Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 10

Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu

Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu

‘Kwaa biara ma nipadua no nyin.’​—EFE. 4:16.

DWOM 85 Momfa Anigye Nnye Obiara

NEA YƐREBESUA *

1-2. Henanom na wobetumi aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu?

ƆBEA bi a ɔte Fiji a wɔfrɛ no Amy ka sɛ: “Bere a mifii ase suaa Bible no, na m’ani gye nea meresua no ho paa. Ná minim sɛ ɛno ne nokware no. Nanso mantumi anyɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu kosii sɛ mifii ase ne anuanom bɔe. Saa bere no na minyaa nkɔso bɔɔ asu.” Amy asɛm no ma yehu nokwasɛm titiriw yi: Ade baako a ebetumi aboa Bible suani ama wanya nkɔso abɔ asu ne sɛ asafo no mufo bɛboa no.

2 Ɔdawurubɔfo biara betumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔaba asafo no mu. (Efe. 4:16) Ɔkwampaefo bi a ɔde Leilani a ɔte Vanuatu kaa sɛ: “Ɛyɛ a wɔka sɛ, ɔbaakofo na ɛwo, nanso ɛnyɛ ɔbaakofo na ɔtete ba. Mihu sɛ saa ara na asuafoyɛ adwuma no te. Sɛ obi betumi abegye nokware no a, ennyina ɔbaakofo so. Ɛyɛ a asafo no nyinaa boa.” Sɛ abofra benyin abɛyɛ panyin pa a, n’awofo, n’abusuafo ne wɔn nnamfo, ne n’akyerɛkyerɛfo nyinaa boa. Wɔkyerɛkyerɛ abofra no nneɛma bi a ɛho hia wɔ abrabɔ mu, na ɛyɛ a wɔhyɛ no nkuran nso. Saa ara na asafo no mufo betumi atu Bible asuafo fo, ahyɛ wɔn nkuran, na wɔayɛ nhwɛso pa ama wɔasua wɔn. Sɛ anuanom yɛ saa a, ɛbɛboa asuafo no ama wɔanya nkɔso abɔ asu.​—Mmeb. 15:22.

3. Nsɛm a Ana, Dorin, ne Leilani kae no, dɛn na woasua afi mu?

3 Sɛ onua bi wɔ Bible suani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma anuanom foforo boa ne suani no? Ana yɛ onuawa kwampaefo titiriw wɔ Moldova. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Mmoa a Bible suani a ɔrenya nkɔso hia no, ɛnyɛ ade a ne kyerɛkyerɛfo no nko ara betumi de saa mmoa no nyinaa ama no.” Dorin nso yɛ onua kwampaefo titiriw wɔ Moldova hɔ ara. Nea ɔno nso kae ne sɛ: “Mpɛn pii no, adawurubɔfo bi tumi ka biribi, na aka wo suani no koma. Ebia ɛyɛ wo a, anka saa asɛm no remma wo tirim mpo.” Leilani kaa ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛma asafo no mufo boa yɛn asuafo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ osuani no hu sɛ anuanom dɔ no na wodwen ne ho a, ebetumi aboa no ama wahu sɛ ampa yɛyɛ Yehowa nkurɔfo.”​—Yoh. 13:35.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa Bible suani ama wanya nkɔso bere a ɛnyɛ me na me ne no sua ade?’ Momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ bere a obi ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛne no nkɔyɛ ne Bible adesua, ne afei nso nea yebetumi ayɛ de aboa osuani a wafi ase reba Kristofo nhyiam. Afei yɛbɛhwɛ nea asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu.

BERE A WOREBOA OBI AMA WAYƐ BIBLE ADESUA

Sɛ obi pɛ sɛ wo ne no kɔyɛ ne Bible adesua a, ɛyɛ a di kan sua nea mubesusuw ho no (Hwɛ nkyekyɛm 5-7)

5. Sɛ obi ka sɛ wo ne no nkɔyɛ ne Bible adesua a, w’adwuma ne sɛn?

5 Sɛ Bible adesua rekɔ so a, ɔkyerɛkyerɛfo no paa na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ sɛ osuani no te nea ɔresua fi Bible mu no ase. Sɛ obi ka sɛ wo ne no nkɔyɛ ne Bible adesua a, w’adwuma ne sɛ woyɛ ne boafo. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Ɛnde, dɛn pɔtee na wubetumi ayɛ de aboa ama adesua no akɔ yiye?

6. Sɛ obi rekɔyɛ Bible adesua na ɔpɛ sɛ wotena mu bi a, sɛn na wubetumi de asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:18 no ayɛ adwuma?

6 Di kan siesie wo ho ma Bible adesua no. Ma ɔkyerɛkyerɛfo no nka osuani no ho asɛm kakra nkyerɛ wo ansa na moakɔ. (Kenkan Mmebusɛm 20:18.) Wubetumi abisa no sɛ: “Bible suani no te sɛn? Nea moresua no, ɛhe na moadu? Adesua a yɛrekɔyɛ no, dɛn na wopɛ sɛ wusi so dua? Adesua no rekɔ so a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ, anaa biribi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ meyɛ? Biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meka, anaa biribi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ meka? Dɛn na metumi ayɛ de ahyɛ osuani no nkuran ama wakɔ n’anim?” Ɛwom, ɔkyerɛkyerɛfo no renka osuani no kokoam nsɛm nkyerɛ wo, nanso ne ho nsɛm kakra a ɔbɛma woahu no betumi aboa. Nea ɔsɛmpatrɛwni bi a ɔde Joy taa yɛ ni. Sɛ ɔne ɔdawurubɔfo bi rekɔyɛ ne Bible adesua a, ɔtaa ka ne suani no ho asɛm kakra kyerɛ no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ me ne nea ɔne me nam no bɔ saa nkɔmmɔ no a, ɛboa ma n’ani gye me suani no ho, na ɛma ohu nea obetumi ayɛ ama adesua no akɔ yiye.”

7. Sɛ obi pɛ sɛ wo ne no kɔyɛ ne Bible adesua a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi kan sua?

7 Sɛ obi pɛ sɛ wo ne no kɔyɛ ne Bible adesua a, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan sua. (Esra 7:10) Dorin a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa sɛ: “Sɛ me ne obi resua ade na sɛ onua a ɔka me ho no adi kan asua a, ɛma m’ani gye paa. Ɛma otumi de ne ho hyɛ mu kama.” Afei nso, ebetumi ama osuani no ahu sɛ nea morekyerɛkyerɛ no no, mo nyinaa moasua no yiye, na ayɛ nhwɛso ama wasuasua. Sɛ worentumi nsua no fekɔfekɔ mpo a, pɛ bere kakra hwɛ adesua no mu, na woahu emu nsɛntitiriw no.

8. Sɛ obi pɛ sɛ wo ne no kɔyɛ ne Bible adesua a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama woahu nsɛm pɔtee a wobɛka wɔ mpaebɔ mu?

8 Mpaebɔ ho hia paa wɔ Bible adesua mu, enti sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ka sɛ wobɛbɔ mpae a, di kan dwen nea wobɛka ho. Ɛno bɛma woahu nneɛma pɔtee a wobɛka ho asɛm wɔ mpae no mu. (Dw. 141:2) Hanae te Japan. Bere a ɔresua ade no, onuawa bi kaa ne Bible kyerɛkyerɛfo ho ne no besuaa ade. Ɔda so ara kae mpae a saa onuawa no bɔe no. Ɔkaa sɛ: “Mihui sɛ ɔne Yehowa ntam yɛ kama paa, na meyɛɛ m’adwene sɛ mesuasua no. Me din a ɔbɔe wɔ mpae no mu nso ma mihui sɛ odwen me ho.”

9. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Yakobo 1:19 a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ woyɛ ɔboafo pa?

9 Sɛ adesua no rekɔ so a, boa ɔkyerɛkyerɛfo no. Onuawa bi a wɔfrɛ no Omamuyovbi a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Nigeria kaa sɛ: “Sɛ obi yɛ ɔboafo pa a, bere a adesua no rekɔ so no, ɔwɛn n’aso tie. Afei otumi ba mu kakra, nanso ɔnkasa pii efisɛ onim sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no na ɛsɛ sɛ odi adesua no anim.” Wobɛyɛ dɛn ahu bere a ɛsɛ sɛ wokasa ne nea wobɛka? (Mmeb. 25:11) Sɛ adesua no rekɔ so a, nea ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no bɛka nyinaa, tie no yiye. (Kenkan Yakobo 1:19.) Wutie no yiye a na wubehu baabi a ɛsɛ sɛ woba mu. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye kakra. Ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ worenkasa pii. Afei nso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no rekyerɛkyerɛ asɛm bi mu a, nnye nkɔfa baabi foforo, na nkɔfa nsɛm foforo a ɛmfa adesua no ho mmɛfra mu. Mmom wubetumi aka biribi kakra, woama mfatoho tiatiaa bi, anaa woabisa asɛm bi a ɛbɛboa osuani no ama wate nea moresua no ase yiye. Ɛtɔ da a nea moresua no, worennya pii nka wɔ ho, nanso sɛ wokamfo osuani no na woma ohu sɛ wudwen ne ho a, ɛbɛboa no ama wanya nkɔso.

10. Woka wo suahu kyerɛ Bible suani no a, ɛbɛboa no sɛn?

10 Ka wo suahu kyerɛ osuani no. Sɛ ɛrenhaw adwene a, wubetumi de bere tiaa bi aka nea ɛyɛe a wubehuu nokware no akyerɛ osuani no, anaasɛ wubetumi aka ɔkwan a wofaa so dii ɔhaw bi so anaa sɛnea Yehowa aboa wo. (Dw. 78:4, 7) Ebia osuani no hia osuahu bi te sɛ wo de no na aboa no. Ebetumi ahyɛ ne gyidi den anaa ebetumi ahyɛ no nkuran ama wanya nkɔso abɔ asu. Ebetumi nso aboa no ama wadi sɔhwɛ bi so. (1 Pet. 5:9) Gabriel a ɔwɔ Brazil no yɛ ɔkwampaefo seesei. Ɔkae biribi a ɛboaa no bere a na ɔresua Bible no. Ɔkaa sɛ: “Bere a anuanom kaa wɔn suahu kyerɛɛ me no, ɛma mihui sɛ Yehowa nim yɛn haw. Na sɛ wɔatumi adi so a, ɛnde me nso metumi adi so.”

BERE A BIBLE SUANI NO AFI ASE REBA ASAFO NHYIAM

Yɛn nyinaa betumi ahyɛ Bible asuafo nkuran ama wɔakɔ so aba asafo nhyiam (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11-12. Sɛ Bible suani ba asafo nhyiam a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye ma no akwaaba?

11 Sɛ Bible suani betumi anya nkɔso abɔ asu a, ehia sɛ ɔkɔ asafo nhyiam daa na aboa no. (Heb. 10:24, 25) Da a edi kan a ɔbɛba asafo nhyiam no, ebia na nea ɔne no sua ade no na ato nsa afrɛ no. Sɛ ɔba nhyiam no a, yɛn nyinaa betumi ahyɛ no nkuran ama wakɔ so aba Ahenni Asa so. Yɛbɛyɛ no sɛn?

12 Fa anigye ma osuani no akwaaba. (Rom. 15:7) Sɛ yɛma osuani no ani gye wɔ yɛn nhyiam ase a, ebetumi ama wakɔ so aba Ahenni Asa so. Fa anigye kyia no, na fa no kyiakyia anuanom, nanso nyɛ mma ɛmmmoro so na ne ho anyeraw no. Afei nso, mfa no sɛ nea ɔne no sua ade no wɔ hɔ nti ɔbɛma n’ani aka. Ebia na onnya mmeduu Ahenni Asa so anaa ɔreyɛ biribi foforo. Sɛ osuani no rekasa a, tie no yiye, na ma onhu sɛ wudwen ne ho. Sɛ woyɛ wei nyinaa a, ɛbɛboa no sɛn? Yentie Dmitrii suahu. Ɔyɛ asafo mu somfo, na ɔbɔɔ asu mfe kakra ni. Ɔkae da a edi kan a ɔkɔɔ asafo nhyiam, na ɔkaa ho asɛm sɛ: “Onua bi hui sɛ migyina Ahenni Asa no abɔnten a m’ani ayɛ me totɔtotɔ. Ɛnna otwiw bɛn me de me wuraa mu. Nnipa pii bekyiaa me. Ɛyɛɛ me nwonwa paa. M’ani gyei ara ma ɛkaa me nko a, anka da biara asafo nhyiam wɔ hɔ. Ná minhuu biribi saa da.”

13. Wo nneyɛe betumi aka Bible asuafo sɛn?

13 Yɛ nhwɛso pa. Wo nneyɛe betumi ama osuani no ahu sɛ nokware som ni ampa. (Mat. 5:16) Vitalii a seesei ɔyɛ daa kwampaefo wɔ Moldova kaa sɛ: “Mihuu sɛnea asafo no mufo bɔ wɔn bra, sɛnea wosusuw nneɛma ho, ne wɔn suban. Wei ma mihui sɛ Yehowa Adansefo yɛ nokware asomfo ampa.”

14. Sɛ woyɛ nhwɛso pa a, sɛn na ebetumi aboa Bible suani ama wanya nkɔso?

14 Ansa na Bible suani biara bɛbɔ asu no, gye sɛ ɔde nea ɔresua no bɔ ne bra. Wei nyɛ mmerɛw saa. Nanso sɛ osuani no hu sɛ Bible nnyinasosɛm a wode bɔ wo bra no reboa wo a, ebetumi apusuw no ama wasuasua wo. (1 Kor. 11:1) Wo de, hwɛ osuahu a Hanae a yɛaka n’asɛm dedaw no nyae. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma a na meresua no, mihui sɛ ɛno ara na anuanom no de bɔ wɔn bra. Mihuu nneɛma a metumi ayɛ de ahyɛ afoforo nkuran, sɛnea mede bɔne bɛkyɛ, ne sɛnea mɛdɔ nnipa. Ná wɔka nkurɔfo ho asɛmpa bere nyinaa. Ná mepɛ sɛ misuasua wɔn.”

15. Sɛnea Mmebusɛm 27:17 ka no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa Bible suani a ɔba asafo nhyiam adamfo?

15 Fa osuani no adamfo. Bere biara a osuani no bɛba asafo nhyiam no, ka kɔ ne ho. (Filip. 2:4) Adɛn nti na wo ne no mmɔ nkɔmmɔ? Wubetumi akamfo no wɔ nsakrae bi a wayɛ ho. Wubetumi abisa sɛnea ne Bible adesua no rekɔ. Wubetumi nso abisa n’abusua ne n’adwuma mu nsɛm kakra. Nanso hwɛ na woamfeefee ne nsɛm mu. Wo ne no bɔ nkɔmmɔ saa a, ebetumi ama woabɛn no. Sɛ wofa osuani no adamfo a, ɛbɛboa no ama wanya nkɔso abɔ asu. (Kenkan Mmebusɛm 27:17.) Hanae abɛyɛ daa kwampaefo seesei. Ɔkae bere a ofii ase kɔɔ asafo nhyiam no. Ɔkaa sɛ: “Mibenyaa nnamfo wɔ asafo no mu, enti daa na merehwɛ kwan sɛ mɛkɔ asafo nhyiam; mabrɛ mpo a na mekɔ. Me ne me nnamfo foforo no bɔ a na m’ani gye, na ɛno na ɛboaa me maa me ne wɔn a wonni asafo no mu no twaa adamfo mu. Ná mepɛ sɛ mebɛn Yehowa ne anuanom no paa. Enti misii gyinae sɛ mɛbɔ asu.”

16. Dɛn bio na wubetumi ayɛ de aboa Bible suani ama n’ani aka asafo no mu?

16 Bere a osuani no gu so renya nkɔso na ɔreyɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu no, boa no ma onhu sɛ ɔka asafo no ho. Wobɛyɛ no sɛn? Wubetumi asom no hɔho. (Heb. 13:2) Denis a ɔwɔ Moldova no kae bere a na ɔresua ade no. Ɔkaa sɛ: “Ná anuanom taa to nsa frɛ me ne me yere ma yɛbɔ yɛn ho nkɔmmɔ. Ná wɔka nea Yehowa ayɛ de aboa wɔn no kyerɛ yɛn, na ɛhyɛɛ yɛn nkuran. Saa fekubɔ no maa yɛn adwene sii yɛn pi sɛ Yehowa ara na yɛbɛsom no, na yehui sɛ yɛyɛ saa nso a yɛn ani begye.” Sɛ Bible suani nya nkɔso bɛyɛ ɔdawurubɔfo a, wubetumi ato nsa afrɛ no na moakɔ asɛnka. Onua bi a ɔde Diego te Brazil. Ɔkaa sɛ: “Anuanom pii too nsa frɛɛ me ma yɛkɔɔ asɛnka. Ɛno paa na ɛma mihuu wɔn yiye. Bere a me ne wɔn bɔe no, ɛma misuaa nneɛma bebree, na ɛboaa me ma mebɛn Yehowa ne Yesu.”

DƐN NA ASAFO MU MPANYIMFO BETUMI AYƐ DE ABOA?

Mpanyimfo, sɛ Bible asuafo hu sɛ mudwen wɔn ho a, ebetumi aboa wɔn ama wɔanya nkɔso (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa Bible asuafo?

17 Nya Bible asuafo ho adagyew. Asafo mu mpanyimfo, sɛ moma Bible asuafo hu sɛ modɔ wɔn na mudwen wɔn ho a, ɛbɛboa wɔn ama wɔanya nkɔso abɔ asu. Bere biara a Bible asuafo bɛba asafo nhyiam no, mubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ anaa? Ade baako a ɛbɛma wɔahu sɛ mudwen wɔn ho ne sɛ mobɛkae wɔn din, ɛnkanka bere a wɔafi ase rema mmuae. Mubetumi ayɛ nhyehyɛe na ɛyɛ a moaka adawurubɔfo ho ne wɔn ayɛ wɔn Bible adesua anaa? Asafo mu panyin yɛ saa a, ɛbɛka osuani no koma ama ayɛ ɔpanyin no nwonwa. Jackie yɛ ɔkwampaefo wɔ Nigeria. Ɔkaa sɛ: “Me Bible asuafo no mu pii wɔ hɔ a, sɛ meka kyerɛ wɔn sɛ nea ɔne me baa wɔn nkyɛn no yɛ asafo mu panyin a, etumi yɛ wɔn nwonwa paa. Bible suani baako mpo kaa sɛ: ‘Me sɔfo renyɛ saa da. Asikafo no nko ara na ɔkɔ wɔn nkyɛn, na ɛno koraa, gye sɛ wɔma no biribi ansa!’” Seesei saa osuani no afi ase reba asafo nhyiam.

18. Asɛyɛde a wɔde ahyɛ mpanyimfo nsa wɔ Asomafo Nnwuma 20:28 no, wɔbɛyɛ dɛn adi ho dwuma?

18 Tete adawurubɔfo na hyɛ wɔn nkuran. Asafo mu mpanyimfo, ɛyɛ mo asɛde sɛ moboa adawurubɔfo ma wotu mpɔn wɔ asɛnka mu na wɔkyerɛkyerɛ yiye. Wei yɛ adwuma kɛse. (Kenkan Asomafo Nnwuma 20:28.) Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo bi nam asɛnka mu na wuhu sɛ ɔfɛre sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua wɔ w’anim a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ wobɛyɛ ama no. Jackie a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa sɛ: “Asafo mu mpanyimfo taa bisa me Bible asuafo ase paa. Bible adesua a me ne nkurɔfo yɛ no, sɛ mihyia ɔhaw bi wom a, wɔma me afotu ma ɛboa me.” Asafo mu mpanyimfo betumi afa akwan pii so ahyɛ adawurubɔfo nkuran. (1 Tes. 5:11) Jackie san kaa sɛ: “Sɛ mpanyimfo no hyɛ me nkuran na wɔma mihu sɛ wɔn ani sɔ adwumaden a mereyɛ no a, ɛyɛ a mepɛ paa. Saa nsɛm no ma me ho dwo me te sɛ nea obi ama me nsuonwini awia ketee. Wɔkamfo me saa a, ɛma mihu sɛ merebɔ me ho mmɔden, na ɛma anigye a mede yɛ Bible adesua no yɛ kɛse.”​—Mmeb. 25:25.

19. Dɛn na ebetumi ama yɛn nyinaa ani gye?

19 Sɛ yenni obi a yɛne no sua Bible mpo a, yebetumi aboa afoforo ama wɔanya nkɔso. Sɛ obi reyɛ Bible adesua na yɛte mu bi a, yebetumi aka nsɛm a yɛahyɛ da adwen ho de aboa nea ɔreyɛ adesua no, nanso yɛrennye adesua no mmɔ so. Sɛ Bible suani ba Ahenni Asa so a, yebetumi afa no adamfo, na yɛayɛ nhwɛso pa ama wasuasua. Asafo mu mpanyimfo nso, sɛ wonya bere ma Bible asuafo a, ɛbɛhyɛ asuafo no nkuran. Afei nso, sɛ wɔtete adawurubɔfo na wɔkamfo wɔn a, ɛbɛhyɛ wɔn den. Wo de, hwɛ sɛ woayɛ biribi de aboa obi ama wabɛdɔ yɛn Agya Yehowa na wasom no. Anigye a wubenya de, yɛnka!

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛwɔ Bible asuafo. Nanso yɛn nyinaa betumi aboa obi ama wanya nkɔso abɔ asu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn mu biara betumi aboa Bible asuafo ama wɔabɔ asu.