Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu

“Momma wɔmmɔ mo mu biara asu.”​—ASO. 2:38.

DWOM 72 Yɛma Nnipa Hu Ahenni Nokware No

NEA YƐREBESUA *

1. Asomafo no bere so no, dɛn na Yesu asuafo no ka kyerɛɛ nnipadɔm bi sɛ wɔnyɛ?

NÁ MMEA ne mmarima bebree a wofi aman horow so na wɔka kasa ahorow aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa da no, biribi a ɛyɛ nwonwa sii. Prɛko pɛ Yudafo no bi fii ase kaa ahɔho a wofi aman horow so aba no kurom kasa! Wei maa wɔn ho dwiriw wɔn. Nanso nea ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn paa ne asɛm a na Yudafo no reka ne nea ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn a na ahyia hɔ no. Asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no bi ne sɛ, sɛ wogye Yesu Kristo di a, wobetumi anya nkwa. Saa asɛm no pusuw nnipadɔm no paa. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm no kanyan nkurɔfo no ara ma wobisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna Petro kaa sɛ: “Momma wɔmmɔ mo mu biara asu.”​—Aso. 2:37, 38.

Onua bi ne ne yere ne aberante bi resua ade. Aberante no kura Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no bi (Hwɛ nkyekyɛm 2)

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

2 Nea esii wɔ ɛno akyi koraa de, yɛnka. Bɛyɛ nnipa 3,000 bɔɔ asu saa da no ara bɛyɛɛ Kristo asuafo. Asuafoyɛ adwuma kɛse a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ no, nea esii wɔ ha yi na wɔde fii ase. Saa adwuma no atoa so ara abedu nnɛ. Ɛnnɛ, yɛrentumi mfa nnɔnhwerew kakraa bi nkyerɛkyerɛ obi mma ɔnkɔbɔ asu. Ebetumi agye abosome dodow bi, afe anaa nea ɛboro saa mpo ansa na osuani bi atumi abɔ asu. Seesei sɛ wo ne obi resua Bible ama wabɛyɛ Kristo suani a, wunim paa sɛ ɛnna fam; egye mmɔdenbɔ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wo Bible suani ama wabɔ asu.

BOA WO BIBLE SUANI MA ƆMFA NEA ƆRESUA NO MMƆ NE BRA

3. Sɛnea Mateo 28:19, 20 ma yehu no, dɛn na ɛsɛ sɛ Bible suani yɛ na watumi abɔ asu?

3 Ansa na Bible suani bi bɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ ɔde nea Bible kyerɛkyerɛ bɔ ne bra. (Kenkan Mateo 28:19, 20.) Sɛ Bible suani fi ase de nea ɔresua no bɔ ne bra a, na ɔreyɛ n’ade te sɛ “onyansafo bi” a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho bi mu no. Saa onyansafo yi tutuu fam kɔ akyiri na osii ne dan sii ɔbotan so. (Mat. 7:24, 25; Luka 6:47, 48) Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible suani ama ɔde nea ɔresua no abɔ ne bra? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ.

4. Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible suani nkakrankakra ama wabɔ asu? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Boa Wo Suani Ma Ɔmfa Botae Ahorow Nsisi N’ani So Na Ɔnyɛ Ho Adwuma” no nso.)

4 Boa Wo Bible Suani Ma Ɔmfa Botae Ahorow Nsisi N’ani So. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? Ma yɛnhwɛ mfatoho yi: Sɛ wode wo kar retu kwantenten bi a, ebia wobɛyɛ nhyehyɛe agyinagyina mmeae bi a ɛyɛ fɛ wɔ kwan so. Woyɛ saa a, w’ani bɛba wo ho so no, na woatwa kwan no awie. Saa ara nso na sɛ Bible suani bi de botae ahorow a obetumi adu ho ntɛm sisi n’ani so na ɔyɛ ho adwuma a, ebia ɛrenkyɛ na wahu sɛ obetumi abɔ asu. Adaka a wɔato din “Fa Wei Si W’ani So” a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, fa boa wo suani no ma onnya nkɔso. Sɛ wo ne no yɛ adesua biara wie a, botae a ɔde asi n’ani so no, boa no ma onhu sɛnea ɛfa nea wasua no ho. Sɛ wowɔ botae foforo bi a wopɛ sɛ wo suani no du ho a, kyerɛw hyɛ baabi a wɔato din “Ade foforo a wubetumi ayɛ” no. Botae ahorow a wo suani no bedu ho ntɛm ne nea ɛbɛkyɛ ansa na wadu ho no, ɛyɛ a montaa mfa saa ɔfã yi nsusuw ho.

5. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Marko 10:17-22 no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ osikani bi sɛ ɔnyɛ, na adɛn ntia?

5 Boa wo suani ma ɔnyɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu. (Kenkan Marko 10:17-22.) Ná Yesu nim sɛ ɛbɛyɛ den ama osikani sɛ ɔbɛtɔn n’ahode nyinaa. (Mar. 10:23) Nanso Yesu ka kyerɛɛ saa ɔbarima no sɛ ɔnyɛ saa nsakrae a ne yɛ nna fam no. Adɛn ntia? Efisɛ na Yesu dɔ no. Ɛtɔ da a yɛtwentwɛn so sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Bible suani bi nkuran sɛ ɔmfa nea ɔresua no mmɔ ne bra, efisɛ ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ bere nsoe sɛ ɔbɛyɛ nsakrae a ɛte saa. Ɛnyɛ da koro pɛ na obi de begyae subammɔne na wabɔ bra pa, ebegye bere. (Kol. 3:9, 10) Nanso sɛ wo ne wo suani no ka ho asɛm ntɛm a, obehu hia a ehia sɛ ofi ase yɛ nsakrae. Sɛ wo ne no bɔ saa nkɔmmɔ no a, obehu sɛ wopɛ no yiye.​—Dw. 141:5; Mmeb. 27:17.

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa osuani no nsɛm a ɛbɛma wakyerɛ n’adwene?

6 Ɛho hia sɛ yebisa nsɛm a ɛbɛma osuani no akyerɛ n’adwene wɔ asɛm a yɛreka no ho. Wubisa nsɛm a ɛte saa a, ɛbɛma woahu sɛ wo suani no ate nea moresua no ase anaa. Afei nso ɛbɛma woahu nea ogye di. Sɛ wotaa de nsɛmmisa a ɛte saa yɛ adwuma a, akyiri yi, nsɛm a ne ka yɛ ka na no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wo ne no bɛka ho asɛm. Sɛ wohwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu a, nsɛmmisa a yɛde hu obi adwene no bebree wɔ mu. Sɛ wohwɛ adesua 04 no mu sɛɛ a, ebisa osuani no sɛ: “Wohwɛ a, sɛ yɛde Yehowa din frɛ no a, ɛma ɔte nka sɛn?” Adesua 09 no nso bisa sɛ: “Nneɛma a wopɛ sɛ wobɔ ho mpae no, ebi ne sɛn? Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ den ama wo suani no sɛ obeyi nsɛmmisa a ɛtete saa ano. Kyerɛwnsɛm ne mfoni a ɛwɔ nhoma no mu no, sɛ wohyɛ no nkuran ma odwinnwen ho a, nkakrankakra obetumi akyerɛ n’adwene.

7. Yɛbɛyɛ dɛn de afoforo suahu akyerɛkyerɛ yiye?

7 Sɛ wo suani no hu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, fa afoforo suahu hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo suani no ntaa nkɔ adesua a, wubetumi ayi video a yɛato din Yehowa Annyaw Me no akyerɛ no. Ɛwɔ adesua 14, ɔfã a wɔato din “Yɛ Nhwehwɛmu” no. Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, emu adesua pii wɔ hɔ a wubetumi anya osuahu a ɛtete saa wɔ mu. Wubehu wɔ ɔfã a yɛato din “Sua Pii Ka Ho” anaa “Yɛ Nhwehwɛmu” no. * Hwɛ na woamfa wo suani no antoto obi foforo ho anka sɛ, “Sɛ ɔno atumi ayɛ de a, ɛnde wo nso wubetumi ayɛ.” Gyaw ma osuani no na ɔno ankasa nhu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Mmom, nneɛma pɔtee bi a ɛboaa onii a ɔwɔ video no mu ma ɔde Bible nkyerɛkyerɛ bɔɔ ne bra no, wo ne wo suani no mmɔ ho nkɔmmɔ. Ebia wubetumi atwe n’adwene asi kyerɛwsɛm titiriw bi anaa anammɔn pɔtee bi a onii no tui so. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, boa wo suani no ma onhu sɛnea Yehowa boaa onii a ɔwɔ video no mu no.

8. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn suani ama wadɔ Yehowa?

8 Boa wo suani ma ɔnnɔ Yehowa. Wobɛyɛ no sɛn? Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, twe n’adwene si Yehowa suban ahorow so. Boa wo suani no ma onhu sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn na ɔboa wɔn a wɔdɔ no. (1 Tim. 1:11; Heb. 11:6) Boa wo suani no ma onhu sɛ, sɛ ɔde nea moresua no yɛ adwuma a, ɛbɛboa no. Afei nso boa no ma onhu sɛ Yehowa dɔ no nti na ɔde akwankyerɛ a ɛte saa ma no. (Yes. 48:17, 18) Nkakrankakra sɛ ɔdɔ a wo suani no wɔ ma Yehowa yɛ kɛse a, ɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia.​—1 Yoh. 5:3.

MA WO SUANI NO NE ANUANOM AFOFORO MMƆ

9. Sɛnea Marko 10:29, 30 ma yehu no, dɛn na ɛbɛboa obi ma ɔde nneɛma abɔ afɔre na wabɔ asu?

9 Sɛ Bible suani bi betumi anya nkɔso abɔ asu a, ehia sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre. Sɛnea na ɛsɛ sɛ osikani a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de nneɛma bi bɔ afɔre ansa na watumi abɛyɛ Yesu suani no, saa ara na ɛtɔ da a ɛsɛ sɛ asuafo bi nso yɛ. Adwuma a wɔyɛ no, sɛ etia Bible nnyinasosɛm a, ebia ɛho behia sɛ wɔpɛ foforo. Asuafo no bebree wɔ hɔ a, ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn nnamfo a wɔnnɔ Yehowa no tetew mu. Ebinom mpo de, wɔn abusuafo a wɔne Yehowa Adansefo ani nhyia no betumi apo wɔn. Yesu koraa kaa sɛ ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔde nneɛma a ɛtete saa bɛbɔ afɔre. Nanso Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wobedi n’akyi no nsa rensi fam da. Wobehyira wɔn na wɔabɛka Yehowa abusua a ɔdɔ wom no ho. (Kenkan Marko 10:29, 30.) Akyɛde a ɛso bi nni yi, wobɛyɛ dɛn aboa wo Bible suani ama wanya so mfaso?

10. Dɛn na yebetumi asua afi nea Manuel kae no mu?

10 Wo ne wo suani no mfa adamfo. Ɛho hia sɛ woma wo suani no hu sɛ wudwen ne ho. Adɛn ntia? Wo de, hwɛ asɛm a Manuel a ɔwɔ Mexico no kaa sɛ na ɛkɔ so bere a ɔresua Bible no. Ɔkaa sɛ: “Ansa na yebefi adesua biara ase no, na nea ɔne me sua ade no bisa me sɛnea nneɛma rekɔ. Ná ɔka me koma to me yam, na na yɛbɔ asetenam nkɔmmɔ. Ɛmaa metee nka sɛ na odwen me ho paa.”

11. Sɛ yɛpɛ bere ne yɛn asuafo bɔ a, ɛbɛboa wɔn sɛn?

11 Pɛ bere na wo ne wo Bible asuafo mmɔ sɛnea Yesu nso nyaa bere maa n’akyidifo no. (Yoh. 3:22) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wubetumi ato nsa afrɛ wo Bible suani a ɔrenya nkɔso no aba fie na moapɛ biribi aka mo ano anaa moahwɛ JW Broadcasting. Ebia bere a n’ani begye ho paa sɛ wobɛto nsa afrɛ no ne bere a n’abusuafo anaa ne nnamfo redi afahyɛ bi a ɔrentumi mfa ne ho nhyɛ mu no. Saa bere no, ebia na aka ɔno nko ara. Kazibwe a ɔte Uganda ka sɛ: “Metumi aka sɛ, sɛ mekɔsra nea ɔne misua Bible no a, nneɛma a na yesua fa Yehowa ho no, na ɛte sɛ bere a yɛresua ade pɛpɛɛpɛ. Mihui sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ho paa na wɔn ani gye nso. Nea na merepɛ ara ni.”

Sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo kɔyɛ wo Bible adesua a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama osuani no sɛ ɔbɛkɔ adesua (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne adawurubɔfo afoforo kɔyɛ Bible adesua?

12 Wo ne adawurubɔfo afoforo nkɔyɛ wo Bible adesua. Ɛtɔ da a ɛbɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛn nko ara yɛkɔ anaa yɛne ɔdawurubɔfo a yɛtaa ne no kɔ no kɔ a, ɛno na ɛbɛboa. Ɛwom, ɛno betumi aboa de, nanso bere ne bere mu sɛ yɛde adawurubɔfo afoforo ka yɛn ho kɔyɛ adesua no a, ɛbɛboa osuani no paa. Dmitrii a ɔte Moldova ka sɛ: “Ɔdawurubɔfo foforo biara a ɔkaa me kyerɛkyerɛfo no ho ba ma yesuaa ade no, na wɔn mu biara kyerɛkyerɛ nsɛm mu wɔ ɔkwan soronko so. Ná ɛno boa me ma mihu nea yesua no ani so yiye paa. Afei nso, bere a edi kan a mekɔɔ adesua no, mamfɛre papa efisɛ na m’anim akokwaw anuanom no bebree anim.”

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn suani ma ɔkɔ adesua?

13 Boa wo suani ma ɔnkɔ adesua. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’asomfo hyiam; ɛka ho na yɛn som adi mu. (Heb. 10:24, 25) Bio nso, anuanom a ɛwɔ asafo no mu abɛyɛ sɛ yɛn abusuafo. Sɛ yɛne wɔn hyiam wɔ adesua ase a, ɛte sɛ nea yɛne wɔn wɔ fie na yɛato nsa redi aduan bi a ɛyɛ dɛ. Sɛ woboa wo Bible suani ma otumi kɔ adesua a, ɛkyerɛ sɛ waboa no ama watu anammɔn bi a ɛho hia paa a ebetumi ama wabɔ asu. Nanso, ɛyɛ biribi a ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔbɛyɛ. Ɔhaw biara a wo suani no rehyia no, sɛn na nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no betumi aboa no ama wadi so?

14. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn Bible suani nkuran ama wakɔ adesua?

14 Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 10 no betumi aboa wo ama woahyɛ wo suani no nkuran. Ansa na wɔreyi nhoma yi adi no, wɔmaa adawurubɔfo bi a wɔn ho akokwaw sɔ hwɛe sɛ wobetumi de adesua 10 no aboa wɔn Bible asuafo ma wɔakɔ adesua anaa. Nea wɔkae ne sɛ, ɛkɔɔ yiye paa. Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ twɛn kosi adesua 10 no so ansa na woato nsa afrɛ wo Bible suani sɛ ɔmmra adesua. Mufii adesua no ase ara pɛ, to nsa frɛ no na ɛyɛ a kɔ so ara kae no. Bible suani biara ne ne haw. Enti fa w’ani to fam hwɛ nea osuani no hia na hwɛ sɛ wubetumi de mmoa pɔtee bi ama no anaa. Sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛba a, ɛyɛ a mma w’abam mmu. Nya ne ho abotare, nanso kɔ so ara to nsa frɛ no.

BOA WO SUANI NO MA ONYI EHU MFI NE MU

15. Nneɛma bɛn na ebetumi ama yɛn suani abɔ hu?

15 Bere a woyɛɛ w’adwene sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ Yehowa Danseni no, ehu kakra kaa wo anaa? Ebia ɛyɛɛ wo sɛ afie afie asɛnka adwuma no de, worentumi nyɛ bi da. Anaa wotee nka sɛ ebia w’abusuafo ne wo nnamfo bɛsɔre atia wo. Sɛ saa a, ɛnde wubetumi ate wo Bible suani no ase. Yesu kaa sɛ ehu a ɛte saa betumi aka ebinom. Nanso Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma ehu ka wɔn ma wogyae Yehowa som. (Mat. 10:16, 17, 27, 28) Dɛn na Yesu yɛ de boaa n’akyidifo ma woyii ehu fii wɔn mu? Wobɛyɛ dɛn asuasua no?

16. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible suani ama waka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo?

16 Boa wo suani no nkakrankakra ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Bere a Yesu somaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛmpa no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn yam hyehyee wɔn. Nanso nea Yesu yɛ de boa wɔn ne sɛ ɔkyerɛɛ wɔn baabi a wɔnkɔka asɛm no ne asɛm ko a wɔkɔ a wɔbɛka. (Mat. 10:5-7) Wobɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Boa wo suani no ma onhu baabi a obetumi aka asɛm no. Ebia wubetumi abisa no sɛ, biribi pɔtee a wasua afi Bible mu no, onim obi a ebetumi aboa no anaa. Afei boa no ma onhu nea ɔbɛka na kyerɛ no ɔkwantiaa ɔbɛfa so ayɛ saa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mommobɔ so. Sɛ wohwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, ɔfã a wɔato din “Ebinom Ka Sɛ” ne “Obi Betumi Abisa Sɛ” no a, wubenya nsɛm pii a mubetumi de ayɛ saa. Sɛ morebobɔ so a, boa wo suani no ma onhu sɛnea ɔde Bible no bɛma mmuae tiawa. Afei nso, boa no na wankeka ne nsɛm penpen.

17. Yɛbɛyɛ dɛn de Mateo 10:19, 20, 29-31 aboa yɛn suani ma ɔde ne ho ato Yehowa so?

17 Boa wo suani ma ɔmfa ne ho nto Yehowa so. Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wɔn efisɛ ɔdɔ wɔn. (Kenkan Mateo 10:19, 20, 29-31.) Ma wo Bible suani no nhu sɛ Yehowa bɛboa ɔno nso. Botae ahorow a ɔde asisi n’ani so no, sɛ wo ne no bɔ ho mpae a, ebetumi aboa no ma ɔde ne ho ato Yehowa so. Franciszek a ɔte Poland ka sɛ: “Sɛ na me kyerɛkyerɛfo no ne me rebɔ mpae a, na ɔtaa ka botae ahorow a mede asisi m’ani so no ho asɛm. Bere a mihuu sɛnea Yehowa buaa me kyerɛkyerɛfo no mpaebɔ no, ntɛm ara na me nso mifii ase bɔɔ mpae. Bere a minyaa adwuma foforo no, na ehia sɛ mesrɛ kwan na matumi akɔ adesua ne nhyiam. Mihui sɛ Yehowa tiee me.”

18. Ɔkyerɛkyerɛ adwuma a nokware Kristofo reyɛ no, Yehowa te nka sɛn wɔ ho?

18 Yehowa dwen yɛn Bible asuafo ho paa. Adwumaden a nokware Kristofo reyɛ de akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔabɛn Yehowa no, ohu na n’ani sɔ paa. (Yes. 52:7) Seesei sɛ wunni Bible suani mpo a, wubetumi aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu. Nea wobɛyɛ ne sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua.

DWOM 60 Wobenya Nkwa

^ nky. 5 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu boaa nkurɔfo ma wɔbɛyɛɛ n’asuafo ne sɛnea yebetumi asuasua no. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde yɛn nhoma foforo a wɔato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no afã bi bɛboa yɛn Bible asuafo. Wɔyɛɛ nhoma yi sɛ yɛmfa mmoa yɛn Bible asuafo ma wonnya nkɔso mmɔ asu.

^ nky. 7 (1) Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no, wubetumi anya nnipa bebree suahu wɔ mu. Kɔ “Bible,” afei hwɛ “Ɛso Mfaso,” na hwɛ “‘Bible Tumi Sesa Nnipa’ (Ɛba toatoa so wɔ Ɔwɛn-Aban mu).” (2) Wopɛ nso a, kɔ JW Library® na hwɛ ɔfã a wɔato din media, na hwɛ “Nkɔmmɔ-Twetwe Ne Ebinom Asetenam Nsɛm.”

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne yere ne aberante bi resua ade. Bere foforo nso, anuanom afoforo ka onua no ho ne no yɛ adesua no.