Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 34

Wobɛyɛ Dɛn ‘Aka’ Yehowa Papayɛ ‘Ahwɛ’?

Wobɛyɛ Dɛn ‘Aka’ Yehowa Papayɛ ‘Ahwɛ’?

“Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne onipa a ɔde no yɛ ne guankɔbea.”—DW. 34:8.

DWOM 117 Papayɛ

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea Dwom 34:8 kyerɛ no, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛahu Yehowa papayɛ?

FA NO sɛ obi ama wo aduan bi a wunnii bi da. Sɛ wohwɛ aduan no, wuhua, na wubisa nneɛma a wɔde yɛe anaa wubisa afoforo sɛnea ɛte a, ebia wubehu biribi afa ho. Nanso, ɔkwan baako pɛ a wobɛfa so ahu sɛ w’ani gye ho anaa w’ani nnye ho ne sɛ wobɛka ahwɛ.

2 Sɛ yɛkenkan Bible ne yɛn nhoma ahorow, na yetie nea afoforo ka fa sɛnea Yehowa ahyira wɔn no ho a, yebetumi asua biribi afa Yehowa papayɛ ho. Nanso sɛ yɛn ankasa ‘ka’ Yehowa papayɛ ‘hwɛ’ a, ɛnna yebehu sɛnea Yehowa ye fa. (Kenkan Dwom 34:8.) Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa. Yɛmfa no sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Nanso sɛ yebetumi adu saa botae no ho a, gye sɛ yetwitwa nneɛma so wɔ yɛn asetena mu. Ebia yɛtaa kenkan ɛbɔ a Yesu hyɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni di kan a, Yehowa de nneɛma a yehia ankasa bɛka ho ama yɛn no, nanso yɛn ankasa de, yenhuu biribi saa da wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:33) Nanso esiane sɛ yegye Yesu bɔhyɛ no di nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ atotɔatotɔ, na yɛtew bere a yɛde yɛ adwuma no so. Afei yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no nso. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ ɛyɛ ampa sɛ Yehowa ma yɛn nsa ka nea yehia. Wei bɛma ‘yɛaka’ Yehowa papayɛ ‘ahwɛ.’

3. Sɛnea Dwom 16:1, 2 ma yehu no, henanom na Yehowa yɛ wɔn papa?

3 Yehowa “da ne papayɛ adi kyerɛ obiara.” Wɔn a wonnim no mpo, ɔyɛ wɔn papa. (Dw. 145:9; Mat. 5:45) Nanso wɔn a wɔdɔ Yehowa, na wofi wɔn kra nyinaa mu som no no paa na wonya nhyira pii fi ne hɔ. (Kenkan Dwom 16:1, 2.) Momma yɛnhwɛ akwan a yɛfa so nya Yehowa papayɛ so mfaso no bi.

4. Wɔn a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn Yehowa no, sɛn na Yehowa ma wohu ne papayɛ?

4 Bere biara a yɛde nea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no bɛyɛ adwuma no, yehu sɛ ɛboa yɛn. Bere a yefii ase suaa ne ho ade na yenyaa ɔdɔ maa no no, nsusuwii ne nneyɛe biara a n’ani nnye ho no, ɔboaa yɛn ma yegyaee. (Kol. 1:21) Afei, bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa na yɛbɔɔ asu no, yehuu ne papayɛ kɛse efisɛ ɔma yenyaa ahonim pa, na ɔmaa yɛne no faa adamfo a emu yɛ den.—1 Pet. 3:21.

5. Yɛyɛ dɛn hu Yehowa papayɛ wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu?

5 Bere biara a yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no, yehu Yehowa papayɛ. Woyɛ obi a wofɛre ade anaa? Yehowa asomfo bebree fɛre ade. Ansa na worebɛyɛ Yehowa Danseni no, ebia na wunnye nni sɛ wubetumi akɔbɔ obi a wunnim no baabiara pon mu akɔka asɛm a nkurɔfo mpɛ atie akyerɛ no. Nanso seesei wokɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo daa. Ɛnyɛ ɛno nko, Yehowa mmoa so nti, w’ani abegye asɛnka adwuma no ho paa! Afei nso woahu sɛ Yehowa aboa wo wɔ akwan horow pii so. Yehowa aboa wo ma wutumi da odwo adi bere a obi ne wo ankasa yiye wɔ asɛnka mu no. Sɛ obi kyerɛ asɛmpa no ho anigye nso a, Yehowa boa wo ma wokae kyerɛwsɛm a ɛfata kenkan kyerɛ no. Bio nso sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no a, ɔhyɛ wo den ma wokɔ so ka asɛm no.—Yer. 20:7-9.

6. Sɛn na ntetee a Yehowa de ma yɛn no ma yehu sɛ oye?

6 Ntetee a Yehowa de ma yɛn ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no nso yɛ ade foforo a ɛma yehu sɛ oye. (Yoh. 6:45) Sɛ yɛkɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no a, nsɛm a yebetumi aka ma atɔ nkurɔfo asom wɔ asɛnka mu no, ɛyɛ a wɔbɔ ma yetie, na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛsɔ biribi foforo ahwɛ. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu sɛ ɔkwan foforo a yɛfa so ka asɛm no ma nkurɔfo tie asɛm no paa. Afei nso, yɛkɔ asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam a, akwan bi a ebia yɛmfaa so nkaa asɛmpa no da no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsɔ nhwɛ. Ebia wei nso bɛma ehu aka yɛn kakra, nanso sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. Ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara no, sɛ yɛfa akwan foforo so yɛ nea yebetumi nyinaa som Yehowa a, yebenya nhyira pii. Momma yɛnhwɛ nhyira no bi. Yewie a, yɛbɛhwɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.

YEHOWA HYIRA WƆN A WƆDE WƆN HO TO NE SO

7. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ pii wɔ Yehowa som mu a, nhyira bɛn na yenya?

7 Ɛma yɛbɛn Yehowa paa. Yɛnhwɛ asafo mu panyin bi a ne din de Samuel * nhwɛso. Ɔne ne yere som wɔ Colombia. Ná saa awarefo yi de anigye yɛ akwampae adwuma no wɔ wɔn asafo mu, nanso na wɔpɛ sɛ wɔkɔboa asafo bi a wohia mmoa na ama wɔatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Nea ɛbɛma wɔadu saa botae no ho no, na ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma bi bɔ afɔre. Samuel ka sɛ: “Yɛde asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no yɛɛ adwuma, enti yegyaee atotɔatotɔ. Nanso ade a na ɛyɛ den ma yɛn paa ne yɛn dan a na yebegyaw no hɔ no. Wɔhyɛɛ da sii no sɛnea yɛpɛ, na na yɛatua ho ka awie.” Baabi foforo a awarefo no kɔe no, wohui sɛ sika a na wonya kan no, wokyɛ mu nsia a na emu baako tumi so wɔn. Samuel ka sɛ: “Yɛahu sɛ Yehowa kyerɛ yɛn kwan na obua yɛn mpaebɔ. Yehu paa sɛ Yehowa ani gye nea yɛreyɛ no ho, na sɛnea ɔdɔ yɛn no, yɛntee nka saa da.” Wo nso wubetumi ahwehwɛ kwan bi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa? Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wobɛbɛn Yehowa paa, na ɔbɛma wo nsa aka nea wuhia.—Dw. 18:25.

8. Nsɛm a Ivan ne Viktoria kae no, dɛn na wusua fi mu?

8 Ɛma yɛn ani gye wɔ Yehowa som mu. Ivan ne Viktoria yɛ awarefo a wɔyɛ akwampaefo wɔ Kyrgyzstan. Yɛnhwɛ nea wɔkae. Wɔyɛɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atu wɔn ho ama ayɛ dwumadi biara, a adansi adwuma mpo ka ho. Ivan kaa sɛ: “Dwumadi biara a wɔde maa yɛn no, yɛyeree yɛn ho yɛe. Ɛwom sɛ ebedu anwummere no na yɛabrɛ de, nanso na yɛn asom dwo yɛn na na yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ na yenim sɛ yɛde yɛn ahoɔden ayɛ Yehowa adwuma. Afei nso, yenyaa nnamfo bebree na yɛne wɔn boom yɛɛ nneɛma pii maa yɛn ani gyei paa.”—Mar. 10:29, 30.

9. Dɛn na onuawa bi a ɔrehyia nsɛnnennen ayɛ na ama wɔatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, na dɛn na afi mu aba?

9 Sɛ yɛrehyia nsɛnnennen wɔ yɛn asetena mu mpo a, yebetumi anya anigye wɔ Yehowa som mu. Yɛnhwɛ Mirreh. Ɔyɛ ɔbea kunafo bi a n’ani afi a ɔwɔ Afrika Atɔe fam. Ná ɔyɛ dɔkota, na bere a ɔkɔɔ pɛnhyen no ofii akwampae adwuma ase. Mirreh yare ahotutu, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛnantew akɔ akyiri. Enti dɔnhwerew baako pɛ na otumi de yɛ afie afie asɛnka adwuma no. Nanso otumi de bere pii yɛ baguam adansedi. Ɔwɔ sankɔhwɛ ne Bible adesua pii. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ɔne wɔn sua ade wɔ fon so. Dɛn nti na na Mirreh pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu? Ɔka sɛ: “Yehowa ne Kristo Yesu ho dɔ ahyɛ me koma ma. Enti ɛyɛ a metaa bɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me na menyɛ nea metumi nyinaa wɔ ne som mu.”—Mat. 22:36, 37.

10. Sɛnea 1 Petro 5:10 kyerɛ no, wɔn a wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu no, dɛn na ɔma wonya?

10 Yenya ntetee foforo fi Yehowa hɔ. Kenny yɛ ɔkwampaefo a ɔwɔ Mauritius. Ohui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Bere a osuaa nokware no, na ɔkɔ suapɔn nanso ogyaee. Afei, ɔbɔɔ asu na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Onua yi ka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mesuasua odiyifo Yesaia. Ɔkaa sɛ: ‘Mini! Soma me!’” (Yes. 6:8) Kenny aboa ma wɔasisi adan a yɛde som Yehowa pii, na afei nso waboa ma wɔakyerɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔ ne kurom kasa mu. Kenny ka sɛ: “Adwuma biara a wɔde hyɛɛ me nsa no, minyaa ɛho ntetee a na ɛbɛboa me ma matumi ayɛ no yiye.” Nanso ɛnyɛ adwuma no ho ntetee nko ara na onyae. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ ɛnyɛ biribiara na metumi ayɛ, na ehia sɛ minya suban bi nso a ɛbɛboa me ma matumi asom Yehowa yiye.” (Kenkan 1 Petro 5:10.) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, adɛn na wonhwehwɛ wo ho mu nhwɛ sɛ, wubetumi ayɛ nsakrae ma Yehowa ama wo ntetee foforo?

Awarefo bi reka asɛmpa no wɔ baabi a Ahenni no ho adawurubɔfo nnɔɔso; onuawa bi reboa ma wɔasi Ahenni Asa; awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim redi adanse wɔ tɛlɛfon so. Nea wɔn mu biara yɛ de som Yehowa no ma wɔn ani gye (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Dɛn na anuanom mmea bi a wɔwɔ South Korea yɛe na ama wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

11 Adansefo a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu mpo, sɛ wonya ntetee a, ɛboa wɔn ma wotumi fa kwan foforo so yɛ asɛnka adwuma no. Bere a COVID-19 nsanyare no bae no, asafo bi a ɛwɔ South Korea mu mpanyimfo kyerɛwee sɛ: “Anuanom bi a kan no na wosusuw sɛ yare nti wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no, seesei wotumi fa abɛɛfo mfiri so yɛ bi. Anuanom mmea mmiɛnsa bi a wɔadi boro mfe 80 suaa sɛnea wɔde abɛɛfo mfiri yi yɛ adwuma, na ɛkame ayɛ sɛ da biara wɔde yɛ asɛnka adwuma.” (Dw. 92:14, 15) W’ani begye ho sɛ wobɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu na ama woakɔ so aka Yehowa papayɛ ahwɛ anaa? Yɛnhwɛ nneɛma bi a wubetumi ayɛ na ama woadu saa botae no ho.

NEA ƐBƐBOA WO MA WOATUMI AYƐ PII

12. Ɛbɔ bɛn na Yehowa ahyɛ wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no?

12 Fa wo ho to Yehowa so. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to ne so, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som no a, obehyira yɛn pii. (Mal. 3:10) Onuawa bi a ɔwɔ Colombia a ne din de Fabiola hui wɔ n’asetena mu sɛ Yehowa adi saa bɔhyɛ yi so. Ɔbɔɔ asu ara na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo. Nanso n’akatua paa na na ɛboa ne kunu ma wɔhwɛ wɔn mma mmiɛnsa no. Enti bere soe sɛ ɔbɛkɔ pɛnhyen no, ɔbɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmmoa no. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a ɛtaa kyɛ paa ansa na wɔatua obi pɛnhyen sika ama no. Nanso mede me nkrataa kɔe no, bosome baako pɛ akyi na wofii ase tua maa me. Ná ɛyɛ nwonwa paa!” Abosome mmienu akyi no, ofii akwampae adwuma no ase. Seesei wadi boro mfe 70, na wayɛ akwampae adwuma no bɛboro mfe 20. Ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo no, watumi aboa nnipa nwɔtwe ma wɔabɔ asu. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a mete nka sɛ mayɛ mmerɛw, nanso Yehowa boa me ma mekɔ so yɛ akwampae adwuma no.”

Sɛn na Abraham ne Sara, Yakob, ne asɔfo a wotwaa Asubɔnten Yordan no kyerɛe sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso? Hwɛ nkyekyɛm 13)

13-14. Henanom nhwɛso na ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so na yɛayɛ pii?

13 Nnipa a wɔde wɔn ho too Yehowa so no, sua biribi fi wɔn hɔ. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu nnipa bebree a wɔyeree wɔn ho som Yehowa ho asɛm. Yehowa asomfo a yɛreka wɔn ho asɛm yi, mpɛn pii no na wodi kan yɛ biribi ansa na Yehowa ahyira wɔn. Yɛhwɛ Abraham sɛɛ a, ɛyɛ bere a otu fii ne fie a “na onnim baabi a ɔrekɔ” no akyi na Yehowa hyiraa no. (Heb. 11:8) Yakob nso, ɛyɛ bere a ɔne ɔbɔfo bi tentamee akyi na Yehowa hyiraa no. (Gen. 32:24-30) Afei nso, aka kakra ma Israel man no akɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na ɛsɛ sɛ asɔfo no de wɔn nan si Asubɔnten Yordan a na ayiri no mu. Ɛno na na ɛbɛma nsu no mu apae ama ɔman no atumi atwa akɔ.—Yos. 3:14-16.

14 Ɛnnɛ, Adansefo a wɔde wɔn ho to Yehowa so na wɔyɛ pii wɔ ne som mu nso, wubetumi asua biribi afi wɔn hɔ. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Payton ne ne yere Diana nhwɛso. Anuanom mmarima ne mmea a wɔreyɛ pii wɔ Yehowa som mu no, wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan wɔn ho asɛm. Ebi ne nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa” no. * Payton ka sɛ: “Bere a yɛkenkan anuanom no suahu no, na ɛte sɛ nea obi redi aduan a ɛyɛ dɛ na yɛte akyiri rehwɛ no. Yɛkɔɔ so hwɛe no, ɛmaa yɛn nso yɛn kɔn dɔe sɛ ‘yɛbɛka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’” Nea ekowiei ne sɛ, Payton ne Diana kɔsomee wɔ baabi a na mmoa ho hia. Saa nsɛm a ɛba toatoa so yi, woakenkan bi pɛn? Video a yɛato din Asaasesin a Wɔntaa Nyɛ Mu Adwuma—Australia a ɛwɔ jw.org no, woahwɛ anaa? Sɛ wohwɛ a, ebetumi aboa wo ama woahu akwan horow a wubetumi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.

15. Yɛde yɛn ho bɔ nnamfo pa a, ɛboa yɛn sɛn?

15 Fa nnamfo pa. Sɛ yɛne yɛn nnamfo hyia na sɛ wɔredi aduan bi a yennii bi da a, ɛrenyɛ den sɛ yɛn nso yɛbɛka ahwɛ. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛfa wɔn a wɔde Yehowa som asi wɔn ani so no nnamfo a, ebetumi ama yɛapɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu. Awarefo bi a wɔde Kent ne Veronica hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Kent ka sɛ: “Akwan horow a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu no, yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsɔ nhwɛ. Yebehui sɛ, bere a yɛne wɔn a wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetena mu bɔe no, ɛma yenyaa akokoduru sɔɔ biribi foforo a yebetumi ayɛ wɔ Yehowa som mu hwɛe.” Seesei Kent ne Veronica yɛ akwampaefo titiriw wɔ Serbia.

16. Sɛnea Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 12:16-21 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre?

16 Fa nneɛma bi bɔ afɔre na woatumi asom Yehowa yiye. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma a yɛn ani gye ho nyinaa yegyae yɛ. (Ɔsɛnk. 5:19, 20) Nanso, nneɛma bi a yɛn ani gye ho nti sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛnde yebetumi adi mfomso te sɛ ɔbarima a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no. Ná saa ɔbarima no pɛ sɛ odwudwo ne ho wɔ asetena mu, enti wanhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Kenkan Luka 12:16-21.) Onua bi a ne din de Christian a ɔte France ka sɛ: “Ná minnya Yehowa ne m’abusua ho adagyew papa.” Ɔne ne yere yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma. Nanso, sɛ na wobetumi ayɛ a, na ɛsɛ sɛ wogyae adwuma a wɔyɛ no. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ahwɛ wɔn ho no, wofii adwuma ketewa bi ase. Ná wosiesie nkurɔfo afie ne nnwuma mu; sika kakra a na wonya no, na wɔma wɔn ani sɔ. Sɛnea wotwitwaa nneɛma so no, wonyaa nhyira bi anaa? Christian ka sɛ: “Seesei asɛnka adwuma no kɔ yiye paa. Sɛ yehu sɛ yɛn Bible asuafo ne wɔn a yɛtaa ne wɔn bɔ Bible mu nkɔmmɔ resua Yehowa ho ade a, ɛma yɛn ani gye paa.”

17. Dɛn na ɛboaa onuawa bi ma ɔsɔɔ ɔkwan foforo a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no hwɛe?

17 Bɔ mmɔden sɔ akwan foforo a yɛfa so di adanse no hwɛ. (Aso. 17:16, 17; 20:20, 21) Shirley yɛ ɔkwampaefo a ɔwɔ United States. Esiane COVID-19 nsanyare no nti, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a ɔfa so yɛ asɛnka adwuma no mu. Mfiase no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛfa tɛlɛfon so adi adanse. Nanso bere a ɔmansin sohwɛfo bɛsraa wɔn a onyaa ntetee no, afei de na tɛlɛfon so adansedi ayɛ no dɛ. Ɔka sɛ: “Merefi ase no na ehu kakra wom, nanso seesei de, mente ho gyae koraa. Nnipa a yenya wɔn ne wɔn bɔ nkɔmmɔ wɔ tɛlɛfon so no, ɛkyɛn nnipa a na yɛto wɔn wɔ afie afie asɛnka mu no koraa!”

18. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu na yehyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

18 Fa botae bi si w’ani so na yere wo ho du ho. Sɛ yehyia nsɛnnennen a, yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa na yesusuw ho yiye hwɛ nea yebetumi ayɛ wɔ ho. (Mmeb. 3:21) Sonia yɛ daa kwampaefo, na ɔwɔ kuw bi a wɔde Romany kasa yɛ asɛnka adwuma mu wɔ Europe. Ɔka sɛ: “Botae a mede asi m’ani so no, ɛyɛ a mekyerɛw gu krataa so de to baabi a mehu no ntɛm. Madrɔ nkwantanan bi wɔ krataa so ato me pon so. Enti sɛ mepɛ sɛ misi gyinae bi a, mehwɛ nkwantanan no, na madwen ho ahwɛ sɛ gyinae a merebesi yi, ɛbɛma madu me botae ho anaa.” Sonia bɔ mmɔden sɛ ɔremma nsɛnnennen a ohyia no mmu n’aba mu. Ɔka sɛ: “Nsakrae foforo biara a ɛbɛba m’asetena mu no, metumi afa no sɛ ɛyɛ ɔfasu a ɛremma minnu me botae ho anaa bridge a mɛfa so adu me botae ho. Ne nyinaa gyina me so.”

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?

19 Yehowa hyira yɛn wɔ akwan pii so. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa de yi no ayɛ a, ɛbɛma wahu sɛ yɛn ani sɔ saa nhyira no paa. (Heb. 13:15) Ebi ne sɛ, yebetumi ahwehwɛ akwan foforo afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, na wei bɛma yɛanya nhyira pii. Da biara, momma yɛnhwehwɛ akwan a yebetumi afa so ‘aka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’ Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na mawie n’adwuma.”—Yoh. 4:34.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

^ nky. 5 Nneɛma pa nyinaa fi Yehowa hɔ. Ɔma obiara nneɛma pa a abɔnefo mpo ka ho. Nanso, n’asomfo anokwafo paa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma pa ma wɔn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo nya nneɛma pa. Afei nso, wɔn a wɔtrɛw wɔn som adwuma mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea wohu Yehowa papayɛ wɔ ɔkwan soronko so.

^ nky. 7 Wɔasesa edin no bi.

^ nky. 14 Saa nsɛm a ɛba toatoa so yi, kan no na ɛba Ɔwɛn-Aban mu. Nanso seesei de, wubehu wɔ jw.org. Kɔ YƐN HO NSƐM > ASETENAM NSƐM > BOTAE AHOROW A WƆDE SISI WƆN ANI SO WƆ ONYANKOPƆN SOM MU.