Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

Ma Anuanom Nhu Sɛ Wopɛ Wɔn Asɛm

Ma Anuanom Nhu Sɛ Wopɛ Wɔn Asɛm

“Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.”​—ROM. 12:10.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

NEA YƐREBESUA *

1. Nneɛma bɛn saa na ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nni dɔ anaa tema nnɛ?

BIBLE ka too hɔ sɛ, nna a edi akyiri no mu no, nnipa rennya “tema” mma wɔn yɔnko nnipa. (2 Tim. 3:1, 3) Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ no aba mu paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, awaregyae ama mmusua ɔpepem pii mu akyekyɛ. Ɛba saa a, wobɛhwɛ na okunu ne ɔyere no, obiara mpɛ ne yɔnko anim ahwɛ. Mmofra no nso, ɛma wɔte nka sɛ wɔn asɛm mfa obiara ho. Mmusua a wɔte fie baako mu mpo, wobɛhwɛ na obiara nam ne kwan. Ɔbarima bi a ɔde abusua mu afotu ma nkurɔfo kaa sɛ: “Agya, ɛna, ne mmofra no, obiara mfa ne yɔnko ho. Mmom kɔmputa, tablɛt, mobal fon, ne video game na abɛyɛ wɔn nnamfo. Enti wɔn nyinaa te fie baako mu de, nanso obiara nnim ne yɔnko yiye.”

2-3. (a) Sɛnea Romafo 12:10 kyerɛ no, henanom na ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn anaa yɛpɛ wɔn asɛm? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ wiase yi mu nnipa a wonni dɔ no. (Rom. 12:2) Mmom, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo nyinaa anaa yɛpɛ wɔn asɛm. (Kenkan Romafo 12:10.) Sɛnea yɛpɛ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa asɛm no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa; wɔyɛ yɛn abusuafo wɔ honhom fam. Sɛ yɛpɛ wɔn asɛm a, ɛma yɛn nyinaa de anigye ne baakoyɛ som Yehowa.​—Mika 2:12.

3 Nea ɛbɛboa ama yɛapɛ anuanom asɛm no, momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso ahorow bi.

“YEHOWA WƆ AYAMHYEHYE”

4. Dɔ a Yehowa dɔ yɛn no, sɛn na Yakobo 5:11 ma yehu sɛ ɛkɔ akyiri paa?

4 Bible ma yehu Yehowa su ahorow a ɛka koma. Nea ɛka no bi ne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Saa su yi nko ara twe yɛn bɛn no. Nanso Bible san ka sɛ Yehowa “wɔ ayamhyehye,” anaa ɔpɛ yɛn asɛm. (Kenkan Yakobo 5:11.) Asɛm yi ka koma. Ɛma yehu sɛ dɔ a Yehowa dɔ yɛn no, ɛkɔ akyiri paa!

5. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

5 Wohyɛɛ no nsow a, Yakobo 5:11 de Yehowa ayamhyehye bataa ne suban foforo bi a ɛtwe yɛn bɛn no ho. Ɛno ne ne mmɔborɔhunu. (Ex. 34:6) Ɔkwan baako a Yehowa fa so da mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔde yɛn mfomso kyɛ yɛn. (Dw. 51:1) Sɛ Bible ka mmɔborɔhunu ho asɛm a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛde obi mfomso bɛkyɛ no. Obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, ohu sɛ obi rehu amane a, ɔte nka ma no paa, na ɛka no ma ɔyɛ biribi boa no. Yehowa ama yɛahu sɛ, ayamhyehye a ɔwɔ ma yɛn no, ɛkyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba koraa. (Yes. 49:15) Enti sɛ yɛrehu amane a, Yehowa mmɔborɔhunu nti ɔboa yɛn. (Dw. 37:39; 1 Kor. 10:13) Yɛn nso, sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu a, yɛde yɛn nuanom Kristofo mfomso bɛkyɛ wɔn, na yɛremfa nhyɛ yɛn mu. (Efe. 4:32) Nanso ade titiriw a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborɔhunu ne sɛ, yɛn nuanom Kristofo rehu amane a, yɛbɛyɛ biribi aboa wɔn. Sɛ ɔdɔ ka yɛn ma yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa. Sɛnea Yehowa dɔ nnipa no, ebi nni baabiara.​—Efe. 5:1.

“YONATAN KRA FAM DAWID KRA HO”

6. Dɛn na Yonatan ne Dawid yɛ de kyerɛe sɛ obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa?

6 Bible ma yehu nnipa bi a wɔkyerɛe sɛ obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa ɛmfa ho sɛ na mfomso wɔ wɔn ho no. Yɛnhwɛ Yonatan ne Dawid. Bible ka sɛ: “Yonatan kra fam Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Sam. 18:1) Bere a wɔsraa Dawid sɛ ɔno na obedi Saul ade abɛyɛ ɔhene no, ɛmaa Saul faa ne ho tan, na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ obekum no. Nanso Saul ba Yonatan ankodi ne papa akyi. Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara hyɛɛ ne yɔnko bɔ sɛ wɔremma biribiara ntetew wɔn ntam, na obiara bɛboa ne yɔnko daa.​—1 Sam. 20:42.

Ɛwom sɛ na Yonatan kyɛn Dawid koraa de, nanso na obiara pɛ ne yɔnko asɛm (Hwɛ nkyekyɛm 6-9)

7. Ade baako bɛn na anka ebetumi ama ayɛ den sɛ Yonatan ne Dawid bɛyɛ nnamfo?

7 Sɛnea na Yonatan ne Dawid nyinaa, obiara pɛ ne yɔnko asɛm no, na ɛyɛ nwonwa paa. Adɛn ntia? Efisɛ nneɛma pii wɔ hɔ a anka ebetumi ama ayɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnamfo. Baako ne sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30. Anka Yonatan betumi aka sɛ, asukɔnoma a onni suahu biara sei de, merentumi mfa no adamfo. Nanso Yonatan annwen saa. Ná obu Dawid paa.

8. Wohwɛ Yonatan ne Dawid asɛm no a, ɛdɛn paa na ɛmaa Yonatan yɛɛ adamfo pa saa?

8 Anka Yonatan ani betumi abere Dawid. Esiane sɛ Yonatan yɛ Ɔhene Saul ba nti, anka Yonatan betumi aka sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ odi ne papa ade, enti ɔrempene mma adedi no nkodi Dawid nsam. (1 Sam. 20:31) Nanso na Yonatan brɛ ne ho ase, na na odi Yehowa nokware. Wei nti, gyinae a na Yehowa asi sɛ Dawid na obedi hene daakye no, Yonatan taa akyi denneennen. Afei nso ɔkɔɔ so bataa Dawid ho ɛmfa ho sɛ ɛmaa ne papa Saul bo fuw no no.​—1 Sam. 20:32-34.

9. Ná Yonatan bu Dawid sɛ obi a ɔne no repere biribi anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Ná Yonatan pɛ Dawid asɛm paa, enti wanhu Dawid sɛ ɔne no repere biribi. Yɛreka yi, na Yonatan yɛ ɔsraani a ɔwɔ akokoduru, na na onim agyan tow paa. Ná nkurɔfo mpo ka ɔne ne papa Saul ho asɛm sɛ “wɔn ho yɛ hare sen akɔre,” na “wɔn ahoɔden kyɛn agyata.” (2 Sam. 1:22, 23) Wei nti, nneɛma a na Yonatan tumi yɛ wɔ akono no, anka obetumi de atu ne ho. Nanso, Yonatan anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ osen Dawid, na wamfa ne ho tan nso. Mmom akokoduru a na Dawid wɔ, ne sɛnea na ɔde ne ho to Yehowa so no, ɛyɛɛ Yonatan fɛ paa. Nea ɛte ne sɛ, bere a Dawid kum Goliat no akyi na Yonatan bɛdɔɔ no sɛ ɔno ara ne ho. Ɛnde yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa?

YƐBƐYƐ DƐN AKYERƐ SƐ YƐPƐ YƐN NUANOM KRISTOFO ASƐM PAA NNƐ?

10. Bible ka sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn?

10 Bible ka sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen.’ (1 Pet. 1:22) Yehowa yɛ wei ho nhwɛso ma yɛn. Dɔ a ɔdɔ yɛn no kɔ akyiri paa, enti sɛ yedi no nokware a, ɔntwe ne ho mfi yɛn ho da. (Rom. 8:38, 39) Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “denneennen” no, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ obi atwe ne mu anaa wamia n’ani paa reyɛ biribi. Wei kyerɛ sɛ ɛtɔ da a, gye sɛ yemia yɛn ani paa ansa na yɛatumi apɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm. Sɛ yɛn nuanom Kristofo binom yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, ehia sɛ yɛkɔ so ‘ne yɛn ho tena ɔdɔ mu, na yɛyere yɛn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama tena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛma “asomdwoe” atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam a, yɛremfa yɛn adwene nsi wɔn mfomso so, na yɛbɛbɔ mmɔden paa sɛ yebehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no.​—1 Sam. 16:7; Dw. 130:3.

Wotuu Euodia ne Sintike fo sɛ wɔnyɛ baako. Yɛn nso ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛpɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm, nanso ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Adɛn nti na ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛpɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm?

11 Ɛtɔ da a, ɛnna fam sɛ yɛbɛpɛ yɛn nua Kristoni bi asɛm, titiriw bere a yɛn ani tua ne mfomso ahorow no. Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, na wei yɛ wɔn mu bi haw paa. Yɛnhwɛ Euodia ne Sintike sɛɛ. Bere a na wɔne Paul “abom” reyɛ adwumaden wɔ “asɛmpa no mu” no, ɛda adi sɛ na biribiara kɔ so kama. Nanso wɔn mmienu de, biribi nti na wɔnsen so koraa. Enti Paul tuu wɔn fo sɛ, “wonnya adwenkoro Awurade mu.”​—Filip. 4:2, 3.

Asafo mu mpanyimfo a wɔn ani afi ne asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ mmerante betumi afa wɔn ho nnamfo denneennen (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm?

12 Ɛnnɛ nso ɛ? Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm? Sɛ yehu yɛn nuanom Kristofo yiye a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛte wɔn ase na yɛapɛ wɔn asɛm. Sɛ obi yɛ panyin oo, ɔyɛ abofra oo, ɔte sɛn oo, yebetumi apɛ n’asɛm. Kae sɛ, na Yonatan kyɛn Dawid mfe 30, nanso Yonatan faa no adamfo denneennen. Wo nso ɛ? Obi wɔ w’asafo mu a wanyin sen wo anaa osua sen wo a wubetumi afa no adamfo? Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘wodɔ anuanom nyinaa.’​—1 Pet. 2:17.

Hwɛ nkyekyɛm 12 *

13. Anuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no, ɛrentumi mma sɛ yɛbɛpɛ wɔn nyinaa asɛm pɛ. Adɛn ntia?

13 Yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛpɛ anuanom asɛm. Nanso yemmisa sɛ, anuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no, ɛbɛyɛ yiye sɛ yɛbɛpɛ wɔn nyinaa asɛm pɛ anaa? Ɛrentumi mma saa, efisɛ nsateaa nyinaa nyɛ pɛ. Anuanom bi wɔ hɔ a, biribi a ɛwɔ wɔn ho nti, yɛn ani tumi gye wɔn ho sen afoforo. Ɛno nso de, mfomso nni ho. Yɛhwɛ Yesu sei a, ɔfrɛɛ n’asomafo no nyinaa ne “nnamfo,” nanso Yohane de, na Yesu pɛ n’asɛm paa. (Yoh. 13:23; 15:15; 20:2) Ne nyinaa mu no, Yesu ne asuafo no nyinaa dii no pɛ; ɛnyɛ Yohane nko na ɔyɛɛ no papa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yohane ne ne nua Yakobo kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nifa ne me benkum so tena no de, ɛnyɛ me dea na mede ama.” (Mar. 10:35-40) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu. Yɛn nnamfo a wɔbɛn yɛn paa no, ɛnyɛ wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa. (Yak. 2:3, 4) Sɛ yɛyɛ nyiyim a, ɛde mpaapaemu bɛba Kristofo asafo no mu. Ɛno nso de, ɛbɛsɛe asafo no asomdwoe.​—Yuda 17-19.

14. Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Filipifo 2:3 no a, ɛdɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛne yɛn nuanom Kristofo ansi akan?

14 Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm a, ɛremma yɛne wɔn nsi akan wɔ asafo no mu. Kae sɛ, Yonatan anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ osen Dawid, na wanhu Dawid sɛ obi a ɔne no repere ahenni no. Yɛn nyinaa yebetumi asuasua Yonatan. Yɛn nuanom Kristofo yɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo, enti sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu sen yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn anaa yɛne wɔn si akan. Mmom ɛsɛ sɛ ‘yefi ahobrɛase mu bu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn.’ (Kenkan Filipifo 2:3.) Ma ɛntena w’adwenem sɛ, obi biara a ɔwɔ asafo no mu wɔ biribi a ebetumi aboa asafo no. Sɛ yɛammu yɛn ho antra so a, ɛbɛma yɛahu nneɛma pa a ɛwɔ yɛn nuanom Kristofo ho, na yɛasuasua wɔn nokwaredi.​—1 Kor. 12:21-25.

15. Tanya ne n’abusua no, dɛn na wusua fi wɔn asɛm no mu?

15 Sɛ asɛm bi to yɛn mpofirim a, Yehowa nam yɛn nuanom Kristofo so kyekye yɛn werɛ. Wɔyɛ biribi boa yɛn de kyerɛ sɛ wɔpɛ yɛn asɛm paa. Wo de yɛnhwɛ nea ɛtoo abusua bi. Ná wɔakɔ afe 2019 “Ɔdɔ To Ntwa Da!” Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ United States no mu baako. Bere a wɔpɔn Memeneda nhyiam no na asɛm yi sii. Tanya na ɔkaa saa asɛm no. Ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ɔkaa sɛ: “Ná yɛte yɛn kar mu rekɔ hotɛl a na yɛda no. Nea yehui ara ne sɛ kar foforo bi atew afa so afi ne kwan mu de hwii abɛbɔ yɛn de no mu. Yɛn mu biara ampira, nanso na atɔ yɛn so. Yefii yɛn kar no mu sii fam, nanso na baabi a yegyina no nye. Emu hɔ baabi na yehui sɛ obi gyina kwankyɛn renyam ne nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra mmɛhyɛ ne kar mu. Ná ɛyɛ onua bi a ɔno nso fi nhyiam no ase reba. Ɛnyɛ ɔno nko na ogyinae. Anuanom mmea ne mmarima nnum bi a na wofi Sweden aba nhyiam no bi nso gyinae. Anuanom mmea no bam me ne me babea no denneennen, na ɛkaa yɛn koma too yɛn yam paa! Meka kyerɛɛ wɔn sɛ biribiara bɛyɛ kama enti wobetumi agyaw yɛn hɔ akɔ fie, nanso wɔankɔ. Wɔtwɛn ara kosii sɛ adɔkotafo bae. Anuanom yi hwɛ hui sɛ nea yehia biara yɛn nsa aka. Nea ɛtoo yɛn saa da no, na ɛnna fam, nanso mmoa a yɛn nsa kae no ma yehui sɛ Yehowa dɔ yɛn paa. Ɛmaa ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no yɛɛ kɛse paa. Afei nso ɛmaa ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den.” Wo nso ɛ? Wokae bere bi a asɛm bi too wo a onua anaa onuawa bi yɛɛ biribi boaa wo de kyerɛe sɛ ɔpɛ w’asɛm?

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa?

16 Sɛ yɛpɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa a, ɛde mfaso pii ba. Ɛma yɛkyekye wɔn werɛ bere a ɔhaw bi ato wɔn no. Ɛma yɛboa ma baakoyɛ tena yɛne wɔn ntam. Afei nso, ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo, na wei twetwe wɔn a wɔwɔ koma pa no ma wɔbɛsom Yehowa. Ne kɛse koraa ne sɛ, ɛma yɛhyɛ Yehowa a ɔyɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anuonyam. (2 Kor. 1:3) Enti momma yɛn nyinaa nkɔ so nnɔ anuanom, na yɛmma wonhu sɛ yɛpɛ wɔn asɛm paa!

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

^ nky. 5 Yesu kaa sɛ, dɔ a n’akyidifo bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. Yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛde saa asɛm no bɛyɛ adwuma. Sɛ yebetumi ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no mu den a, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛpɛ wɔn asɛm paa. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛnea yɛdɔ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi a n’ani afi aboa onua aberante bi a ɔno nso yɛ ɔpanyin ama ɔreyɛ nneɛma pii boa asafo no. Onua aberante no ne ne yere akɔsra onua a n’ani afi no. Wuhu sɛ wɔne wɔn yerenom nyinaa, obiara pɛ ne yɔnko asɛm.