Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

“Ɔbarima Biara Ti Ne Kristo”

“Ɔbarima Biara Ti Ne Kristo”

“Ɔbarima biara ti ne Kristo.”​—1 KOR. 11:3.

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

NEA YƐREBESUA *

1. Nneɛma bɛn na ebetumi akyerɛ sɛnea ɔbarima ne ne yere ne ne mma bɛtena?

SƐ YƐKA sɛ obi yɛ abusua “ti” anaa odi abusua no anim a, wote ase sɛn? Mmarima bi wɔ hɔ a, wɔma amammerɛ, abusua a wofi mu, anaa sɛnea wɔtetee wɔn na ɛkyerɛ sɛnea wɔne wɔn yere ne wɔn mma bɛtena. Yanita yɛ onuawa bi a ɔte Europe. Momma yentie asɛm bi a ɔkae. Ɔkaa sɛ: “Baabi a mete no, ade a atim nkurɔfo pii adwenem ne sɛ mmarima ho hia sen mmea, na mmea de, wɔyɛ nkoa.” Onua bi a ɔde Luke a ɔte United States nso kaa sɛ: “Mmarima bi kyerɛkyerɛ wɔn mma mmarima sɛ, mmea asɛm nhia, enti sɛ mmarima rekasa a, mmea nka bi.” Nanso, ɛnyɛ saa na Yehowa pɛ sɛ mmarima yɛ wɔn yerenom. (Fa toto Marko 7:13 ho.) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbarima atumi adi n’abusua anim yiye?

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti biara hu, na adɛn ntia?

2 Sɛ ɔbarima betumi adi n’abusua anim yiye a, ɛsɛ sɛ odi kan hu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ ohu nea enti a Yehowa ayɛ tiyɛ nhyehyɛe no, na ohu sɛnea ɔno ankasa besuasua ɔkwan a Yehowa ne Yesu fa so di tumi no. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbarima hu weinom nyinaa? Efisɛ Yehowa ama mmarima tumi bi wɔ abusua no mu, na ɔpɛ sɛ wɔde saa tumi no yɛ adwuma yiye.—Luka 12:48b.

DƐN NE TIYƐ?

3. Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:3 no, dɛn na ɛma yehu fa tiyɛ ho?

3 Kenkan 1 Korintofo 11:3. Saa kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛnea Yehowa ahyehyɛ n’abusua a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so no. Sɛ yɛka tiyɛ a, ɛyɛ nneɛma mmienu: tumi ne akontaabu. Yehowa ne “ti no,” anaa tumi nyinaa wura, enti ɔno na ne mma nyinaa, kyerɛ sɛ, abɔfo ne nnipa nyinaa bebu akontaa akyerɛ no. (Rom. 14:10; Efe. 3:14, 15) Yehowa ama Yesu tumi sɛ onni asafo no so, na sɛnea Yesu yɛ yɛn biara no, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa. (1 Kor. 15:27) Yehowa ama ɔbarima nso tumi sɛ onni ne yere ne ne mma so anaa onni wɔn anim, na sɛnea ɔbarima ne n’abusua bɛtena no, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa ne Yesu nyinaa.—1 Pet. 3:7.

4. Dɛn na Yehowa ne Yesu wɔ tumi sɛ wɔyɛ?

4 Yehowa na odi nnipa ne abɔfo nyinaa so, enti ɔwɔ tumi sɛ ɔhyɛ mmara ma wɔn ma wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra, na obetumi ahwɛ ama wɔde ayɛ adwuma. (Yes. 33:22) Yesu na ɔyɛ Kristofo asafo no ti, enti ɔno nso wɔ tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara ma asafo no na ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma.—Gal. 6:2; Kol. 1:18-20.

5. Tumi bɛn na abusua ti a ɔyɛ Kristoni wɔ, na nneɛma bɛn na onni ho tumi?

5 Sɛnea Yehowa ne Yesu wɔ tumi sɛ wɔhyɛ mmara no, saa ara na abusua ti a ɔyɛ Kristoni wɔ tumi sɛ ɔhyɛ mmara anaa osi gyinae ma n’abusua. (Rom. 7:2; Efe. 6:4) Nanso ne tumi no wɔ baabi a ekodu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, mmara a ɔbɛhyɛ biara, ɛsɛ sɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so. (Mmeb. 3:5, 6) Obi yɛ abusua ti a, onni tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara ma wɔn a wonni n’abusua mu. (Rom. 14:4) Afei nso, ne mma nyin na wɔtew wɔn ho a, wɔbɛkɔ so ara de obu ama no, nanso onni wɔn so tumi bio.—Mat. 19:5.

ADƐN NTI NA YEHOWA AYƐ TIYƐ NHYEHYƐE NO?

6. Adɛn nti na Yehowa ayɛ tiyɛ nhyehyɛe no?

6 Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’abusua nti na wayɛ tiyɛ nhyehyɛe anaa wama ebinom tumi no. Ɛyɛ akyɛde na ɔde ama yɛn. Tumi a Yehowa de ama ebinom no, ɛma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ Yehowa abusua no mu, na ɛde asomdwoe ba. (1 Kor. 14:33, 40) Sɛ Yehowa ankyerɛ wɔn a wɔwɔ tumi wɔ n’abusua no mu a, anka biribiara bɛyɛ basaa, na anka ɛremfa anigye mma. Wo de hwɛ o, anka yɛrenhu nea ɛsɛ sɛ osisi gyinae ma abusua no, na anka yɛrenhu nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma gyinaesi no yɛ adwuma.

7. Asɛm a ɛwɔ Efesofo 5:25, 28 no, wohwɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ mmarima hyɛ mmea so anaa?

7 Sɛ tiyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no yɛ adepa saa a, ɛnde adɛn nti na nnɛ mmea bebree te nka sɛ wɔn kununom hyɛ wɔn so na wɔteetee wɔn? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mmara a Yehowa ahyehyɛ ama abusua no, mmarima bebree mfa nyɛ hwee, mmom wɔn kurom amammerɛ ne amanne na wodi akyi. Mmarima bi nso wɔ hɔ a, pɛsɛmenkominya nti na wɔteetee wɔn yerenom. Ebi ne sɛ, ɔbarima bi tumi hyɛ ne yere so na ama wate nka sɛ ɔno nso yɛ obi. Ɔbarima bi nso tumi teetee ne yere na ama nkurɔfo ahu sɛ ɔyɛ “ɔbarima.” Ebia obenya adwene sɛ ɔrentumi nhyɛ ne yere mma no nnɔ no, nanso obetumi ahunahuna ne yere no. Ebia saa ahunahuna no ne ɔkwan a ɔbɛfa so ama ne yere ayɛ nea ɔpɛ ama no. * Saa adwene ne saa suban no, biribiara kyerɛ sɛ ɛsɛe obu ne nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma mmea no, na ɛnyɛ saa koraa na Yehowa pɛ.—Kenkan Efesofo 5:25, 28.

DƐN NA ƐBƐMA ƆBARIMA DE TUMI A ƆWƆ NO AYƐ ADWUMA YIYE WƆ N’ABUSUA MU?

8. Dɛn na ɛbɛma ɔbarima de tumi a ɔwɔ no ayɛ adwuma yiye wɔ n’abusua mu?

8 Sɛ ɔbarima betumi de tumi a ɔwɔ no ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ osuasua sɛnea Yehowa ne Yesu de wɔn tumi yɛ adwuma no. Hwɛ suban a Yehowa ne Yesu wɔ no mu mmienu pɛ, na hwɛ sɛnea abusua ti betumi de ayɛ adwuma bere a ɔne ne yere ne ne mma wɔ hɔ no.

9. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase?

9 Ahobrɛase. Yehowa nim nyansa kyɛn obiara nanso sɛ n’asomfo kyerɛ wɔn adwene a, otie. (Gen. 18:23, 24, 32) Ɔma kwan ma wɔn a wɔhyɛ n’ase kyerɛ wɔn adwene. (1 Ahe. 22:19-22) Yehowa biribiara wie pɛyɛ nanso seesei de, ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ yɛn biribiara pɛpɛɛpɛ. Mmom, yɛn mfomso nyinaa akyi no, ɔboa yɛn ma yetumi som no yiye. (Dw. 113:6, 7) Bible mpo ka sɛ Yehowa yɛ ‘ɔboafo.’ (Dw. 27:9; Heb. 13:6) Ɔhene Dawid kaa sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa ahobrɛase nti na ɔboaa no a, anka wantumi anyɛ adwuma kɛse a wɔde hyɛɛ ne nsa no.—2 Sam. 22:36.

10. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

10 Hwɛ ade a Yesu yɛe yi. Yesu na na ɔyɛ n’asuafo no Wura nanso ɔhohoroo wɔn nan ho. Wohwɛ a, dɛn nti na Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm no wɔ Bible mu? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛyɛ nhwɛso ama nnipa nyinaa asua, na mmusua ti nso ka ho. Yesu no ara kaa sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yoh. 13:12-17) Ɛwom, na Yesu wɔ tumi kɛse paa nanso wantena hɔ sɛ nkurɔfo nsom no. Ɔno mmom na ɔsom nkurɔfo.—Mat. 20:28.

Ɔbarima betumi ayɛ fie adwuma na waboa ne yere ne ne mma ama wɔasom Yehowa yiye. Ne nyinaa bɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔdɔ n’abusua (Hwɛ nkyekyɛm 11, 13)

11. Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ne Yesu yɛe no a, dɛn na abusua ti biara betumi asua wɔ ahobrɛase ho?

11 Nea yesua fi mu. Nneɛma bebree na abusua ti betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ebi ne sɛ, ɔnhwɛ kwan sɛ ne yere ne ne mma bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ ne yere ne ne mma rekyerɛ wɔn adwene wɔ biribi ho na ɔne wɔn nyɛ adwene mpo a, ɔyɛ aso tie wɔn. Marley te United States, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Me ne me kunu nyinaa, ɛtɔ da a, ɛsono obiara adwene. Nanso mihu sɛ odwen me ho na obu me, efisɛ obisa m’adwene, na sɛ meka a, odwen ho yiye paa ansa na wasi gyinae.” Bio nso, ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase no, ɔyɛ fie adwuma. Baabi a ɔte no, sɛ wobu saa adwuma no sɛ mmea adwuma mpo a, ɛnhaw no sɛ ɔbɛyɛ. Nanso, ebetumi ayɛ den ama no. Adɛn ntia? Yɛn nuabea bi a wɔfrɛ no Rachel kaa sɛ: “Me kurom de, sɛ ɔbarima boa ne yere ma ɔhohoro nkuku mu anaa osiesie fie a, mpɔtam hɔfo ne n’abusuafo bɛka sɛ ‘ɔnyɛ ɔbarima koraa.’ Wɔbɛka sɛ ne yere afa no so.” Baabi a wote no, sɛ saa na nnipa pii adwene yɛ wɔn a, kae sɛ Yesu hohoroo n’asuafo nan ho, na kae sɛ saa adwuma no, na nkurɔfo bu no sɛ nkoa adwuma. Abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye biara, ɛnyɛ nea ehia no ne sɛ nkurɔfo behu sɛ ɔwɔ tumi, mmom nea ehia no ne sɛ ɔbɛma ne yere ne ne mma ani agye. Ahobrɛase akyi no, suban bɛn bio na ehia na ama ɔbarima atumi ayɛ abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye?

12. Dɛn na ɔdɔ ma Yehowa ne Yesu yɛ?

12 Ɔdɔ. Biribiara a Yehowa yɛ no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛ. (1 Yoh. 4:7, 8) Ɔnam n’Asɛm Bible, ne n’asafo no so ma yɛn nsa ka biribiara a yehia na yɛatumi asom no yiye. Dɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔyɛ wei nyinaa ma yɛn. Ɔma yenya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn, na saa awerɛhyem no ma yɛn ani gye. Nea yebedi ne nea yɛde bɛkata yɛn ho nso ɛ? Yehowa ‘ma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye.’ (1 Tim. 6:17) Sɛ yedi mfomso a, ɔteɛ yɛn so, nanso ɔkɔ so dɔ yɛn, onnyae. Ɔdɔ nti na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Yesu bewu maa yɛn. Yesu nso dɔ yɛn paa ma enti ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yoh. 3:16; 15:13) Wɔn a wodi nokware ma Yehowa ne Yesu no, biribiara ntumi ntetew ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ ma wɔn no mu.—Yoh. 13:1; Rom. 8:35, 38, 39.

13. Adɛn nti na ehia sɛ ɔbarima biara dɔ ne yere ne ne mma? (Hwɛ adaka yi nso: “ Ɔbarima a Waware Foforo—Dɛn Na Ɛbɛma Ne Yere Abu No?”)

13 Nea yesua fi mu. Biribiara a abusua ti yɛ no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. Adɛn nti na ɛho hia saa? Ɔsomafo Yohane ma yɛn mmuae sɛ: ‘Nea ɔnnɔ ne nua [anaa n’abusua] a ohu wɔn no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no’ no. (1 Yoh. 4:11, 20) Ɔbarima a ɔdɔ n’abusua, kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔpɛ sɛ osuasua Yehowa ne Yesu no, ɔbɛboa ne yere ne ne mma ama wɔasom Yehowa yiye, ɔbɛhwɛ ama wɔn ani agye, na ɔbɛhwɛ ama wɔanya nea wobedi ne baabi a wɔbɛda. (1 Tim. 5:8) Ɔbɛtete ne mma na wateɛ wɔn so. Ɔbɛkɔ so ara ahwɛ sɛ obesisi gyinae a ɛhyɛ Yehowa anuonyam a ɛbɛboa n’abusua nso. Momma yɛmfa nneɛma mmiɛnsa no mmaako mmaako, na yɛnhwɛ sɛnea abusua ti betumi asuasua Yehowa ne Yesu.

NEA ƐSƐ SƐ ABUSUA TI YƐ

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ abusua ti reboa ne yere ne ne mma ama wɔasom Yehowa yiye?

14 Ɔboa ne yere ne ne mma ma wɔsom Yehowa yiye. Yesu suasuaa ne papa, enti na ɛyɛ n’ahiasɛm sɛ ɔbɛboa wɔn a wodi n’akyi no ama wɔn gyidi ayɛ den. (Mat. 5:3, 6; Mar. 6:34) Ɛno nti, ade a ɛsɛ sɛ edi kan hia abusua ti ne sɛ ɔbɛboa ne yere ne ne mma ama wɔasom Yehowa yiye. (Deut. 6:6-9) Ɔbɛhwɛ sɛ ɔno ne ne yere ne ne mma nyinaa bɛkan Onyankopɔn Asɛm na wɔasua, wɔbɛkɔ asafo nhyiam na wɔayɛ asɛnka adwuma no, na wɔne Yehowa afa adamfo na wɔahwɛ ama adamfofa no atim.

15. Ade baako bɛn na abusua ti betumi ayɛ ama ne yere ne ne mma ani agye?

15 Ɔbɛhwɛ ama ne yere ne ne mma ani agye. Yehowa ka maa nkurɔfo tee sɛ ɔdɔ Yesu. (Mat. 3:17) Yesu de n’anom asɛm ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛe sɛ ɔdɔ n’asuafo no. N’asuafo no nso ka kyerɛɛ no sɛ wɔdɔ no. (Yoh. 15:9, 12, 13; 21:16) Abusua ti betumi de nneɛma a ɔyɛ akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere ne ne mma. Ebi ne sɛ ɔne wɔn besua Bible. Ɛsɛ sɛ otumi nso ka kyerɛ wɔn sɛ ɔdɔ wɔn, na wɔsom bo ma no, na bere a ɛfata no ɔkamfo wɔn wɔ nnipa mu.—Mmeb. 31:28, 29.

Sɛ abusua ti pɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ ɔma ne yere ne ne mma nya nea wobedi ne nea wɔbɛhyɛ (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ abusua ti yɛ, na dɛn na enni sɛ ɔyɛ?

16 Ɔboa ne yere ne ne mma ma wonya nea wobedi ne nea wɔde bɛhyɛ. Bere a Israelfo asoɔden nti Yehowa twee wɔn aso no, saa bere no nyinaa na ɔde nea wohia ma wɔn. (Deut. 2:7; 29:5) Ɛnnɛ nso, ɔma yɛn nea yehia. (Mat. 6:31-33; 7:11) Saa ara nso na Yesu maa wɔn a wodii n’akyi no aduan dii. (Mat. 14:17-20) Afei nso ɔsaa wɔn yare. (Mat. 4:24) Sɛ abusua ti betumi ayɛ nea Yehowa pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔma ne yere ne ne mma nya nea wobedi ne nea wɔbɛhyɛ. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a enni sɛ ɔyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ ɔrepɛ sika ahwɛ n’abusua nti, ɔde ne ti bɛhyɛ adwumam ma enti ɔrennya bere mpo mmoa n’abusua mma wɔnsom Yehowa yiye na ɔrennya bere nhwɛ mma wɔn ani nnye.

17. Yehowa ne Yesu tete yɛn na wɔteɛ yɛn so. Wɔyɛ no sɛn?

17 Tete wɔn. Yehowa tete yɛn na ɔteɛ yɛn so. Ɔpɛ yɛn yiye nti na ɔyɛ weinom nyinaa. (Heb. 12:7-9) Yesu te sɛ ne papa, enti wɔn a ɔhwɛ wɔn so no, ɔtete wɔn wɔ ɔdɔ mu. (Yoh. 15:14, 15) Sɛ ohu biribi a enye a, ɔmfa nsie, oyi anim ka. Nanso ne yam ye. (Mat. 20:24-28) Onim sɛ bɔne wɔ yɛn ho, enti yedi mfomso.—Mat. 26:41.

18. Abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkae?

18 Abusua ti a osuasua Yehowa ne Yesu no, ɔkae sɛ ne yere ne ne mma yɛ nnipa; wodi mfomso, enti ‘ɔremma ne bo mfuw wɔn denneennen.’ (Kol. 3:19) Mmom ɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:1 no yɛ adwuma na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde “odwo honhom” begye wɔn asi yiye, efisɛ onim sɛ ɔno nso tumi di mfomso. Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ abusua ti no hu sɛ ɔkwampa a obetumi afa so akyerɛkyerɛ ne sɛ ɔno ankasa de nea ɔreka no bɛyɛ adwuma.—1 Pet. 2:21.

19-20. Sɛ abusua ti resi gyinae a, dɛn na obetumi ayɛ de asuasua Yehowa ne Yesu?

19 Nsi gyinae a ɛbɛboa wo nko ara. Sɛ Yehowa resi gyinae a, osi gyinae a ɛbɛboa afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnyɛ sɛ n’ani begye nti na ɔbɔɔ yɛn. Mmom na ɔpɛ sɛ yɛn nso yenya nkwa na yɛn ani gye. Anka obiara ntumi nhyɛ no sɛ ɔmma ne Ba no mmegye yɛn mfi yɛn bɔne mu. Ɔno ara na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne Ba no bɛbɔ saa afɔre no de agye yɛn. Yesu nso sisii gyinae a ɛkyerɛ sɛ odwen nkurɔfo ho paa sen ɔno ara ne ho. (Rom. 15:3) Wo de hwɛ, bere bi na wabrɛ paa, nanso wankogye n’ahome. Mmom ɔkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm bi.—Mar. 6:31-34.

20 Abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye no nim sɛ ade baako a ɛyɛ den paa ne sɛ obesisi gyinae ama ne yere ne ne mma, nanso ɔmfa saa adwuma no nni agorɔ koraa. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔrensisi gyinae a ntease biara nnim. Afei nso, onni ne koma akyi nsisi gyinae. Mmom ɔma Yehowa kyerɛ no sɛnea obesisi gyinae pa. * (Mmeb. 2:6, 7) Ɔyɛ saa a, obesisi gyinae a ɛbɛboa ne yere ne ne mma na ɛnyɛ ɔno ankasa.—Filip. 2:4.

21. Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Yehowa de adwuma a ɛyɛ den ahyɛ mmusua ti nsa, na sɛnea wɔbɛyɛ adwuma no biara, wobebu ho akontaa akyerɛ no. Nanso sɛ abusua ti bɔ mmɔden sɛ obesuasua Yehowa ne Yesu a, ɔbɛyɛ abusua ti a ɔyɛ n’adwuma yiye. Na sɛ ne yere nso yɛ ne fam de a, anigye bɛba aware no mu. Tumi a Yehowa de ama ɔbarima wɔ aware mu no, sɛn na ɛsɛ sɛ ne yere hu no, na nneɛma bɛn na ebetumi ayɛ den ama ɔbea no? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 16 Kamfo Yehowa, Ne Ba a Wasra no no Nti

^ nky. 5 Sɛ ɔbarima ware a, na wabɛyɛ abusua foforo no ti anaa obi a odi abusua foforo no anim. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea tiyɛ kyerɛ, ne nea enti a Yehowa ayɛ tiyɛ nhyehyɛe no. Afei nso yɛbɛhwɛ nea mmarima betumi asua afi sɛnea Yehowa ne Yesu di tumi no mu. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea ɔbarima warefo ne ne yere betumi asua afi Yesu ne ebinom a Bible ka wɔn ho asɛm no nso hɔ. Adesua a ɛto so mmiɛnsa no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ anuanom mmarima de tumi a wɔde ama wɔn no yɛ adwuma wɔ asafo no mu.

^ nky. 7 Ebinom wɔ adwene sɛ ɔbarima betumi ateetee ne yere na wabo no mpo. Ɛtɔ da a, yehu saa nneɛma no bi wɔ sini ne nhoma a nkurɔfo kenkan de gyigye wɔn ani no mu. Enti ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, sɛ ɔbarima hyɛ ne yere so a, ɛnyɛ bɔne.

^ nky. 20 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a ɛbɛboa ama woasisi gyinae pa a, hwɛ asɛm a wɔato din “Sisi Gyinae a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a ɛbaa April 15, 2011 Ɔwɛn-Aban mu no. Ɛwɔ kratafa 13-17.