Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Asɛm 15

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Nsɛm a Etwa To a Yesu Kae No Mu?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Nsɛm a Etwa To a Yesu Kae No Mu?

“Oyi ne me Ba, nea medɔ no a migye no tom; muntie no.”MAT. 17:5.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

NEA YƐREBESUA *

1-2. Yesu rebewu no, dɛn na esii ansa na ɔreka ne nsɛm a etwa to?

NÁ ADE akye; ɛyɛ Nisan 14, afe 33 Y.B. Wotwaa atoro too Yesu so, na afei nso wobuu no kumfɔ bere a na ɔnyɛɛ bɔne biara. Ɛno akyi no, wodii Yesu ho fɛw, wɔyɛɛ no ayayade, na wɔbɔɔ no asɛnduam. Wɔde nnadewa bobɔɔ ne nsam ne ne nan mu ma ewuraa ne honam mu. Sɛ ogu ahome biara a, na ɔte yaw, asɛm biara a ɔbɛka nso, na ɔte yaw. Nanso na ɛsɛ sɛ ɔkasa, efisɛ na nsɛm bi wɔ hɔ a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔka.

2 Momma yɛnhwɛ nsɛm a Yesu kae bere a ɔsɛn dua so a ɔrewu no, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. Anaa ne tiaatwa mu no, momma ‘yentie no.’—Mat. 17:5.

“AGYA FA FIRI WƆN”

3. Bere a Yesu kaa sɛ: “Agya fa firi wɔn” no, ɛbɛyɛ sɛ henanom ho asɛm na na ɔreka?

3 Dɛn na Yesu kae? Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnduam no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya fa firi wɔn.” Henanom na na Yesu pɛ sɛ n’Agya de wɔn bɔne kyɛ wɔn? Asɛm a Yesu ka toaa so no ma yehu nkurɔfo a na ɔreka wɔn ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Wonnim nea wɔreyɛ.” (Luka 23:33, 34) Roma asraafo a wɔde nnadewa bobɔɔ Yesu nsam ne ne nan mu no na na ɛbɛyɛ sɛ ɔreka wɔn ho asɛm. Ná saa asraafo no nnim nipa ko a Yesu yɛ. Nnipa a wɔkaa sɛ wonkum Yesu no, akyiri yi wɔn mu bi begyee Yesu dii. Ebetumi aba sɛ na weinom nso ho adwene wɔ Yesu tirim. (Aso. 2:36-38) Yesu amma ne bo amfuw wɔn a wɔtan n’ani no, na wannya wɔn ho menasepɔw. (1 Pet. 2:23) Mmom ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa wɔn a wokum no no bɔne nkyɛ wɔn.

4. Na Yesu pɛ sɛ ɔde n’atamfo bɔne kyɛ wɔn. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

4 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi yɛn pɛ mu de afoforo bɔne kyɛ wɔn. (Kol. 3:13) Ebia ebinom ne yɛn abusuafo mpo bɛsɔre atia yɛn efisɛ wonnim nea yegye di na wɔnte sɛnea yɛbɔ yɛn bra no ase. Ebia wɔbɛka atosɛm afa yɛn ho, wobegu yɛn anim ase wɔ nnipa mu, na wɔbɛsɛe yɛn nhoma anaa wɔbɛka sɛ wobepira yɛn mpo. Ɛba saa a, yɛremfa wɔn a wɔretan yɛn ani no ho abufuw nhyɛ yɛn mu, na mmom yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ommue wɔn ani na daakye wɔahu nokware no. (Mat. 5:44, 45) Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde nkurɔfo bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛnkanka bere a wɔne yɛn anni no yiye no. Nanso sɛ yɛde nkurɔfo ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn a, yɛn ara na ebepira yɛn. Onuawa bi kaa sɛ: “Sɛ mede nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn a, ɛnkyerɛ sɛ mesosɔ wɔn bɔne so anaa mama wɔn kwan sɛ wɔnyɛ me nea wɔpɛ biara. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ memfa wɔn ho abufuw nhyɛ me mu.” (Dw. 37:8) Sɛ yɛde nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛnhwɛ nneɛma bɔne a wɔde ayɛ yɛn no mfa wɔn ho abufuw nhyɛ yɛn mu.—Efe. 4:31, 32.

“WOBƐKA ME HO WƆ PARADISE”

5. Abɔnefo a na wɔabɔ wɔn asɛnduam aka Yesu ho no, ɛbɔ bɛn na ɔhyɛɛ wɔn mu baako? Adɛn nti na ɔhyɛɛ saa bɔ no?

5 Dɛn na Yesu kae? Ná wɔabɔ abɔnefo mmienu asɛnduam aka Yesu ho. Mfiase no, saa abɔnefo mmienu yi nso dii Yesu ho fɛw. (Mat. 27:44) Nanso akyiri yi, wɔn mu baako sesaa n’adwene. Ohui sɛ Yesu nyɛɛ “biribiara a ɛmfa kwan mu.” (Luka 23:40, 41) Afei nso, ogye dii sɛ Yesu wu a, Onyankopɔn benyan no, na daakye bi obedi hene. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” (Luka 23:42) Saa ɔbarima no kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi kɛse! Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise [ɛnyɛ Ahenni no mu].” (Luka 23:43) Hyɛ no nsow sɛ bere a Yesu hyɛɛ ɔbarima no bɔ no, ɔde nsɛmfua te sɛ, “mise,” “wo,” ɛne “me” na ɛyɛɛ adwuma. Wei kyerɛ sɛ ɔbarima no na na ɔrekasa akyerɛ no. Ná Yesu nim sɛ n’Agya yɛ mmɔborohunufo, enti ɔkaa nsɛm a na ebetumi ama ɔbɔnefo a wɔabɔ no asɛnduam no anya anidaso.—Dw. 103:8.

6. Dɛn na yesua fi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ ɔbɔnefo no mu?

6 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Yesu suasua n’Agya pɛpɛɛpɛ. (Heb. 1:3) Sɛ yenu yɛn ho ankasa wɔ nneɛma bɔne a yɛayɛ atwam ho na yegye di sɛ Yesu Kristo mogya a ohwie gui de bɔɔ afɔre maa yɛn no betumi ama yɛanya bɔnefakyɛ a, ɛnde Yehowa nso ani begye ho sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wahu yɛn mmɔbɔ. (1 Yoh. 1:7) Ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobegye adi sɛ bɔne a wɔayɛ atwam no, Yehowa de bɛkyɛ wɔn. Sɛ ɛtɔ da na wote nka saa a, susuw asɛm yi ho: Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ohuu ɔbɔnefo bi a ogyee no dii saa bere no ara mu mmɔbɔ. Ɛnde, Yehowa asomfo anokwafo a wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobedi ne mmara so no, hwɛ mpɛn dodow ara obehu wɔn mmɔbɔ!—Dw. 51:1;1 Yoh. 2:1, 2.

“HWƐ! WO BA! . . . HWƐ! WO MAAME!”

7. Sɛnea Yohane 19:26, 27 ma yehu no, asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ Maria ne Yohane, na adɛn nti na ɔkaa saa?

7 Dɛn na Yesu kae? (Kenkan Yohane 19:26, 27.) Ná Yesu dwen ne maame ho paa; saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ okunafo. Ebia na Yesu nuanom betumi aboa ne maame ama wanya nea ohia. Nanso hena na na ɔbɛboa no ama wasom Yehowa yiye? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yesu nua mmarima no abɛyɛ n’asuafo. Nanso Yohane de, na ɔyɛ Yesu adamfo paa, na na ɔyɛ ɔsomafo nokwafo nso. Ná Yesu bu wɔn a ɔne wɔn som Yehowa no sɛ n’abusuafo. (Mat. 12:46-50) Ná Yesu dɔ Maria na na odwen ne ho paa, enti na ɔde no hyɛɛ Yohane nsa no. Ná onim sɛ Yohane bɛboa no ama wakɔ so asom Yehowa. Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Hwɛ! Wo ba!” Afei ɔka kyerɛɛ Yohane nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame!” Efi saa da no rekɔ no, Yohane de Maria yɛɛ ne maame na ɔhwɛɛ no sɛ ɔno ankasa ne maame. Hwɛ ɔdɔ mapa a Yesu daa no adi kyerɛɛ ne maame a ɔsom bo yi! Ná ne maame ayi ne yam ahwɛ no ara fi bere a ɔwoo no, na bere a ɔrewu mpo na ogyina ne nkyɛn.

8. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Yohane ne Maria no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Ayɔnkofa a ɛda yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam no, emu betumi ayɛ den asen sɛnea yɛne yɛn abusuafo mpo te. Ebia yɛn abusuafo bɛtan yɛn ani anaa mpo wobeyi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ne N’ahyehyɛde no ho a, nea yɛahwere no yebenya no “mmɔho ɔha.” Yebenya anuanom bebree ama wɔde yɛn ayɛ wɔn babarima anaa wɔn babea anaa wɔbɛfa yɛn sɛ wɔn maame anaa wɔn papa. (Mar. 10:29, 30) Gyidi a anuanom wɔ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn ho wɔn ho no, ama wɔayɛ baako. Wote nka sɛn wɔ abusua a ɛte sei a woda mu no ho?—Kol. 3:14; 1 Pet. 2:17.

“ME NYANKOPƆN, DƐN NTI NA WOAPA ME?”

9. Asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 27:46 no, dɛn na ɛma yehu?

9 Dɛn na Yesu kae? Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ɔteɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?” (Mat. 27:46) Bible nka nea enti a Yesu kaa saa asɛm yi. Nanso dɛn na saa asɛm no ma yehu? Ade baako ne sɛ, saa asɛm no a Yesu kae no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22:1 no baa mu. * Afei nso, saa asɛm no ma yehu sɛ Yehowa ammɔ ne Ba no ho “ban.” (Hiob 1:10) Yesu hui sɛ na n’Agya ayi ne nsa afi ne ho koraa sɛnea ɛbɛyɛ a n’atamfo bɛsɔ no ahwɛ akosi owu mu. Onipa biara nhyiaa sɔhwɛ a ɛte sɛ Yesu de no bi saa da. Afei nso, asɛm a Yesu kae no sii so dua sɛ na ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛfata sɛ wokum no.

10. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’Agya no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Ade baako a yebetumi asua ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ ho. Sɛnea Yesu atamfo sɔɔ no hwɛe kosii owu mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn adwene sɛ, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yewu a, yebedi nokware akosi owu mu. (Mat. 16:24, 25) Nanso yɛwɔ awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ mmoro nea yɛn ahoɔden betumi. (1 Kor. 10:13) Ade foforo a yesua nso ne sɛ, sɛnea Yesu anyɛ bɔne biara a ohuu amane no, yɛn nso yebetumi ahu amane saa ara. (1 Pet. 2:19, 20) Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛnyɛ sɛ yɛayɛ adebɔne bi nti na wɔyɛ saa, na mmom esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã na yedi nokware no ho adanse nti na wɔyɛ saa. (Yoh. 17:14; 1 Pet. 4:15, 16) Ná Yesu nim nea enti a Yehowa maa kwan ma ohuu amane. Nanso Yehowa asomfo anokwafo a wohyia sɔhwɛ no de, ɛtɔ da a nea enti a Yehowa maa kwan maa nsɛm bi sisii no, ɛyɛ a wɔnte ase. (Hab. 1:3) Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne abotare no nim sɛ ɛnyɛ sɛ saa Kristofo no nni gyidi; mmom wohia awerɛkyekye, na ɔno nko ara na obetumi de ama wɔn.—2 Kor. 1:3, 4.

“OSUKƆM DE ME”

11. Adɛn nti na Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 19:28 no?

11 Dɛn na Yesu kae? (Kenkan Yohane 19:28.) Adɛn nti na Yesu kaa sɛ: “Osukɔm de me”? “Nea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu” nti na ɔka saa. Saa kyerɛwsɛm no ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22:15 no. Ɛhɔ ka sɛ: “M’ahoɔden asa sɛ kyɛmfɛre, me tɛkrɛma afam me dodom.” Afei nso, Yesu huu amane paa; ebi ne yaw a ɔtee bere a na ɔsɛn dua so no. Enti ɛbɛyɛ sɛ wei nyinaa maa osukɔm dee no paa. Ná ɔrepɛ obi a ɔbɛdom no ama no nsu anom.

12. Ka a Yesu kaa sɛ “osukɔm de me” no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

12 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Yesu annya adwene sɛ, sɛ ɔka sɛ ohia biribi a, ɛyɛ bɔne. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ biribi haw yɛn na yɛka a, yɛadi mfomso. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ biribi mmoa yɛn. Nanso ɛba sɛ yehia mmoa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsrɛ afoforo sɛ wɔmmoa yɛn. Yɛmfa no sɛ w’ani afi anaa onyin ama woayɛ mmerɛw. Ebia ebehia sɛ woma w’adamfo bi kogya wo ma wukodi gua anaa okogya wo ma wukohu dɔkota. Sɛ yɛn abam abu a, ebia ebehia sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ asafo mu panyin bi anaa yɛn adamfo bi a ne ho akokwaw ma otie yɛn anaa ɔka “asɛmpa” bi de hyɛ yɛn den. (Mmeb. 12:25) Momma yɛnkae sɛ yɛn nuanom Kristofo dɔ yɛn, na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn “ahohia da” mu. (Mmeb. 17:17) Nanso wɔrentumi nhu nea ɛwɔ yɛn adwenem. Sɛ yɛn ankasa anka ankyerɛ wɔn sɛ yehia mmoa a, ebia wɔn de, wɔrenhu.

“ASA!”

13. Nokware a Yesu di kosii owu mu nti, nneɛma pa bɛn na efii mu bae?

13 Dɛn na Yesu kae? Nisan 14, ɛbɔɔ awia nnɔn mmiɛnsa no, Yesu teɛɛm kaa sɛ: “Asa!” (Yoh. 19:30) Asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, aka bere tiaa bi ama wawu no, ohui sɛ nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ nyinaa, wayɛ. Esiane sɛ Yesu dii nokware kosii owu mu nti, otumi yɛɛ nneɛma pa bebree. Nea edi kan, ɔma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yesu de n’abrabɔ kyerɛe sɛ ɛmfa ho nea Satan bɛyɛ biara no, onipa a ɔyɛ pɛ betumi adi nokware akosi owu mu. Nea ɛto so mmienu, Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, ama ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔtɔ sin ne Onyankopɔn bɛfa adamfo na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yesu ma ɛdaa adi sɛ Yehowa tumidi na ɛteɛ, na ɔtew n’Agya din ho.

14. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra da biara da? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ da biara da yebedi Yehowa nokware. Yɛnhwɛ asɛm a Onua Maxwell Friend kae. Ná ɔkyerɛ ade wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Onua Friend maa ɔkasa bi a ɛfa nokwaredi ho wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase. Ɔkaa sɛ: “Nea wubetumi ayɛ no nnɛ anaa asɛm a wubetumi aka no nnɛ no, mfa nhyɛ ɔkyena. Wunnim nea ebesi ɔkyena. Da biara da, bɔ wo bra te sɛ nea saa da no ne da a etwa to wɔ w’asetena mu fa kyerɛ sɛ wofata sɛ wunya daa nkwa.” Enti momma yɛmmɔ yɛn bra da biara da te sɛ nea saa da no ne da a etwa to wɔ yɛn asetena mu mfa nkyerɛ sɛ yɛyɛ anokwafo, anaa yɛn abrabɔ di mu! Yɛyɛ saa na ɛba sɛ yewu mpo a, yebetumi aka sɛ, “Yehowa, mayɛ nea metumi biara sɛ medi wo nokware, na mama Satan ayɛ ɔtorofo, na matew wo din ho, na makyerɛ sɛ metaa wo tumidi akyi!”

“WO NSAM NA MEDE ME HONHOM HYƐ”

15. Sɛnea Luka 23:46 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na na Yesu wɔ?

15 Dɛn na Yesu kae? (Kenkan Luka 23:46.) Ná Yesu wɔ n’Agya mu awerɛhyem paa, enti ɔkaa sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.” Ná Yesu nim sɛ, sɛ obetumi aba nkwa mu bio a, na egyina Yehowa so, na na ogye di paa sɛ n’Agya bɛkae no.

16. Dɛn na woasua afi Ɔdansefo bi a wadi mfe 15 asɛm no mu?

16 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu kae no mu? Sɛ wo nkwa da asiane mu mpo a, fa wo ho hyɛ Yehowa nsa. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, gye sɛ wode “wo koma nyinaa to Yehowa so.” (Mmeb. 3:5) Momma yɛnhwɛ Joshua. Ɔyɛ Ɔdansefo a na wadi mfe 15; owuyare bi bɔɔ no. Ayaresa biara a na ɛbɛma wabu Onyankopɔn mmara so no, wampene so. Aka bere tiaa bi ama Joshua awu no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Maame, me nkwa wɔ Yehowa nsam. . . . Maame, meka si no pi sɛ: Migye di paa sɛ ɔkwan biara so Yehowa benyan me aba nkwa mu bio. Onim nea ɛwɔ me koma mu, na medɔ no paa.” * Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa sɛ, ‘Sɛ biribi a ebetumi ama me nkwa afi me nsa sɔ me gyidi hwɛ a, mede me nkwa bɛhyɛ Yehowa nsa na manya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛkae me anaa?’

17-18. Dɛn na yɛasua? (Afei nso, hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Yesua Fi Nsɛm a Etwa To a Yesu Kae No Mu.”)

17 Yebetumi asua nneɛma a ɛho hia pii afi nsɛm a etwa to a Yesu kae no mu! Saa nsɛm no kae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn na yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nso de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɛyɛ hokwan sɛ yɛanya anuanom bebree a wɔdɔ yɛn na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn wɔ asafo no mu. Nanso sɛ yehia mmoa a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn na wɔboa yɛn. Yenim sɛ sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛafa mu. Afei nso, yɛahu sɛ ɛho hia sɛ yɛbɔ yɛn bra da biara da te sɛ nea saa da no ne da a etwa to wɔ yɛn asetena mu de kyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware, na yenya awerɛhyem sɛ yɛn nkwa wɔ Yehowa nsam, na ɔbɛkae yɛn.

18 Anokwa, nsɛm a Yesu kae bere a ɔsɛn dua so a ɔrewu no, yesua nneɛma pii fi mu! Sɛ yɛde nea yɛasua afi mu no bɔ yɛn bra a, na yɛretie nea Yehowa ankasa ka faa ne Ba no ho no. Ɔkaa sɛ: “Muntie no.”—Mat. 17:5.

DWOM 126 Kɔ So Wɛn, Gyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Mateo 17:5 ka sɛ, Yehowa pɛ sɛ yetie ne Ba no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nsɛm a Yesu kae bere a ɔsɛn dua so a ɔrewu no, na yɛasusuw asuade ahorow a ɛwɔ mu no ho.

^ nky. 9 Sɛ wopɛ nea enti a ɛbɛyɛ sɛ Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 no a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.

^ nky. 16 Hwɛ asɛm a wɔato din “ Joshua’s Faith—A Victory for Children’s Rights” (Joshua Gyidi—Abue Kwan Ama Mmofra Tumi Kyerɛ Ayaresa a Wɔpɛ) a ɛbaa January 22, 1995, Awake! mu no.