Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 33

Hokwan Biara a Wowɔ No, Ma W’ani Nnye Ho

Hokwan Biara a Wowɔ No, Ma W’ani Nnye Ho

“Eye sɛ nea w’ani hu no, wobɛma w’ani agye ho sen sɛ wubekyinkyin adi w’akɔnnɔ akyi.”—ƆSƐNK. 6:9.

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

NEA YƐREBESUA *

1. Ɔkwan bɛn so na nnipa bebree rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu?

 BERE a wiase yi rekɔ n’awiei no, adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Mat. 24:14; Luka 10:2; 1 Pet. 5:2) Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som Yehowa. Anuanom pii retrɛw wɔn som adwuma mu. Ebinom pɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo. Afoforo nso pɛ sɛ wɔkɔsom wɔ Betel anaa wɔboa ma wosisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma. Anuanom mmarima pii nso reyere wɔn ho sɛ wɔbɛba abɛyɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo. (1 Tim. 3:1, 8) Sɛ Yehowa hu sɛnea ne nkurɔfo pɛ sɛ wotu wɔn ho ma yɛ pii wɔ ne som mu no a, n’ani sɔ paa!—Dw. 110:3; Yes. 6:8.

2. Sɛ yɛantumi annu botae bi a yɛde asi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu ho a, sɛn na yebetumi ate nka?

2 Sɛ bere pii twam, na sɛ botae a yɛde asi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu no, yentumi nnuu ho a, ebetumi abu yɛn abam. Afei nso, sɛ onyin anaa biribi foforo nti yɛn nsa ntumi nka hokwan bi a, ebetumi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 13:12) Yɛnhwɛ Melissa sɛɛ. * Ná n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛkɔ akɔsom wɔ Betel anaa ɔbɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi. Nanso ɔka sɛ: “Mfe a madi nti, merentumi nkɔ bi. Seesei saa hokwan no de, ɛne me abɔ nsianho. Ɛtɔ da na midwen ho a, ɛma m’abam bu.”

3. Dɛn na ehia sɛ ebinom yɛ na ama wɔatumi afata sɛ wonya ɔsom hokwan ahorow bi?

3 Ebinom wɔ hɔ a, wɔyɛ mmerante na wɔte apɔw. Nanso ebia ehia sɛ wonya su ahorow bi a ɛbɛboa wɔn ansa na wɔafata sɛ wonya ɔsom hokwan afoforo. Ebia wɔn adwene mu abue, wotumi dwen asɛm ho si gyinae ntɛm, na wɔwɔ ahofama. Nanso ebia ehia sɛ wonya abotare pii na wɔtɔ wɔn bo ase yɛ wɔn adwuma yiye, na wonya obu ma afoforo. Su ahorow a ɛsɛ sɛ wunya no, sɛ woyere wo ho nya a, ebia ɔsom hokwan no bɛba bere a wonhwɛ kwan. Yɛnhwɛ Nick suahu no. Bere a odii mfe 20 a na wɔmpaw no sɛ asafo mu somfo no, ɛhaw no paa. Ɔka sɛ, “Ná ɛyɛ me sɛ biribi nkɔ yiye wɔ me ho.” Nanso Nick ampa abaw. Ɔyeree ne ho yɛɛ biribiara a obetumi wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu. Ɛnnɛ, ɔyɛ Baa Boayikuw muni wɔ ɔman bi so.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Botae bi a wode asi w’ani so wɔ Yehowa som mu a wuntumi nnu ho nti, w’abam abu anaa? Sɛ saa a, ka wo haw kyerɛ Yehowa. (Dw. 37:5-7) Afei nso, wubetumi abisa anuanom a wɔn ho akokwaw na wɔama wo nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ama woayere wo ho asom Onyankopɔn yiye. Bɔ mmɔden fa afotu a wɔde bɛma wo no yɛ adwuma. Woyɛ saa a, wubetumi adu botae a wode asi w’ani so no ho. Nanso sɛnea yehui wɔ Melissa a yɛadi kan aka n’asɛm mu no, ebia hokwan a worepɛ no, ɛnyɛ ade a wo nsa betumi aka no seesei. Sɛ saa mpo a, dɛn na wubetumi ayɛ na woakɔ so anya anigye? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae no, adesua yi bɛma yɛahu (1) nea ebetumi ama yɛn ani agye, (2) nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse, ne (3) botae ahorow a yebetumi de asisi yɛn ani so ama yɛn anigye ayɛ kɛse.

NEA EBETUMI AMA YƐN ANI AGYE

5. Sɛ yɛn ani begye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so? (Ɔsɛnkafo 6:9)

5 Ɔsɛnkafo 6:9 ma yehu nea ebetumi aboa yɛn ama yɛn ani agye. (Kenkan.) Obi a ɔma ‘n’ani gye nea n’ani hu ho no,’ n’ani sɔ nea ɔwɔ seesei, nanso nea okyinkyin di n’akɔnnɔ akyi de, nea ɔpɛ sɛ onya no, ne nsa rentumi nka da. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛn ani begye a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yɛwɔ so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si botae a yebetumi adu ho so.

6. Mfatoho bɛn na yebesusuw ho seesei, na dɛn na yɛde yɛn adwene besi so?

6 Ɛyɛ ampa sɛ yɛn ani betumi asɔ nea yɛwɔ seesei anaa nea yɛwɔ dedaw? Nnipa pii wɔ adwene sɛ ɛrentumi nyɛ yiye saa, efisɛ nnipa de, ɛwom ara yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi foforo. Nanso nea ‘yɛn ani hu,’ anaa nea yɛwɔ dedaw no, yɛn ani betumi agye ho. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sɛ yɛhwɛ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae wɔ Mateo 25:14-30 no a, yebenya ho mmuae. Sɛnea yɛbɛma yɛn ani agye nea yɛwɔ ho, ne sɛnea yɛbɛma anigye no ayɛ kɛse no, mfatoho no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi so.

NEA WOYƐ A ƐBƐMA W’ANIGYE AYƐ KƐSE

7. Yesu mfatoho a ɛfa dwetikɛse ho no, bɔ no mua.

7 Yesu mfatoho no mu no, ná ɔbarima bi rebetu kwan. Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa, na ɔmaa wɔn mu biara dwetikɛse dodow bi sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. * Ɔbarima no hwɛɛ sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te, na ɔmaa akoa a odi kan no dwetikɛse nnum; ɔmaa nea ɔto so mmienu no dwetikɛse mmienu, na ɔmaa nea ɔto so mmiɛnsa no dwetikɛse baako. Akoa a odi kan, ne nea ɔto so mmienu no yeree wɔn ho de dwetikɛse a wonyae no yɛɛ adwuma, na wonyaa bi kaa ho. Nanso akoa a ɔto so mmiɛnsa no de, wamfa sika a onyae no anyɛ adwuma. Ɛno nti, owura no yii no adi.

8. Akoa a odi kan wɔ mfatoho no mu no, adɛn nti na na n’ani betumi agye?

8 Ɛbɛyɛ sɛ akoa a odi kan no ani gyei paa sɛ owura no de dwetikɛse nnum hyɛɛ ne nsa. Ná ɛnyɛ sika ketewa. Wei ma yehu sɛ na owura no wɔ akoa no mu ahotoso paa! Na akoa a ɔto so mmienu no nso ɛ? Esiane sɛ akoa a odi kan no nyaa dwetikɛse no bi sen no nti, anka n’abam betumi abu. Nanso dɛn na ɔyɛe?

Akoa a ɔto so mmienu a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no, dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ? (1) Ne wura no maa no dwetikɛse mmienu. (2) Ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma nyaa sika no bi kaa ho maa ne wura. (3) Dwetikɛse a ne wura de maa no no, ɔma ebu bɔɔ ho (Hwɛ nkyekyɛm 9-11)

9. Dɛn na Yesu anka amfa akoa a ɔto so mmienu no ho? (Mateo 25:22, 23)

9 Kenkan Mateo 25:22, 23. Yesu anka sɛ, esiane sɛ akoa a ɔto so mmienu no nyaa dwetikɛse mmienu pɛ nti, ne bo fuwii, na ɔfaa ne wura no ho tirimka. Afei nso, Yesu anka sɛ akoa no nwiinwii sɛ: ‘Enti nea minyae nyinaa ni? Ah, sɛ́ adwuma a akoa a onyaa dwetikɛse nnum no betumi ayɛ no, me nso metumi ayɛ! Sɛ me wura no nni me mu gyidi de a, ɛnde menkɔpɛ baabi mfa dwetikɛse no nhyɛ, na me ara menkɔyɛ m’adwuma.’

10. Akoa a ɔto so mmienu no, dɛn na ɔde dwetikɛse mmienu a onyae no yɛe?

10 Sɛnea akoa a odi kan no yɛe no, akoa a ɔto so mmienu no nso antoto n’adwuma ase. Ɔyeree ne ho de sika a onyae no yɛɛ adwuma nyaa bi kaa ho maa ne wura. Ɛno nti, dwetikɛse a owura no de maa no no bu bɔɔ ho. Adwumaden a akoa yi yɛe no, onyaa so akatua pii. Owura no ani gyei paa, na ɔkaa mpo sɛ ɔde adwuma pii bɛhyɛ ne nsa!

11. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn anigye ayɛ kɛse?

11 Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma biara a wɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu a, ebetumi ama yɛn anigye ayɛ kɛse. Fa ‘wo bere nyinaa’ ka asɛmpa no, na yere wo ho yɛ asafo no mu nnwuma nyinaa bi. (Aso. 18:5; Heb. 10:24, 25) Nea yebesua wɔ adesua ase no, di kan sua no yiye na woatumi ama mmuae a ɛhyɛ nkuran. Sɛ wunya asuafo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no ase a, ɛyɛ a siesie no yiye. Sɛ wɔde adwuma bi hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu a, ɛyɛ a du hɔ ntɛm na kɔyɛ na mmu w’ani ngu so. Dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, mmu no sɛ ɛmfata wo, enti wobɛyɛ no biarabiara. Yere wo ho sɛ wubehu adwuma no ani so yiye. (Mmeb. 22:29) Biribiara a yɛyɛ de som Yehowa no, sɛ woyere wo ho yɛ no yiye a, ɛbɛma wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, na ɛbɛma w’ani agye paa. (Gal. 6:4) Afei nso, hokwan bi a anka wohwɛ kwan sɛ wubenya no, sɛ afoforo nya a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wo ne wɔn bedi ahurusi.—Rom. 12:15; Gal. 5:26.

12. Dɛn na Adansefo mmienu bi yɛe a ɛmaa wɔn ani gyei paa?

12 Wokae Onuawa Melissa a yɛkaa ne ho asɛm sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ Betel anaa ɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no? Ɛwom sɛ wantumi anyɛ emu biara de, nanso ɔka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ akwampae adwuma no yiye. Afei asɛnka adwuma no afã ahorow nyinaa, mede me ho hyɛ mu. Wei ama m’ani agye paa.” Na Nick nso ɛ? Bere a wɔampaw no asafo mu somfo a ɛhaw no no, dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Mede m’adwene sii hokwan a na mewɔ no so. Enti meyeree me ho yɛɛ asɛnka adwuma no, na na mema mmuae a ɛhyɛ nkuran nso. Bio nso, mehyehyɛɛ Betel akwammisa krataa, na afe a edi hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Betel.”

13. Dwumadi a ɛhyɛ wo nsa seesei no, sɛ woyere wo ho yɛ no yiye a, dɛn na wubenya? (Ɔsɛnkafo 2:24)

13 Dwumadi a ɛhyɛ wo nsa seesei no, sɛ woyere wo ho yɛ a, wubenya hokwan afoforo bi aka ho daakye anaa? Sɛnea Nick de no yɛe no, wo nso ebetumi aba saa wɔ wo fam. Sɛ nso, amma saa a, wubetumi asuasua Melissa, na woayɛ dwumadi a ɛhyɛ wo nsa no yiye. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye paa na woanya akomatɔyam kɛse nso. (Kenkan Ɔsɛnkafo 2:24.) Afei nso, esiane sɛ wunim sɛ woreyɛ nea ɛsɔ yɛn Wura Yesu Kristo ani nti, w’ani betumi agye paa.

BOTAE AHOROW A EBETUMI AMA YƐN ANIGYE AYƐ KƐSE

14. Botae a yɛde sisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ ho?

14 Esiane sɛ woayere wo ho reyɛ adwuma a ɛhyɛ wo nsa seesei no nti, ɛho nhia sɛ wobɛhwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa? Ɛnte saa koraa! Ɛsɛ sɛ yɛde botae ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no na yɛaboa yɛn nuanom sisi yɛn ani so. Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛannwen yɛn nko ara yɛn ho, na mmom yɛbrɛ yɛn ho ase boa afoforo a, ɛbɛma yɛadu botae a yɛde asisi yɛn ani so no ho.—Mmeb. 11:2; Aso. 20:35.

15. Botae ahorow a ebetumi ama w’anigye ayɛ kɛse no, ebi ne nea ɛwɔ he?

15 Botae ahorow bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na hu botae paa a wubetumi adu ho. (Mmeb. 16:3; Yak. 1:5)  Nkyekyɛm a edi kan wɔ adesua yi mu no, yehuu botae ahorow a obi betumi de asisi n’ani so. Ebi ne sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo anaa daa kwampaefo, ɔbɛkɔ akɔsom wɔ Betel anaa ɔbɛboa ama wɔasisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma. Wubetumi de weinom bi asi w’ani so na woayere wo ho adu ho anaa? Ebi mpo a wubetumi asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii. Anaa wubetumi akɔka asɛmpa no wɔ asaasesin a wɔka kasa foforo mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, wubetumi akenkan Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 10. Wubetumi nso ne mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo mu abɔ ho nkɔmmɔ. * Sɛ woyere wo ho sɛ wubedu botae ahorow yi ho a, wo nkɔso bɛda adi na w’ani begye paa.

16. Sɛ wuntumi nnu botae bi ho seesei a, dɛn na wubetumi ayɛ?

16 Nanso, botae ahorow a yɛaka ho asɛm no, seesei sɛ wuntumi nnu emu bi ho nso ɛ? Ɛno ara ne sɛ wobɛhwehwɛ botae foforo a wubetumi adu ho. Ma yɛnhwɛ emu bi.

Botae a wubetumi ayere wo ho adu ho no, ebi ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Sɛnea 1 Timoteo 4:13 ne 15 kyerɛ no, dɛn na onua bi betumi ayɛ na ama watumi akyerɛkyerɛ yiye?

17 Kenkan 1 Timoteo 4:13, 15. Sɛ woyɛ onua a woabɔ asu a, wubetumi ayere wo ho abɛyɛ ɔkasafo pa ne ɔkyerɛkyerɛfo pa. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ wode “w’adwene nyinaa si so” sɛ wobɛyɛ ɔkenkanfo pa, ɔkasafo pa ne ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɛbɛma w’atiefo anya wo so mfaso. Ɔkasa su biara a ɛwɔ Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho nhomawa no mu no, fa si w’ani so sɛ wubesua na wode ayɛ adwuma. Su ahorow no, sua no mmaako, mmaako. Ɛyɛ a bobɔ so wɔ fie na sɛ wunya ɔkasa a, hwɛ sɛ wode bɛyɛ adwuma. Bisa ɔfotufo boafo no, anaa asafo mu mpanyimfo afoforo a “wɔbɔ mmɔden wɔ ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ mu no,” na wɔmma wo nyansahyɛ. * (1 Tim. 5:17) Ɛnyɛ ɔkasa su no a wobɛte ase na wode ayɛ adwuma no nko ara na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so; mmom ɛsɛ sɛ woboa atiefo ma wɔhyɛ wɔn gyidi den anaa wokanyan wɔn ma wɔde nea wɔresua no yɛ adwuma. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo ne wɔn a wɔretie wo no nyinaa ani agye paa.

Botae a wubetumi ayere wo ho adu ho no, ebi ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ nkyekyɛm 18) *

18. Botae a yɛde asisi yɛn ani so wɔ asɛnka adwuma no mu no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛadu ho?

18 Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ yɛka asɛmpa no na yɛyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20; Rom. 10:14) W’ani begye ho sɛ wo ho bɛkokwaw paa wɔ adwuma a ɛho hia saa yi mu anaa? Sɛ woresua Ɔkyerɛkyerɛ nhomawa no a, fa botae pɔtee bi sisi w’ani so na fa nea wusua no yɛ adwuma. Sɛ wohwɛ Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no mu, na wohwɛ nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu ho video ahorow no a, wubenya nsɛm foforo nso a ɛbɛboa wo. Nyansahyɛ a wɔde ma yɛn no, wubetumi asɔ emu bebree ahwɛ na woahu nea ɛbɛboa wo paa. Sɛ wode nyansahyɛ yi yɛ adwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ wo ho bɛkokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu, na wei bɛma w’ani agye paa.—2 Tim. 4:5.

Botae a wubetumi ayere wo ho adu ho no, ebi ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ nkyekyɛm 19) *

19. Wobɛyɛ dɛn anya suban a Onyankopɔn ani gye ho?

19 Sɛ wode botae resisi w’ani so a, kae sɛ baako a ɛho hia paa ne sɛ wubenya suban a Onyankopɔn ani gye ho. (Gal. 5:22, 23; Kol. 3:12; 2 Pet. 1:5-8) Dɛn na wobɛyɛ na woatumi adu saa botae no ho? Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wo gyidi yɛ den. Wubetumi akenkan yɛn nhoma ahorow no bi, na ɛbɛma wo nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo gyidi den. Ade baako nso a ɛbɛboa wo ne sɛ wobɛhwɛ JW Broadcasting® dwumadi no bi. Wohwɛ a, wubehu anuanom mmarima ne mmea a wɔde gyidi a emu yɛ den agyina sɔhwɛ ahorow ano. Afei hwɛ akwan a wubetumi afa so asuasua wɔn gyidi.

20. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya anigye kɛse, na nneɛma anhaw yɛn pii?

20 Yɛn nyinaa nyae a anka yɛbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu asen nea yɛreyɛ seesei. Sɛ yɛkɔ wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu a, yebetumi asom no sɛnea yɛpɛ. Enti seesei, nea yetumi yɛ no, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no yiye a, ɛbɛma yɛn ani agye paa na ɛremma nneɛma nhaw yɛn pii. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɛma yɛahyɛ Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no anuonyam na yɛayi no ayɛ. (1 Tim. 1:11) Enti, hokwan biara a yɛwɔ no, momma yɛn ani nnye ho!

DWOM 82 “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

^ nky. 5 Yɛdɔ Yehowa paa, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. Ɛno nti, ebia yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no pii, anaa yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yenya hokwan foforo bi wɔ asafo no mu. Nanso sɛ yɛn mmɔdenbɔ nyinaa akyi, yɛantumi annu botae a yɛpɛ sɛ yedu ho no nso ɛ? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛakɔ so de anigye ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ dwetikɛse ho mfatoho a Yesu mae no mu.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 7 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ odwumayɛni yɛ adwuma bɛyɛ mfe 20 a, woka n’akatua nyinaa bom a, ɛyɛ dwetikɛse baako.

^ nky. 15 Wɔhyɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu nkuran sɛ, wɔnyere wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfata ama wɔapaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛma obi fata sɛ ɔsomfo anaa ɔpanyin a, hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 5 ne 6.

^ nky. 17 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Ɔfotufo boafo yɛ asafo mu panyin. Ɔno na wɔde ahyɛ ne nsa sɛ, sɛ ɔpanyin anaa ɔsomfo bi ma ɔkasa wɔ asafo no mu na ɛho behia a, ɔde afotu ma no.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi pɛ sɛ otumi kyerɛkyerɛ yiye, enti ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma no bi mu.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi de sii n’ani so sɛ obedi adanse wɔ bɔnnɔ so, enti ɔde jw.org kaad no bi rema ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ adidibea.

^ nky. 68 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi pɛ sɛ onya su a Onyankopɔn ani gye ho, enti bere a ne nua Kristoni bi ani nna no, wakɔkyɛ no ade.