Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

Nea Yɛyɛ a Ɛbɛma Yɛanya Ahoɔden Afi Kyerɛwnsɛm No Mu

Nea Yɛyɛ a Ɛbɛma Yɛanya Ahoɔden Afi Kyerɛwnsɛm No Mu

‘Onyankopɔn na ɔma boasetɔ.’​—ROM. 15:5.

DWOM 94 Yɛn Ani Sɔ Onyankopɔn Asɛm No

NEA YƐREBESUA *

1. Ɔhaw bɛn saa na Yehowa asomfo betumi ahyia?

ƆHAW bi reteetee wo anaa? Ebia na obi a wo ne no wɔ asafo mu ayɛ wo ade ama ahye wo. (Yak. 3:2) Anaasɛ Yehowa a wosom no nti, ebia wɔn a wo ne wɔn wɔ adwumam anaa wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu di wo ho agorɔ anaa wɔserew wo. (1 Pet. 4:3, 4) Anaa w’abusuafo reyɛ nea wobetumi biara sɛ wobesiw wo kwan sɛnea ɛbɛyɛ a worenkɔ asafo nhyiam, anaa worenka wo gyidi ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo. (Mat. 10:35, 36) Sɛ ɔhaw a worehyia no mu yɛ den paa a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ gyae Yehowa som. Nanso nya awerɛhyem sɛ, ɔhaw biara a wubehyia no, Yehowa bɛma wo nyansa a wode bedi ho dwuma ne ahoɔden a wode begyina ano.

2. Sɛnea Romafo 15:4 kyerɛ no, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

2 Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ nnipa bi a wɔtɔ sin tumi gyinaa ɔhaw a emu yɛ den ano. Yehowa hyɛɛ da na ɔma wɔkyerɛw saa nnipa no ho nsɛm pii wɔ Bible mu. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asua biribi afi nea wɔyɛe no mu. Ɛno na Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛwee no. (Kenkan Romafo 15:4.) Sɛ yɛkan saa nsɛm no a, ebetumi ama yɛanya awerɛkyekye ne anidaso. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkan Bible no na yenya so mfaso a, ɛnsɛ sɛ yɛkenkan no kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma Bible no sesa yɛn adwene na ɛka yɛn koma. Yɛmfa no sɛ yɛwɔ ɔhaw bi, ɛnna yɛrepɛ ho akwankyerɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ? Yebetumi ayɛ nneɛma nnan a edidi so yi: (1Bɔ mpae, (2Twa ho mfoni, (3Dwinnwen ho, (4Fa yɛ adwuma. Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ nneɛma nnan no mu biara. * Yewie a, yɛbɛfa saa nneɛma nnan no mmaako mmaako de asua biribi afi nea ɛkɔɔ so wɔ Ɔhene Dawid ne ɔsomafo Paul asetenam no mu.

1. BƆ MPAE

Sɛ worebɛkan Bible a, di kan srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu sɛnea wobɛma nea worebɛkan no aboa wo (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Sɛ worebɛkan Bible a, dɛn na ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ, na adɛn ntia?

3 (1Bɔ mpae. Sɛ worebɛkan Bible a, di kan srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu sɛnea wobɛma nea worebɛkan no aboa wo. Yɛmfa no sɛ wowɔ ɔhaw bi, ɛnna worepɛ ho afotu. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wunhu nnyinasosɛm bi wɔ n’Asɛm no mu a ɛbɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ.—Filip. 4:6, 7; Yak. 1:5.

2. TWA HO MFONI

Fa no sɛ onipa a worekan ne ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛyɛ wo a (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Sɛ wokan Bible mu asɛm bi a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woahu nea na ɛrekɔ so?

4 (2Twa ho mfoni. Yehowa ama yɛn akyɛde nwonwaso bi. Ɛne sɛ, yetumi twa nneɛma ho mfoni wɔ yɛn adwene mu. Sɛ wokan Bible mu asɛm bi, na wopɛ sɛ wuhu nea na ɛrekɔ so a, twa nea worekan no ho mfoni na fa no sɛ onipa a worekan ne ho asɛm no, ɛyɛ wo a. Fa no sɛ nea na onipa no hu no, wuhu bi, na sɛnea na ɔte nka no, wo nso wote nka saa ara.

3. DWINNWEN HO

Nea woakenkan no, tɔ wo bo ase dwen ho na hwɛ sɛnea asɛm no fa wo ho (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Sɛ yɛka sɛ obi dwinnwen biribi ho a, ɛkyerɛ sɛn, na wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

5 (3Dwinnwen ho. Sɛ obi dwinnwen nea ɔrekenkan ho a, ɛkyerɛ sɛ osusuw ho kɔ akyiri, na ɔhwɛ sɛnea asɛm no fa ne ho. Sɛ wokan ade na wudwinnwen ho a, ɛboa wo ma wode nsɛm toto nsɛm ho na ɛma wote ase kɔ akyiri paa. Sɛ wokan Bible na woannwinnwen ho a, ɛte sɛ nea worebɛpam ade na woatwitwa ntama no agu hɔ nanso wonkeka nsii anim. Sɛ wudwinnwen nea woakenkan no ho a, ɛte sɛ nea worekeka ntama a woatwitwa no asi anim ama abɛyɛ ataade kamakama. Sɛ wopɛ sɛ wudwinnwen nea woakan no ho a, wubetumi abisa nsɛm a edidi so yi na woama ho mmuae: ‘Onipa a makan ne ho asɛm no, dɛn na ɔyɛ de dii ne haw no so? Dɛn na Yehowa yɛ de boaa no? Nea masua afi asɛm no mu no, mɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma na aboa me ama matumi agyina ɔhaw ahorow ano?’

4. FA YƐ ADWUMA

Fa nea woasua no yɛ adwuma, na ɛbɛma woasisi gyinae pa, ɛbɛma woanya asomdwoe pii, na wo gyidi ayɛ den (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Sɛ yesua biribi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

6 (4Fa yɛ adwuma. Yesu kaa sɛ, sɛ yesua biribi na yɛamfa anyɛ adwuma a, yɛte sɛ obi a ɔresi ne dan wɔ anwea so. Ɔyɛ adwumaden paa, nanso ne nyinaa yɛ ɔbrɛgu. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ osu yiri na mframa denneennen bɔ na ɛbɛbɔ ɔdan no a, ebedwiriw agu. (Mat. 7:24-27) Saa ara na sɛ yɛbɔ mpae sua ade, yetwa ho mfoni, na yedwinnwen ho, na sɛ yɛamfa nea yɛasua no anyɛ adwuma a, yɛabrɛ agu; ɛso remma yɛn mfaso biara. Sɛ yehyia ɔhaw bi anaa nkurɔfo tan yɛn ani a, esiane sɛ yɛn gyidi nyɛ den nti, yɛrentumi nnyina ano. Nanso sɛ yesua ade na yɛde yɛ adwuma a, ɛma yesisi gyinae pa, yenya asomdwoe pii, na yɛn gyidi nso yɛ den. (Yes. 48:17, 18) Akwan nnan a yɛaka ho asɛm no, momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de asua biribi afi nea ɛtoo Ɔhene Dawid no mu.

ƐDƐN NA WUBETUMI ASUA AFI ƆHENE DAWID HƆ?

7. Bible mu asɛm bɛn na yɛrebesusuw ho?

7 W’adamfo anaa wo busuani bi adi wo huammɔ anaa wayɛ ade ama ahye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde sua Ɔhene Dawid ne ne ba Absalom ho ade na ɛbɛboa wo. Wubehu nea Dawid yɛe bere a ne ba Absalom dii no huammɔ na ɔyɛe sɛ obetu Dawid ade so no.—2 Sam. 15:5-14, 31; 18:6-14.

8. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama Yehowa aboa wo?

8 (1Bɔ mpae. Bere a Ɔhene Dawid asɛm no wɔ w’adwenem no, ka nea obi de ayɛ wo ne sɛnea wote nka no kyerɛ Yehowa. (Dw. 6:6-9) Sɛnea wote nka no, ka ne nyinaa kyerɛ no. Afei srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nnyinasosɛm a ebetumi aboa wo ama woahu nea wobɛyɛ de agyina ɔhaw no ano.

9. Nea ɛkɔɔ so wɔ Dawid ne Absalom ntam no, wobɛbɔ no mua sɛn?

9 (2Twa ho mfoni. Nea ɛkɔɔ so wɔ Ɔhene Dawid ne Absalom ntam no, dwen ho na twa ho mfoni. Wohwɛ a sɛn na na Dawid te nka? Dawid ba Absalom de mfe pii yɛe ara sɛ ɔmanfo no bɛpɛ n’asɛm. (2 Sam. 15:7) Bere a Absalom hui sɛ afei de ɔkwan mu ada hɔ na obetumi anya nea ɔrepɛ no, ɔsomaa nkurɔfo kɔɔ Israel baabiara sɛ wonkosiesie ɔmanfo no adwene mma wonnye no ntom sɛ ɔhene. Ahitofel mpo a na ɔyɛ Dawid yɔnko berɛbo ne ne fotufo no, Absalom yɛe ara ma ɔbɛkaa ne ho maa wɔtew atua. Afei Absalom sii ne ho hene, na ɔyɛe sɛ ɔbɛkyere Dawid akum no. Saa bere no nso, ɛbɛyɛ sɛ na Dawid yare paa. (Dw. 41:1-9) Bere a Dawid tee nea aba no, oguan fii Yerusalem. Ewiee ase no, Absalom asraafo ne Dawid asraafo de fee so. Dawid asraafo no dii atuatewfo no so nkonim, na wokum Dawid ba Absalom.

10. Dɛn na anka Ɔhene Dawid betumi ayɛ?

10 Afei dwen ho hwɛ. Bere a weinom nyinaa rekɔ so no, wohwɛ a Dawid tee nka sɛn? Ná ɔdɔ Absalom, na Ahitofel nso, na ogye no di paa. Nanso n’adɔfo mmienu yi nyinaa yii no mae. Wɔyɛɛ ade ma ɛhyee Dawid paa, na na wɔrepɛ no akum no mpo. Anka Dawid betumi aka sɛ gyama ne nnamfo a aka no de wɔn ho akɔbɔ Absalom, enti ɔrennye wɔn nni bio. Anka Dawid betumi aka sɛ obiara asɛm mfa ne ho, enti ɔno nko ara beguan afi ɔman no mu akɔ. Anaa anka obetumi anya adwene sɛ ne wiase nyinaa aba awiei. Nanso Dawid anyɛ wei mu biara. Mmom otumi gyinaa saa ɔhaw kɛse yi ano. Dɛn na ɛboaa no?

11. Ɔhaw a Dawid hyiae no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

11 (3Dwinnwen ho. Nnyinasosɛm bɛn na wuhui wɔ Dawid asɛm no mu? Bisa wo ho sɛ, “Dɛn na Dawid yɛ de dii ne haw no so?” Dawid amma ne yam anhyehye no, na wampere ne ho ansisi gyinae bɔne biara. Afei nso, wamma ehu ankyekyere no amma n’adwene antu amfra. Mmom, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Ɔsan srɛɛ ne nnamfo sɛ wɔmmoa no. Gyinae a osii no, ntɛm ara na ɔde yɛɛ adwuma. Ɛwom sɛ nea esii no hyee Dawid paa, nanso wamfa obiara ho tan, na wanka sɛ ɔrennye obiara nni bio. Mmom ɔkɔɔ so de ne ho too Yehowa so, na ɔkɔɔ so gyee ne nnamfo dii.

12. Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Dawid?

12 Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Dawid? Sɛ woyɛ nhwehwɛmu a, wubehu sɛ Yehowa maa Dawid ahoɔden a na ohia a ɔde begyina ɔhaw no ano. (Dw. 3:1-8; atifi asɛm) Gyinae a Dawid sisii no, Yehowa hyiraa so. Afei Dawid nnamfo a wɔkɔɔ so bataa ne ho na wɔko bɔɔ ne ho ban no, Yehowa boaa wɔn.

13. Sɛ obi yɛ ade ma ɛhye wo paa a, wobɛyɛ dɛn asuasua Dawid? (Mateo 18:15-17)

13 (4Fa yɛ adwuma. Bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn asuasua Dawid?’ Ɛsɛ sɛ wutu anammɔn ntɛm de siesie asɛm a aba no. Sɛ wohwɛ tebea no a, ebia wubetumi adi Yesu afotu a ɛwɔ Mateo ti 18 no akyi pɛpɛɛpɛ. Anaa wubetumi de nnyinasosɛm anaasɛ aba a ɛwɔ nea ɔkae no mu no ayɛ adwuma. (Kenkan Mateo 18:15-17.) Nanso, ɛnsɛ sɛ wopere wo ho sisi gyinae bere a abufuw no da so gyina mu. Ɛsɛ sɛ wobɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo koma a edwo ne nyansa a wode besiesie asɛm a aba no. Nka sɛ worennye w’adamfo biara nni bio. Mmom, mmoa biara a wɔde bɛma wo no, gye tom. (Mmeb. 17:17) Nea ehia paa a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, afotu a Yehowa de ama wo wɔ n’Asɛm Bible mu no, fa yɛ adwuma.—Mmeb. 3:5, 6.

ƐDƐN NA WUBETUMI ASUA AFI PAUL HƆ?

14. Bere bɛn saa na sɛ wokan 2 Timoteo 1:12-16; 4:6-11, 17-22 a, ɛbɛhyɛ wo nkuran?

14 Yehowa a woresom no nti, w’abusuafo retan w’ani anaa? Ɔman a wote mu no, wɔabara adwuma a Yehowa nkurɔfo yɛ no bi, anaa wɔabara ne nyinaa mpo? Sɛ saa a, ɛnde kenkan 2 Timoteo 1:12-16; 4:6-11, 17-22, * na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Bere a Paul kyerɛw saa nsɛm a ɛwɔ Bible mu yi, na ɔda afiase.

15. Dɛn na wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ mma wo?

15 (1Bɔ mpae. Ansa na wobɛkan Paul asɛm no, di kan ka nea obi de ayɛ wo ne sɛnea ayɛ wo yaw no kyerɛ Yehowa. Sɛnea wote nka no, ka ne nyinaa kyerɛ no. Afei srɛ Yehowa sɛ, kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔhaw a Paul hyiae ho no, ɔmmoa wo na hu nnyinasosɛm bi wom a ɛbɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ wɔ ɔhaw a worehyia no ho.

16. Nea ɛtoo Paul no, wobɛbɔ no mua sɛn?

16 (2Twa ho mfoni. Wo de, fa no sɛ na woyɛ Paul. Ná wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase wɔ Roma. Ná wada afiase pɛn, nanso saa bere yi de, na ogye di paa sɛ wobekum no. Yɛreka yi nso, na ne nnamfo bi ayi ne baako ahyɛ ne nsa, na na wabrɛ paa.—2 Tim. 1:15.

17. Dɛn na anka Paul betumi ayɛ?

17 Anka Paul betumi adwen nneɛma a atwam no ho. Anka obetumi aka sɛ, ‘Sɛ mammɛyɛ Kristoni a, anka wɔankyere me anto afiase.’ Bere a nnipa a wɔwɔ Asia no twee wɔn ho fii ne ho no, anka obetumi afa wɔn ho tan, na waka sɛ ɔrennye n’adamfo biara nni bio. Nanso Paul anyɛ wei mu biara. Adɛn nti na Paul kɔɔ so gyee ne nnamfo dii, na onyaa ahotoso sɛ Yehowa behyira no?

18. Ɔhaw a Paul hyiae no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

18 (3Dwinnwen ho. Bisa wo ho sɛ, “Dɛn na Paul yɛ de dii ne haw no so?” Ná Paul nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no, nanso wamma ne werɛ amfi ade a ehia paa a ɛne sɛ ɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam no. Ɔkɔɔ so dwinnwen akwan a ɔbɛfa so ahyɛ afoforo nkuran ho. Ɔde ne ho too Yehowa so, na daa na ɔbɔ mpae. (2 Tim. 1:3) Wɔn a wɔtwee wɔn ho fii Paul ho no, wannwinnwen ho pii. Mmom, ne nnamfo a wɔtaa n’akyi na wɔboaa no no, n’ani sɔɔ nea wɔyɛe no paa. Bio nso, Paul kɔɔ so suaa Onyankopɔn Asɛm. (2 Tim. 3:16, 17; 4:13) Ade a ehia paa a Paul yɛe ne sɛ, onyaa ahotoso paa sɛ Yehowa ne Yesu dɔ no. Ná ogye di sɛ wɔda so ka ne ho, na wobetua no ka wɔ ɔsom pa a ɔsomee no ho.

19. Ɛdɛn na Yehowa yɛ de boaa Paul?

19 Ná Yehowa adi kan ama Paul ahu sɛ, Kristoni a wabɛyɛ nti, nkurɔfo bɛtan n’ani. (Aso. 21:11-13) Ɛdɛn na Yehowa yɛ de boaa Paul? Obuaa Paul mpae, na akyiri yi, ɔhyɛɛ no den. (2 Tim. 4:17) Yehowa ka kyerɛɛ Paul sɛ, akatua a wabrɛ ayɛ ho adwuma pii no, ne nsa bɛka. Yehowa san maa Paul nnamfo a wɔkɔɔ so bataa Paul ho no boaa no.

20. Sɛ wohwɛ asɛm a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 no a, dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Paul?

20 (4Fa yɛ adwuma. Bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn asuasua Paul?’ Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn gyidi nti, nkurɔfo bɛtan yɛn ani te sɛ nea ɛtoo Paul no. (Mar. 10:29, 30) Sɛ sɔhwɛ to yɛn na yebetumi akɔ so adi nokware a, ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yɛde yɛn ho to no so, na yesua n’Asɛm Bible no daa. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛkae sɛ, ade baako a ehia paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa rennyaw yɛn hɔ da. Afei nso, obiara nni hɔ a obetumi ayɛ biribi ama Yehowa agyae dɔ a ɔdɔ yɛn no.—Kenkan Romafo 8:38, 39; Heb. 13:5, 6.

NNIPA A WƆN HO ASƐM WƆ BIBLE MU NO, SUA BIRIBI FI WƆN HƆ

21. Ɛdɛn na ɛboaa Aya ne Hector ma wotumi gyinaa wɔn haw ano?

21 Nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, nea wɔyɛe no betumi aboa yɛn ama yɛanya ahoɔden agyina ɔhaw biara a yɛrefa mu no ano. Wo de, yɛnhwɛ onuawa kwampaefo bi a wɔfrɛ no Aya. Ɔwɔ Japan, na nea ɔkae ne sɛ, Yona asɛm no na ɛboaa no ma oyii ehu fii ne mu ma otumi yɛɛ baguam adansedi. Hector nso yɛ aberante a ɔte Indonesia a n’awofo nsom Yehowa. Ɔkaa sɛ Rut nhwɛso no na ɛkaa ne koma ma osuaa Yehowa ho ade na ɔbɛsom no.

22. Bible drama anaa nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” no, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso paa?

22 Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, sɛ wopɛ sɛ wɔn nhwɛso no hyɛ wo gyidi den a, wubenya wɔ he? Yɛn video ahorow, ne drama a wɔbɔ tie, ne nsɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” no betumi ama Bible mu nsɛm ayɛ sɛ nea ɛresi wɔ w’anim. * Nsɛm a ɛwɔ emu biara mu no, wɔayɛ ho nhwehwɛmu akɔ akyiri. Sɛ worebɛhwɛ video no, anaa worebɛbɔ drama no, anaa worebɛkenkan “Suasua Wɔn Gyidi” no a, di kan srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nsɛm bi wom a wubetumi de abɔ wo bra. Fa no sɛ onipa a woresua ne ho ade no, ɛyɛ wo a. Yehowa asomfo a woresua wɔn ho ade no, dwinnwen nea wɔyɛe ho, na susuw sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wodii wɔn haw ho dwuma no ho. Afei nea woasua afi mu no, fa toto wo haw no ho. Da Yehowa ase wɔ mmoa a seesei mpo ɔde rema wo no ho. Afei kyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo no na wo nso hwehwɛ akwan a wobɛfa so de ahyɛ afoforo nkuran na wode aboa wɔn.

23. Sɛ wohwɛ Yesaia 41:10, 13 a, dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn?

23 Satan wiase yi mu tena betumi ayɛ den, na ɛtɔ da mpo a asetena betumi afono yɛn. (2 Tim. 3:1) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn ani yɛ yɛn totɔtotɔ anaa yɛbɔ hu. Yehowa nim nea yɛrefa mu nyinaa, na wahyɛ bɔ sɛ, sɛ yehia mmoa a, ɔde ne nsa nifa a ahoɔden wom no beso yɛn mu. (Kenkan Yesaia 41:10, 13.) Yegye di paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn, na yebetumi anya ahoɔden afi Kyerɛwnsɛm no mu de agyina yɛn haw nyinaa ano.

DWOM 96 Onyankopɔn Asɛm Yɛ Akorade

^ nky. 5 Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ n’asomfo, na ɔhaw biara a ɛbɛto wɔn no, ɔbɛboa wɔn ama wɔatumi afa mu. Adesua yi bɛma woahu sɛnea wubetumi asua Bible na woama nea woasua no aboa wo paa.

^ nky. 2 Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so asua ade. Emu baako pɛ na yɛaka ho asɛm yi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu akwan foforo a wubetumi afa so asua Bible a, hwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu. Kɔ ɔfã a wɔato din “Bible,” na hwɛ asɛmti ketewa a wɔato din “Sɛnea Yɛbɛkenkan Bible Ate Ase.”

^ nky. 14 Ɛnsɛ sɛ mokenkan saa kyerɛwnsɛm yi wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no ase.

^ nky. 22 Hwɛ “Suasua Wɔn Gyidi—Mmarima Ne Mmea a Wɔwɔ Bible Mu” a ɛwɔ jw.org no. (Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ONYANKOPƆN MU GYIDI.)