Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 7

Sɛnea Tiyɛ Nhyehyɛe No Yɛ Adwuma Wɔ Asafo No Mu

Sɛnea Tiyɛ Nhyehyɛe No Yɛ Adwuma Wɔ Asafo No Mu

‘Kristo yɛ asafo no ti, na ɔne nipadua yi agyenkwa.’​—EFE. 5:23.

DWOM 137 Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea

NEA YƐREBESUA *

1. Ade baako bɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo yɛ baako?

ƐYƐ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Yehowa nkurɔfo ho. Adɛn nti na asomdwoe ne baakoyɛ wɔ yɛn mu saa? Ade baako ne sɛ, yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebenya obu ama tiyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛte tiyɛ nhyehyɛe no ase yiye a, ɛbɛma baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no ayɛ kɛse.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea tiyɛ nhyehyɛe no yɛ adwuma wɔ asafo no mu. Nsɛmmisa a yebenya ho mmuae no bi ne sɛ: Anuanom mmea gyinabea ne sɛn wɔ asafo no mu? Ɛyɛ ampa sɛ anuanom mmea no, onuabarima biara yɛ wɔn ti? Tumi a mmusua ti wɔ wɔ wɔn yerenom ne wɔn mma so no, ɛno ara bi na asafo mu mpanyimfo wɔ wɔ asafo no so anaa? Momma yenni kan nhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu anuanom mmea.

SƐN NA ƐSƐ SƐ YEBU ANUANOM MMEA?

3. Adwuma a anuanom mmea yɛ no, dɛn na ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ wɔ ho no ayɛ kɛse?

3 Anuanom mmea a wɔbɔ mmɔden hwɛ wɔn mmusua, na wɔka asɛmpa no, na afei nso wɔboa asafo no mufo no, yɛn ani sɔ nea wɔyɛ no paa. Ade a ɛbɛboa ama obu a yɛwɔ ma wɔn ayɛ kɛse ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Yesu bu wɔn. Afei nso, sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔsomafo Paul buu mmea a, ɛbɛboa ama yɛn nso yɛahu sɛnea yebebu wɔn.

4. Dɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa bu mmea ne mmarima nyinaa?

4 Bible ma yehu sɛ Yehowa bu mmea ne mmarima nyinaa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ma yehu sɛ asomafo no bere so no, Yehowa de ne honhom kronkron maa mmarima ne mmea nyinaa ma wɔyɛɛ anwonwade. Nea wɔyɛe no bi ne sɛ wɔkaa kasa horow. (Aso. 2:1-4, 15-18) Wɔn a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Kristo bedi hene daakye no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Gal. 3:26-29) Afei nso, daa nkwa a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ nnipa benya wɔ asase so no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Adi. 7:9, 10, 13-15) Asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nso, mmea ne mmarima nyinaa na wɔde ahyɛ wɔn nsa. (Mat. 28:19, 20) Bible nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no hyɛ da ka ɔbea bi a wɔfrɛ no Priskila ho asɛm. Ɔne ne kunu Akwila boom kyerɛkyerɛɛ Bible no mu yiye kyerɛɛ ɔbarima bi a na onim nhoma paa a ne din de Apolo.​—Aso. 18:24-26.

5. Dɛn na ɛwɔ Luka 10:38, 39, 42 a ɛkyerɛ sɛ na Yesu bu mmea?

5 Ná Yesu bu mmea, na na odi wɔn ni. Ne bere so no, na Farisifo no mmu mmea. Sɛ wohyia mmea wɔ baguam a, na wɔnkasa wɔn ho na kampɛsɛ wɔne wɔn abɔ Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmmɔ. Yesu de, wanyɛ saa. Mmom, na otumi ne mmea susuw Kyerɛwnsɛm no mu nneɛma a emu dɔ ho sɛnea na ɔne mmarima yɛ no ara. * (Kenkan Luka 10:38, 39, 42.) Sɛ ɔretutu akwan akɔyɛ asɛnka adwuma no a, na ɔma kwan ma mmea kɔ bi. (Luka 8:1-3) Bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, mmea na ɔde hokwan no maa wɔn ma wɔkɔkaa kyerɛɛ asomafo no.​—Yoh. 20:16-18.

6. Dɛn na ɔsomafo Paul yɛ de kyerɛe sɛ obu mmea?

6 Ɔsomafo Paul hyɛɛ da ka kyerɛɛ Timoteo sɛ onni mmea ni. Paul ka kyerɛɛ no sɛ ommu “mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom,” na ommu “mmabaa sɛ nuabeanom.” (1 Tim. 5:1, 2) Ɛwom, Paul boaa Timoteo paa maa ne ho kokwawee, nanso Paul gye toom sɛ ɛyɛ Timoteo maame ne ne nanabea na wodii kan de “nkyerɛwee kronkron” no kyerɛkyerɛɛ no. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Romafo no, ɔhyɛɛ da bobɔɔ anuanom mmea bi din kyiaa wɔn. Adwuma a Kristofo mmea yi yɛe nyinaa, Paul de n’ani too fam hui, na ɔkaa nsɛm bi kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea wɔyɛe no paa.​—Rom. 16:1-4, 6, 12; Filip. 4:3.

7. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

7 Nkyekyɛm ahorow a yɛadi kan asusuw ho no ama yɛahu sɛ biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ anuanom mmarima ho hia sen anuanom mmea. Yɛn nuanom mmea no pɛ nnipa, na wɔn yam ye, enti wɔboa ma asafo no yɛ den paa. Sɛnea anuanom mmea boa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena asafo no mu no, asafo mu mpanyimfo ani gye ho paa. Nanso nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae. Ebi ni: Adɛn nti na Yehowa hwɛ kwan sɛ, sɛ Kristofo mmea reyɛ nneɛma bi a, wɔbɛkata wɔn ti? Esiane sɛ mmarima nko ara na wɔpaw wɔn sɛ mpanyimfo ne asomfo wɔ asafo no mu nti, ɛkyerɛ sɛ onuabarima biara yɛ onuawa biara ti anaa?

ANUANOM MMEA NO, ONUABARIMA BIARA YƐ WƆN TI ANAA?

8. Sɛ yɛhwɛ Efesofo 5:23 a, anuanom mmea a wɔwɔ asafo no mu no, onuabarima biara yɛ wɔn ti anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Anuanom mmea a wɔwɔ asafo no mu no, onuabarima biara yɛ wɔn ti anaa? Daabi! Kristo ne wɔn ti. (Kenkan Efesofo 5:23.) Yɛhwɛ aware mu a, ɔbarima na ɔyɛ ne yere ti. Sɛ wɔwɔ ɔbabarima a wabɔ asu a, ɔnyɛ ne maame ti. (Efe. 6:1, 2) Yɛba asafo no mu nso a, tumi a asafo mu mpanyimfo wɔ wɔ anuanom mmea ne mmarima so no, ɛwɔ baabi a ekodu. (1 Tes. 5:12; Heb. 13:17) Anuanom mmea a wɔnwaree a wɔnte wɔn awofo nkyɛn bio no, wɔkɔ so ara de obu ma wɔn awofo ne asafo mu mpanyimfo. Nanso Yesu nko ara na ɔyɛ wɔn ti sɛnea ɔyɛ anuanom mmarima nso ti no.

Asigyafo a wɔnte wɔn awofo nkyɛn bio no hyɛ Yesu ase (Hwɛ nkyekyɛm 8)

9. Adɛn nti na ɛtɔ da a ehia sɛ anuanom mmea kata wɔn ti?

9 Ampa, mmarima na Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ na wonni nneɛma anim wɔ asafo no mu; ɔmfaa saa tumi no bi mmaa mmea. (1 Tim. 2:12) Adɛn ntia? Wo de hwɛ oo, adɛn nti na Yehowa apaw Yesu sɛ ɔnyɛ ɔbarima ti? Ɛne sɛ, ɛbɛma nneɛma akɔ so wɔano-wɔano wɔ asafo no mu. Ɛno ara nti na ɔde hokwan ahorow bi ahyehyɛ mmarima nsa no. Sɛ biribi nti ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ onuawa bi yɛ biribi a anka onuabarima na ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, ɛnde, Yehowa hwɛ kwan sɛ onuawa no bɛkata ne ti. * (1 Kor. 11:4-7) Ɛnyɛ sɛ Yehowa abrɛ anuanom mmea ase nti na ɔpɛ sɛ wɔyɛ saa, mmom ɔpɛ sɛ wonya hokwan de kyerɛ sɛ wobu tiyɛ nhyehyɛe a wayɛ no. Ɛnde afei momma yensusuw asɛmmisa yi ho: Tumi a mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo wɔ no, ɛhefa na ekodu?

MMUSUA TI NE ASAFO MU MPANYIMFO ADWUMA NE SƐN?

10. Ɛdɛn na ebetumi ama asafo mu panyin anya adwene sɛ obetumi ahyehyɛ mmara ama anuanom wɔ asafo no mu?

10 Asafo mu mpanyimfo dɔ Kristo, na “nguan” a Yehowa ne Yesu de ahyɛ wɔn nsa no nso, wɔdɔ wɔn. (Yoh. 21:15-17) Ɛtɔ da a nea etumi ba ne sɛ, asafo mu panyin bi wɔ hɔ a, esiane sɛ anuanom da ne koma so nti, otumi fa no sɛ ɔyɛ agya wɔ asafo no mu. Ebia ɔbɛka sɛ, sɛ abusua ti tumi hyehyɛ mmara de bɔ n’abusua ho ban a, ɛnde asafo mu panyin nso betumi ahyehyɛ mmara a ɔhwɛ a ɛbɛboa Onyankopɔn nguan no. Anuanom bi nso tumi fa asafo mu mpanyimfo sɛ wɔn abusua ti, na wɔma wosisi gyinae ma wɔn. Nanso yemmisa sɛ, tumi a asafo mu mpanyimfo wɔ no, ɛne mmusua ti de yɛ pɛ anaa?

Mpanyimfo no boa asafo no mufo ma wɔsom Yehowa yiye, na wɔhwɛ sɛ wɔn ani begye. Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho a, wontu no mfi asafo no mu (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)

11. Wohwɛ mmusua ti adwuma ne asafo mu mpanyimfo de a, sɛn na edi nsɛ?

11 Ɔsomafo Paul kaa biribi a ɛma yehu sɛ, tumi a mmusua ti wɔ no, ɛne asafo mu mpanyimfo de di nsɛ wɔ kwan bi so. (1 Tim. 3:4, 5) Baako ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ obiara a ɔwɔ abusua no mu tie abusua ti no. (Kol. 3:20) Ɔpɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nso tie asafo mu mpanyimfo no. Afei nso, Yehowa hwɛ kwan sɛ mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo nyinaa bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ama wɔadɔ ɔno Yehowa. Bio nso, ɛsɛ sɛ mmusua ti ne mpanyimfo no nyinaa hwɛ sɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ani begye. Abusua ti a ɔdɔ n’abusua biara no, sɛ abusua no muni bi kɔ ahokyere mu a, ɔboa no, na saa ara na asafo mu mpanyimfo nso yɛ ma anuanom. (Yak. 2:15-17) Nea ɛka ho bio ne sɛ, Yehowa hwɛ kwan sɛ mpanyimfo ne mmusua ti nyinaa bɛboa wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ama wɔde Onyankopɔn asɛm abɔ wɔn bra. Mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo bɛhwɛ wɔn ho yiye na ‘wɔanyɛ ade antra nea wɔakyerɛw’ no.​—1 Kor. 4:6.

Yehowa de ahyɛ mmusua ti nsa sɛ wonni wɔn mmusua anim. Abusua ti a ɔdɔ n’abusua no, odi kan bisa ne yere adwene ansa na wasi gyinae (Hwɛ nkyekyɛm 13)

12-13. Sɛnea Romafo 7:2 kyerɛ no, nsonsonoe bɛn na ɛda mmusua ti adwuma ne asafo mu mpanyimfo adwuma ntam?

12 Nanso adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ ne nea mmusua ti yɛ no, nsonsonoe kɛse wom. Ebi ne sɛ, mpanyimfo no na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wommu atɛn, na wɔn ara nso na ɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho a, wontu no mfi asafo no mu.​—1 Kor. 5:11-13.

13 Mmusua ti nso ɛ? Yehowa ama wɔn tumi bi a asafo mu mpanyimfo nni bi. Ebi ne sɛ, wama mmusua ti tumi sɛ wɔnhyehyɛ mmara mma wɔn mmusua, na wɔnhwɛ sɛ ɛbɛyɛ adwuma. (Kenkan Romafo 7:2.) Wei ho nhwɛso ne sɛ, abusua ti biara wɔ tumi sɛ ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ ne mma ba fie na ade ansa wɔn abɔnten. Sɛ mmofra no bu saa mmara no so a, abusua ti no wɔ tumi sɛ ɔtwe wɔn aso. (Efe. 6:1) Ne nyinaa mu no, abusua ti a ɔdɔ n’abusua no, odi kan bisa ne yere adwene ansa na wahyehyɛ mmara wɔ fie, efisɛ wɔn baanu yɛ “ɔhonam koro.” *​—Mat. 19:6.

FA OBU MA KRISTO A ƆYƐ ASAFO NO TI NO

Yesu na ɔma Kristofo asafo no akwankyerɛ. Ne ti ne Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. (a) Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Marko 10:45 no a, adɛn nti na ɛfata paa sɛ Yehowa apaw Yesu sɛ asafo no ti? (b) Akwankyerɛ Kuw no adwuma ne sɛn? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Akwankyerɛ Kuw No Adwuma Ne Sɛn?”)

14 Obi biara a ɔwɔ asafo no mu ne obiara a obegye Yesu adi no, Yehowa nam agyede no so atua ne nkwa ho ka. (Kenkan Marko 10:45; Aso. 20:28; 1 Kor. 15:21, 22) Esiane sɛ Yesu na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn nti, ɛfata sɛ wɔapaw no sɛ asafo no ti. Ɛno nti Yesu na ɔwɔ tumi sɛ ɔhyehyɛ mmara na ɔkyerɛ sɛnea ankorankoro, mmusua, ne asafo no nyinaa bɛbɔ wɔn bra. Ɔno ara nso na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ ma mmara no yɛ adwuma. (Gal. 6:2) Nanso ɛnyɛ mmara nko ara na Yesu hyehyɛ ma yɛn. Mmom, ɔhwɛ yɛn nyinaa yiye, na n’ani ku yɛn ho.​—Efe. 5:29.

15-16. Asɛm a onuawa bi a ɔde Marley ne onua bi a ɔde Benjamin kae no, dɛn na wusua fi mu?

15 Nea anuanom mmea yɛ de kyerɛ sɛ wobu Kristo ne sɛ, mmarima a Kristo apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ asafo no so no, wotie wɔn akwankyerɛ. Onuawa bi a ɔwɔ United States a wɔfrɛ no Marley kaa asɛm bi, na anuanom mmea pii ne no bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Gyinabea a mewɔ wɔ abusua no mu sɛ ɔbea warefo no, ɛsom bo ma me, na adwuma a meyɛ wɔ asafo no mu sɛ ɔbea no nso, m’ani sɔ paa. Bere nyinaa mebɔ mmɔden sɛ menya obu ama tiyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no. Me kunu ne anuanom mmarima a wɔwɔ asafo no mu ama ayɛ mmerɛw ama me paa, efisɛ wobu me, na wɔma mihu sɛ wɔn ani sɔ adwuma a meyɛ no paa.”

16 Ade a anuanom mmarima betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wogye tiyɛ nhyehyɛe no tom ne sɛ wobedi anuanom mmea ni na wɔanya obu ama wɔn. Onua bi a ɔte England a ɔde Benjamin kaa sɛ: “Mmuae a anuanom mmea ma wɔ adesua ase no, misua nneɛma pii fi mu. Afei nso, ɛba ɔkwampa a yɛfa so sua ade ne sɛnea yɛbɛma yɛn asɛnka adwuma atu mpɔn a, misua nneɛma pii fi anuanom mmea no hɔ. Mihu sɛ adwuma a wɔyɛ no boa paa.”

17. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tiyɛ nhyehyɛe no tom?

17 Tiyɛ nhyehyɛe no, sɛ anuanom mmarima ne mmea, mmusua ti, ne asafo mu mpanyimfo nyinaa te ase na wogye tom a, ɛma asomdwoe ba asafo no mu. Ne kɛse koraa ne sɛ, yɛnam so yi yɛn Agya a ɔwɔ soro Yehowa a ɔdɔ yɛn no ayɛ.​—Dw. 150:6.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

^ nky. 5 Anuanom mmea gyinabea ne sɛn wɔ asafo no mu? Anuanom mmea no, onuabarima biara yɛ wɔn ti anaa? Tumi a mmusua ti wɔ wɔ fie no, ɛno ara bi na asafo mu mpanyimfo wɔ wɔ asafo no mu anaa? Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho, na yɛahwɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ho.

^ nky. 5 Asɛm a wɔato din, “Boa Anuanom Mmea” a epuei wɔ September 2020 Ɔwɛn-Aban mu no, hwɛ nkyekyɛm 6.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔkyerɛ asafo ko a ɛsɛ sɛ n’abusua kɔ mu a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa August 2020. Asɛm a wɔato din “Nya Obu Ma Obiara a Ɔwɔ Asafo No Mu” no, hwɛ nkyekyɛm 17-19.

^ nky. 59 Sɛ wopɛ saa asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ nhoma a wɔato din, “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” no kr. 209-212.

^ nky. 64 Sɛ worepɛ adwuma a Akwankyerɛ Kuw no yɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 2013 no kr. 20-25.