Na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔka wɔn ho wɔ ɔsoro Ahenni no mu.

18. Ɛdɛn na nguan foforo no rehwɛ kwan sɛ wobenya?

18 Nguan foforo no hwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so sɛnea onipa biara hwɛ kwan no. (Ɔsɛnk. 3:11) Wɔrehwɛ kwan sɛ daakye wɔbɛboa ama wɔadan asase nyinaa paradise. Wɔn ani da so paa sɛ, ɛda bi bɛba a obiara besi ne dan, obiara bɛyɛ n’afuw, na wɔne wɔn mma nyinaa anya apɔwmuden a ewie pɛyɛ. (Yes. 65:21-23) Wɔrehwɛ kwan sɛ wobetutu akwan akyinkyin asase so baabiara, na wɔakɔhwɛ mmepɔw, kwae, ne ɛpo, na wɔasua nneɛma pii a Yehowa abɔ no ho ade. Nea ɛma wɔn ani gye koraa ne sɛ, wɔne Yehowa ayɔnkofa mu bɛkɔ so ayɛ den bere nyinaa.

19. Nkaedi no du a, ɛdɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ? Bere bɛn na yɛbɛyɛ Nkaedi no afe yi?

19 Yehowa ama ne somfo biara a wahyira ne ho so anya anidaso a ɛyɛ papa. (Yer. 29:11) Kristo wu Nkaedi no ma yɛn mu biara nya akwannya kɛse paa a yɛde beyi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ esiane nea wɔayɛ ama yɛn a ɛbɛma yɛatena ase daa no nti. Akyinnye biara nni ho sɛ, Nkaedi no ne nokware Kristofo nhyiam a ɛho hia paa. Yɛbɛyɛ Nkaedi no Memeneda, March 27, 2021, bere a owia akɔtɔ. Afe yi, nnipa a wɔbɛkɔ Nkaedi no ase no pii tete mmeae a aban mmara biara nsiw wɔn kwan sɛ wɔkɔ saa dwumadi titiriw yi bi. Ebinom nso de, wɔretan wɔn ani, nanso wɔbɛkɔ bi. Ebinom nso deda afiase, enti ɛhɔ na wɔbɛyɛ Nkaedi no. Bere a Yehowa, Yesu, ne Onyankopɔn abusua no fã a ɛwɔ soro no ani di Nkaedi no akyi no, yɛn mpaebɔ ne sɛ asafo biara, kuw biara, ne obi biara de anigye bɛyɛ Nkaedi no!

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

^ nky. 5 March 27, 2021 yɛ da titiriw paa ma Yehowa Adansefo. Saa da no anwummere na yɛbɛkae Kristo wu no. Wɔn a wɔbɛkɔ bi no, dodow no ara ka nnipakuw a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no ho. Afe 1935 no, wɔde nokwasɛm titiriw bi a ɛfa saa nnipakuw no ho too gua. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn? Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na ɛda hɔ retwɛn nguan foforo no wɔ ahohiahia kɛse no akyi? Sɛ nguan foforo no kɔ Nkaedi no ase a, ɛdɛn na wɔbɛyɛ de ayi Onyankopɔn ne Kristo ayɛ?

^ nky. 2 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nguan foforo no yɛ nnipa a wodi Kristo akyi a wɔn anidaso ne sɛ daakye wɔbɛtena ase daa wɔ asase so. Wɔn mu binom wɔ hɔ a, nna a edi akyiri yi mu na wofii ase som Yehowa. Bere a Kristo bɛba abebu nnipa atɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu no, nguan foforo no mufo a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔte ase no, wɔne nnipakuw kɛse no. Wɔn na wobetwa ahohiahia kɛse no.

^ nky. 4 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yɛka “nkaefo” a, wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Awurade Anwummeduan no ase.