Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 29

Nea W’ankasa Wutumi Yɛ No, Ɛno Na Di Ho Ahurusi!

Nea W’ankasa Wutumi Yɛ No, Ɛno Na Di Ho Ahurusi!

“Ma obiara nhwɛ sɛnea . . . obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”​—GAL. 6:4.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na Yehowa mfa yɛn ntoto afoforo ho?

YEHOWA ani gye nneɛma a egu ahorow ho. Sɛ yɛhwɛ nneɛma ahorow-ahorow a wabɔ a, ɛma yehu saa. Yɛhwɛ nnipa sɛɛ a, ɛsono sɛnea obiara te, enti Yehowa mfa wo ntoto obiara ho. Mmom, ɔhwehwɛ wo koma mu hu sɛnea wote ankasa. (1 Sam. 16:7) Afei nso onim wo mmɔdenbɔ, wo mmerɛwyɛ ne sɛnea wɔtetee wo. Enti ɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa, na yehu yɛn ho sɛnea ohu yɛn no. Ɛba saa a, yebenya “adwene a emu da hɔ;” ɛremma yemmu yɛn ho ntra so, na saa ara nso na ɛremma yemmu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee.—Rom. 12:3.

2. Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo?

2 Nhwɛso pa a afoforo yɛ no, yebetumi asuasua. Sɛ onua anaa onuawa bi bɔ mmɔden wɔ asɛnka mu sɛɛ a, yebetumi asua biribi afi ne hɔ. (Heb. 13:7) Ebia ɛno bɛma yɛahu akwan ahorow a yɛbɛfa so ama yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn. (Filip. 3:17) Nanso kae sɛ, ɛsono sɛ wobɛhwɛ obi nhwɛso pa asua, ɛnna ɛsono sɛ wode wo ho bɛtoto no. Sɛ wode wo ho toto obi a, ebetumi ama w’ani abere no, w’aba mu abu, anaa mpo woate nka sɛ wonsɛ hwee. Sɛnea yesuae wɔ adesua a edi wei anim mu no, sɛ yɛne afoforo si akan wɔ asafo no mu a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Ɛno nti, Yehowa yi ne yam tu yɛn fo sɛ: “Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Gal. 6:4.

3. Dɛn na woatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu a ama w’ani agye?

3 Nea woatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu biara, ɔpɛ sɛ wudi ho ahurusi. Sɛ woabɔ asu a, ɛsɛ sɛ w’ani tumi gye sɛ woadu saa botae no ho, efisɛ wo ara na wusii saa gyinae no. Ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn na ɛkanyan wo ma woyɛɛ saa. Efi saa bere no ara besi nnɛ, wo de, hwɛ nkɔso a woanya. Yemmisa sɛ, anigye ne ahokeka a wode kenkan Bible na wode yɛ wo kokoam adesua no te sɛn? Anya nkɔanim anaa? Wo mpaebɔ nso ɛ? Atu mpɔn anaa? (Dw. 141:2) Wutumi ne afoforo bɔ nkɔmmɔ wɔ asɛnka mu a wommrɛ? Na nnwinnade a yɛde yɛ asɛnka adwuma no nso, wutumi de yɛ adwuma yiye anaa? Sɛ woaware nso a, Yehowa aboa wo ama woayɛ okunu pa, ɔyere pa, anaa ɔwofo pa anaa? Sɛ woatumi anya nkɔso wɔ nea yɛaka ho asɛm yi biara mu a, ɛnde ma w’ani nnye na wo koma ntɔ wo yam.

4. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua yi mu?

4 Nea afoforo atumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ama wɔadi ho ahurusi. Afei nso, yebetumi aboa wɔn ma wɔagyae sɛ wɔde wɔn ho toto afoforo no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma ne sɛnea awarefo betumi aboa wɔn ho wɔn ho. Bio nso, yɛbɛhwɛ sɛnea asafo mu mpanyimfo ne afoforo betumi aboa anuanom a ɛwɔ asafo no mu no. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm bi a ebetumi aboa yɛn ama yɛn mu biara de botae ahorow a obetumi adu ho asisi n’ani so.

NEA AWOFO NE AWAREFO BETUMI AYƐ

Awofo, sɛ mo mma yɛ nneɛma pa a, monkamfo wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 5-6) *

5. Sɛnea Efesofo 6:4 ma yehu no, dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo yɛ?

5 Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ yiye na wɔamfa wɔn ba biara antoto ne nua ho. Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ba yɛ biribi a ɛboro n’ahoɔden so. Sɛ awofo yɛ saa a, ebetumi ahyɛ mmofra no abufuw na ama wɔn abam abu. (Kenkan Efesofo 6:4.) Onuawa bi a ne din de Sachiko * ka sɛ: “Wɔn a na me ne wɔn kɔ sukuu no, na m’akyerɛkyerɛfo pɛ sɛ mitwa wɔn nyinaa. Ɛno da nkyɛn a, na me maame pɛ sɛ meyere me ho paa wɔ sukuu sɛnea ɛbɛyɛ a m’akyerɛkyerɛfo ne me papa a ɔnyɛ Ɔdansefo no benya Yehowa Adansefo ho adwempa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛyɛ sɔhwɛ a, na me maame pɛ sɛ mitwa ne nyinaa. Ɛno nso de, na ɛboro me so. Ɛwom sɛ miwiee sukuu mfe pii atwam de, nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ nea mifi me koma nyinaa mu reyɛ no, Yehowa ani nsɔ.”

6. Asɛm a ɛwɔ Dwom 131:1, 2 no, dɛn na awofo betumi asua afi mu?

6 Asɛm a ɛwɔ Dwom 131:1, 2 no, awofo betumi anya asuade a ɛho hia paa wom. (Kenkan.) Ɔhene Dawid kaa sɛ ‘wanhwehwɛ nneɛma akɛse’ anaa wanyɛ nneɛma a ɛboro n’ahoɔden so. Esiane sɛ na ɔbrɛ ne ho ase na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ nti, ɛmaa ‘ne ho dwoo no na ne koma tɔɔ ne yam.’ Dɛn na awofo betumi asua afi Dawid asɛm no mu? Ɛsɛ sɛ awofo brɛ wɔn ho ase na wogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔremma wɔn mma nyɛ biribi a ɛboro wɔn ahoɔden so. Awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔahu nneɛma a wotumi yɛ no yiye ne nea wɔmmɔ mu mmɔden. Ɛba saa a, ɛremma mmofra no mmu wɔn ho abomfiaa, na mmom ɛbɛboa wɔn ma wɔde botae a wobetumi adu ho asisi wɔn ani so. Tie nea onuawa bi a ɔde Marina kae: “Me maame amfa me antoto me nuanom mmiɛnsa no anaa mmofra foforo biara ho da. Ɔma mihui sɛ obiara wɔ ne dom akyɛde, na yɛn mu biara som bo ma Yehowa.”

7-8. Dɛn na okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni?

7 Ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni di ne yere ni. (1 Pet. 3:7) Sɛ yɛn ani ku obi ho na yebu no a, ɛkyerɛ sɛ yedi no ni. Dɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni? Ɛne sɛ ɔbɛma wate nka sɛ ne ho hia paa. Afei nso, ɔremma ɔnyɛ biribi a ɛboro n’ahoɔden so. Ɛnsɛ sɛ ɔde no toto ɔbea foforo biara ho. Sɛ ɔde ne yere toto ɔbea foforo ho a, ɔhaw bɛn na ɛde ba? Onuawa bi a ɔde Rosa kunu nyɛ Yehowa Danseni. Ɛyɛ a ɔtaa de onuawa yi toto mmea foforo ho. Nsɛm a ɛwowɔ a ɔkeka kyerɛ Rosa no ama ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Ɔka sɛ, “Daa ɛsɛ sɛ obi kae me sɛ mesom bo ma Yehowa.” Nanso okunu a ɔyɛ Kristoni de, ɔrenyɛ saa da, mmom obedi ne yere ni. Onim sɛ, odi ne yere ni a, ɔne ne yere ntam bɛyɛ kama, na ɔne Yehowa ayɔnkofa mu nso bɛyɛ den. *

8 Ɔbarima a odi ne yere ni no, ɛyɛ a oyi no ayɛ, ɔma ohu sɛ ɔdɔ no, na ɔkamfo no. (Mmeb. 31:28) Katerina a yɛadi kan aka ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no, na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee, nanso ne kunu aboa no ama wahu sɛ ɛnsɛ sɛ onya saa adwene no. Bere a Katerina yɛ abofra no, na ne maame didi no atɛm, na na ɔtaa de no toto mmaayewa foforo ne ne nnamfo mpo ho. Ɛno nti, Katerina fii ase de ne ho totoo afoforo, na ɔbaa nokware no mu mpo, na ɔda so ara yɛ saa! Nanso ne kunu a ɔyɛ Kristoni no aboa no ama wadi saa ɔhaw no so, na waboa no nso ama wahu sɛ ɛnsɛ sɛ obu ne ho abomfiaa. Katerina ka sɛ: “Me kunu dɔ me, na nneɛma pa a meyɛ no, ɔkamfo me na ɔbɔ mpae ma me. Afei nso, ɛyɛ a ɔkae me sɛ Yehowa wɔ su a ɛyɛ fɛ, na ɔboa me ma mekɔ so nya adwempa.”

NEA ASAFO MU MPANYIMFO NE AFOFORO BETUMI AYƐ

9-10. Asafo mu mpanyimfo a wodwen anuanom ho no, dɛn na wɔyɛ de boaa onuawa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfa ne ho ntoto afoforo?

9 Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa anuanom a ɛyɛ a wɔde wɔn ho toto afoforo no? Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Hanuni suahu. Ɔyɛ abofra no, na wɔntaa nkamfo no. Ɔka sɛ: “Ná mefɛre ade, na na mete nka sɛ mmofra a aka no yɛ ade sen me. Me mmofraase pɛɛ na mifii ase de me ho totoo nkurɔfo ho.” Hanuni baa nokware no mu a ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo mpo, na ɔda so ara de ne ho toto afoforo. Ɛno nti na osusuw sɛ ne so nni mfaso wɔ asafo no mu. Nanso seesei de, ɔyɛ ɔkwampaefo a n’ani gye. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa ne suban?

10 Hanuni ka sɛ asafo mu mpanyimfo a wodwen anuanom ho no na ɛboaa no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ne ho hia wɔ asafo no mu, na wɔkamfoo no sɛ ɔyɛ nhwɛso pa. Ɔka sɛ: “Sɛ anuanom mmea bi botow a, ɛtɔ da a na mpanyimfo no ma mehyɛ wɔn nkuran. Saa dwumadi yi ma metee nka sɛ me ho hia. Mekae sɛ bere bi a mehyɛɛ anuanom mmea bi nkuran no, mpanyimfo no daa me ase. Afei wɔne me kenkan 1 Tesalonikafo 1:2, 3. Nea wɔyɛe no kaa me koma paa! Saa ahwɛfo a wɔn ani ku Yehowa nguan ho no aboa me paa ma seesei mahu sɛ me ho hia wɔ Yehowa asafo no mu.”

11. “Wɔn a wɔabubu ne mmɔborɔwafo” a Yesaia 57:15 ka wɔn ho asɛm no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

11 Kenkan Yesaia 57:15. “Wɔn a wɔabubu ne mmɔborɔwafo” no, Yehowa dwen wɔn ho paa. Ɛnyɛ mpanyimfo no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ saa anuanom no nkuran, na mmom yɛn nyinaa. Ɔkwan baako a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran ne sɛ, yɛbɛma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho. Yehowa pɛ sɛ yɛma wohu sɛ ne nguan som bo ma no, na ɔdɔ wɔn. (Mmeb. 19:17) Ade foforo nso a yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom ne sɛ, yɛremfa nea yetumi yɛ nhoahoa yɛn ho, mmom yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Sɛ yɛhoahoa yɛn ho a, ebetumi ama afoforo ani abere yɛn. Enti yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa hyɛ yɛn nuanom nkuran.—1 Pet. 4:10, 11.

Nea enti a Yesu asuafo no tumi bɛn no ne sɛ, wammu ne ho sɛ ɔkyɛn wɔn. Ná n’ani gye ho sɛ ɔne ne nnamfo no bɛbɔ (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Adɛn nti na na wɔn a wonsuaa nhoma nkɔ akyiri tumi bɛn Yesu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

12 Sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu ne n’akyidifo no di a, yɛn nso yebetumi asua nneɛma pii afi mu, na yɛahu sɛnea yɛne afoforo bɛtena. Ná Yesu ne onipa a ɔsen biara a watena asaase so pɛn. Nanso na ‘odwo na na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mat. 11:28-30) Sɛnea na Yesu adwenem abue na ɔwɔ nimdeɛ pii no, wamfa anhoahoa ne ho. Yesu de nsɛm ne mfatoho a ɛnyɛ den sɛ obiara bɛte ase na ɛkyerɛkyerɛe, na wei kaa wɔn a na wonsuaa nhoma nkɔɔ akyiri no koma. (Luka 10:21) Ná Yesu nte sɛ nyamesom akannifo a na wommu nnipa no. Ɔno de, na ɔma nkurɔfo hu sɛ wɔsom bo ma Onyankopɔn. (Yoh. 6:37) Ná Yesu bu wɔn a nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee no.

13. Sɛn na Yesu daa ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛɛ n’asuafo no?

13 Yesu daa ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛɛ n’asuafo no. Ná onim sɛ ɛsono obiara tebea ne ne dom akyɛde. Enti ɛsono adwuma a obiara betumi ayɛ no yiye; asɛnka adwuma no nso, ɛsono nea obiara betumi ayɛ. Nanso nea na wɔn mu biara fi ne komam yɛ no, na n’ani sɔ. Sɛ yɛhwɛ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu yɛe no a, ɛma yehu sɛ ɔte nnipa ase paa. Saa mfatoho no mu no, owura no maa akoa biara dwetikɛse sɛ ɔmfa nkɔyɛ adwuma “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” Wɔkɔyɛɛ adwuma no, nkoa mmienu a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden no baako nyaa bi sen ne yɔnko. Bere a owura no rekamfo wɔn no, asɛnkoro no ara na ɔka kyerɛɛ wɔn mu biara. Ɔkaa sɛ: “Mo, akoa pa nokwafo!”—Mat. 25:14-23.

14. Sɛnea na Yesu ne nnipa di no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

14 Yesu da ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ yɛn bere nyinaa. Onim sɛ ɛsono obiara tebea ne ne dom akyɛde, na sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yɛ nea yebetumi a, n’ani sɔ. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua sɛnea na Yesu ne afoforo di no. Sɛ yɛn nua Kristoni bi ntumi nyɛ pii sɛnea afoforo yɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ no aniwu anaa yɛma ɔte nka da sɛ ne so nni mfaso. Mmom, momma yɛnhwehwɛ hokwan biara mfa nkamfo yɛn nuanom sɛ wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de asom Yehowa.

FA BOTAE AHOROW A WUBETUMI ADU HO SISI W’ANI SO

Sɛ wode botae ahorow a wubetumi adu ho sisi w’ani so a, ɛbɛma w’ani agye (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15-16. Bere a onuawa bi de botae ahorow a obetumi adu ho sisii n’ani so no, ɛboaa no sɛn?

15 Sɛ yɛde botae ahorow sisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛma yɛn ani gye, na yenya akomatɔyam. Nanso nea ehia paa ne sɛ, botae biara a yɛde besi yɛn ani so no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yebetumi adu ho, na ɛnyɛ sɛ afoforo reyɛ ara nti na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ bi. Yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛadi awerɛhow, na yɛn aba mu abu. (Luka 14:28) Yɛnhwɛ onuawa kwampaefo bi a ne din de Midori asɛm no.

16 Midori papa nyɛ Yehowa Danseni. Midori yɛ abofra no, na ne papa taa de no toto ne nuanom ne ne sukuufo ho. Ná wei ma ɔte nka sɛ, ɔno de ɔmmɔ mmɔden. Midori ka sɛ, “Metee nka sɛ me so nni mfaso.” Nanso onyinii no, obehui sɛ ne so wɔ mfaso. Ɔka sɛ, “Da biara na mekenkan Bible, na ɛno boaa me ma minyaa asomdwoe, na ɛma metee nka sɛ Yehowa dɔ me.” Bio nso, ɔde botae ahorow a obetumi adu ho sisii n’ani so, na ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onnu saa botae no ho. Wei boaa Midori ma otumi dii nea ɔno ara tumi yɛ wɔ Yehowa som mu no ho ahurusi.

KƆ SO YƐ NEA WUBETUMI NYINAA FA SOM YEHOWA

17. Yɛbɛyɛ dɛn ‘akɔ so ayɛ yɛn adwene foforo,’ na dɛn na ebefi mu aba?

17 Sɛ yebu yɛn ho abomfiaa anaa yebu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee a, ɛbɛkyɛ ansa na yɛatumi asesa. Ɛno nti, Yehowa tu yɛn fo sɛ: “Momma wɔnkɔ so nyɛ mo adwene foforo.” (Efe. 4:23, 24) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, yesua Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ahoɔden na woatumi akɔ so ayɛ saa nneɛma yi. Ɔbɛma ne honhom kronkron aboa wo na woamfa wo ho antoto afoforo. Afei nso, sɛ subammɔne bi te sɛ ahoɔyaw ne ahantan reyi ne ti wɔ wo koma mu a, Yehowa bɛboa wo ma woahu, na woatu ase ntɛm.

18. Sɛn na asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 6:29, 30 betumi akyekye wo werɛ?

18 Kenkan 2 Beresosɛm 6:29, 30. Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn koma mu, na onim nea yɛrefa mu nso, efisɛ onim sɛ wiase honhom ne yɛn ankasa sintɔ redi tia yɛn. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyere yɛn ho ako atia saa nneɛma yi a, ɛma ɔdɔ yɛn kɛse.

19. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ɔde toto dɛn ho?

19 Sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ɔde toto sɛnea ɔbaatan dɔ ne ba akokoaa ho. (Yes. 49:15) Yɛnhwɛ ɔbaatan bi a ne din de Rachel. Ɔka sɛ: “Bere a minyinsɛn me babea Stephanie no, bere anso na mewoo no. Bere a mewoo no too hɔ no, na ɔyɛ ketekete a onni ahoɔden. Enti wɔde no hyɛɛ afiri mu. Nanso bosome a edi kan no, da biara na dɔkota no ma mefa no kakra. Mmere a ɛtete saa no maa me ne me ba no benyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Seesei wadi mfe nsia, na sɛ ɔne n’atipɛnfo gyina hɔ a, wuhu sɛ ɔyɛ ketekete. Nanso nea ɔfaa mu paa a ɔda so te ase nti, medɔ no paa, na ɔma m’ani gye ankasa.” Saa ara na Yehowa nso te. Sɛ ohu sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu reyɛ nea yebetumi biara de asom no a, ɛma ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no yɛ kɛse. Wei kyekye yɛn werɛ paa!

20. Dɛn na ɛma wudi ahurusi sɛ Yehowa somfo?

20 Esiane sɛ woyɛ Yehowa somfo nti, n’abusua kɛse no mu no, woda mu fua, na wosom bo ma no. Ɛnyɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden sen afoforo nti na Yehowa twee wo. Mmom, nea enti a ɔtwee wo ne sɛ, ɔhwehwɛɛ wo koma mu hui sɛ wobrɛ wo ho ase, na obetumi akyerɛkyerɛ wo ama woasesa wo suban. (Dw. 25:9) Nya awerɛhyem sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa som no a, n’ani sɔ. Sɛnea wumia w’ani som Yehowa no kyerɛ sɛ wowɔ “koma pa a emu tew.” (Luka 8:15) Enti kɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa fa som Yehowa. Ɛno bɛma woanya “biribi agyina so adi ahurusi.”

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ nky. 5 Yehowa mfa yɛn ntoto afoforo ho. Nanso ɛtɔ da a, yɛn mu bi de yɛn ho toto afoforo ho, na ɛma yenya adwene sɛ yɛnsɛ hwee. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛnyɛ papa sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛboa yɛn mmusua ne asafo no mufo ama wɔahu wɔn ho sɛnea Yehowa hu wɔn.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 7 Ɛwom sɛ nea yɛreka ho asɛm yi fa okununom ho nanso nnyinasosɛm no pii nso fa ɔyerenom ho.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua bi reyɛ abusua som. Nea abofra biara ayɛ a ɔde rekɔ Noa adaka no mu no, awofo no ama mmofra no ahu sɛ wɔn ani gye ho.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbaatankoro bi a ne ba nnya mfii sukuu ase reyɛ nhyehyɛe a ɔde bɛyɛ akwampaefo boafo, na n’ani agye sɛ watumi adu saa botae no ho.