Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 35

Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa

Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa

“Eti so dwen, . . . ɛyɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”—MMEB. 16:31.

DWOM 138 Hwɛ Sɛnea Dwen Yɛ Fɛ

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Sɛnea Mmebusɛm 16:31 kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

SƐ WOKƆ Arkansas a ɛwɔ U.S.A. a, baabi wɔ hɔ a wubetumi ahu dɛnkyɛmmo wɔ asaase no ani. Nanso saa dɛnkyɛmmo yi de, wontwiw ho a wubetumi de ayɛ agude. Wei nti, nnipa a ɛkɔ hɔ no mu bebree hu dɛnkyɛmmo a egugu fam no a, wonhu sɛ ɛsom bo, enti wobɛhwɛ no na wɔasian ho.

2 Yebetumi de yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no atoto saa dɛnkyɛmmo no ho. Wɔsom bo paa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, dwen a ɛwɔ wɔn ti so no te sɛ ahenkyɛw. (Kenkan Mmebusɛm 16:31; 20:29) Nanso ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu anuanom a wɔn mfe akɔ anim yi so. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi som bo paa, na sɛ mmerante ne mmabaa hu no saa a, mfaso a wobenya afi wɔn hɔ no sen ahonyade koraa. Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho mmuae: Adɛn nti na Yehowa bu yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔsom bo? Adɛn nti na wɔn ho hia wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya wɔn so mfaso kɛse?

NEA ENTI A YEHOWA BU YƐN NUANOM A WƆN MFE AKƆ ANIM NO SƐ WƆSOM BO

Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma Yehowa Nyankopɔn ne asafo no (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Sɛnea Dwom 92:12-15 ma yehu no, adɛn nti na yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma Yehowa?

3 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no, Yehowa Nyankopɔn bu wɔn sɛ wɔsom bo. Onim wɔn yiye paa, na suban pa a wɔwɔ no nso, n’ani tua ne nyinaa na ɛsom bo ma no. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi de mfe pii asom Yehowa ama wɔanya nimdeɛ ne osuahu pii. Enti sɛ Yehowa hu sɛ wɔde rekyerɛkyerɛ mmerante ne mmabaa a, ɛma n’ani gye. (Hiob 12:12; Mmeb. 1:1-4) Afei nso, Yehowa ani sɔ sɛnea wɔamia wɔn ani agyina sɔhwɛ mu no. (Mal. 3:16) Ɛwom sɛ yɛn nuanom yi afa abɛbrɛsɛ bebree mu, nanso gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no akɔ so ayɛ den. Daakye ho anidaso a wɔwɔ no mu ayɛ den sen bere a wohuu nokware no foforo no. Yehowa dɔ wɔn, efisɛ seesei a ‘wɔanyinyin mpo,’ wɔda so ara bɔ ne din no dawuru.—Kenkan Dwom 92:12-15.

4. Dɛn na ebetumi akyekye yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no werɛ?

4 Sɛ wo mfe akɔ anim a, nya awerɛhyem sɛ, biribiara a woatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no, ne werɛ remfi da. (Heb. 6:10) Wode nsi ne ahokeka aka asɛmpa no, na yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani sɔ. Woafa sɔhwɛ ne abɛbrɛsɛ bebree mu, wode Bible mu afotu abɔ wo bra, na woaboa ma nkurɔfo ahu sɛ mfaso wɔ so. Woayɛ nnwuma pii a ɛho hia wɔ Yehowa asafo no mu, na woatete afoforo. Woayɛ nea wubetumi biara sɛ woremma Yehowa ahyehyɛde no nnkɔ nnyaw wo. Nsakrae biara a ɛbɛba no, woso mu de yɛ adwuma. Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bi no, woaboa wɔn ahyɛ wɔn nkuran. Wo nokwaredi nti, Yehowa Nyankopɔn dɔ wo paa. Ɔhyɛ bɔ sɛ “ɔrennyaw n’anokwafo”! (Dw. 37:28) Ɔma wo awerɛhyem sɛ: “Enkosi sɛ wubefuw dwen no, mɛkɔ so aturu wo.” (Yes. 46:4) Nnya adwene sɛ wo mfe akɔ anim nti, wo ho nhia Yehowa ahyehyɛde no bio. Wo ho hia paa!

WƆN A WƆN MFE AKƆ ANIM NO HO HIA WƆ YEHOWA AHYEHYƐDE NO MU

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no kae?

5 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no betumi aboa Yehowa ahyehyɛde no wɔ akwan pii so. Ɛwom sɛ ebia wɔn ahoɔden so atew de, nanso esiane sɛ wɔde mfe pii asom Yehowa nti, wɔanya osuahu pii. Sɛ yɛhwɛ wɔn a ɛtenaa ase tete ne wɔn a ɛwɔ yɛn bere yi so a, ɛma yehu sɛ, sɛ obi mfe akɔ anim mpo a, Yehowa betumi ama no adwuma foforo ayɛ. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso no bi.

6-7. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a Bible ka sɛ wɔde nokwaredi som Yehowa ma ohyiraa wɔn no, ka wɔn mu bi ho asɛm.

6 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi som Yehowa no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Yɛhwɛ Mose sɛɛ a, bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa diyifo ne Israel man no kannifo no, na wadi bɛyɛ mfe 80. Odiyifo Daniel nso, ɛbɛyɛ sɛ odi boroo mfe 90 no, na ɔda so ara yɛ Yehowa kasamafo. Saa ara na ɔsomafo Yohane nso, bere a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi boro mfe 90.

7 Anokwafo no nso bebree wɔ hɔ a na nnipa pii nnim wɔn, enti anka ebetumi aba sɛ obiara remmu wɔn ho akontaa. Nanso Yehowa kaee wɔn, na wɔn nokwaredi nti, ohyiraa wɔn. Wɔn mu baako ne Simeon. Ná ɔyɛ “onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu.” Ɛwom sɛ ne ho asɛm kakraa bi na ɛwɔ Bible mu, nanso na Yehowa nim onipa ko a ɔyɛ, na ɔma onyaa hokwan huu Yesu, na ɔhyɛɛ Yesu ne ne maame ho nkɔm mpo. (Luka 2:22, 25-35) Momma yɛnhwɛ odiyifobea Hana a na ɔyɛ okunafo no nso. Ná wadi mfe 84, nanso “na ɔmpa asɔrefi hɔ da.” Esiane sɛ na ɔkɔ asɔrefie hɔ daa kɔsom nti, bere bi a ɔkɔɔ hɔ no, Yehowa hyiraa no ma ohuu Yesu. Ná Simeon ne Hana nyinaa da Yehowa koma so.—Luka 2:36-38.

Onuawa Didur ni. Seesei wadi boro mfe 80, na ɔda so ara de nokwaredi resom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8-9. Sɛ obi yɛ okunafo a, dɛn na otumi yɛ de boa asafo no?

8 Yɛn bere yi so no, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no pii yɛ nhwɛso pa ma mmerante ne mmabaa. Momma yɛnhwɛ Onuawa Lois Didur suahu no. Bere a ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Canada no, na wadi mfe 21 pɛ. Ɛno akyi no, ɔne ne kunu John de mfe pii yɛɛ ahwɛfo akwantufo adwuma no bi. Akyiri yi, wɔsom wɔ Canada Betel bɛboro mfe 20. Bere a Lois dii mfe 58 no, wɔka kyerɛɛ ɔne John sɛ wɔnkɔsom wɔ Ukraine. Ná wobegye hokwan no atom akɔ anaa? Anaa na wɔbɛka sɛ wɔanyinyin dodo nti wɔrentumi nkɔsom wɔ ɔman foforo so? Wɔpenee so kɔe, na wɔpaw John kaa Baa Boayikuw a na ɛwɔ hɔ no ho. Wɔkɔe no, mfe nson akyi na John wui, nanso Lois ansan amma ne nkyi. Seesei Lois adi mfe 81. Ɔda so ara yɛ mmɔdenbɔfo wɔ Ukraine Betel hɔ, na Betel abusua no dɔ no paa.

9 Akunafo a wɔte sɛ Lois no, ebia nkurɔfo adwene renkɔ wɔn so te sɛ bere a wɔn kununom te ase no; nanso sɛ obi yɛ okunafo a, ɛno nkyerɛ sɛ ne so nni mfaso. Anuanom mmea a wɔde mfe pii taa wɔn kununom akyi, na wɔda so ara de nokwaredi resom Yehowa no, wɔsom bo ma no paa. (1 Tim. 5:3) Wɔn nhwɛso no nso hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran.

10. Nhwɛso fɛfɛɛfɛ bɛn na Tony yɛe?

10 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bebree tete mmeae a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa. Wɔn nso som bo paa ma Yehowa. Wɔn mu baako ne yɛn nuabarima Tony. Ɔbɔɔ asu wɔ Pennsylvania a ɛwɔ U.S.A. wɔ August 1942. Saa bere no, na wadi mfe 20. Ankyɛ na wɔhyɛɛ no sɛ onkodi sogya. Esiane sɛ wankɔ nti, wɔde no too afiase mfe mmienu ne fã. Ɔne ne yere Hilda tetee mma mmienu wɔ nokware no mu. Tony de mfe pii somee sɛ ɔhwɛfo guamtenani, (nea seesei yɛfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no) wɔ asafo mmiɛnsa mu. Afei nso ɔsomee sɛ nhyiam sohwɛfo. Ná ɔkɔ afiase ne nkurɔfo kosua Bible, na na ɔne wɔn yɛ asafo nhyiam nso wɔ hɔ. Tony adi mfe 98, nanso ɔntew ntenae. Ɔkɔ so yɛ nea obetumi nyinaa de som Yehowa. Asafo a ɔwom nso, ɔne wɔn ara na ɛyɛ biribiara!

11. Anuanom a wɔn ani afi a wɔwɔ yɛn asafo mu, a wɔn nko ara na ɛte anaa wɔne wɔn abusuafo a wɔnyɛ adansefo na ɛte no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔsom bo ma yɛn?

11 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔn nko ara na ɛte anaa wɔne abusuafo a wɔnyɛ adansefo na ɛte no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedi wɔn ni? Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn ama wɔanya asafo no dwumadi mu kyɛfa. Yebetumi akɔsra wɔn anaa yɛafa abɛɛfo mfiri so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Ebia baabi a yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi te no, ɛmmɛn asafo a wɔwom no koraa. Anuanom a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kɔ wɔn ho paa. Sɛ yɛamma yɛn ani ankɔ wɔn ho a, anhwɛ a yebebu yɛn ani agu wɔn so. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn anaa wɔbɛte nka sɛ ɛmfata sɛ wɔka wɔn suahu. Nanso sɛ yɛto yɛn bo ase bisa wɔn, na yɛyɛ aso tie wɔn ma wɔka anigye a wɔanya wɔ Yehowa som mu kyerɛ yɛn a, yebenya so mfaso paa.

12. Sɛ yɛhwɛ yɛn asafo mu a, anuanom bɛn saa na ebia yebehu wɔn wom?

12 Sɛ yɛhwɛ yɛn asafo mu a, ebia yebehu anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii. Onuawa bi a ne din de Harriette de nokwaredi som Yehowa mfe pii wɔ asafo bi a na ɛwɔ ne kurom mu wɔ New Jersey a ɛwɔ U.S.A. Akyiri yi, ofii hɔ ne ne babea kɔtenae. Anuanom a ɛwɔ asafo foforo a ɔkɔɔ mu no nyaa bere ne no bɔɔ nkɔmmɔ, na wohui sɛ ɔwɔ suahu paa. Osuahu a onyae wɔ asɛnka mu bere a ohuu nokware no wɔ afe 1920 mu hɔ no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn de hyɛɛ wɔn nkuran. Saa bere no, sɛ ɔrekɔ asɛnka biara a na ɔde ne brush kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔkyere no tom a obenya biribi de atwitwiw ne se. Nokwasɛm ne sɛ, afe 1933 mu no, wɔkyere no kɔtoo afiase mprenu. Emu biara no, odii hɔ nnawɔtwe. Ná ne kunu nyɛ Ɔdansefo, nanso na ɔnsɔre ntia no, enti sɛ ɔkɔda afiase a, na ne kunu no hwɛ wɔn mma mmiɛnsa no. Anokwa, anuanom anokwafo a wɔn mfe akɔ anim te sɛ Harriette no som bo paa!

13. Sɛnea yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no ho hia wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, dɛn na yɛasua afa ho?

13 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma Yehowa, na wɔn ho hia paa wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Wɔde wɔn ani ahu nneɛma pii a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔtaa n’ahyehyɛde no akyi. Afei nso, osuahu a wɔanya no ma wogye di sɛ Yehowa gye wɔn tom. Mfomso a wodii wɔ abrabɔ mu no nso, wɔasua nneɛma pii afi mu. Bu wɔn sɛ “nyansa asuti” anaa nnipa a wɔwɔ nyansa paa, na sua biribi fi wɔn hɔ. (Mmeb. 18:4) Sɛ wunya bere ne wɔn bɔ nkɔmmɔ de hu wɔn yiye a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den, na nneɛma a wubesua afi wɔn hɔ nyɛ agorɔ!

SƐNEA YEBENYA YƐN NUANOM A WƆN MFE AKƆ ANIM NO SUAHU SO MFASO KƐSE

Sɛnea Elisa ne Elia bɔe ma ɛboaa Elisa no, anuanom mmerante ne mmabaa nso, sɛ wɔne anuanom a wɔde mfe pii asom Yehowa no bɔ a, wɔbɛka wɔn suahu akyerɛ wɔn na wɔasua biribi afi mu (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)

14. Dɛn na asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 32:7 no hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran sɛ wɔnyɛ?

14 Di kan tu anammɔn ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mmɔ nkɔmmɔ. (Kenkan Deuteronomium 32:7.) Ebia wɔn ani nhu ade papa, wɔnantew nyaa, na wɔkasa bɔkɔɔ nanso adwene no de, ɛte apɔw paa na wɔanya “din pa” wɔ Yehowa anim. (Ɔsɛnk. 7:1) Kae nea enti a Yehowa nni wɔn ho agorɔ no. Kɔ so di wɔn ni. Suasua Elisa. Da a etwa to a na ɔne Elia ntam rebɛtetew no, na wasi nketekrakye sɛ ɔremma mframa koraa mfa wɔn ntam. Elisa kaa no mprɛnsa sɛ: “Merennyae w’akyi di.”—2 Ahe. 2:2, 4, 6.

15. Sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no rebɔ nkɔmmɔ a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa wɔn?

15 Sɛ wo ne yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no rebɔ nkɔmmɔ a, bisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔahu sɛ wopɛ wɔn asɛm paa. (Mmeb. 1:5; 20:5; 1 Tim. 5:1, 2) Wubetumi abisa wɔn nsɛm te sɛ: “Wusua no, dɛn na ɛma wugye dii sɛ woahu nokware no?” “Sɛn na osuahu a woanya no aboa wo ama woabɛn Yehowa?” “Dɛn na ɛboa wo ma w’ani kɔ so gye wɔ Yehowa som mu?” (1 Tim. 6:6-8) Afei sɛ wɔrekasa a, wɛn w’aso tie wɔn yiye.

16. Sɛ onua a n’ani afi ne onua a ne mfe nkɔɔ anim bɔ nkɔmmɔ a, ɔkwan bɛn so na wɔn mu biara nya so mfaso?

16 Sɛ onua a n’ani afi ne onua a ne mfe nkɔɔ anim bɔ nkɔmmɔ a, wɔn nyinaa nya so mfaso. (Rom. 1: 12) Onua a ne mfe nkɔɔ anim no adwene besi no pi sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo anokwafo ampa, na onua a n’ani afi no nso bɛte nka sɛ wahyɛ no anuonyam. Ɛno bɛma ɔde anigye aka sɛnea Yehowa ahyira no no ho asɛm.

17. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no, wɔrenyin nyinaa na wɔn ahoɔfɛ no reyɛ krabɛhwɛ?

17 Nipadua mu ahoɔfɛ de, sɛ obi renyin a na ɛso retew. Nanso, wɔn a wodi Yehowa nokware no de, wɔrenyin nyinaa na wɔn ahoɔfɛ no reyɛ krabɛhwɛ. (1 Tes. 1:2, 3) Adɛn nti na nea yɛreka yi yɛ nokware? Efisɛ wɔama kwan ma Onyankopɔn honhom no aboa ateɛteɛ wɔn mfe pii, na ɛno ama wɔanya suban a ɛyɛ fɛ. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔda yɛn koma so no, sɛ yɛkɔ so ne wɔn bɔ nkɔmmɔ hu wɔn yiye, di wɔn ni, na yesua biribi fi wɔn hɔ a, yebehu sɛ ampa wɔyɛ akyɛde a ɛsom bo paa!

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Sɛ anuanom a ɛwɔ asafo bi mu benya anigye de asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi ne wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim nyinaa, obiara di ne yɔnko ni. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea anuanom a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu bɛyɛ de akyerɛ sɛ wobu anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim no.

DWOM 144 Fa W’ani Si Botae no So!

^ nky. 5 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no som bo paa ma yɛn. Adesua yi bɛboa yɛn ama anisɔ a yɛwɔ ma wɔn no ayɛ kɛse. Afei nso, nyansa ne osuahu a wɔwɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi anya so mfaso kɛse. Bio nso, ɛbɛma yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no anya awerɛhyem sɛ, wɔn ho hia paa wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu.