Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 32

Gyidi a Wowɔ Wɔ Ɔbɔadeɛ No Mu No, Hyɛ Mu Den

Gyidi a Wowɔ Wɔ Ɔbɔadeɛ No Mu No, Hyɛ Mu Den

“Gyidi yɛ . . . adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.”—HEB. 11:1.

DWOM 11 Abɔde Yi Onyankopɔn Ayɛ

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na woasua afa Ɔbɔadeɛ no ho?

SƐ W’AWOFO yɛ Yehowa Adansefo a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ efi wo mmofraase pɛɛ na wofii ase kyerɛɛ wo Yehowa ho ade. Wɔkyerɛɛ wo sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no, na ɔwɔ suban a ɛyɛ fɛ. Afei nso, ɔdɔ nnipa nti wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma asaase no adan paradise.—Gen. 1:1; Aso. 17:24-27.

2. Wɔn a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, sɛn na ebinom bu wɔn?

2 Nanso, nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na kampɛsɛ wɔagye atom sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Mmom, wogye di sɛ nneɛma a nkwa wom no ara na ɛbae; efii ase nkakrankakra wɔ nneɛma nketenkete a nkwa wom mu, ɛnna ɛdannan bɛyɛɛ nneɛma akɛse a nkwa wom. Nnipa a wogye saa nkyerɛkyerɛ yi di no, ebinom yɛ nhomanimfo paa. Ebia wɔbɛka sɛ nyansahu ama ada adi sɛ nea Bible ka no nyɛ nokware, na wɔn a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, wɔyɛ tibɔnkɔso a wonnim hwee; nea wɔbɛte biara na wɔagye adi.

3. Adɛn nti na ehia sɛ obiara hyɛ ne gyidi den?

3 Nsɛm a nhomanimfo binom keka no, ɛbɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu ahinhim na yɛanya adwene sɛ ɛnyɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no anaa? Nea enti a wugye di sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, ɛno na ɛbɛkyerɛ paa sɛ wo gyidi behinhim anaa ɛrenhinhim. Esiane sɛ w’awofo anaa obi ka kyerɛɛ wo sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no nti na wugye di, anaasɛ w’ankasa woagye bere ayɛ ho nhwehwɛmu nti na wugye di? (1 Kor. 3:12-15) Sɛ yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo akyɛ sɛ dɛn mpo a, ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so hyɛ yɛn gyidi den. Sɛ yɛyɛ saa a, “nyansapɛ ne nnaadaa hunu” a nkurɔfo a wonnye Bible nni kyerɛkyerɛ no, ɛremma yɛn gyidi nhinhim. (Kol. 2:8; Heb. 11:6) Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu (1) nea enti a nnipa pii nnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, (2) sɛnea wubenya Yehowa, wo Bɔfo no mu gyidi ne (3) sɛnea wobɛkɔ so ama wo gyidi ayɛ den.

NEA ENTI A NNIPA PII NNYE NNI SƐ ƆBƆADEƐ BI WƆ HƆ

4. Sɛnea Hebrifo 11:1 ne ase hɔ asɛm no kyerɛ no, dɛn na gyidi ankasa gyina so?

4 Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ yɛka sɛ obi wɔ gyidi a, ɛkyerɛ sɛ ogye di sɛ biribi wɔ hɔ kɛkɛ a onni nnyinaso biara. Nanso, Bible ma yehu sɛ ɛno nyɛ gyidi ankasa. (Kenkan Hebrifo 11:1 ne ase hɔ asɛm no.) Hyɛ no nsow sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ nneɛma a yenhu mu te sɛ Yehowa, Yesu, ne ɔsoro Ahenni no, egyina adanse a edi mu so. (Heb. 11:3) Abɔde mu nyansahufo bi a wabɛyɛ Yehowa Danseni ka sɛ: “Yɛn gyidi no wɔ nnyinaso, na nokwasɛm a nyansahufo ahu no, yɛmmɔ ngu.”

5. Adɛn nti na nnipa pii gye di sɛ nneɛma a nkwa wom no, ɛnyɛ obiara na ɔbɔe?

5 Ebia yebebisa sɛ, ‘Sɛ adanse a edi mu wɔ hɔ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛnde adɛn nti na nnipa pii gye di sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom?’ Nokwasɛm ne sɛ ebinom nyɛɛ asɛm no mu nhwehwɛmu biara nhuu adanse a ɛwɔ hɔ no. Robert a seesei ɔyɛ Yehowa Danseni no ka sɛ: “Yɛwɔ sukuu no, yɛn akyerɛkyerɛfo anka adebɔ ho asɛm da, enti na m’adwene yɛ me sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ ade. Mante adebɔ ho asɛm ara kosii sɛ midii mfe 20 ne kakra. Saa bere no na me ne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ, na wɔnam Bible no so maa me adebɔ ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom na edi mu. *—Hwɛ adaka a yɛato din, “ Asɛnhia Bi a Yɛde Reto Awofo Anim” no.

6. Adɛn nti na ebinom nnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

6 Nea enti a ebinom nnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ne sɛ, wɔka sɛ nea wɔn ani hu nko ara na wogye di. Nanso nneɛma bi te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam de, ɛwom sɛ wonhu nanso wogye di sɛ ɛwɔ hɔ, efisɛ wɔwɔ ɛho adanse. Gyidi a Bible ka ho asɛm no, ɛno nso gyina adanse so. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma foforo a “yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.” (Heb. 11:1) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yegye bere na yɛyere yɛn ho sua ade. Nanso nnipa pii wɔ hɔ a biribiara mpusuw wɔn sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ saa. Sɛ obi annye bere ansua ade anhwehwɛ adanse no a, ebia ɔbɛka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ.

7. Nhomanimfo nyinaa na wonnye nni sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no, nyansahufo binom ayɛ ho nhwehwɛmu, na wɔabegye adi sɛ ampa Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. * Nyansahufo no bi asɛm te sɛ Robert a yɛaka ne ho asɛm no. Bere a saa nyansahufo yi wɔ suapɔn no, esiane sɛ wɔankyerɛkyerɛ wɔn adebɔ ho asɛm da nti, ɛno na ɛbɛyɛ sɛ ɛma wonyaa adwene sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no. Nanso, nyansahufo pii abehu Yehowa na wɔdɔ no. Baabi a yɛasua nhoma akodu biara, ɛsɛ sɛ yesuasua saa nyansahufo yi, na gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no, yɛhyɛ mu den. Obi foforo biara rentumi nyɛ wei mma yɛn.

SƐNEA WUBENYA ƆBƆADEƐ NO MU GYIDI

8-9. (a) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho? (b) Sɛ wusua adebɔ ho ade a, ɛbɛboa wo sɛn?

8 Wobɛyɛ dɛn anya Ɔbɔadeɛ no mu gyidi? Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi.

9 Sua adebɔ ho ade. Sɛ wode w’ani to fam hwɛ mmoa, afifide, ne nsoromma a, ebetumi ama woanya gyidi wɔ Ɔbɔadeɛ no mu. (Dw. 19:1; Yes. 40:26) Sɛ wokɔ so sua saa nneɛma yi ho ade a, ɛbɛma woabegye adi paa sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no. Yɛn nhoma ahorow no taa ka adebɔ ho nsɛm pii. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte nsɛm a ɛfa adebɔ ho no ase yiye mpo a, ntwa nnyaw. Wo de, kakra a wobɛte ase biara, sua. Afei nso, abɔde ho video ahorow a ɛyɛ fɛ a yɛahwɛ wɔ ɔmantam nhyiam ase mfe kakra a atwam ni no, wubetumi asan akɔhwɛ wɔ jw.org.

10. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea abɔde ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (Romafo 1:20)

10 Sɛ woresua abɔde ho ade a, ɛyɛ a tɔ wo bo ase hwɛ nea wubetumi asua afa yɛn Bɔfo no ho. (Kenkan Romafo 1:20.) Ɛho nhwɛso bi ni. Ebia wunim sɛ owia no ma yɛn ɔhyew ne hann a ɛma yetumi tena nkwa mu, nanso owia koro yi ara, emu ahoɔden no bi betumi apira yɛn. Enti ɛsɛ sɛ nnipa nya biribi a ebetumi abɔ wɔn ho ban. Ampa ara, yɛwɔ biribi a ɛbɔ yɛn ho ban! Ɛyɛ dɛn? Mframa bi a ɛsɔn owia no ahoɔden so atwa yɛn asaase yi ho ahyia. Ɛno na ɛbɔ yɛn ho ban na owia no mu ahoɔden a ebetumi apira yɛn no anka yɛn. Sɛ owia no mu ahoɔden a etumi pira yɛn no ano reyɛ den a, na mframa a ɛsɔn owia no ahoɔden so no nso bi rebɛka ho. Afei, wunnye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔdɔ yɛn, na ne nyansa mu dɔ na ɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi nyinaa?

11. Ɛhe na wubetumi anya abɔde ho nsɛm a ebetumi ama woanya gyidi? (Hwɛ adaka a yɛato din, “ Nneɛma Bi a Ebetumi Ama Woanya Gyidi” no.)

11 Sɛ wohwɛ Watch Tower Publications Index no mu, na woyɛ nhwehwɛmu wɔ jw.org so a, wubenya abɔde ho nsɛm pii a ɛbɛma woanya gyidi. Ebia wubetumi de nsɛm ne video a ɛba toatoa so a wɔato din “Wɔbɔe Anaa?” no afi ase. Saa nsɛm ne video yi yɛ ntiantiaa, na ɛma yehu mmoa ne afifide ho nsɛm bi a ɛyɛ nwonwa. Afei nso, sɛnea nyansahufo suasua nea wohu wɔ abɔde mu no, ɛka bi ho asɛm.

12. Sɛ yɛresua Bible a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ so?

12 Sua Bible. Abɔde mu nyansahufo a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, bere bi a atwam no, na onnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Nanso akyiri yi obegye dii. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ nyansahu a misuae nko ara na ama manya gyidi. Mmom metɔɔ me bo ase nso suaa Bible no yiye.” Ebia wowɔ Bible mu nimdeɛ a edi mu dedaw, nanso sɛ wubetumi ahyɛ gyidi a wowɔ wɔ wo Bɔfo no mu den a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokɔ so sua Bible. (Yos. 1:8; Dw. 119:97) Nsɛm a esisii tete a Bible ka ho asɛm pɛpɛɛpɛ no, ɛyɛ a susuw ho. Afei nso, fa w’adwene kɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ mu no so. Bio nso, sɛnea akyerɛwfo no mu biara asɛm ne ne yɔnko de hyia no, dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den na ama woahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔdɔ yɛn, na ne nyansa mu dɔ na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. *2 Tim. 3:14; 2 Pet. 1:21.

13. Nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛho nhwɛso baako ne nea ɛwɔ he?

13 Sɛ woresua Onyankopɔn Asɛm a, hwɛ sɛnea afotu a ɛwom no so wɔ mfaso ma yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, efi tete na Bible abɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛma yɛn ani bere sika a, ebepira yɛn na ɛbɛma yɛde “yaw bebree” awowɔ yɛn ho. (1 Tim. 6:9, 10; Mmeb. 28:20; Mat. 6:24) Ɛnnɛ nso, saa asɛm yi yɛ nokware anaa? Nhoma bi a ɛka sɛnea nnipa suban te wɔ yɛn bere yi so ka sɛ: ‘Mpɛn pii no, nnipa a wɔpɛ ahonyade no ani ntaa nnye, na ɛma adwinnwen kɛse bɛtɔ wɔn so. Afei nso, nnipa a wɔpɛ sɛ wonya sika pii no nya adwenemhaw, na wɔtaa yareyare.’ Wei kyerɛ sɛ kɔkɔbɔ a Bible de ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere sika no, ɛyɛ afotu pa. Bible nnyinasosɛm afoforo nso wɔ hɔ a aboa wo anaa? Sɛ yɛkɔ so dwinnwen afotu pa a ɛwɔ Bible mu no ho a, yebehu sɛ Ɔbɔadeɛ no dɔ yɛn nti na ɔma yɛn afotu a nyansa wom saa. Yehu no saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde n’afotu ayɛ adwuma bere nyinaa. (Yak. 1:5) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa wɔ yɛn asetena mu.—Yes. 48:17, 18.

14. Sɛ wusua Bible a, dɛn na ɛbɛma woahu afa Yehowa ho?

14 Sɛ woresua Bible a, fa si w’ani so sɛ wopɛ sɛ wuhu Yehowa yiye. (Yoh. 17:3) Sɛ wusua Bible na wohwɛ nneɛma a Yehowa abɔ nso a, wubehu ne suban. Sɛ yesua Yehowa ho ade saa a, ɛma yehu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. (Ex. 34:6, 7; Dw. 145:8, 9) Sɛ wokɔ so hu Yehowa yiye a, ɛbɛma gyidi a wowɔ wɔ ne mu ayɛ kɛse, na ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den, na ɛbɛma wo ne n’adamfofa mu nso ayɛ den.

15. Sɛ woka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛboa wo sɛn?

15 Gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn mu no, ka ho asɛm kyerɛ afoforo. Woyɛ saa a, wo ara nso, ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Nanso, sɛ wudi obi adanse na ɔka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na wunhu nea wobɛka a, dɛn na wobɛyɛ? Bɔ mmɔden yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma no bi mu, na nkyerɛkyerɛmu a egyina Bible so a ebeyi n’asɛm no ano no, wo ne no nkosusuw ho. (1 Pet. 3:15) Wubetumi nso aka akyerɛ onua bi a ne ho akokwaw ama waboa wo. Bible mu nkyerɛkyerɛmu a wode bɛma onii no, sɛ ogye tom oo, sɛ wannye antom oo, nhwehwɛmu a woyɛe no, wo ara nso wubenya so mfaso. Ɛbɛma wo gyidi nso ayɛ den. Ɛba saa a, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anyansafo ne nhomanimfo no, atosɛm a wɔka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no, worennye nni.

KƆ SO HYƐ WO GYIDI DEN!

16. Sɛ yɛankɔ so anhyɛ yɛn gyidi den a, dɛn na ebetumi asi?

16 Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, gyidi a yɛwɔ wɔ ne mu no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn gyidi betumi ayɛ mmerɛw. Kae sɛ, gyidi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a yɛn ani nhu no wɔ hɔ ankasa. Ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma a yɛn ani ntumi nhu no, yɛn werɛ befi sɛ ɛwɔ hɔ. Ɛno nti na Paul kaa sɛ, sɛ yenni gyidi a, ɛyɛ “bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn” no. (Heb. 12:1) Ɛnde, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn gyidi anyɛ mmerɛw?—2 Tes. 1:3.

17. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ahyɛ yɛn gyidi den?

17 Nea edi kan, kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ne honhom kronkron. Adɛn ntia? Efisɛ su ahorow a ɛka bom yɛ honhom no aba no, gyidi ka ho. (Gal. 5:22, 23) Gyidi a yɛwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no mu no, sɛ wamfa ne honhom kronkron ammoa yɛn a, yɛrentumi nkɔ so nhyɛ mu den. Sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ne honhom kronkron a, ɔde bɛma yɛn. (Luka 11:13) Yebetumi abɔ mpae nso sɛ: “Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.”—Luka 17:5.

18. Sɛnea Dwom 1:2, 3 kyerɛ no, hokwan bɛn na yɛwɔ seesei?

18 Afei nso, sua Onyankopɔn Asɛm no daa. (Kenkan Dwom 1:2, 3.) Bere a wɔkyerɛw saa dwom no, na Israelfo kakraa bi na wɔwɔ Onyankopɔn Mmara no bi. Nanso na ahemfo ne asɔfo betumi anya Onyankopɔn Mmara no bi. Mfe nson biara nso, na wɔyɛ nhyehyɛe kenkan kyerɛ “mmarima, mmea, mmofra” ne ahɔho a wɔwɔ Israel. (Deut. 31:10-12) Yesu bere so no, na nnipa kakraa bi na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee so no bi, na na dodow no ara wɔ hyia adan mu. Nanso ɛnnɛ de, nnipa dodow no ara wɔ Onyankopɔn Asɛm no bi. Wonni bi koraa no, na ɛnyɛ ne fã bi. Wei yɛ hokwan a ɛso bi nni. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a ɛte saa?

19. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den?

19 Hokwan a yɛanya sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no, sɛ yɛkenkan no daa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yɛ nhyehyɛe de kenkan Bible na yesua. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a yenya kwan a na yɛyɛ. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe de sua Bible daa, na yedi so a, ɛbɛma yɛn gyidi akɔ so ayɛ den.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?

20 Yɛnte sɛ wiase “anyansafo ne animdefo” no. Yɛn de, yɛn gyidi gyina Onyankopɔn Asɛm so. (Mat. 11:25, 26) Bible no a yesua nti, yenim nea enti a nneɛma resɛe wɔ wiase saa ne nea Yehowa bɛyɛ wɔ ho. Enti, momma yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛbɛhyɛ yɛn gyidi den, na yɛmmoa nnipa dodow biara a yebetumi mma wommehu yɛn Bɔfo no. (1 Tim. 2:3, 4) Afei nso, momma yɛnkɔ so nnya anidaso sɛ, bere bi bɛba a nnipa a ɛte asaase so nyinaa bɛka asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:11 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam . . . efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”

DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa

^ nky. 5 Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no. Nanso nnipa pii nnye saa asɛm no nni. Wɔka sɛ nneɛma a nkwa wom no, ɛnyɛ obiara na ɔbɔe; ɛno ara na ɛbae. Gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ne Bible mu no, sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ mu den a, nea wɔrekeka no, ɛrentumi mma yɛn adwene nhinhim. Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi ayɛ saa.

^ nky. 5 Wokɔ sukuu pii mu a, sɛ wɔrekyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a nkwa bae a, wɔmmɔ so mpo sɛ ebetumi aba sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Akyerɛkyerɛfo binom ka sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, na wɔrehyɛ sukuufo no ama wɔagye Onyankopɔn adi.

^ nky. 7 Nhomanimfo a wɔn mu bi yɛ nyansahufo a wogye adebɔ di no, wohwɛ Watch Tower Publications Index foforo no mu a, wubehu bɛboro 60 anom asɛm wom. Wokɔ asɛm “Science” afa hɔ a, hwehwɛ asɛmti “scientists expressing belief in creation.” Wubehu wɔn anom asɛm no bi nso wɔ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu. Wokɔ “Nyansahu Ne Mfiridwuma” afa hɔ a, hwehwɛ asɛmti a ɛne “‘Nsɛm a Wobisabisa’ (Ɛba toatoa so wɔ Nyan! mu).”

^ nky. 12 Wohwɛ asɛm a yɛato din, “Are Science and the Bible Compatible?” (Nyansahu Ne Bible Hyia Anaa?) a ɛbaa February 2011 Nyan! Borɔfo de no mu a, wubehu wei ho nsɛm pii wom. Afei nso, wohwɛ asɛm a yɛato din, “What Jehovah Foretells Comes to Be” (Nea Yehowa Ka Biara Bam) a ɛbaa January 1, 2008, Ɔwɛn-Aban Borɔfo de no mu a, wubenya bi wom.