Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 31

Wode Ntoboase Bɛtwɛn Yehowa?

Wode Ntoboase Bɛtwɛn Yehowa?

“Mede ntoboase bɛtwɛn.”—MIKA 7:7.

DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

SƐ WOREHWƐ amenade bi kwan paa na ammedu bere a ɛsɛ sɛ wo nsa ka a, wobɛte nka sɛn? Ɛbɛhaw wo anaa? Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mmebusɛm 13:12 ka sɛ: “Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare.” Na sɛ wuhu sɛ, biribi pa bi nti na wo nsa anka amenade no bere a worehwɛ kwan no nso ɛ? Sɛ saa na ɛte a, ebia wubenya abotare atwɛn akosi sɛ ɛbɛba.

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ‘ntoboase atwɛn.’ (Mika 7:7) Afei, nneɛma a ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Yehowa yɛ ho biribi no, yebesusuw emu mmienu ho. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nhyira a wɔn a wɔbɛtɔ wɔn bo ase atwɛn Yehowa no benya.

BIBLE NNYINASOSƐM A ƐBOA YƐN MA YENYA ABOTARE

3. Dɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:11 ma yehu?

3 Sɛ yɛhwɛ Mmebusɛm 13:11 a, ɛma yehu ade baako nti a ɛsɛ sɛ yenya abotare. Ɛka sɛ: “Ahonyade a wonya no ntɛm no, ɛbɛsa, na nea ɔboaboa ahonyade ano nkakrankakra no, ɛbɛyɛ bebree.” Wuhu nnyinasosɛm a ɛwom no? Ɛne sɛ, biribiara a yɛreyɛ no, nyansa wom sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase ayɛ no nkakrankakra.

4. Dɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 4:18 ma yehu?

4 Mmebusɛm 4:18 ka sɛ: “Atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann a ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Yɛhwɛ saa kyerɛwsɛm yi a, ɛma yehu pefee sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo ma wɔte n’atirimpɔw ase nkakrankakra. Afei nso, sɛnea Kristoni bi tumi yɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu na ɔne Yehowa ntam yɛ kama no, saa kyerɛwsɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛate ase. Egye bere na obi ne Yehowa adamfofa mu atumi ayɛ den. Sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible, na yɛde afotu a Onyankopɔn asafo no nam Bible so de ma yɛn no yɛ adwuma a, nkakrankakra yebenya Kristo suban no bi. Afei nso, yebehu Onyankopɔn yiye. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu.

Sɛnea afifide bi nyin nkakrankakra no, saa ara na obi gye Ahenni asɛm no tom a, ɔyɛ nsakrae nkakrankakra (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Mfatoho bɛn na Yesu de kyerɛe sɛ ɛnyɛ da koro pɛ na obi betumi de ayɛ nsakrae?

5 Sɛnea Ahenni asɛm a yɛka no nyin nkakrankakra wɔ nnipa a wɔwɔ koma pa mu no, Yesu de aba ketewa bi yɛɛ mfatoho de kyerɛkyerɛɛ mu. Ɔkaa sɛ: “Aba no fifi na ɛyɛ tenten; ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa de, [ogufo no nnim]. Asaase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei ɛbɔ bɛtem, na aba ba bɛtem no ho.” (Mar. 4:27, 28) Ná Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, sɛnea afifide bi nyin nkakrankakra no, saa ara na obi gye Ahenni asɛm no tom a, ɔyɛ nsakrae nkakrankakra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn Bible asuafo fi ase sɛ wɔrebɛn Yehowa a, yehu sɛ wɔyɛ nsakrae pii nkakrankakra wɔ wɔn asetena mu. (Efe. 4:22-24) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa na ɔma saa aba ketewa no nyin.—1 Kor. 3:7.

6-7. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa bɔɔ asaase no a, dɛn na yesua fi mu?

6 Biribiara a Yehowa yɛ no, ɔmpere ne ho; ɔtɔ ne bo ase. Ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛhyɛ ne din anuonyam na afoforo nso anya so mfaso. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa tɔɔ ne bo ase siesiee asaase no nkakrankakra maa nnipa.

7 Bere a Bible reka sɛnea Yehowa bɔɔ asaase no ho asɛm no, ɛkaa sɛ “osusuw too hɔ,” ɔde “ne nnyinaso sisii” hɔ, na “ɔde ne ntwea so bo tim hɔ.” (Hiob 38:5, 6) Ogyee bere mpo hwɛɛ nnwuma a wayɛ. (Gen. 1:10, 12) Sɛnea Yehowa bɔɔ nneɛma nkakrankakra no, abɔfo no hui no, wohwɛ a wɔtee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei paa! Eduu baabi mpo de, ‘wɔbɔɔ ose.’ (Hiob 38:7) Dɛn na yesua fi mu? Egyee mfe mpempem pii ansa na Yehowa rebɔ ade awie, nanso bere a ɔhwɛɛ biribiara a watɔ ne bo ase abɔ no, ɔkaa sɛ “eye paa.”—Gen. 1:31.

8. Dɛn na yebesusuw ho?

8 Sɛnea yɛahu wɔ nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm no mu no, yebetumi anya nnyinasosɛm pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ ehia sɛ yenya abotare. Afei nneɛma a ɛsɛ sɛ yenya ntoboase twɛn ma Yehowa yɛ ho biribi no, yɛbɛhwɛ emu mmienu.

BERE BƐN NA EHIA SƐ YƐTWƐN YEHOWA?

9. Nneɛma a ehia sɛ yɛtwɛn ma Yehowa yɛ ho biribi no, emu baako ne nea ɛwɔ he?

9 Ebia ebehia sɛ yɛtwɛn ma Yehowa bua yɛn mpaebɔ. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mma yɛn ahoɔden na yentumi nnyina sɔhwɛ bi ano anaa ɔmmoa yɛn mma yentumi nni mmerɛwyɛ bi so a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ Yehowa rekyɛ dodo. Mpae a yɛbɔ no, ɛnyɛ ne nyinaa na Yehowa bua no ntɛm ara. Adɛn ntia?

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Yehowa bua yɛn mpaebɔ?

10 Yɛbɔ mpae a, Yehowa tɔ ne bo ase tie. (Dw. 65:2) Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae a, ɛma ohu sɛ yɛwɔ ne mu gyidi. (Heb. 11:6) Sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ n’apɛde a, ɔpɛ sɛ ohu sɛ yɛayere yɛn ho retu yɛn adesrɛ no ho anammɔn. (1 Yoh. 3:22) Enti sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni subammɔne bi anaa mmerɛwyɛ bi so a, ebehia sɛ yenya abotare, na yɛyɛ nea yebetumi biara de yɛ nsakrae. Ná Yesu pɛ sɛ yɛte ase sɛ mpae a yɛbɔ no, ebi wɔ hɔ a, yɛrennya ho mmuae ntɛm ara. Enti ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo. Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka, na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no.” (Mat. 7:7, 8) Sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma na yɛbɔ mpae daa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no betie yɛn, na wabua yɛn mpaebɔ.—Kol. 4:2.

Bere a yɛretwɛn Yehowa no, yɛkɔ so bɔ mpae na yenya gyidi sɛ obebua yɛn mpaebɔ (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Sɛ yɛbɔ mpae na ayɛ sɛ yennya ho mmuae ntɛm a, sɛn na Hebrifo 4:16 no bɛboa yɛn?

11 Sɛ yɛbɔ mpae na ayɛ sɛ yennya ho mmuae ntɛm a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obebua yɛn mpae no “bere a ɛsɛ mu.” (Kenkan Hebrifo 4:16.) Ɛno nti, sɛ yɛbɔ mpae na yɛannya ho mmuae ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia Yehowa da. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnipa bebree abɔ mpae mfe pii sɛ Onyankopɔn Ahenni mmɛsɛe saa wiase bɔne yi. Yesu mpo kaa sɛ yɛmmɔ wei ho mpae. (Mat. 6:10) Nanso sɛ obi ka sɛ bere a nnipa hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba no amma nti onni gyidi wɔ Onyankopɔn mu bio a, ɛno de nyansa nnim koraa! (Hab. 2:3; Mat. 24:44) Ɛyɛ papa sɛ yɛkɔ so twɛn Yehowa na yenya gyidi sɛ obebua yɛn mpaebɔ. Awiei no bɛba bere a Yehowa ahyɛ no pɛpɛɛpɛ efisɛ “da no ne dɔn no,” Yehowa adi kan ahyɛ ato hɔ. Saa da no du a, obiara ani begye.—Mat. 24:36; 2 Pet. 3:15.

Abotare ho asuade bɛn na yebetumi anya afi Yosef hɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 12-14)

12. Bere bɛn na ebetumi ayɛ den paa sɛ yebenya abotare?

12 Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ebehia sɛ yenya abotare twɛn Yehowa. Ɛnnɛ, sɛ obi yɛ ɔbea anaa ɔbarima, ɔyɛ obibini anaa oburoni, ɛsono abusua a ofi mu anaa ɔman a ofi mu a, nkurɔfo ntaa ne no nni no yiye. Ebinom nso wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔadi dɛm wɔ nipaduam anaa wɔwɔ adwenemyare bi nti, afoforo ne wɔn nni no yiye. Yehowa asomfo pii nso, esiane wɔn gyidi a egyina Bible so nti, nkurɔfo ne wɔn nni no yiye. Sɛ yehyia saa ɔhaw yi bi a, ɛsɛ sɛ yɛkae asɛm a Yesu kae no. Ɔkaa sɛ: “Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mat. 24:13) Na sɛ wote sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru wɔ asafo no mu nso ɛ? Sɛ asɛm no kodu mpanyimfo anim a, wubegyaw ama wɔn, na wanya abotare atwɛn ama wɔde Yehowa akwankyerɛ ayɛ adwuma anaa? Sɛn na mpanyimfo no bedi ho dwuma?

13. Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɔkwan bɛn na Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no fa so di ho dwuma?

13 Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru wɔ asafo no mu na ɛbɛtɔ mpanyimfo no anim a, wɔbɔ mpae hwehwɛ “nyansa a efi soro” sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Yehowa adwene wɔ asɛm no ho. (Yak. 3:17) Wɔn botae ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛboa nea ɔreyɛ bɔne no na ‘watwe ne ho afi ne kwammɔne so.’ (Yak. 5:19, 20) Afei nso, wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara bɔ asafo no ho ban na wɔkyekye wɔn a ɔbɔnefo no nneyɛe ahaw wɔn no werɛ. (2 Kor. 1:3, 4) Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na mpanyimfo no redi asɛm no a, ɛsɛ sɛ wodi kan hu asɛm no ani so yiye. Ɛtɔ da a wei begye bere kakra. Afei wɔbɔ mpae na wɔtɔ wɔn bo ase ma no afotu a efi Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔteɛ no so “sɛnea ɛfata.” (Yer. 30:11) Ɛwom sɛ mpanyimfo no nyɛ mmɔtohɔ nanso wɔmpere wɔn ho mmu atɛn. Sɛ mpanyimfo no de Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma a, asafo no mufo nyinaa ho bɛtɔ wɔn. Nanso sɛ mpanyimfo no de Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma mpo a, ebia nea wɔayɛ no bɔne no bɛkɔ so adi yaw. Sɛ biribi saa ato wo a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama yaw no so atew?

14. Sɛ wo nua Kristoni bi ayɛ ade ma ayɛ wo yaw paa a, Bible mu nhwɛso bɛn na ebetumi akyekye wo werɛ?

14 Wo nua Kristoni anaa obi foforo ayɛ ade ma ahye wo paa pɛn? Sɛ saa a, wubenya wei ho nhwɛso a edi mu wɔ Bible mu a ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛtwɛn ma Yehowa de yiye ato yiye. Sɛ yɛhwɛ Yosef sɛɛ a, ɛwom sɛ ɔno ara ne nuanom ne no anni no yiye, nanso wamfa wɔn ho abufuw anhyɛ ne mu. Mmom, ɔde n’adwene sii Yehowa som so, na esiane sɛ ɔtɔɔ ne bo ase gyinaa mu nti, Yehowa hyiraa no paa. (Gen. 39:21) Bere bi akyi no, Yosef tumi de wɔn a wɔne no anni no yiye no bɔne kyɛɛ wɔn, na hwɛ sɛnea Yehowa hyiraa no. (Gen. 45:5) Yɛn nso, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye na yesuasua Yosef a, yɛbɛbɛn Yehowa, na yɛagyaw biribiara ama no. Yɛyɛ saa a, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam.—Dw. 7:17; 73:28.

15. Bere a obi ne onuawa bi anni no yiye no, dɛn na ɛboaa no ma oyii n’adwene fii so?

15 Ɛwom, ebia nea nkurɔfo de bɛyɛ yɛn no, ɛrennu bɔne a wɔde dii Yosef no. Nanso sɛnea ɛte biara, sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ebetumi ayɛ yɛn yaw. Sɛ yɛne obi a ɔnsom Yehowa anaa yɛn nua Kristoni nya asɛm na yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn. (Filip. 2:3, 4) Yɛnhwɛ onuawa bi suahu. Bere a ɔtee sɛ obi a ɔne no yɛ adwuma keka ne ho nsɛm a ɛnyɛ nokware kyerɛ afoforo no, ɛyɛɛ no yaw paa. Onuawa yi ampere ne ho anyɛ biribiara, mmom odwinnwen nea Yesu yɛe ho. Bere a nkurɔfo yeyaw Yesu no, wanyeyaw wɔn bi. (1 Pet. 2:21, 23) Wei nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔremfa nea asi no nyɛ asɛm. Akyiri yi ɔtee sɛ sɛɛ na ne yɔnko dwumayɛni no yare paa ma ɛde adwinnwen kɛse abɛto no so. Enti onuawa no faa no sɛ ɛbɛyɛ sɛ wanhyɛ da sɛ ɔbɛkeka ne ho nsɛmmɔne saa. Ɛno nti, yɛn nuabea no ani gyei paa sɛ bere a ne yɔnko dwumayɛni no ne no anni no yiye no, onyaa abotare gyinaa ano. Ɛno ma onyaa asomdwoe.

16. Sɛ obi ne wo anni no yiye na sɛ woredi ho yaw a, dɛn na ebetumi akyekye wo werɛ? (1 Petro 3:12)

16 Sɛ obi ne wo anni no yiye anaasɛ biribi foforo bi nti woredi yaw a, kae sɛ Yehowa bɛn “wɔn a wɔn koma abubu.” (Dw. 34:18) Esiane sɛ woanya abotare na wode w’adesoa ato no so nti, ɔdɔ wo. (Dw. 55:22) Ɔno ne asaase nyinaa temmufo. N’ani tua biribiara. (Kenkan 1 Petro 3:12.) Sɛ worefa ɔhaw a emu yɛ den mu na sɛ worentumi nyɛ ho hwee a, wobɛtwɛn ma Yehowa adi ho dwuma anaa?

WƆN A WƆTWƐN YEHOWA NO BENYA NHYIRA A ENNI AWIEI

17. Sɛnea Yesaia 30:18 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma yɛn?

17 Ɛrenkyɛ, yɛn Agya a ɔwɔ soro no nam n’Ahenni no so behwie nhyira bebree agu yɛn so. Yesaia 30:18 ka sɛ: “Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ. Efisɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.” Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, ɛnnɛ ne wiase foforo a ɛreba no mu nyinaa, nhyira a wobenya de, yɛnka.

18. Nhyira bɛn na yebenya daakye?

18 Sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ wiase foforo no mu a, dadwen ne kɔdaanna ne ɔhaw a wɔrefa mu nnɛ no, wɔrenso ho dae mpo. Ɛremma da sɛ obi bɛyɛ ade ma ayɛ wɔn yaw efisɛ yaw befi hɔ. (Adi. 21:4) Ɛho renhia sɛ yɛtwɛn ma yɛn ani tutu ka yɛn nsam ansa na yɛanya nea yehia, efisɛ biribiara bebu so. (Dw. 72:16; Yes. 54:13) Hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa!

19. Ɛnnɛ, dɛn na Yehowa reboa yɛn nkakrankakra ma yɛatumi ayɛ?

19 Ɛnnɛ, Yehowa reboa yɛn ma yɛagyae subammɔne biara na yɛanya suban papa sɛnea ɛbɛyɛ a nkakrankakra yebetumi abɛyɛ n’Ahenni no manfo. Ɛno nti mpa abaw; hyɛ wo sapɔw mu nsu. Afei koraa na agorɔ no rebɛsɔ! Esiane sɛ daakye papa bi da yɛn anim nti, momma yɛnkɔ so mfa anigye ne abotare ntwɛn Yehowa ma onwie n’adwuma!

DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”

^ nky. 5 Ebia woate pɛn sɛ obi a ɔde mfe pii asom Yehowa reka sɛ, ‘Manhwɛ kwan da sɛ wiase bɔne yi bɛtena hɔ abesi saa bere yi.’ Esiane sɛ mmere a yɛte mu yi mu yɛ den nti, ɛkaa yɛn nko a anka Yehowa de awiei no aba. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya abotare. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ntoboase atwɛn Yehowa. Afei nso, nneɛma a ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Yehowa yɛ ho biribi no, yebesusuw emu mmienu ho. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nhyira a wɔn a wɔbɛtɔ wɔn bo ase atwɛn Yehowa no benya.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi abɔ Yehowa mpae fi ne mmofraase tɔnn. Ɔyɛ abofra koraa na n’awofo kyerɛɛ no sɛnea ɔbɛbɔ mpae. Bere a ɔyɛ ababaa no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na na ɔtaa bɔ Yehowa mpae sɛ onhyira asɛnka adwuma a ɔreyɛ no so. Mfe pii akyi, ne kunu yaree paa na ɔsrɛɛ Yehowa denneennen sɛ ɔnhyɛ no den na ontumi nnyina sɔhwɛ no ano. Ɛnnɛ, ɔyɛ okunafo na ɔda so ara bɔ mpae, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no bebua ne mpae sɛnea wayɛ ama no wɔ n’asetena nyinaa mu no.