Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 36

Ma Ahoɔden a Mmerante Ne Mmabaa Wɔ No Nyɛ Wo Fɛ

Ma Ahoɔden a Mmerante Ne Mmabaa Wɔ No Nyɛ Wo Fɛ

“Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.”—MMEB. 20:29.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ yɛn mfe akɔ anim a, botae a yebetumi adu ho bɛn na yebetumi de asi yɛn ani so?

SƐ YƐN mfe akɔ anim a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛn ho nhia wɔ Yehowa asafo no mu sɛ kan no. Ɛwom sɛ yɛn ahoɔden so atew de, nanso nyansa ne osuahu a yɛanya no, yebetumi de aboa atete mmerante ne mmabaa ma wɔayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Onua bi a ɔde mfe pii asom sɛ asafo mu panyin kaa sɛ: “Bere a metee nka sɛ mpanyinyɛ ama m’ahoɔden so atew no, ɛyɛɛ me dɛ sɛ na yɛatete mmerante a na wobetumi atoa adwuma no so.”

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Adesua a edi wei anim no, yehui sɛ, sɛ anuanom mmerante ne mmabaa nya bere ne anuanom a wɔn mfe akɔ anim no bɔ, na wohu wɔn yiye a, wonya so mfaso paa. Adesua yi mu no, yebehu sɛ, sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no brɛ wɔn ho ase, wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na wɔda ayamye adi a, wobetumi ne anuanom mmerante ne mmabaa abom ayɛ adwuma na asafo no nyinaa anya so mfaso.

BRƐ WO HO ASE

3. Sɛnea Filipifo 2:3, 4 kyerɛ no, dɛn ne ahobrɛase, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa Kristoni?

3 Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no pɛ sɛ wɔboa mmerante ne mmabaa a, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, obu afoforo sɛ wɔkyɛn no. (Kenkan Filipifo 2:3, 4.) Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔbrɛ wɔn ho ase no gye tom sɛ, mpɛn pii no, akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so yɛ biribi ma ɛyɛ yiye, a ne nyinaa nso Kyerɛwnsɛm no pene so. Enti wonnya adwene sɛ ɔkwan a na wɔfa so yɛ biribi no, saa kwan no ara na ɛsɛ sɛ obiara fa so. (Ɔsɛnk. 7:10) Ɛwom sɛ wɔwɔ osuahu pii a wobetumi de aboa nkyirimma, nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ, “sɛnea wiase te no resesa.” Ɛno nti sɛ bere dan a, ɛsɛ sɛ wɔn nso dan wɔn ho.—1 Kor. 7:31.

Anuanom a wɔn mfe akɔ anim yi wɔn yam ka wɔn suahu kyerɛ afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 4-5) *

4. Dɛn na amansin so ahwɛfo yɛ de kyerɛ sɛ wosuasua Lewifo no?

4 Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔbrɛ wɔn ho ase no gye tom sɛ, nnwuma bi a na kan wotumi yɛ no, ebia seesei wɔrentumi nyɛ. Yɛmfa amansin so ahwɛfo nyɛ nhwɛso. Sɛ wodi mfe 70 a, ɛyɛ a wɔma wɔn dwumadi foforo. Nanso ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobeso mu. Hokwan a wonya de som wɔn nuanom no, na ɛda wɔn koma so paa. Esiane sɛ ɛyɛ adwuma a na wɔn ani gye ho paa nti, ɛkaa wɔn nko a, na anka wɔda so ara som wɔn nuanom. Nanso wogye tom sɛ adwuma no hia mogya mono, enti ehia sɛ mmerante beso mu. Enti wosuasua Lewifo a na wɔwɔ tete Israel no. Sɛ Lewini bi di mfe 50 a, na ɛsɛ sɛ ogyae ɔsom adwuma a na ɔyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho no. Nanso ɛno amma wɔn anigye so antew. Mmom hokwan a na wɔwɔ sɛ wobetumi aboa wɔn nuanom nkumaa no ama wɔayɛ ɔsom ntamadan no ho adwuma no, wɔde anigye soo mu. (Num. 8:25, 26) Ɛnnɛ, anuanom a wɔnyɛ amansin so ahwɛfo bio no, wɔnsrasra asafo ahorow no, nanso asafo a wɔwom no mufo nya wɔn so mfaso paa.

5. Dɛn na wusua fi nea Dan ne Katie yɛe no mu?

5 Yɛnhwɛ Dan a ɔde mfe 23 somee sɛ ɔmansin sohwɛfo no. Bere a Dan dii mfe 70 no, wɔka kyerɛɛ ɔne ne yere Katie sɛ wɔnkɔyɛ akwampaefo titiriw. Hokwan foforo a wɔanya yi rekɔ sɛn? Dan ka sɛ onnya ne ho atwaye koraa! Asafo no mu nnwuma a ɛhyehyɛ ne nsa no da nkyɛn a, ɔtete anuanom ma wɔfata sɛ asomfo, na ɔtete ebinom nso ma wɔyɛ baguam adansedi. Afei nso, ɔboa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi adanse wɔ afiase. Yɛn nuanom a mo mfe akɔ anim, sɛ mowɔ bere nyinaa som adwuma no mu oo, sɛ munni mu oo, mubetumi ayɛ nneɛma pii de aboa afoforo. Mobɛyɛ no sɛn? Mmere adan, enti mo nso monnan mo ho. Momfa botae foforo nsisi mo ani so, na momfa mo adwene nsi nea mubetumi ayɛ so, ɛnyɛ nea morentumi nyɛ.

GYE TOM SƐ ƐNYƐ BIRIBIARA NA WUBETUMI AYƐ

6. Sɛ wuhu sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ a, ɛbɛboa wo sɛn? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

6 Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. (Mmeb. 11:2) Esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, ɔnyɛ ade a ɛboro n’ahoɔden so. Ɛno nti, n’ani bɛkɔ so agye na wayere ne ho ayɛ nea obetumi biara. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, yebetumi de no atoto drɔbani a ɔreka kar na ɔrebɛforo bepɔw ho. Sɛ obetumi aforo a, gye sɛ ɔsesa gyia no ma kar no mmirika ba fam. Ɛwom sɛ ɔbɛkɔ brɛoo de, nanso ɔde nkakrankakra bɛforo. Saa pɛpɛɛpɛ na obi a ɔbrɛ ne ho ase nso nim bere a ɛsɛ sɛ “ɔsesa ne gyia” ma ne mmirika ba fam, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so asom Yehowa na waboa afoforo.—Filip. 4:5.

7. Dɛn na Basilai yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ?

7 Wo de, ma yɛnhwɛ Basilai. Bere a Ɔhene Dawid too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka n’ahemfie mpanyimfo ho no, na wadi mfe 80. Esiane sɛ na Basilai gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ nti, wankɔ. Ohui sɛ onyin nti, n’ahoɔden so atew. Enti ɔkaa sɛ Kimham a ɔyɛ aberante no mmom nkosi n’anan. (2 Sam. 19:35-37) Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no suasua Basilai a, wɔn ani begye sɛ wɔde hokwan no bɛma mmerante ama wɔasom.

Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ ne ba na obesi asɔrefie no, ogye toom (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Bere a Ɔhene Dawid annya hokwan ansi asɔrefie no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

8 Ɔhene Dawid nso yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Ná ofi ne koma nyinaa mu pɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa. Nanso bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ Solomon a ɔyɛ aberante no na ɔbɛma wasi ɔdan no, Dawid gye toom, na ofi ne koma nyinaa mu boaa adwuma no. (1 Be. 17:4; 22:5) Ɛwom sɛ na Solomon “yɛ abofra a ne ho nkokwawee” de, nanso Dawid annya adwene sɛ obetumi ayɛ adwuma no yiye asen no. (1 Be. 29:1) Ná Dawid nim sɛ, sɛ wɔn a wodi adwuma no anim no anyin na wɔn ho akokwaw sɛ dɛn mpo a, sɛ Yehowa nsa nnim a ɛrenyɛ yiye. Ɛnnɛ nso, anuanom a wɔn mfe akɔ anim no suasua Dawid, na sɛ wɔn adwuma sesa mpo a, wɔyere wɔn ho yɛ nea wobetumi. Afei nso wonim sɛ adwuma a na kan no wɔyɛ no, Yehowa bɛboa mmerante no ma wɔatumi ayɛ.

9. Sɛn na Baa Boayikuw muni bi akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

9 Yɛn bere yi so nso, onua bi a ne din de Shigeo akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Wɔ afe 1976 a na wadi mfe 30 no, wɔpaw no sɛ Baa Boayikuw muni. Afe 2004 no, ɔbɛyɛɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo. Akyiri yi ohui sɛ n’ahoɔden so atew, enti na ontumi nwie n’adwuma ntɛm. Ɔbɔɔ ho mpae, na ohui sɛ sɛnea adwuma no te no, sɛ aberante mmom yɛ a, ɛbɛkɔ yiye. Seesei ɛnyɛ Shigeo na ɔyɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo, nanso ɔda so ara ka Baa Boayikuw no ho, na ɔne wɔn nyinaa abom reyɛ adwuma fɛfɛɛfɛ. Basilai, Ɔhene Dawid, ne Shigeo nhwɛso no ma yehu sɛ, sɛ obi a ne mfe akɔ anim brɛ ne ho ase a, nea mmerante tumi yɛ na ɔde n’adwene si so, ɛnyɛ nea wontumi nyɛ. Ɔne wɔn rensi akan na mmom obebu wɔn sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo.—Mmeb. 20:29.

KYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ

10. Anuanom a wɔn ani afi no, sɛn na wobu mmerante ne mmabaa a ɛwɔ asafo no mu no?

10 Anuanom a wɔn ani afi no bu mmerante ne mmabaa sɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, na wɔkyerɛ ho anisɔ. Bere a anuanom a wɔn ani afi ahoɔden so retew no, ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔwɔ mmerante ne mmabaa a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtoa adwuma no so asom asafo no.

11. Nhwɛso bɛn na ɛwɔ Rut 4:13-16 a ɛma yehu sɛ, sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim ma wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim boa wɔn a, wonya so mfaso?

11 Sɛ yɛrepɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔmaa kwan maa wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim boaa wɔn a, ɛho nhwɛso baako paa ne Naomi a Bible ka ne ho asɛm no. Bere a Naomi babarima a na Rut ware no no wui no, Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn. Nanso Rut ampene, na ɔkae sɛ nsu mu oo, awia mu oo, obedi Naomi akyi akɔ Betlehem. Ɛbaa saa no, Naomi penee so ne no kɔe. (Rut 1:7, 8, 18) Hwɛ sɛnea ɛno boaa wɔn mmienu nyinaa! (Kenkan Rut 4:13-16.) Sɛ anuanom a wɔn ani afi brɛ wɔn ho ase a, wobesuasua Naomi nhwɛso no.

12. Dɛn na ɔsomafo Paul yɛ de kyerɛe sɛ ɔnyɛ bonniayɛ?

12 Bere a anuanom boaa ɔsomafo Paul no, ɔkyerɛɛ ho anisɔ. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, bere a anuanom a ɛwɔ Filipi no bɛkyɛɛ no ade no, ɔdaa wɔn ase. (Filip. 4:16) Mmoa a onya fii Timoteo hɔ nso, ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ. (Filip. 2:19-22) Afei nso, bere a na Paul yɛ deduani a wɔde no rekɔ Roma no, ɔdaa Onyankopɔn ase sɛ anuanom bi bɛhyɛɛ no nkuran. (Aso. 28:15) Ná Paul yɛ obi a ɔte apɔw, enti na otumi twa akwansin mpempem pii kɔka asɛmpa no hyɛ asafo ahorow no den. Nanso esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, wanka da sɛ onhia anuanom mmoa.

13. Dɛn na anuanom a wɔn ani afi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani sɔ mmerante ne mmabaa?

13 Yɛn nuanom a mo ani afi, akwan pii wɔ hɔ a mubetumi afa so akyerɛ sɛ mo ani sɔ mmerante ne mmabaa a ɛwɔ asafo no mu no. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ kar ho nhyehyɛe ma wo, wokodi gua brɛ wo, anaa wɔyɛ nneɛma foforo ma wo a, mpopo wo ti. Kae sɛ, ɛyɛ ɔkwan baako a Yehowa refa so akyerɛ sɛ ɔdɔ wo. Sɛ wopene so ma wɔboa wo a, ebetumi ama moabɛyɛ nnamfo a mframa mfa mo ntam. Bere nyinaa, fa yɛ wo botae sɛ wobɛboa wo nnamfo a wɔn mfe nkɔɔ anim no ma wɔatumi asom Yehowa yiye. Na sɛ wuhu sɛ wɔreyere wɔn ho sɛ wobenya nkɔso wɔ asafo no mu a, fa anigye kamfo wɔn. Bio nso, ɛyɛ a nya bere ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na ka w’asetena mu suahu kyerɛ wɔn. Sɛ woyɛ saa a, mmerante ne mmabaa a Yehowa atwe wɔn aba asafo no mu no, ‘ɛbɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ’ wɔn.—Kol. 3:15; Yoh. 6:44; 1 Tes. 5:18.

DA AYAMYE ADI

14. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid kyerɛe sɛ ne yam ye?

14 Ɔhene Dawid daa su bi a ɛho hia paa adi, na ɛsɛ sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim nso suasua. Ɛyɛ su bɛn? Ɛno ne ayamye. Ɔno ankasa de sika ne nneɛma a ɛsom bo pii boa ma wosii asɔrefie no. (1 Be. 22:11-16; 29:3, 4) Ɛwom sɛ ne ba Solomon din na na ɛbɛda asɔrefie no so, nanso na ɛnyɛ hɔ koraa na ɔrehwɛ. Sɛ onyin nti, yenni ahoɔden a yɛde bɛboa ma wɔasisi asafo adan a, yebetumi afi yɛn koma mu ayi ntoboa biara a yebetumi de apia adwuma no. Afei nso, esiane sɛ yɛasom Yehowa akyɛ nti, yebetumi de suahu a yɛanya no aboa mmerante ne mmabaa.

15. Nneɛma a ɛsom bo bɛn na Timoteo sua fii ɔsomafo Paul hɔ?

15 Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɔsomafo Paul yii ne yam yɛ de boaa Timoteo. Ɔtoo nsa frɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛka ne ho wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu, na oyii ne yam kyerɛɛ no akwan a ɔfa so ka asɛmpa no na ɔkyerɛkyerɛ. (Aso. 16:1-3) Ntetee a Timoteo nya fii Paul hɔ no boaa no ma otumi kaa asɛmpa no yiye, na ne nkyerɛkyerɛ nso tuu mpɔn. (1 Kor. 4:17) Nea Timoteo sua fii Paul hɔ no, ɔno nso de tetee afoforo.

16. Dɛn nti na Shigeo tetee afoforo?

16 Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no nsuro sɛ, sɛ wɔtete anuanom mmerante ma wobesi wɔn anan a, wɔbɛtow wɔn paahwii wɔ asafo no mu. Ɛho nhwɛso ne onua Shigeo a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. Anuanom a na wɔn mfe nkɔɔ anim wɔ Baa Boayikuw no mu no, ɔde ntetee a ɛho hia maa wɔn. Ɔyɛɛ wei sɛnea ɛbɛyɛ a Ahenni adwuma no benya nkɔso wɔ ɔman a na ɔsom wom no mu. Enti bere a n’ahoɔden so tewee a na adwuma no ayɛ den ama no no, na obi wɔ hɔ a watete no yiye a obetumi asi n’anan. Shigeo de bɛboro mfe 45 na asom sɛ Baa Boayikuw no muni. Osuahu pii a wanya no, ɔda so ara de reboa anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim pii a ɔne wɔn som wɔ Baa Boayikuw no mu no. Anuanom a wɔte saa yɛ akyɛde a ɛsom bo ma Onyankopɔn nkurɔfo!

17. Sɛ yɛhwɛ Luka 6:38 a, dɛn na anuanom a wɔn mfe akɔ anim no betumi de ama afoforo?

17 Anuanom a mo mfe akɔ anim, sɛnea moabɔ mo bra no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ asetena a ɛyɛ papa paa ne sɛ obi de gyidi ne nokwaredi bɛsom Yehowa. Mo nhwɛso no ma yehu sɛ, sɛ obi yere ne ho sua Bible na ɔde emu nnyinasosɛm no bɔ ne bra a, mfaso wɔ so paa. Sɛnea na wɔyɛ nneɛma kan no, munim, nanso moabehu sɛ mmere adan, enti ehia sɛ mo nso modan mo ho. Anuanom a mo ani afi a mobɔɔ asu nkyɛe no, mo nso mowɔ suahu paa. Mubehuu Yehowa wɔ mo mpanyin mfe mu yi, anigye a moanya no, mubetumi aka ho asɛm akyerɛ nkyirimma. Nea moafa mu wɔ asetena mu ne nea moasua afi mu no, sɛ moka ho asɛm kyerɛ mmerante ne mmabaa a, wɔn ani begye paa. Sɛ ‘mokɔ so ma,’ kyerɛ sɛ, mokɔ so ka mo asetena mu suahu kyerɛ nkyirimma a, Yehowa behwie ne nhyira agu mo so.—Kenkan Luka 6:38.

18. Anuanom a wɔn ani afi ne anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim no, sɛn na wɔn mu biara betumi aboa ne yɔnko?

18 Sɛ anuanom a wɔn ani afi no twiw bɛn anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim no a, wobehu sɛ nifa guare benkum na benkum nso aguare nifa. (Rom. 1:12) Wɔn mu biara wɔ biribi a ne yɔnko hia. Anuanom a wɔn ani afi no de mfe pii aboaboa nimdeɛ ne osuahu pii ano. Mmerante nso wɔ ahoɔden. Sɛ anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim ne anuanom a wɔn ani afi no ka wɔn ntama bɔ ano som Yehowa a, ɛde ayeyi brɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no, na obiara a ɔwɔ asafo no mu ani gye.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

^ nky. 5 Mmerante ne mmabaa pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de asom Yehowa. Wei ma yɛn ani gye paa. Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no, sɛ wofi he oo, sɛ wofi he oo, wobetumi aboa mmerante ne mmabaa ma wɔde wɔn ahoɔden nyinaa asom Yehowa.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a ɔmansin sohwɛfo bi dii mfe 70 no, ɔne ne yere nyaa dwumadi foforo. Osuahu a wɔde mfe pii anya no, wɔde retete afoforo wɔ asafo a seesei wɔwom no mu.